ƆFÃ 4
Efi Israel Hene a Odi Kan So Besi Babilon Nnommumfa So
Saul bɛyɛɛ Israel hene a odi kan. Nanso Yehowa pow no, na wɔpaw Dawid sɛ ɔhene sii n’ananmu. Yehu nneɛma pii wɔ Dawid ho. Sɛ́ aberante no, ɔne ɔbran Goliat koe. Akyiri yi oguan fii Ɔhene Saul ɔhoɔyawfo no anim. Afei Abigail a ne ho yɛ fɛ siw no kwan wɔ ade bɔne bi a anka ɔrekɔyɛ ho.
Nea edi hɔ no, yesua Dawid ba Salomo a odii Dawid ade sɛ Israel hene no ho nneɛma pii. Israel ahene baasa a wodi kan no mu biara dii hene mfe 40. Salomo wu akyi no Israel mu pae bɛyɛɛ nhemman abien, kusuu fam de ne kesee fam de.
Kusuu fam mmusua 10 ahemman no traa hɔ mfe 257 ansa na Asiriafo sɛee no. Mfe 133 akyi no wɔsɛee kesee fam mmusua abien ahemman no nso. Saa bere yi wɔde Israelfo no kɔɔ nnommumfa mu wɔ Babilon. Enti Ɔfa a Ɛto so ANAN yi ka mfe 510 a nsɛm a ɛyɛ nwonwa pii sisii wɔ mu mu abakɔsɛm.
IN THIS SECTION
ASƐM 56
Saul—Israel Hene a Odi Kan
Onyankopɔn yii Saul sɛ Israel hene a odi kan, nanso akyiri yi, ɔpoo no. Yebetumi asua biribi a ɛho hia afi Saul asɛm no mu.
ASƐM 58
Dawid ne Goliat
Ɛwom, bere a Dawid ne Goliat rekodi ako no, na n’ataabo nko ara na ekura no, nanso na obi a ɔwɔ tumi paa taa n’akyi.
ASƐM 59
Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Dawid Guan
Kan no, na Saul pɛ Dawid asɛm. Nanso akyiri yi, obenyaa ne ho tan ara ma na ɔpɛ sɛ okum no. Adɛn ntia?
ASƐM 60
Abigail ne Dawid
Abigail kaa sɛ ne kunu Nabal nnim nyansa. Saa asɛm a ɔkae no gyee Nabal nkwa, nanso akyiri yi Onyankopɔn kum no.
ASƐM 64
Salomo Si Asɔredan
Ɛwom sɛ na Salomo wɔ nyansa paa, nanso ɔmaa ebinom daadaa no ma ɔyɛɛ biribi a nyansa nnim, na ɔyɛɛ bɔne tiaa Yehowa.
ASƐM 65
Wɔpae Ahenni no Mu
Bere a Yerobeam fii ase dii ade no, ɔmaa Onyankopɔn nkurɔfo buu ne mmara so.
ASƐM 66
Yesebel—Ɔhemmaa Tirimɔdenfo
Sɛ ɔpɛ biribi a, ɔbɛyɛ nea obetumi biara sɛnea ɛbɛyɛ a ne nsa bɛka.
ASƐM 67
Yehosafat De Ne Ho To Yehowa So
Adɛn nti na asraafo rekɔ ɔko na nnwontofo a wonkura akode biara di wɔn anim?
ASƐM 68
Mmofra Baanu a Wonya Nkwa Bio
Wohwɛ a, obi a wawu no betumi asan aba nkwa mu bio? Nea ɛte ne sɛ, biribi saa asi pɛn!
ASƐM 69
Abeawa Boa Otumfoɔ Bi
Esiane sɛ onyaa akokoduru kasae nti, ne wura nyaa ayaresa anwonwakwan so.
ASƐM 71
Onyankopɔn Hyɛ Paradise ho Bɔ
Ná paradise a edi kan no sua, nanso wei de, emu bɛtrɛw akɔ asase so baabiara.
ASƐM 73
Israel Hempa a Odi Akyiri
Bere a Yosia yɛ aberantewa no, ɔyɛɛ biribi a ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ akokoduru.
ASƐM 74
Ɔbarima a Ɔnyɛ Ohufo
Bere a Yehowa repaw Yeremia sɛ odiyifo no, na Yeremia adwene yɛ no sɛ osua, nanso na Onyankopɔn nim sɛ obetumi ayɛ.
ASƐM 76
Wɔsɛe Yerusalem
Ná Babilonfo yɛ Israelfo atamfo, enti adɛn nti na Onyankopɔn ma wɔsɛee Yerusalem?