Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM 66

Yesebel—Ɔhemmaa Tirimɔdenfo

Yesebel—Ɔhemmaa Tirimɔdenfo

ƆHENE Yerobeam wu akyi no, ɔhene biara a odii kusuufam mmusuakuw 10 Israel ahemman no so no bɛyɛɛ ɔhemmɔne. Ɔhene Ahab na ɔbɛyɛɛ ɔhene a onye koraa. Wunim nea enti? Nea ɛma ɛbaa saa titiriw biako ne ne yere, Ɔhemmaa Yesebel.

Yesebel nyɛ Israelni bea. Na ɔyɛ Sidon hene babea. Na ɔsom atoro nyame Baal, na onyaa Ahab ne Israelfo pii nso ma wɔsom Baal. Ná Yesebel tan Yehowa na okunkum n’adiyifo pii. Na ɛsɛ sɛ afoforo hintaw wɔ abodan mu na wɔankum wɔn. Sɛ Yesebel hwehwɛ biribi a, obetumi akum onipa mpo sɛnea ɛbɛyɛ na ne nsa aka.

Da koro bi na Ɔhene Ahab werɛ ahow pii. Enti Yesebel bisaa no sɛ: ‘Dɛn nti na wo werɛ ahow nnɛ?’

Ahab buae sɛ: ‘Esiane asɛm a Nabot ka kyerɛɛ me nti. Na mepɛ sɛ metɔ ne bobeturo no. Nanso ɔka kyerɛɛ me sɛ ɔremfa mma me.’

Yesebel kae sɛ: ‘Nhaw wo ho. Megye ama wo.’

Enti Yesebel kyerɛkyerɛw nkrataa kɔmaa kurow a Nabot te mu no mu mpanyimfo no binom. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Monhwehwɛ akwasampafo bi mma wɔnka sɛ Nabot adome Onyankopɔn ne ɔhene. Na afei momfa Nabot nkɔ kurow no akyi nkosiw no abo nkum no.’

Yesebel tee sɛ Nabot awu pɛ no, ɔka kyerɛɛ Ahab sɛ: ‘Afei kɔfa ne bobeturo no.’ Wunnye nni sɛ na ɛsɛ sɛ wɔtwe Yesebel aso?

Enti, bere bi akyi no, Yehowa somaa ɔbarima Yehu sɛ ɔnkɔtwe n’aso. Yesebel tee sɛ Yehu reba no, ɔkekaa n’ani akyi bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma ne ho ayɛ fɛ. Nanso bere a Yehu bae na ohuu Yesebel wɔ mfɛnsere no mu no, ɔteɛɛm frɛɛ mmarima a wɔwɔ ahemfie hɔ no sɛ: ‘Montow no nkyene fam!’ Mmarima no tiei, sɛnea wuhu wɔ mfonini yi mu no. Wɔtow no kyenee fam, na owui. Eyi ne Ɔhemmaa Yesebel tirimɔdenfo no awiei.