Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM 81

Onyankopɔn Mmoa mu Ahotoso

Onyankopɔn Mmoa mu Ahotoso

NNIPA bɛyɛ 50,000 twaa kwan tenten no fi Babilon kɔɔ Yerusalem. Nanso bere a wokodui no na Yerusalem ayɛ amamfõ koraa. Ná obiara nte hɔ. Na ɛsɛ sɛ Israelfo no fi biribiara ase foforo.

Nneɛma a wodii kan sii no mu biako ne afɔremuka. Eyi yɛ baabi a na wobetumi de mmoa anaa nneɛma afoforo abɔ afɔre ama Yehowa. Asram kakraa akyi no Israelfo no fii ase sɛ wɔresi asɔredan no. Nanso na atamfo a wɔbɛn hɔ no mpɛ sɛ Israelfo no si. Enti wɔbɔɔ mmɔden sɛ wobehunahuna wɔn ma wɔagyae. Akyiri yi, atamfo yi nyaa Persia hene foforo no ma ɔbaraa adwuma no.

Mfe bi twaam. Afei na Israelfo fi Babilon san bae no adi mfe 17. Yehowa somaa n’adiyifo Hagai ne Sakaria sɛ wɔnka nkyerɛ nkurɔfo no mma womfi ɔdan no ase bio. Nkurɔfo no nyaa ahotoso sɛ Onyankopɔn bɛboa wɔn, na wotiee adiyifo no. Wofii ɔdan no si ase bio, ɛwom sɛ na mmara bi kyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ wɔyɛ saa de.

Enti Persiani mampanyin bi a wɔfrɛ no Tatenai bebisaa Israelfo no onipa a ɔmaa wɔn kwan sɛ wonsi asɔredan no. Israelfo no kae sɛ bere a wɔwɔ Babilon no, Ɔhene Kores na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Afei monkɔ Yerusalem, na munkosi Yehowa, mo Nyankopɔn, asɔrefi.’

Tatenai de krataa kɔɔ Babilon kobisae sɛ Kores a saa bere no na wawu no kae saa ampa bere a ɔte ase no. Ankyɛ na krataa fi Persia hene foforo no hɔ bae. Ɛkae sɛ Kores kaa saa ampa. Enti ɔhene no kyerɛwee sɛ: ‘Ma Israelfo no nsi wɔn Nyankopɔn asɔredan no. Na mehyɛ wo sɛ boa wɔn.’ Bɛyɛ mfe anan no wowiee asɔredan no si, na Israelfo no ani gyei pii.

Mfe pii twaam bio. Na adi bɛyɛ mfe 48 fi bere a wowiee asɔredan no si. Ná nnipa a wɔwɔ Yerusalem no redi hia, na na kurow no ne Onyankopɔn asɔrefi no nyɛ fɛ papa. Wɔ Babilon no Israelni Esra tee hia a ehia sɛ wosiesie Onyankopɔn asɔrefi no ma ɛyɛ fɛ no ho asɛm. Enti wunim nea ɔyɛe?

Esra kohuu Persia hene Artasasta, na ɔhempa yi de akyɛde pii maa Esra sɛ ɔmfa nkɔ Yerusalem. Esra srɛɛ Israelfo a wɔwɔ Babilon no sɛ wɔmmoa no mma ɔmfa akyɛde ahorow yi nkɔ Yerusalem. Bɛyɛ nnipa 6,000 kae sɛ wɔbɛkɔ. Na wɔwɔ dwetɛ ne sika ne nneɛma afoforo a ɛsom bo a ɛsɛ sɛ wɔde kɔ.

Ɛhaw Esra, efisɛ na nnipa bɔne wɔ kwan so. Ná saa nnipa yi betumi agye dwetɛ ne sika no afi wɔn nsam na wɔakunkum wɔn. Enti Esra boaa nkurɔfo no ano, sɛnea wuhu wɔ mfonini yi mu no. Afei wɔbɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmɔ wɔn ho ban wɔ kwan tenten a wɔretwa asan akɔ Yerusalem no mu.

Yehowa bɔɔ wɔn ho ban. Asram anan akyi no, wokoduu Yerusalem asomdwoe mu. So eyi nkyerɛ sɛ Yehowa tumi bɔ wɔn a wɔde wɔn ho to no so ho ban anaa?