Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM 57

Onyankopɔn Paw Dawid

Onyankopɔn Paw Dawid

WUTUMI hu nea aba no? Abofra no agye oguammaa no afi osisi no nsam. Osisi no bɛkyeree oguammaa no a anka ɔrekɔwe no. Nanso abofra no tuu mmirika dii wɔn akyi, na ogyee oguammaa no fii osisi no anom. Na bere a osisi no sɔree no, abofra no ne no peree so na ɔbɔɔ no kum no! Bere foforo no ogyee nguan no biako fii gyata nsam. So eyi nyɛ abofra a ɔwɔ akokoduru? Wunim nipa ko?

Ɛyɛ Dawid. Ɔte Betlehem. Ne nana ne Obed, Rut ne Boas ba no. Wokae wɔn? Na Dawid papa ne Yisai. Dawid hwɛ n’agya nguan. Wɔwoo Dawid mfe 10 ansa na Yehowa paw Saul sɛ ɔhene.

Bere dui ma Yehowa ka kyerɛɛ Samuel sɛ: ‘Fa ngo titiriw no bi na kɔ Yisai fie wɔ Betlehem. Mapaw ne mma no mu biako sɛ ɔbɛyɛ ɔhene.’ Bere a Samuel huu Yisai ba panyin Eliab no, ɔkae sɛ: ‘Ɛda adi sɛ oyi na Yehowa apaw no.’ Nanso Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Nhwɛ ne tenten ne n’ahoɔfɛ. Mempaw no sɛ ɔhene.’

Enti Yisai frɛɛ ne ba Abinadab maa Samuel. Nanso Samuel kae sɛ: ‘Dabi, Yehowa mpaw oyi nso.’ Na, Yisai de ne ba Sama bae. Samuel kae sɛ: ‘Yehowa mpaw ɔno nso.’ Yisai de ne mmabarima no mu baason bɛkyerɛɛ Samuel, nanso Yehowa amfa wɔn mu biara. Samuel bisae sɛ: ‘Mmerante no nyinaa ni?’

Yisai kae sɛ: ‘Aka nea osua koraa no. Nanso ɔrehwɛ nguan.’ Bere a wɔde Dawid bae no Samuel tumi hui sɛ ɔyɛ abofra a ne ho yɛ fɛ. Yehowa kae sɛ: ‘Ɔno ni. Hwie ngo no gu n’atifi.’ Na Samuel yɛɛ saa. Ná bere bedu a Dawid bɛba abɛyɛ Israel hene.