Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM 77

Ná Wɔrenkotow

Ná Wɔrenkotow

WOKAE sɛ woate mmerante baasa yi ho asɛm? Yiw, wɔne Daniel nnamfo a wɔkae sɛ wɔrenni aduan a enye mma wɔn no. Babilonfo no frɛɛ wɔn Sadrak, Mesak ne Abednego. Na afei hwɛ wɔn. Dɛn nti na wogyina hɔ bere a afoforo nyinaa rekotow ohoni kɛse no? Ma yɛnhwehwɛ.

Wokae mmara a Yehowa ankasa kyerɛwee a wɔfrɛ no Mmara Nsɛm Du no? Eyinom mu nea edi kan ne sɛ: ‘Nsom onyame foforo biara nka me ho.’ Mmerante yi redi saa mmara no so, ɛwom sɛ ɛnyɛ mmerɛw de.

Ná Babilon hene Nebukadnesar afrɛfrɛ mpanyimfo pii ma ɔrehyɛ ohoni a wayɛ yi anuonyam. Na waka akyerɛ ɔman no nyinaa sɛ: ‘Sɛ mote sɛ mmɛn ne asanku ahorow no rebɔ a, ɛsɛ sɛ mokotow na mosɔre sika honi yi. Obiara a ɔrenkotow nsɔre no no, wɔbɛtow no akyene ogya a ɛredɛw fononoo mu no mu amonom hɔ ara.’

Bere a Nebukadnesar tee sɛ Sadrak, Mesak ne Abednego ankotow no, ne bo fuwii kɛse. Ɔma wɔde wɔn baa n’anim. Ɔmaa wɔn kwan bio sɛ wɔnkɔkotow. Nanso na mmerante no wɔ Yehowa mu ahotoso. Wɔka kyerɛɛ Nebukadnesar sɛ: ‘Yɛn Nyankopɔn a yɛsom no no betumi agye yɛn. Na sɛ wannye yɛn mpo a, yɛrenkotow wo sika honi no.’

Bere a ɔtee eyi no, Nebukadnesar bo fuwii kɛse mpo. Na fononoo bi bɛn hɔ, na ɔkae sɛ: ‘Momma fononoo no nnɔ mpɛn ason nsen sɛnea na ɛte!’ Afei ɔmaa mmarima a wɔn ho yɛ den wɔ n’asraafo mu no kyekyeree Sadrak, Mesak ne Abednego na wɔtow wɔn guu fononoo no mu. Ná fononoo no adɔ araa ma ogya no kunkum mmarima ahoɔdenfo no. Na mmerante baasa a wɔtow wɔn guu mu no nso ɛ?

Ɔhene no hwɛɛ fononoo no mu, na ehu kaa no. Obisae sɛ: ‘So ɛnyɛ mmarima baasa na yɛkyekyeree wɔn tow wɔn guu fononoo no mu anaa?’

Ne nkoa no buae sɛ: ‘Yiw.’

Ɔkae sɛ: ‘Nanso mihu mmarima baanan a wɔnennam ogya no mu. Wɔnkyekyeree wɔn, na ogya no nyɛ wɔn hwee. Na nea ɔto so anan no te sɛ onyame.’ Ɔhene no kɔɔ fononoo no ano kakra na ɔteɛɛm sɛ: ‘Sadrak! Mesak! Abednego! Ɔsorosoro Nyankopɔn no nkoa, mumfi adi mmra!’

Bere a wofi bae no, obiara hui sɛ hwee anyɛ wɔn. Ɛnna ɔhene no kae sɛ: ‘Ayeyi nka Sadrak, Mesak ne Abednego Nyankopɔn no! Wasoma n’abɔfo ma wabegye wɔn efisɛ wɔankotow onyame foforo anka wɔn de no ho.’

So eyi nyɛ nokwaredi ma Yehowa ho nhwɛso pa a ɛsɛ sɛ yedi akyi?