Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM 101

Wokum Yesu

Wokum Yesu

HWƐ bɔne kɛse ara a wɔreyɛ! Wɔrekum Yesu. Wɔde no afam dua ho. Wɔde nnadewa abobɔ ne nsa ne ne nan mu. Dɛn nti na obi bɛpɛ sɛ ɔyɛ Yesu saa?

Efisɛ nnipa bi tan Yesu. Wunim nnipa ko? Wɔn mu biako ne ɔbɔfo bɔne a wɔfrɛ no Satan Ɔbonsam no. Ɔno na otumi maa Adam ne Hawa yɛɛ Yehowa so asoɔden. Na Satan na ɔmaa Yesu atamfo yɛɛ bɔne kɛse yi.

Ansa na wɔbɛbɔ Yesu afam dua no ho wɔ ha mpo no, n’atamfo yɛɛ no nneɛma bi a ɛmfata koraa. Wokae sɛnea wɔbɛkyeree no Getsemane turo no mu de no kɔe no? Henanom ne atamfo a wɔyɛɛ saa no? Yiw, nyamesom mpanyimfo no. Na, ma yɛnhwɛ nea ɛbae afei.

Bere a asɔfo no kyeree Yesu no, n’asomafo no guanee. Wogyaw Yesu nkutoo wɔ n’atamfo no nsam efisɛ ehu kaa wɔn. Nanso asomafo Petro ne Yohane ankɔ akyiri. Wodii akyi kɔhwɛɛ nea ɛbɛba Yesu so.

Asɔfo no de Yesu kɔmaa akwakora Hana a na anka ɔyɛ ɔsɔfo panyin no. Nanso wɔankyɛ wɔ ha. Afei wɔde Yesu kɔɔ Kaiafa a na ɔne sɔfo panyin a ɔwɔ so no fie. Ná nyamesom mpanyimfo pii aboa wɔn ano wɔ ne fie hɔ.

Wodii Yesu asɛm wɔ Kaiafa fie ha. Wɔmaa nkurɔfo bɛkekaa Yesu ho atosɛm. Nyamesom mpanyimfo no nyinaa kae sɛ: ‘Ɛsɛ sɛ wokum Yesu.’ Afei wɔtetee ntasu guu n’anim, na wɔbobɔɔ no akuturuku.

Eyi nyinaa rekɔ so no, na Petro wɔ adiwo hɔ. Na awɔw wom, enti na nkurɔfo asɔ ogya. Wɔtete gya no ho reka wɔn ho hyew no, afenaa bi hwɛɛ Petro kae sɛ: ‘Ná ɔbarima yi nso ka Yesu ho.’

Petro buae sɛ: ‘Dabi!’

Mprɛnsa no nkurɔfo ka kyerɛɛ Petro sɛ na ɔka Yesu ho. Na emu biara no Petro kae sɛ ɛnyɛ nokware. Nea ɛto so abiɛsa a Petro kaa eyi no Yesu twaa n’ani hwɛɛ no. Ɛyɛɛ Petro yaw kɛse sɛ wadi atoro a ɛte saa, na ofii adi kosui pii.

Bere a owia no fii ase puei Fida anɔpa no, asɔfo no de Yesu kɔɔ beae kɛse a wohyiam no, Sanhedrin asa no so. Ɛha no wosusuw nea wɔbɛyɛ no no ho. Wɔsan de no kɔɔ Pontio Pilato a ɔyɛ Yudea mantam no sodifo no anim.

Asɔfo no ka kyerɛɛ Pilato sɛ: ‘Oyi yɛ onipa bɔne. Ɛsɛ sɛ wokum no.’ Obisabisaa Yesu nsɛm akyi no, Pilato kae sɛ: ‘Minhu sɛ wayɛ bɔne bi.’ Afei Pilato de Yesu kɔɔ Herode Antipa anim. Ná Herode yɛ Galilea sodifo, nanso na ɔte Yerusalem. Ná Herode nso nhu sɛ Yesu ayɛ bɔne, enti ɔsan de no kɔmaa Pilato.

Pilato pɛe sɛ ogyaa Yesu. Nanso na Yesu atamfo no pɛ sɛ wogyaa onipa foforo a ɔda afiase mmom. Saa nipa yi ne owifo Baraba. Afei na adu bɛyɛ owigyinae, bere a Pilato ma wɔkɔfaa Yesu bae. Ɔka kyerɛɛ nkurɔfo no sɛ: ‘Monhwɛ! Mo hene no ni!’ Nanso asɔfo mpanyin no teɛɛm sɛ: ‘Fa no kɔ! Kum no! Kum no!’ Enti Pilato gyaa Baraba, na wɔde Yesu kɔe sɛ wɔrekokum no.

Fida awiabere no wɔbɔɔ Yesu asɛnduam. Wunhu wɔn wɔ mfonini no mu, nanso Yesu nifa so ne ne benkum so no na wɔasɛn nsɛmmɔnedifo bi nso. Bere tiaa bi ansa na Yesu rewu no, wɔn mu biako ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Sɛ woba w’ahenni mu a kae me.’ Na Yesu buae sɛ: ‘Mehyɛ wo bɔ sɛ wobɛka me ho wɔ Paradise.’

So ɛnyɛ bɔhyɛ pa? Wunim paradise a na Yesu reka ho asɛm no? Na ɛhe na paradise a Onyankopɔn yɛe wɔ mfiase hɔ no wɔ? Yiw, wɔ asase so. Na bere a Yesu redi hene wɔ ɔsoro no, obenyan ɔbarima yi aba nkwa mu ma wabenya Paradise foforo no mu anigye wɔ asase so. So yɛn ani rentumi nnye eyi ho anaa?