Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM 97

Yesu Ba sɛ Ɔhene

Yesu Ba sɛ Ɔhene

ƆSAA anifuraefo baanu no yare akyi bere tiaa bi no, Yesu beduu akuraa ketewa bi a ɛbɛn Yerusalem ase. Ɔka kyerɛɛ n’asuafo no baanu sɛ: ‘Monkɔ akuraa no ase na mubehu afurum ba bi. Monsan no mfa mmrɛ me.’

Bere a wɔde afurum no brɛɛ Yesu no, ɔtraa so. Afei ɔde kɔɔ Yerusalem a ɛbɛn hɔ ara. Bere a ɔbɛn kurow no, nnipa dɔm kɛse behyiaa no. Wɔn mu bebree yiyii wɔn atade nguguso de sesɛw kwan no so. Afoforo nso twitwaa berɛw. Wɔde eyinom guguu kwan no so nso, na wɔteɛteɛɛm kae sɛ: ‘Onyankopɔn nhyira ɔhene a ɔba Yehowa din mu no!’

Teteete wɔ Israel no na ɔhene foforo biara tra afurum ba so kɔ Yerusalem de ne ho kɔkyerɛ nkurɔfo no. Ɛno na na Yesu reyɛ. Na na nkurɔfo yi rekyerɛ sɛ wɔpɛ sɛ Yesu yɛ wɔn hene. Nanso na ɛnyɛ nnipa no nyinaa na wɔpɛ no. Yetumi hu eyi denam nea ɛbae bere a Yesu kɔɔ asɔrefi hɔ no so.

Asɔrefi hɔ no Yesu saa anifuraefo ne mpakye yare. Mmofra nkumaa no huu eyi no, woyii Yesu ayɛ. Nanso asɔfo no bo fuwii, na wɔka kyerɛɛ Yesu sɛ: ‘Wote nea mmofra no reka no?’

Yesu buae sɛ: ‘Yiw. Monkanee pɛn wɔ Bible mu sɛ: “Mmofra nkumaa so na Onyankopɔn nam de ayeyi bɛba?”’ Enti mmofra no kɔɔ so yii ɔhene a Onyankopɔn apaw no no ayɛ.

Yɛpɛ sɛ yɛyɛ sɛ saa mmofra no, anaa ɛnte saa? Ebia nnipa bi bɛbɔ mmɔden sɛ wɔremma yɛnnka Onyankopɔn ahenni no ho asɛm. Nanso yɛbɛkɔ so aka anwonwade a Yesu bɛyɛ ama nnipa no ho asɛm akyerɛ afoforo.

Ná bere nnui sɛ Yesu fi ase di tumi sɛ ɔhene bere a ɔwɔ asase so no. Da bɛn na saa bere no bedu? Yesu asuafo no pɛe sɛ wohu. Yɛbɛkenkan eyi wɔ adesua a edi hɔ no mu.