Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ƆFÃ 5

Efi Babilon Nnommumfa so Besi Yerusalem Afasu a Wɔsan Toe So

Efi Babilon Nnommumfa so Besi Yerusalem Afasu a Wɔsan Toe So

Bere a wɔwɔ nnommumfa mu wɔ Babilon no, wɔsɔɔ Israelfo gyidi hwɛe pii. Wɔtow Sadrak, Mesak ne Abednego guu fononoo a ogya redɛw mu mu, nanso Onyankopɔn gyee wɔn fii mu. Akyiri yi, bere a Mediafo ne Persiafo tuu Babilon gui no, wɔtow Daniel kyenee gyata amoa mu, na Onyankopɔn bɔɔ ɔno nso ho ban denam agyata no ano a omuamuae no so.

Akyiri yi, Persia hene Kores gyaa Israelfo no. Wɔsan kɔɔ wɔn kurom mfe 70 akyi pɛpɛɛpɛ fi bere a wɔde wɔn kɔɔ Babilon sɛ nnommum no. Nneɛma a edi kan a wɔyɛe bere a wɔsan baa Yerusalem no mu biako ne sɛ wɔbɛsan asi Yehowa asɔrefi no. Nanso, ankyɛ na atamfo siw wɔn adwuma no ano. Enti wɔsan baa Yerusalem no akyi bɛyɛ mfe 22 na wowiee asɔredan no si.

Afei, yɛte sɛnea Esra san tuu kwan baa Yerusalem sɛ obesiesie asɔrefi hɔ ho asɛm. Eyi yɛ bɛyɛ mfe 47 fi bere a wowiee asɔredan no si no akyi. Na, ɔkwan a Esra tui no akyi mfe 13 no, Nehemia boa ma wɔsan too Yerusalem afasu a na abubu no. Ɔfã a ɛto so ANUM no ka mfe 152 mu abakɔsɛm de bedu saa bere yi.

 

IN THIS SECTION

ASƐM 77

Ná Wɔrenkotow

Esiane sɛ mmerante mmiɛnsa bi tiee Onyankopɔn nti, wɔde wɔn rekogu ogya fononoo mu. Onyankopɔn begye wɔn ni?

ASƐM 78

Nsaano Nkyerɛwee wɔ Fasu Ho

Nsa bi kyerɛw nsɛmfua nnan bi guu ban ho ma Odiyifo Daniel kyerɛɛ ase.

ASƐM 79

Daniel wɔ Agyata Amoa no Mu

Wobuu Daniel kumfɔ. Wohwɛ a biribi wɔ hɔ a na anka obetumi ayɛ a ɛremma onnya saa asotwe no anaa?

ASƐM 80

Onyankopɔn Nkurɔfo Fi Babilon

Bere a Persia Hene Kores dii Babilon so nkonim no, ɔmaa nkɔmhyɛ bi baam. Afei ɔyɛɛ biribi foforo nso a ɛmaa nkɔmhyɛ foforo baam.

ASƐM 81

Onyankopɔn Mmoa mu Ahotoso

Israelfo no buu nnipa mmara so tiee Onyankopɔn. Wohwɛ a, Onyankopɔn behyira wɔn anaa?

ASƐM 82

Mordekai ne Ester

Ɛwom sɛ na Ɔhemmaa Wasti ho yɛ fɛ de, nanso Ɔhene Ahasweros tuu no ade so de Ester besii n’anan sɛ Ɔhemmaa. Adɛn ntia?

ASƐM 83

Yerusalem Afasu No

Bere a wɔresan ato afasu no, na ɛsɛ sɛ adwumayɛfo no de nkrante ne mpeaw bɔ kurow apon no ho ban da mũ no nyinaa.