Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 27

‘Odii Adanse’ Fefeefe

‘Odii Adanse’ Fefeefe

Wɔde Paul too afiase wɔ Roma, ɔkɔɔ so kaa asɛm no

Egyina Asomafo Nnwuma 28:11-31 so

1. Ahotoso bɛn na na Paul ne wɔn a wɔka ne ho no wɔ, na dɛn ntia?

 BƐYƐ afe 59 Y.B. no, na po so hyɛn kɛse bi a ɛda adi sɛ wɔde fa hwiit a n’ahyɛnsode ne “Seus Mma” fi Mediterranea supɔw Malta so rekɔ Italy. Ná ɔsomafo Paul a ɔyɛ ɔdeduani a ɔwɛmfo rewɛn no no, ne ne mfɛfo Kristofo Luka ne Aristarko te saa hyɛn no mu. (Aso. 27:2) Ná saa asɛmpakafo yi nte sɛ ɛhyɛn no mu adwumayɛfo. Hyɛn no mu adwumayɛfo no, na wɔhwehwɛ ahobammɔ fi Greekfo nyame Seus mmabarima Castor ne Pollux a wɔyɛ ntafo no hɔ. (Aso. 28:11) Paul ne wɔn a wɔka ne ho no de, na wɔsom Yehowa. Ná wama Paul ahu sɛ obedi nokware no ho adanse wɔ Roma na wakogyina Kaesare anim.—Aso. 23:11; 27:24.

2, 3. Ɛhe na ɛhyɛn a Paul te mu no fae, na hena na ɔboaa Paul wɔ n’akwantu no nyinaa mu?

2 Ná Sirakusa yɛ kurow a ɛyɛ fɛ wɔ Sisili, na na ɛreyɛ ayɛ kurow titiriw te sɛ Atene ne Roma. Bere a wɔduu hɔ no, ne nnansa so na hyɛn no toaa so kɔɔ Regio a ɛwɔ Italy anaafo fam. Afei, anaafo fam mframa bi a na ɛrebɔ boaa ɛhyɛn no ma ɛkɔɔ ntɛm, enti wɔde nnanu twaa kilomita 320 koduu Puteoli. Ná ɛhɔ yɛ Italy hyɛn gyinabea a ɛbɛn baabi a nnɛ yɛfrɛ hɔ Naples no.—Aso. 28:12, 13.

3 Afei de, na adu Paul akwantu no fã a etwa to. Ná ɔrekɔ Roma akogyina Ɔhempɔn Nero anim. Ná “awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn” no aka Paul ho wɔ n’akwantu no nyinaa mu. (2 Kor. 1:3) Sɛnea yebehu no, Yehowa kɔɔ so boaa Paul; Paul nso kɔɔ so de nsi ne ahokeka yɛɛ asɛmpatrɛw adwuma no.

‘Paul Daa Onyankopɔn Ase, Na Ne Koma Tɔɔ Ne Yam’ (Asomafo Nnwuma 28:14, 15)

4, 5. (a) Ahɔhoyɛ bɛn na wɔdaa no adi kyerɛɛ Paul ne wɔn a na wɔka ne ho no wɔ Puteoli, na ɛbɛyɛ sɛ dɛn nti na wɔmaa no ahofadi kɛse saa? (b) Sɛ wɔde Kristofo gu afiase mpo a, ɔkwan bɛn so na abrabɔ pa a wɔda no adi no, wɔbetumi anya so mfaso?

4 Bere a Paul ne wɔn a wɔka ne ho no duu Puteoli no, ‘wɔhuu anuanom wɔ hɔ, na anuanom srɛɛ wɔn sɛ wɔntena wɔn nkyɛn nnanson.’ (Aso. 28:14) Ahɔhoyɛ a Kristofo da no adi ho nhwɛso a ɛyɛ fɛ bɛn ara ni! Akyinnye biara nni ho sɛ, saa anuanom a wɔdaa ahɔhoyɛ adi no nso nyaa nkuranhyɛ fii Paul ne wɔn a na wɔka ne ho no hɔ ma ɛboaa wɔn paa. Nanso, adɛn nti na wɔmaa ɔdeduani a nkurɔfo rewɛn no no ahofadi pii saa? Ebetumi aba sɛ na ɔsomafo no ayɛ nneɛma bi ma awɛmfo a na wɔyɛ Romafo no anya ne mu ahotoso kɛse.

5 Saa ara na ɛnnɛ nso wɔama Yehowa asomfo a wɔda afiase ne nneduaban ahorow mu ahofadi ne hokwan soronko mpɛn pii esiane abrabɔ pa a wɔda no adi sɛ Kristofo nti. Ɛho nhwɛso ne sɛ, na ɔbarima bi wɔ Romania a ɔyɛ ɔkorɔmfo-werɛmfo. Ná ɔretwa mfe 75 wɔ afiase. Ofii ase suaa Onyankopɔn Asɛm no wɔ hɔ, na ɔyɛɛ nsakrae akɛse wɔ n’abrabɔ mu. Ɛno nti, na afiase ahwɛfo no tumi ma ɔkɔ kurom kɔtotɔ nneɛma ma afiase no a ɔwɛmfo biara nni n’akyi! Ne nyinaa mu no, ade a ehia paa ne sɛ yɛn abrabɔ pa bɛhyɛ Yehowa anuonyam.—1 Pet. 2:12.

6, 7. Ɔkwan bɛn so na anuanom a wɔwɔ Roma no daa ɔdɔ soronko adi?

6 Ɛda adi sɛ Paul ne wɔn a wɔka ne ho no nantew bɛyɛ kilomita 50 fii Puteoli kɔɔ Capua. Ná saa kurow no wɔ Apia Kwan a ɛkɔ Roma no so. Apia Kwan a agye din yi, na wɔde abo ntrantraa asɛm so, na sɛ obi nam so a otumi hu Italy nkuraa-nkuraa a ɛyɛ fɛ, odu baabi nso a obehu mmeae a ɛyɛ fɛ wɔ Mediterranea Po no ho. Ná akwantufo tumi fa kwan no so twam wɔ beae bi a ɛhɔ yɛ atɛkyɛ a wɔfrɛ hɔ Pontine Marshes, na ɛhɔ na na Apia Gua no wɔ. Efi hɔ rekɔ Roma yɛ bɛyɛ kilomita 60. Luka kyerɛwee sɛ, bere a anuanom a wɔwɔ Roma no “tee yɛn nka no,” wɔn mu binom bae araa beduu Gua no so, na afoforo nso twɛnee wɔ Nsadan-Mmiɛnsa, baabi a na nkurɔfo gye wɔn ahome a efi Roma rekɔ hɔ bɛyɛ kilomita 50 no. Hwɛ ɔdɔ soronko a wɔdaa no adi!—Aso. 28:15.

7 Sɛ obi atu kwan abrɛ na ɔrepɛ baabi agye n’ahome a, na Apia Gua so renyɛ baabi a ɛbɛboa no saa. Romani anwensɛm kyerɛwfo Horace kaa Gua so hɔ ho asɛm sɛ, na ɛhɔ yɛ baabi a “po so hyɛn mu adwumayɛfo ne ahɔhodan mu adwumayɛfo a wɔmmu ade ayɛ hɔ ma.” Ɔkyerɛwee sɛ “na ɛhɔ nsu nye koraa.” Ná ɔmpɛ sɛ odidi wɔ hɔ mpo! Nanso, ahotɔ a na enni hɔ nyinaa akyi no, anuanom a wɔfi Roma no de anigye kɔtwɛn Paul ne wɔn a wɔka ne ho no wɔ hɔ, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛka wɔn ho na wɔne wɔn awie wɔn akwantu no fã a etwa to no dwoodwoo.

8. Adɛn nti na bere a Paul “huu” ne nuanom no, ɔdaa Onyankopɔn ase?

8 Kyerɛwnsɛm no ka sɛ bere a Paul “huu” ne nuanom pɛ na “ɔdaa Onyankopɔn ase, na ne koma tɔɔ ne yam.” (Aso. 28:15) Nokwarem no, hu a Paul huu ne nuanom adɔfo yi a ɛbɛyɛ sɛ na onim wɔn mu binom no, ɛno ara mpo hyɛɛ no den, na ɛkyekyee ne werɛ. Adɛn nti na Paul daa Onyankopɔn ase? Ná onim sɛ ɔdɔ kann a ɛte saa no yɛ honhom aba no fã. (Gal. 5:22) Ɛnnɛ nso, honhom kronkron kanyan Kristofo ma wɔde wɔn ho bɔ afɔre ma afoforo, na wɔkyekye wɔn a wɔwɔ ahohia mu no werɛ.—1 Tes. 5:11, 14.

9. Suban a anuanom a wɔkohyiaa Paul no daa no adi no, yɛbɛyɛ dɛn atumi anya bi?

9 Ɛnnɛ nso, honhom kronkron kanyan anuanom mmarima ne mmea a wɔpɛ ahɔhoyɛ ma wɔde amansin so ahwɛfo, asɛmpatrɛwfo, ne bere nyinaa asomfo foforo ahiade ma wɔn. Saa anuanom a wɔyɛ bere nyinaa asomfo no mu pii de nneɛma bebree abɔ afɔre sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbetumi de bere pii asom Yehowa. Bisa wo ho sɛ: ‘Metumi ayɛ pii de aboa ɔmansin sohwɛfo nsrahwɛ? Sɛ ɔmansin sohwɛfo no aware a, metumi ada ahɔhoyɛ adi akyerɛ ɔne ne yere anaa? Metumi ayɛ nhyehyɛe ne no akɔ asɛnka anaa?’ Woyɛ saa a, wo nso wubetumi anya nhyira pii. Sɛ nhwɛso no, bere a Paul ne wɔn a wɔka ne ho no kaa osuahu pii a ɛhyɛ gyidi den kyerɛɛ anuanom a na wɔwɔ Roma no, hwɛ anigye a ɛbɛyɛ sɛ wɔnyae.—Aso. 15:3, 4.

“Nkurɔfo Kasa Tia Wɔ Baabiara” (Asomafo Nnwuma 28:16-22)

10. Tebea bɛn na Paul kɔɔ mu wɔ Roma, na oduu hɔ ara dɛn na ɔyɛe?

10 Bere a akwantufo no koduu Roma no, “wɔmaa Paul kwan maa ɔno nko ara kɔtenae, na na ɔsraani a ɔwɛn no no ka ne ho.” (Aso. 28:16) Nea ɛbɛyɛ na wɔn a wɔde wɔn to afiase wɔ wɔn ankasa afie no nnya kwan nguan no, na wɔtaa de nkɔnsɔnkɔnsɔn gu ɔdeduani no na wɔasan de agu nea ɔrewɛn no no. Ɛwom mpo sɛ na wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn a wɔde agu Paul no agu nea ɔrewɛn no no nso de, nanso na Paul yɛ Ahenni no ho dawurubɔfo, na nkɔnsɔnkɔnsɔn no amma wannyae asɛm no ka. Enti, bere a ɔde nnansa gyee n’ahome wɔ akwantu no akyi no, ɔfrɛɛ Yudafo a wɔwɔ Roma no mu atitiriw ne wɔn hyiae sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛda ne ho adi akyerɛ wɔn na wadi wɔn adanse.

11, 12. Bere a Paul rekasa kyerɛ ne mfɛfo Yudafo no, na ɔpɛ sɛ oyi adwene a ɛntene biara a ebia wɔanya wɔ ne ho no fi hɔ. Ɔyɛɛ no sɛn?

11 Paul kaa sɛ: “Mmarima, anuanom, ɛwom sɛ menyɛɛ biribiara a etia ɔmanfo anaa yɛn agyanom amanne de, nanso wɔde me hyɛɛ Romafo nsa sɛ ɔdeduani wɔ Yerusalem. Na bere a wɔhwehwɛɛ asɛm no mu wiei no, na wɔpɛ sɛ wogyaa me, efisɛ na menyɛɛ biribiara a enti ɛsɛ sɛ wokum me. Nanso Yudafo no ampene. Ɛno na ɛma mede asɛm no kɔdan Kaesare, na ɛnyɛ sɛ ebia mewɔ biribi a mede rebɔ me man kwaadu.”—Aso. 28:17-19.

12 Bere a Paul frɛɛ Yudafo a wɔretie no no sɛ “anuanom” no, ɔkaa nsɛm bi a ɛkyerɛ sɛ ɔne wɔn nyinaa yɛ nnipa baako, na ama wɔayi adwene a ɛntene biara a ebia wɔanya wɔ ne ho no afi hɔ. (1 Kor. 9:20) Afei nso, ɔdaa no adi pefee sɛ wamma hɔ sɛ ɔrebɛbɔ ne mfɛfo Yudafo no sobo, na mmom n’asɛm na na ɔde akɔdan Kaesare. Nanso, na Yudafo a wɔwɔ Roma no ntee Paul asɛm a ɔde akɔdan Kaesare no ho hwee. (Aso. 28:21) Adɛn nti na ɛbɛyɛ sɛ Yudafo a wɔwɔ Yudea no amma wɔn a wɔwɔ Roma no ante asɛm no? Nhoma bi ka sɛ: “Bere a awɔwbere twaam no, ɛbɛyɛ sɛ po so hyɛn a Paul de kɔɔ Roma no, na ɛka ahyɛn a edii kan duu Italy no ho. Yudafo mpanyimfo a wɔwɔ Yerusalem no ananmusifo no, ɛbɛyɛ sɛ na wɔntumi nkoduu Roma, na krataa a wɔkyerɛw faa asɛm no ho nso, ɛbɛyɛ sɛ na entumi nkoduu hɔ.”

13, 14. Asɛm bɛn na Paul ka de fii Ahenni ho asɛmpa no ase, na yɛbɛyɛ dɛn atumi asuasua ne nhwɛso no?

13 Afei Paul kaa asɛm bi de fii Ahenni ho asɛmpa no ase, sɛnea ɛbɛyɛ a Yudafo a wɔabɛsra no no bɛyɛ aso atie. Ɔkaa sɛ: “Saa asɛm yi ho nti na mekae sɛ mepɛ sɛ mihu mo, na me ne mo kasa, efisɛ Israel anidaso no nti na wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn yi agu me.” (Aso. 28:20) Nanso, na saa anidaso no gyina Mesia no ne n’Ahenni no a na Kristofo asafo no reka ho asɛm no so. Yudafo mpanyimfo no kaa sɛ: “Yesusuw sɛ ɛyɛ papa sɛ yebetie w’adwene efisɛ nokwasɛm ni, matew-me-ho kuw yi de, yenim sɛ nkurɔfo kasa tia wɔ baabiara.”—Aso. 28:22.

14 Sɛ yenya hokwan sɛ yɛbɛka asɛmpa no a, yebetumi aka asɛm bi anaa yɛabisa asɛm bi a ɛbɛma nkurɔfo asusuw nneɛma ho akɔ akyiri de akanyan wɔn anigye sɛnea Paul yɛe no. Yebetumi anya nyansahyɛ a ɛfata paa wɔ nhoma ahorow te sɛ Reasoning From the Scriptures, Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua So Mfaso ne Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho nhoma no mu. Nhoma a yɛde sua Bible yi, wode reyɛ adwuma yiye anaa?

‘Odii Adanse Frenkyemm’ Anaa Fefeefe—Nhwɛso a Ɛsɛ sɛ Yedi Akyi (Asomafo Nnwuma 28:23-29)

15. Nneɛma nnan bɛn na yebetumi ahyɛ no nsow wɔ ɔkwan a Paul faa so dii adanse no mu?

15 Ɛda a wɔhyɛe no dui no, Yudafo a na wɔwɔ kurom hɔ no “pii baa” baabi a Paul te no. Paul kyerɛkyerɛɛ nneɛma mu kyerɛɛ wɔn, “na odii Onyankopɔn Ahenni ho adanse frenkyemm, na ɔnam Mose Mmara ne Adiyifo no so kaa Yesu ho nsɛm a ɛtɔ asom, fi anɔpa kosii anwummere.” (Aso. 28:23) Yebetumi ahyɛ nneɛma nnan bi nsow wɔ ɔkwan a Paul faa so dii adanse no mu. Nea edi kan, ɔtwee adwene sii Onyankopɔn Ahenni so. Nea ɛtɔ so mmienu, ɔkaa nsɛm a ɛtɔ asom sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛka n’atiefo koma. Nea ɛtɔ so mmiɛnsa, ɔne wɔn susuw nsɛm ho fii Kyerɛwnsɛm no mu. Nea ɛtɔ so nnan, ɔdaa no adi sɛ ɔwɔ atuhoama, efisɛ odii adanse “fi anɔpa kosii anwummere.” Hwɛ sa pa a watwa ato hɔ ama yɛn! Dɛn na efii mu bae? ‘Ebinom fii ase gye dii,’ nanso afoforo annye anni. Luka bɔ amanneɛ sɛ nkurɔfo no adwene anhyia, na “wofii ase sɛ wɔrekɔ.”—Aso. 28:24, 25a.

16-18. Bere a Yudafo a wɔwɔ Roma no antie asɛmpa no, adɛn nti na anyɛ Paul nwanwa, na sɛ nkurɔfo antie asɛmpa a yɛka no a, sɛn na ɛsɛ sɛ yɛte nka?

16 Sɛnea Yudafo no yɛɛ wɔn ade no anyɛ Paul nwanwa, efisɛ na wahu bi pɛn, na na Bible ahyɛ nkɔm nso sɛ saa na ɛbɛba. (Aso. 13:42-47; 18:5, 6; 19:8, 9) Enti, wɔn a wɔbaa Paul nkyɛn a wɔannye n’asɛm no anni no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Honhom kronkron nam odiyifo Yesaia so kaa no yiye kyerɛɛ mo agyanom sɛ, ‘Kɔ na kɔka kyerɛ ɔman yi sɛ: “Ɔte de, mobɛte nanso morente ase, na ɔhwɛ de, mobɛhwɛ nanso morenhu. Efisɛ ɔman yi koma apirim.”’” (Aso. 28:25b-27) Kasa a wɔdii kan de kyerɛw Bible mu, asɛm a wɔkyerɛɛ ase ‘koma a apirim’ no, ɛkyerɛ koma a ayɛ pipiripii anaa adɔ srade ma enti ɛyɛ den sɛ Ahenni asɛm no bɛfa mu. (Aso. 28:27) Awerɛhosɛm bɛn ara ni!

17 Paul wiee n’asɛm no sɛ, ‘sɛnea ɛte biara, amanaman no betie,’ na wɔrenyɛ wɔn ade te sɛ Yudafo a na wɔretie no no. (Aso. 28:28; Dw. 67:2; Yes. 11:10) Nokwarem no, na ɔsomafo no nim paa sɛ Amanaman mufo no betie no, efisɛ na ɔno ankasa ahu sɛ Amanaman mufo pii retie Ahenni no ho asɛm no!—Aso. 13:48; 14:27.

18 Sɛ nkurɔfo antie asɛmpa no a, ɛnsɛ sɛ yɛma ɛhaw yɛn sɛnea Paul amma anhaw no no. Anyɛ yiye koraa no, yenim sɛ nnipa kakraa bi na wɔbehu ɔkwan a ɛkɔ nkwa mu no. (Mat. 7:13, 14) Bio nso, sɛ wɔn a wɔteɛ bɛka yɛn ho wɔ nokware som mu a, momma yɛn ani nnye, na yemfi yɛn komam nnye wɔn fɛw so.—Luka 15:7.

“Ɔkaa Onyankopɔn Ahenni Ho Asɛm” (Asomafo Nnwuma 28:30, 31)

19. Bere a na Paul ntumi nkɔ baabiara no, dɛn na ɔyɛe?

19 Luka de nsɛm a ɛhyɛ nkuran na ɔdɔ wom na ewiee ne nsɛm no. Ɔkyerɛwee sɛ: “[Paul dii] mfe abien mua wɔ hɔ wɔ ofi a ɔno ara agye tua ho ka mu, na ogyee wɔn a wɔbaa ne nkyɛn no nyinaa kama. Ɔkaa Onyankopɔn Ahenni ho asɛm kyerɛɛ wɔn, na ɔde akokoduru kɛse kyerɛkyerɛɛ Awurade Yesu Kristo ho ade, na biribiara ansiw no kwan.” (Aso. 28:30, 31) Hwɛ ahɔhoyɛ, gyidi, ne nsi soronko a Paul daa no adi!

20, 21. Henanom na wɔnyaa asɛnka adwuma a Paul yɛe wɔ Roma no so mfaso?

20 Wɔn a Paul gyee wɔn fɛw so no mu baako ne ɔbarima bi a wɔfrɛ no Onesimo a na ɔyɛ akoa a waguan afi Kolose no. Paul boaa Onesimo ma ɔbɛyɛɛ Kristoni, na Onesimo nso bɛyɛɛ Paul ‘nua nokwafo a ɔdɔ no.’ Nokwarem no, Paul kaa Onesimo ho asɛm sɛ ‘m’abofra a mebɛyɛɛ ne papa.’ (Kol. 4:9; Filem. 10-12) Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Onesimo hyɛɛ Paul nkuran! a

21 Afoforo nso nyaa nhwɛso pa a Paul yɛe no so mfaso. Ɔkyerɛw Filipifo no sɛ: “Nea ato me no ama asɛmpa no anya nkɔso mmom, efisɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn a Kristo nti wɔde agu me no, Aban Awɛmfo nyinaa ne nnipa a aka nyinaa ate ho asɛm. Wɔn a wɔwɔ Awurade mu no, m’afiase nkɔnsɔnkɔnsɔn no ama wɔn mu dodow no ara anya ahotoso, na saa anuanom no nyinaa de akokoduru kɛse reka Onyankopɔn asɛm a wonsuro.”—Filip. 1:12-14.

22. Bere a na Paul ntumi nkɔ baabiara wɔ Roma no, dɛn na ɔde ne bere yɛe?

22 Bere a na Paul ntumi nkɔ baabiara wɔ Roma no, ɔde saa bere no kyerɛkyerɛw nkrataa a ɛho hia a seesei ɛyɛ Kristofo Greek Kyerɛwnsɛm no fã no. b Kristofo a ɔkyerɛw saa nkrataa no kɔmaa wɔn wɔ asomafo no bere so no, ɛboaa wɔn paa. Yɛn nso, Paul nkrataa a honhom kaa no maa ɔkyerɛwee no reboa yɛn nnɛ, efisɛ nnɛ yi nyinaa afotu a ɛwom no, yɛde yɛ adwuma a ɛyɛ yiye.—2 Tim. 3:16, 17.

23, 24. Sɛnea Paul yɛe no, ɔkwan bɛn so na Kristofo pii a wɔwɔ hɔ nnɛ de anigye kɔ so ka asɛm no ɛmfa ho sɛ wɔde wɔn agu afiase bere a wɔnyɛɛ bɔne biara no?

23 Bere a wɔyii Paul fii afiase no, na wada hɔ bɛyɛ mfe nnan. Ɔdaa Kaesarea mfe mmienu, ɛnna ɔdaa Roma nso mfe mmienu. Asomafo Nnwuma no nkyerɛ bere a wɔyii Paul fii afiase. c (Aso. 23:35; 24:27) Nanso, ɔkɔɔ so maa n’ani gyei, na ɔkɔɔ so yɛɛ nea obetumi nyinaa de kaa asɛm no. Saa ara na Yehowa asomfo pii a wɔwɔ hɔ nnɛ a wɔn gyidi nti wɔabu wɔn ntɛnkyea de wɔn agu afiase no ma wɔn ani kɔ so gye, na wɔkɔ so ka asɛm no. Adolfo sei, esiane sɛ ɔyɛ Kristoni nti, na ɔnyɛ nneɛma bi a ɛbɛma wagyina ɔfã bi wɔ wiase no nsɛm mu, enti wɔde no too afiase wɔ Spain. Afiasehwɛfo bi ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo ho yɛ yɛn nwanwa. Yɛama asetena ayɛ den ama wo wɔ afiase ha, nanso dodow a yɛma ɛyɛ den ma wo paa no, dodow no ara na woserew kyerɛ yɛn na wo ne yɛn kasa kama.”

24 Bere bi akyi no, wɔbenyaa Adolfo mu ahotoso ara ma na wɔnto ɔdan a ɔda mu wɔ afiase hɔ no pon mu. Ná asraafo no kɔ ne nkyɛn kobisa no Bible mu nsɛm. Ná awɛmfo no mu baako mpo tumi kɔhyɛ Adolfo dan mu kɔkenkan Bible, na na Adolfo hwɛ kwan mu ma no sɛ ebia asraafo no bi reba anaa. Enti na ɔdeduani no mmom na “ɔwɛn” ɔsraani a ɔhwɛ afiase hɔ no! Nhwɛso fɛfɛɛfɛ a Adansefo anokwafo a wɔte saa yɛ no, yɛmma ɛnhyɛ yɛn nkuran mma yɛmfa ‘akokoduru kɛse nka Onyankopɔn asɛm a yɛrensuro,’ wɔ tebea a emu yɛ den mu mpo.

25, 26. Nkɔmhyɛ a ɛyɛ nwanwa bɛn na annu mfe 30 mpo Paul huu ne mmamu, na ɔkwan bɛn so na biribi a ɛte saa rekɔ so wɔ yɛn bere yi so?

25 Kristo somafo a wɔde no too afiase wɔ fie no ‘kaa Onyankopɔn Ahenni ho asɛm’ kyerɛɛ wɔn a wɔkɔsraa no nyinaa. Ɛno ne nsɛm a etwa to wɔ Asomafo Nnwuma no mu. Hwɛ sɛnea saa nsɛm no ka koma! Asomafo Nnwuma no yɛ nhoma a wɔakyerɛw nea asomafo no yɛe no pii wom. Yɛkenkan adwuma a Yesu de maa n’akyidifo no ho asɛm wɔ nhoma no ti a edi kan no mu sɛ: “Mubenya tumi, na mobɛyɛ m’adansefo wɔ Yerusalem ne Yudea ne Samaria nyinaa de akɔ asaase ano noho.” (Aso. 1:8) Afei annu mfe 30 mpo, na “wɔaka” Ahenni no ho asɛm “wɔ abɔde a ɛwɔ ɔsoro ase nyinaa mu.” d (Kol. 1:23) Wei yɛ adanse a ɛkyerɛ paa sɛ, Onyankopɔn honhom wɔ tumi!—Sak. 4:6.

26 Ɛnnɛ, Kristo nuanom a wɔda so wɔ asaase so ne “nguan foforo” a wɔabɛka wɔn ho no, saa honhom koro no ara na ɛma wɔn tumi ma wɔkɔ so ‘di Onyankopɔn Ahenni ho adanse’ fefeefe wɔ nsaase bɛboro 240 so! (Yoh. 10:16; Aso. 28:23) Woreyɛ nea wubetumi nyinaa de ayɛ saa adwuma no bi anaa?

a Ná Paul pɛ sɛ anka Onesimo tena ne nkyɛn, nanso ɔyɛ saa a, na wato Roma mmara. Afei nso, ɛbɛkyerɛ sɛ ɔne Onesimo wura a ɔne Kristoni Filemon no anni no yiye. Enti, Onesimo san kɔɔ Filemon nkyɛn, na Paul maa no krataa a na ɔde rehyɛ Filemon nkuran sɛ onnye n’akoa no fɛw so sɛ ne nua Kristoni.—Filem. 13-19.

b Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 212 a wɔato din “ Nkrataa Nnum a Paul Kyerɛwee Bere a Edi Kan a Wɔde No Too Afiase Wɔ Roma” no.

c Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 214 a wɔato din “ Paul Asetena Wɔ Afe 61 Y.B. Mu Akyi” no.

d Hwɛ adaka a wɔato din “ Wɔaka Asɛmpa No ‘Wɔ Abɔde Nyinaa Mu” no.