Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Krataa a Efi Akwankyerɛ Kuw No Hɔ

Krataa a Efi Akwankyerɛ Kuw No Hɔ

Anuanom Adɔfo:

Ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn ne yɛn yɔnko nnipa no pusuw yɛn ma ‘yɛkɔ kɔyɛ aman nyinaa asuafo, na yɛbɔ wɔn asu.’ (Mat. 28:​19, 20; Mar. 12:​28-31) Ɔdɔ kann wɔ tumi paa. Sɛ yɛwɔ bi a, yebetumi aboa “wɔn a wɔwɔ koma pa a ebetumi ama wɔanya daa nkwa no.”—Aso. 13:48.

Kan no, sɛ yɛrekɔ asɛnka a, ade a na ehia yɛn paa ne sɛ yɛbɛkyere asɛm a yɛrekɔka no agu yɛn tirim na yɛagyaw nhoma ama nkurɔfo. Seesei ade a yɛde rebesi yɛn ani so kɛse ne sɛ yebesua sɛnea yɛne nkurɔfo bɛbɔ nkɔmmɔ yiye. Yɛpɛ sɛ yɛma nkurɔfo hu sɛ yɛdɔ wɔn, enti nneɛma a ehia wɔn no, ɛno mmom na yɛne wɔn bɛka ho asɛm. Ɛno nti, sɛ yɛkɔ nkurɔfo nkyɛn wɔ asɛnka mu a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ sɛnea obiara te na yɛpɛ nea yɛne no ka ho asɛm a, ɛbɛboa no kɛse. Wei nti na yɛayɛ saa nhomawa yi. Ɛbɛboa sɛn?

Nhomawa yi, adesua mmaako mmaako 12 na ɛwom. Emu biara ka suban baako ho asɛm. Ne nyinaa yɛ suban a yehia na yɛatumi adɔ nnipa na yɛaboa wɔn ma wɔabɛyɛ asuafo. Adesua biara mu no, yebehu sɛnea Yesu anaa ɔsɛmpakafo bi a ɔtenaa ase wɔ asomafo no bere so daa saa suban no bi adi wɔ asɛnka mu. Yɛanyɛ nhoma yi sɛ yɛmfa nkyere asɛm a yɛbɛka wɔ asɛnka mu ngu yɛn tirim. Mmom ɛbɛboa yɛn ama yɛahu ɔkwan a yɛbɛfa so ama nkurɔfo ahu sɛ yɛdɔ wɔn. Suban a nhomawa yi ka ho asɛm no, yehia ne nyinaa wɔ asɛnka mu. Nanso yebehu sɛ ebi wɔ hɔ a, ehia paa bere a yɛrefi nkɔmmɔbɔ ase. Ebi nso wɔ hɔ a, yɛreyɛ sankɔhwɛ anaa Bible adesua a na yebehia no kɛse.

Suban biara a nhomawa yi bɛka ho asɛm no, to wo bo ase dwinnwen ho, na hwɛ sɛnea wubetumi de ayɛ adwuma bere a woredi nkurɔfo adanse wɔ baabi a wote no. Ɔdɔ a wowɔ ma Yehowa ne wo yɔnko nnipa no, bɔ mmɔden hyɛ mu gya. Akwan horow a yɛfa so di nkurɔfo adanse no, yesua no yiye a eye, nanso ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa ne yɛn yɔnko nnipa no, ɛno paa na ɛbɛboa yɛn ama yɛayɛ nkurɔfo asuafo.

Hokwan kɛse a yɛanya sɛ yɛne mo ayɛ baako resom Yehowa no, yɛn ani sɔ paa. (Sef. 3:9) Yɛsrɛ Yehowa nhyira ma mo sɛ ɔmmoa mo mma monkɔ so nnɔ nnipa na mommoa wɔn mma wɔmmɛyɛ asuafo!

Mo nuanom,

Yehowa Adansefo Akwankyerɛ Kuw