Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM 98

Ngo Bepɔw no So

Ngo Bepɔw no So

YESU ni wɔ Ngo Bepɔw no so. Mmarima baanan a wɔka ne ho no yɛ n’asomafo. Wɔyɛ Andrea ne Petro a wɔyɛ anuanom, ne Yakobo ne Yohane a wɔn nso yɛ anuanom. Onyankopɔn asɔrefi a na ɛwɔ Yerusalem no na wuhu wɔ hɔ no.

Ná nnanu atwam fi bere a Yesu traa afurum ba so baa Yerusalem no. Ɛyɛ Benada. Saa da no anɔpa bere mu no Yesu kɔɔ asɔrefi hɔ. Ɛhɔ no asɔfo no bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyere Yesu akum no. Nanso na wosuro efisɛ na nkurɔfo no pɛ Yesu asɛm.

Yesu frɛɛ nyamesom mpanyimfo no ‘Awɔ ne awɔ mma!’ Afei Yesu kae sɛ Onyankopɔn bɛtwe wɔn aso esiane nneɛma bɔne a wɔayɛ no nyinaa nti. Ɛno akyi no Yesu baa Ngo Bepɔw no so, na asomafo baanan yi fii ase bisabisaa no nsɛm. Wunim asɛm a wɔrebisa Yesu no?

Asomafo no rebisabisa nsɛm a ɛfa daakye ho. Wonim sɛ Yesu bɛma bɔne nyinaa aba awiei wɔ asase so. Nanso na wɔpɛ sɛ wohu bere a eyi bɛba. Bere bɛn na Yesu bɛba bio sɛ Ɔhene?

Na Yesu nim sɛ sɛ ɔsan ba bio a n’akyidifo a wɔwɔ asase so rentumi nhu no. Nea enti a ɛte saa ne sɛ ɔsoro na ɔbɛtra, na wɔrentumi nhu no wɔ hɔ. Enti Yesu kaa nneɛma a ebesisi asase so bere a ofi soro redi tumi sɛ Ɔhene no binom kyerɛɛ n’asomafo no. Dɛn ne nneɛma yi binom?

Yesu kae sɛ ɔko akɛse bɛba, na nnipa pii bɛyareyare na ɔkɔm ade wɔn, nsɛmmɔnedi bɛkɔ anim pii, na asasewosow akɛse bɛba. Yesu kae nso sɛ wɔbɛka Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa no wɔ asase so baabiara. So yɛahu saa nneɛma yi wɔ yɛn bere so anaa? Yiw! Enti yetumi hu sɛ Yesu redi hene wɔ soro. Ɛrenkyɛ ɔbɛma nneɛma bɔne nyinaa aba awiei wɔ asase so.