Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM 83

Yerusalem Afasu No

Yerusalem Afasu No

HWƐ adwuma a wɔreyɛ wɔ ha no nyinaa. Israelfo no gu so reto Yerusalem afasu no. Bere a Ɔhene Nebukadnesar sɛee Yerusalem mfe 152 a atwam ni no, obubuu afasu no na ɔhyew kurow no aponkɛse no. Bere a Israelfo no dii kan fi Babilon san baa fie no, wɔansan anto afasu no.

Wugye di sɛ nkurɔfo no tee nka dɛn bere a na wɔte kurow yi mu a afasu biara nni ho no? Na wɔn koma ntɔ wɔn yam. Na wɔn atamfo betumi abɛtoa wɔn bere biara. Nanso afei de ɔbarima yi a wɔfrɛ no Nehemia reboa wɔn ma wɔasan ato afasu no. Wunim nipa ko a Nehemia yɛ?

Ná Nehemia yɛ Israelni a ɔte Susan kurom, faako a na Mordekai ne Ester te no. Nehemia yɛɛ adwuma wɔ ɔhene ahemfie hɔ, enti ebetumi aba sɛ na ne nnamfonom ne Mordekai ne Ɔhemmaa Ester. Nanso Bible no nka sɛ Nehemia yɛɛ adwuma maa Ester kunu, Ɔhene Ahasweros. Ɔyɛɛ adwuma maa ɔhene a odi hɔ no, Ɔhene Artasasta.

Kae sɛ Artasasta ne ɔhempa a ɔde sika pii maa Esra sɛ ɔmfa nkɔ Yerusalem nkosiesie Yehowa asɔrefi hɔ no. Nanso Esra anto kurow no afasu a abubu no. Ma yɛnhwɛ sɛnea ɛyɛe a Nehemia bɛyɛɛ saa adwuma yi.

Na mfe 13 atwam fi bere a Artasasta de sika maa Esra sɛ ɔmfa nkosiesie asɔrefi hɔ no. Afei de na Nehemia ne Ɔhene Artasasta nsahyɛfo panyin. Eyi kyerɛ sɛ na ɔno na ɔhyɛ nsa ma ɔhene, na na ɔhwɛ sɛ obi remfa adubɔne bi ngu nsa mu mma ɔhene. Eyi yɛ adwuma a ɛho hia yiye.

Da koro, Nehemia nua Hanani ne nnipa afoforo fi Israel asase so bɛsraa Nehemia. Wɔkaa amane a Israelfo rehu ne sɛnea wɔnyɛɛ Yerusalem afasu a abubu no ho hwee no ho asɛm kyerɛɛ no. Eyi yɛɛ Nehemia awerɛhow, na ɔbɔɔ Yehowa mpae wɔ ho.

Da koro ɔhene no hui sɛ Nehemia werɛ ahow, na ɔkae sɛ: ‘Dɛn nti na w’anim ayɛ mmɔbɔmmɔbɔ saa?’ Nehemia ka kyerɛɛ no sɛ esiane tebea a enye koraa a Yerusalem wɔ mu ne n’afasu a abubu no nti. Ɔhene no bisaa no sɛ: ‘Dɛn na wohwehwɛ?’

Nehemia kae sɛ: ‘Ma menkɔ Yerusalem, na menkɔto afasu no.’ Ná Ɔhene Artasasta yɛ ɔyamyefo. Ɔkae sɛ Nehemia betumi akɔ, na ɔboaa no ma onyaa nnua a ɔde bedi dwuma wɔ afasu no to mu. Bere a Nehemia beduu Yerusalem ara pɛ no, ɔkaa ne nhyehyɛe no ho asɛm kyerɛɛ nkurɔfo no. Wɔn ani gyee ho, na wɔkae sɛ: ‘Momma yemfi ase nto.’

Bere a Israelfo atamfo hui sɛ wɔreto afasu no, wɔkae sɛ: ‘Yɛbɛkɔ akokunkum wɔn, ma wɔagyae afasu no to.’ Nanso Nehemia tee eyi, na ɔmaa adwumayɛfo no nkrante ne mpeaw. Na ɔkae sɛ: ‘Munnsuro yɛn atamfo. Monko mma mo nuanom, mo mma, mo yerenom, ne mo afie.’

Ná nkurɔfo no yɛ akokodurufo. Wɔde wɔn akode siesiee wɔn ho awia ne anadwo, na wɔkɔɔ so too fasu no. Na nna 52 pɛ no wowiee fasu no to. Afei de na nkurɔfo no koma betumi atɔ wɔn yam wɔ kurow no mu. Nehemia ne Esra de Onyankopɔn mmara kyerɛkyerɛɛ nkurɔfo no, na wɔn ani gyei.

Nanso na nneɛma nnya nyɛɛ sɛnea na ɛte ansa na wɔrefa Israelfo nnommum de wɔn akɔ Babilon no. Na Persia hene da so di wɔn so, na na ɛsɛ sɛ wɔsom no. Nanso na Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛma ɔhene foforo aba, ne sɛ saa hene yi de asomdwoe bɛbrɛ nkurɔfo. Hena ne saa hene yi? Ɔkwan bɛn so na ɔde asomdwoe bɛba asase so? Bɛyɛ mfe 450 twaam ansa na wɔrete eyi ho asɛm bio. Afei wɔwoo abofra bi a ne ho hia kɛse. Nanso ɛno yɛ asɛm foforo.