Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM 86

Nnipa a Nsoromma Kyerɛɛ Wɔn Kwan

Nnipa a Nsoromma Kyerɛɛ Wɔn Kwan

WUHU nsoromma kɛse a mmarima no mu biako de ne nsa akyerɛ so no? Bere a wofii Yerusalem no nsoromma no puei. Mmarima yi fi Apuei fam, na wosua nsoromma ho ade. Wogye di sɛ nsoromma foforo yi rekyerɛ wɔn kwan akɔ onipa titiriw bi nkyɛn.

Mmarima no beduu Yerusalem no wobisae sɛ: ‘Abofra a ɔbɛyɛ Yudafo hene no wɔ he?’ “Yudafo” yɛ din foforo a wɔde frɛ Israelfo. Mmarima no kae sɛ: ‘Yedii kan huu abofra no nsoromma bere a yɛwɔ apuei fam nohoa, na yɛaba sɛ yɛbɛsom no.’

Bere a Herode a odi hene wɔ Yerusalem no tee eyi no, ɛhaw no. Na ɔmpɛ sɛ ɔhene foforo besi n’ananmu. Enti Herode frɛɛ asɔfo mpanyin

no bisaa wɔn sɛ: ‘Ɛhe na wɔbɛwo ɔhene a wɔahyɛ ne ho bɔ no?’ Wobuae sɛ: ‘Bible se Betlehem.’

Enti Herode frɛɛ mmarima a wofi Apuei fam no kae sɛ: ‘Monkɔhwehwɛ abofra no. Sɛ muhu no a, mommɛka nkyerɛ me. Mepɛ sɛ me nso mekɔsom no bi.’ Nanso, na Herode pɛ sɛ ohu abofra no na okum no!

Afei nsoromma no dii mmarima no anim kɔɔ Betlehem kogyinaa baabi a abofra no wɔ. Mmarima no kɔɔ fie no mu kohuu Maria ne abofra Yesu. Wɔde nneɛma ahorow kyɛɛ Yesu. Nanso akyiri yi Yehowa ka kyerɛɛ mmarima no wɔ dae mu sɛ mma wɔnnsan nkɔ Herode nkyɛn. Enti wɔfaa ɔkwan foforo so san kɔɔ wɔn kurom.

Herode tee sɛ mmarima a wofi Apuei fam no san kɔ wɔn kurom no, ne bo fuwii pii. Enti ɔhyɛe sɛ wonkunkum Betlehem mmarimaa a wɔadi mfe abien ne wɔn a wonnya nnii nyinaa. Nanso Yehowa dii kan ka kyerɛɛ Yosef wɔ dae mu, na Yosef ne n’abusua no fii hɔ kɔɔ Misraim. Akyiri yi, bere a Yosef tee sɛ Herode awu no, ɔfaa Maria ne Yesu de wɔn san baa wɔn fie wɔ Nasaret. Ɛha na Yesu nyinii.

Hena na wugye di sɛ ɔmaa saa nsoromma foforo no hyerɛnee? Kae sɛ mmarima no dii kan kɔɔ Yerusalem bere a wohuu nsoromma no. Satan Ɔbonsam pɛe sɛ okum Onyankopɔn Ba no, na na onim sɛ Ɔhene Herode a ɔwɔ Yerusalem no bɛbɔ mmɔden sɛ obekum no. Enti ɛda adi sɛ Satan na ɔmaa saa nsoromma no hyerɛnee.