ƆFÃ 6
Yesu Awo Besi Ne Wu
Wɔsomaa ɔbɔfo Gabriel kɔɔ ababaa fɛfɛ bi a wɔfrɛ no Maria nkyɛn. Ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔbɛwo ba a obedi hene daa. Wɔwoo abofra yi, a ɔne Yesu, wɔ mmoa adididan mu, faako a nguanhwɛfo kɔsraa no. Akyiri yi nsoromma bi kyerɛɛ mmarima a wofi Apueifam kwan kɔɔ abofra no nkyɛn. Yehu onii a ɔma wohuu saa nsoromma no, ne sɛnea wogyee Yesu fii mmɔden a wɔbɔe sɛ wobekum no no mu.
Afei, yehu Yesu bere a wadi mfe 12 sɛ ɔne akyerɛkyerɛfo rekasa wɔ asɔrefi hɔ. Mfe dunwɔtwe akyi no wɔbɔɔ no asu, na afei ofii Ahenni ho asɛnka ne kyerɛkyerɛ adwuma a Onyankopɔn somaa no baa asase so sɛ ɔmmɛyɛ no ase. Sɛnea ɛbɛyɛ na aboa no wɔ saa adwuma yi mu no, Yesu paw mmarima 12 yɛɛ wɔn n’asomafo.
Yesu yɛɛ anwonwade pii nso. Ɔde mpataa ne abodoo kakraa bi maa nnipa mpempem ma wodi mẽe. Ɔsaa ayarefo yare na onyan awufo mpo. Na afei yɛte nneɛma pii a ɛbaa Yesu so wɔ n’asetra nna a edi akyiri no mu, ne sɛnea wokum no. Yesu kaa asɛm bɛyɛ mfe abiɛsa ne fã, enti ƆFA 6 ka bere tenten a ɛboro bɛyɛ mfe 34 kakra mu nsɛm.
IN THIS SECTION
ASƐM 84
Ɔbɔfo Ba Maria Nkyɛn
Ɔde nkrasɛm fi Onyankopɔn rebrɛ Maria. Ɛne sɛ, Maria bɛwo abofra bi, na ɔbɛba abɛyɛ ɔhene afebɔɔ.
ASƐM 86
Nnipa a Nsoromma Kyerɛɛ Wɔn Kwan
Hena na ɔkyerɛɛ nsoromma mu ahwɛfo no kwan kɔɔ baabi a na Yesu wɔ no? Wuhu mmuae no a, ɛbɛyɛ wo nwonwa.
ASƐM 88
Yohane Bɔ Yesu Asu
Ná Yohane rebɔ abɔnefo asu, nanso Yesu anyɛ bɔne da. Enti adɛn nti na Yohane bɔɔ no asu?
ASƐM 90
Ɔne Ɔbea no wɔ Abura no So
Yesu kaa sɛ ɔbɛma ɔbea no nsu bi a sɛ ɔnom a, nsukɔm renne no bio. Ná ɛyɛ nsu bɛn?
ASƐM 91
Yesu Kyerɛkyerɛ wɔ Bepɔw So
Afotusɛm a Yesu de mae wɔ ne Bepɔw So Asɛnka no mu no, nnɛ ne nnɛ nyinaa, ɛso da so ara wɔ mfaso. Kenkan saa asɛm yi na wubehu afotusɛm yi bi.
ASƐM 92
Yesu Nyan Awufo
Onyankopɔn maa Yesu tumi ma ɔde nyan Yairo babea no. Nsɛm mmienu pɛ na ɔkae na abofra no sɔree.
ASƐM 93
Yesu Ma Nnipa Pii Aduan
Yesu maa nnipadɔm bi aduan dii de kyerɛɛ biribi titiriw bi a ɔbɛyɛ daakye. Ɛyɛ dɛn?
ASƐM 94
Ɔdɔ Mmofra Nkumaa
Yesu maa n’asuafo no huu sɛ, nneɛma pii wɔ hɔ wobetumi asua afa mmofra ho, nanso ɛno da nkyɛn a, wobetumi nso asua biribi afi wɔn hɔ.
ASƐM 95
Sɛnea Yesu Kyerɛkyerɛ
Sɛ Yesu rekyerɛkyerɛ a, na ɔtaa de mfatoho yɛ adwuma. Emu baako ne nea ɛfa Samariani yamyefo no ho no.
ASƐM 97
Yesu Ba sɛ Ɔhene
Bere a Yesu duu Yerusalem no, nnipadɔm bɔ gyee ne so, nanso na ɛnyɛ ebinom dɛ.
ASƐM 99
Abansoro Dan Bi Mu
Adɛn nti na Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ, afe biara wonni saa afahyɛ yi?