Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ƆFÃ 8

Nea Bible Ka No Bam

Nea Bible Ka No Bam

Ɛnyɛ nneɛma a atwam ho asɛm a ɛyɛ nokware nko na Bible no ka, na mmom ɛka nea ɛbɛba daakye nso. Nnipa ntumi nka nea ɛbɛba daakye. Ɛno nti na yenim sɛ Bible no fi Nyankopɔn nkyɛn. Dɛn na Bible ka wɔ daakye ho?

Ɛka Onyankopɔn ko kɛse bi ho asɛm. Saa ko yi mu no Onyankopɔn beyi bɔne ne abɔnefo nyinaa afi asase so, nanso ɔbɛbɔ wɔn a wɔsom no ho ban. Onyankopɔn hene, Yesu Kristo, bɛhwɛ ma Onyankopɔn asomfo anya asomdwoe ne anigye, ne sɛ wɔrenyare bio anaasɛ wɔrenwu.

Yɛn ani betumi agye sɛ Onyankopɔn bɛyɛ paradise foforo wɔ asase so, ɛnte saa anaa? Nanso sɛ yɛbɛtra paradise yi mu a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ biribi. Wɔ adesua a edi akyiri wɔ nhoma yi mu no mu no, yehu nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛanya nneɛma pa a Onyankopɔn de bɛbrɛ wɔn a wɔsom no no mu anigye. Enti kenkan ƆFA 8 yi na hu nea Bible ka sɛ ɛbɛba daakye.

 

IN THIS SECTION

ASƐM 114

Bɔne Nyinaa Awiei

Adɛn nti na Onyankopɔn asoma Yesu ne n’asafodɔm sɛ wɔnkɔko Harmagedon ko no?

ASƐM 115

Paradise Foforo wɔ Asase So

Bere bi na nnipa te paradise, na ɛrenkyɛ yɛn nsa bɛsan aka saa asase no bio.

ASƐM 116

Sɛnea Yɛbɛyɛ Atra Ase Daa

Sɛ yesua Yehowa ne Yesu ho ade a, na asa anaa? Sɛ biribi foforo wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛ a, ɛnde ɛyɛ dɛn?