Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM 87

Abofra Yesu wɔ Asɔrefi Hɔ

Abofra Yesu wɔ Asɔrefi Hɔ

HWƐ abofra ketewa no a ɔne mpanyimfo yi rekasa. Wɔyɛ akyerɛkyerɛfo wɔ Onyankopɔn asɔrefi wɔ Yerusalem. Na abofra no yɛ Yesu. Ná wanyin kakra. Wadi mfe 12.

Ɛyɛɛ akyerɛkyerɛfo no nwonwa sɛ na Yesu nim Onyankopɔn ne nneɛma a wɔakyerɛw wɔ Bible mu no ho nsɛm pii saa. Nanso dɛn nti na Yosef ne Maria nso nni ha? Wɔwɔ he? Ma yɛnhwɛ.

Afe biara no na Yosef de n’abusua no ba Yerusalem bedi afahyɛ titiriw a wɔfrɛ no Twam. Efi Nasaret kɔ Yerusalem no ware. Ná obiara nni kar, na keteke biara nni hɔ. Na ebi nni hɔ saa bere no. Na nnipa dodow no ara nantew, na egye bɛyɛ nnansa na wɔde anantew akɔ Yerusalem.

Saa bere yi na Yosef abusua no ayɛ kɛse. Enti na Yesu nuanom mmarima ne mmea nkumaa wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wɔhwɛ wɔn. Saa afe yi Yosef ne Maria ne wɔn mma no siim a na wɔresan akɔ wɔn kurom Nasaret. Na wosusuw sɛ Yesu ka wɔn a wɔrekɔ no ho. Nanso bere a wɔkɔsoɛɛ baabi anwummere no na wonhu Yesu wɔ baabiara. Wɔhwehwɛɛ no wɔ wɔn abusuafo ne wɔn nnamfo mu, nanso na onni wɔn nkyɛn! Enti wɔsan kɔhwehwɛɛ no wɔ Yerusalem.

Akyiri yi wobehuu Yesu sɛ ɔne akyerɛkyerɛfo no wɔ ha. Ná ɔretie wɔn, na obisabisaa wɔn nsɛm. Ɛyɛɛ nnipa no nyinaa nwonwa sɛ na Yesu nim nyansa saa. Nanso Maria kae sɛ: ‘Me ba, dɛn nti na woayɛ yɛn saa? Me ne wo papa ahwehwɛ wo abrɛ.’

Yesu buae sɛ: ‘Adɛn nti na mohwehwɛ me? Munnim sɛ ɛsɛ sɛ metra m’Agya fie?’

Yiw, na Yesu ani gye sɛ ɔbɛkɔ baabi a obetumi asua Onyankopɔn ho ade. So ɛnyɛ saa ara na ɛsɛ sɛ yɛte nka? Wɔ wɔn kurom Nasaret no, na Yesu kɔ ɔsom ho nhyiam dapɛn biara. Esiane sɛ na ɔyɛ asõ tie daa nti, osuaa nneɛma pii fii Bible mu. Momma yɛnyɛ sɛ Yesu na yenni ne nhwɛso akyi.