Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM 91

Yesu Kyerɛkyerɛ wɔ Bepɔw So

Yesu Kyerɛkyerɛ wɔ Bepɔw So

HWƐ Yesu a ɔte ha. Ɔrekyerɛkyerɛ saa nnipa yi nyinaa wɔ bepɔw bi so wɔ Galilea. Wɔn a wɔte ne nkyɛn pɛɛ no yɛ n’asuafo. Na wapaw wɔn mu 12 ma wɔabɛyɛ n’asomafo. Asomafo no yɛ Yesu asuafo titiriw. Wunim wɔn din?

Wɔne Simon Petro ne ne nua Andrea. Afei Yakobo ne Yohane, a wɔn nso yɛ anuanom. Wɔfrɛ biako Yakobo, na wɔfrɛ ɔfoforo nso Simon. Wɔfrɛ asomafo baanu nso Yuda. Biako ne Yuda Iskariot, na biako nso ne Yuda a wɔsan frɛ no Tadeo. Ne afei Filipo ne Natanael (a wɔsan frɛ no Bartolomeo), ne Mateo ne Toma.

Na Yesu fi Samaria san bae no ofii ase kaa asɛm nea edi kan sɛ: ‘Ɔsoro ahenni no abɛn.’ Wunim nea saa ahenni no yɛ? Ɛyɛ Onyankopɔn nniso ankasa. Yesu ne ne hene. Ofi soro bedi hene na ɔde asomdwoe aba asase so. Onyankopɔn ahenni no bɛma asase nyinaa adan paradise fɛfɛɛfɛ.

Yesu rekyerɛkyerɛ nkurɔfo no ahenni no ho ade. Ɔrekyerɛkyerɛ sɛ: ‘Sɛnea ɛsɛ sɛ mobɔ mpae ni. Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew. W’ahenni mmra. Wɔnyɛ wo pɛ wɔ asase so, sɛnea wɔyɛ ɔsoro.’ Nnipa pii frɛ eyi ‘Awurade Mpaebɔ.’ Afoforo nso frɛ no ‘Yɛn Agya a Wowɔ Soro.’ Wunim mpaebɔ no nyinaa?

Ná Yesu rekyerɛ wɔn sɛnea ɛsɛ sɛ wɔne wɔn ho wɔn ho di nso. Ɔkae sɛ: ‘Nea wopɛ sɛ afoforo yɛ ma wo no, yɛ ma wɔn nso.’ Sɛ afoforo ne wo di no ayamye so a, so w’ani nnye ho? Saa na na Yesu reka, ɛsɛ sɛ yɛne nkurɔfo di no ayamye so. So ɛrenyɛ nwonwa wɔ paradise asase so bere a obiara bɛyɛ eyi anaa?