Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 6

Stefano—“Adom Ne Tumi Ayɛ No Ma”

Stefano—“Adom Ne Tumi Ayɛ No Ma”

Akokoduru a Stefano de dii adanse wɔ Sanhedrin no anim no yɛ asuade ma yɛn

Egyina Asomafo Nnwuma 6:8–8:3 so

1-3. (a) Tebea a ɛyɛ hu bɛn na Stefano hyiae, nanso dɛn na ɔyɛe wɔ ho? (b) Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho?

 NÁ STEFANO gyina asɛnni bagua no anim. Na ogyina mmarima 71 anim wɔ dan kɛse bi mu. Ɛbɛyɛ sɛ na saa dan no bɛn Yerusalem asɔrefie no. Ná Sanhedrin bagua no ahyiam saa da no redi Stefano asɛm. Ná baguafo no yɛ atemmufo a wɔwɔ tumi a wɔmfa Yesu asuafo no nyɛ hwee. Ɔsɔfo Panyin Kaiafa na ɔfrɛɛ saa bagua yi, na ɔno ara nso na abosome kakra a na atwam no ɔhwɛ ma wɔbuu Yesu Kristo kumfɔ. Ehu kaa Stefano anaa?

2 Saa bere no, sɛnea na Stefano anim hwɛbea te no yɛ nwanwa. Atemmufo no hwɛɛ no no, na n’anim “te sɛ ɔbɔfo anim.” (Aso. 6:15) Abɔfo kura Yehowa Nyankopɔn asɛm, enti wɔmmɔ hu na wɔmma biribiara nhaw wɔn. Saa na na ɛte wɔ Stefano ho. Atemmufo a na wɔtan no no mpo huu no saa. Ɛyɛɛ dɛn na wammɔ hu?

3 Saa asɛmmisa no, ɛho mmuae betumi aboa Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ. Afei nso, mfaso wɔ so sɛ yebehu nea ɛmaa Stefano kɔɔ saa tebea yi mu. Ɔkwan bɛn so na bere bi a atwam no, odii ne gyidi ho adanse? Yɛbɛyɛ dɛn atumi asuasua no?

“Wɔkanyan Nnipa No” (Asomafo Nnwuma 6:8-15)

4, 5. (a) Dɛn na ɛma yehu sɛ na Stefano yɛ ɔboafo paa ma asafo no? (b) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ na Stefano yɛ obi a “adom ne tumi ayɛ no ma”?

4 Yɛahu dedaw sɛ na Stefano yɛ ɔboafo paa ma Kristofo asafo foforo no. Yehui wɔ Ti 5 sɛ mmarima ahobrɛasefo baason a wɔpaw wɔn a wɔyii wɔn yam boaa asomafo no, na ɔka ho. Sɛ yɛhwɛ ɔdom akyɛde a na ɔbarima yi wɔ nanso ɔbrɛɛ ne ho ase no a, ɛyɛ nwanwa. Yɛkenkan wɔ Asomafo Nnwuma 6:8 sɛ otumi yɛɛ “anwonwade ne nsɛnkyerɛnne akɛse” sɛnea asomafo no binom yɛe no. Ɛka bio sɛ, na “adom ne tumi ayɛ no ma.” Na ɛno kyerɛ sɛn?

5 Ɛbɛyɛ sɛ na Stefano dwo na na ɔwɔ ayamye, enti na nnipa tumi bɛn no. Sɛnea ofii ne komam ne nkurɔfo kasae no ma wɔhuu sɛ, ɔka nokware, na sɛ wɔtie nsɛm a ɔka no a, ɛbɛboa wɔn. Nea ɛmaa tumi yɛɛ no mã ne sɛ, na Yehowa honhom wɔ ne so, efisɛ ɔbrɛɛ ne ho ase maa honhom no kyerɛɛ no kwan. Ne dom akyɛde ne ne mmɔdenbɔ no amma wanyɛ ahantan. Mmom, ɔde anuonyam no nyinaa maa Yehowa, na ɔmaa wɔn a ɔne wɔn kasae no hui sɛ odwen wɔn ho. Ɛno nti na na n’atamfo suro no saa no!

6-8. (a) Asɛm bɛn na Stefano atamfo de too no so, na adɛn ntia? (b) Dɛn nti na Stefano nhwɛso no betumi aboa Kristofo nnɛ?

6 Mmarima bi sɔree na wɔne Stefano gyee akyinnye, nanso “wɔantumi annyina ne nyansa ne honhom a na ɔde rekasa no ano.” a Esiane sɛ ankɔ yiye amma wɔn nti, “wotutu guu nnipa bi asom” sɛ wɔmmedi Kristoni a ne ho nni asɛm yi ho adansekurum. Afei nso, “wɔkanyan nnipa no ne mpanyimfo no ne akyerɛwfo no” ma wɔtwee Stefano kogyinaa Sanhedrin bagua no anim. (Aso. 6:9-12) Asɛm a atamfo de too no so ne sɛ, waka abususɛm atia Onyankopɔn ne Mose. Dɛn na ɛma wɔkaa saa?

7 Adansekurumfo no kaa sɛ, Stefano aka abususɛm atia Onyankopɔn efisɛ ɔkasa tiaa “kronkronbea yi,” kyerɛ sɛ, Yerusalem asɔrefie no. (Aso. 6:13) Wɔkyerɛe sɛ, waka abususɛm atia Mose nso efisɛ wakasa atia Mose Mmara no asesa amanne a Mose de gyaw wɔn no. Ná wei yɛ sobo a emu yɛ duru paa, efisɛ saa bere no na asɔrefie no, Mose Mmara no, ne atetesɛm pii a wɔde aka Mmara no ho no hia Yudafo no yiye. Enti na sobo a wɔde ato Stefano so no kyerɛ sɛ ɔyɛ ɔbarima busuyɛfo a ɔfata owu!

8 Awerɛhosɛm ne sɛ, ɔkwan koro yi ara na nyamesomfo fa so haw Onyankopɔn asomfo. Ɛnnɛ yi nyinaa nyamesomfo a wɔmpɛ Yehowa Adansefo asɛm tumi kanyan aban mpanyimfo ma wɔtaa yɛn. Sɛ wɔkeka nsɛm a ennim anaa nkontomposɛm to yɛn so a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Yebetumi asua nneɛma pii afi Stefano hɔ.

Ɔde Akokoduru Dii “Anuonyam Nyankopɔn” No Ho Adanse (Aso. 7:1-53)

9, 10. Asɛm a Stefano kaa wɔ Sanhedrin bagua no anim no, dɛn na ebinom aka afa ho, nanso dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae?

9 Sɛnea yɛaka dedaw no, na Stefano anim te sɛ ɔbɔfo anim, ehu anka no. Afei Kaiafa hwɛɛ no kaa sɛ: “Nsɛm yi te saa anaa?” (Aso. 7:1) Ɔtoo asɛm no maa Stefano sɛ ɔnkasa, na ɔkasae nso!

10 Ebinom ka sɛ Stefano anhu n’asɛm ka. Wɔkyerɛ sɛ ne kasatenten no nyinaa akyi no, wantumi mpo anyi n’ano wɔ sobo a wɔde bɔɔ no no ho. Nanso yɛreka paa a, Stefano yɛɛ nhwɛso fɛfɛɛfɛ de kyerɛɛ sɛnea ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho, na bere biara a obi bebisa asɛmpa no ho biribi no, ‘yɛatumi ayi no ano.’ (1 Pet. 3:15) Kae sɛ wɔbɔɔ Stefano sobo sɛ waka Onyankopɔn ho abususɛm efisɛ wakasa atia asɔrefie no, na wɔkaa nso sɛ, waka Mose ho abususɛm efisɛ wakasa atia Mmara no. Stefano kyɛɛ Israel abakɔsɛm mu mmiɛnsa, na oyii emu nsɛm bi sii so dua de yii ne ho ano. Ma yɛmfa saa nsɛm mmiɛnsa no mmaako mmaako nka ho asɛm.

11, 12. (a) Dɛn na Stefano ka faa Abraham ho de yɛɛ nhwɛso? (b) Dɛn na ɛmaa Stefano de Yosef baa ne kasa no mu?

11 Israel agyanom bere so. (Aso. 7:1-16) Abraham gyidi nti, na Yudafo no bu no paa, enti Stefano kaa ne ho asɛm de fii n’asɛm no ase. Stefano de asɛntitiriw bi a ɔne Yudafo no nyinaa adwene hyia wɔ ho na efii ne kasa no ase, na osii so dua sɛ Yehowa, “anuonyam Nyankopɔn no,” dii kan yii ne ho adi kyerɛɛ Abraham wɔ Mesopotamia. (Aso. 7:2) Ná Abraham yɛ ɔhɔho wɔ Bɔhyɛ Asaase no so. Abraham bere so no, na asɔrefie biara nni hɔ, na na Mose Mmara no nso nni hɔ. Enti na obiara rentumi nka sɛ, sɛ obi betumi asɔ Onyankopɔn ani a gye sɛ ɔsom no wɔ asɔrefie anaa odi mmara pɔtee bi so.

12 Abraham aseni Yosef a na ɔyɛ ɔtreneeni no nso, na Stefano atiefo no bu no paa. Ɔne ne nuanom na wɔbɛyɛɛ Israel mmusuakuw agyanom no. Stefano kaee wɔn a na wɔretie no no sɛ, Yosef nuanom no ara na wɔtan n’ani tɔn no kɔɔ nkoasom mu. Ne nyinaa akyi no, ɔno na Onyankopɔn nam no so gyee Israel wɔ ɔkɔm bere mu. Yebetumi aka sɛ na Stefano nim sɛ nea Yosef faa mu no, ɛne nea Yesu Kristo faa mu no di nsɛ, nanso wampere ne ho amfa Yesu antoto Yosef ho, sɛnea ɛbɛyɛ a nkurɔfo no bɛkɔ so ara atie nea ɔreka no.

13. Ɔkwan bɛn so na Mose ho asɛm a Stefano kae no bɔɔ sobo a wɔde too no so no gui, na nokwasɛm bɛn na ɛdaa adi wɔ asɛm no mu?

13 Mose bere so. (Aso. 7:17-43) Stefano kaa nsɛm pii faa Mose ho, na nyansa wom sɛ ɔyɛɛ saa efisɛ na Sanhedrin no mufo pii yɛ Sadukifo a wɔnnye Bible nhoma biara nni, gye nea Mose kyerɛwee no nko ara. Kae nso sɛ, wɔbɔɔ Stefano sobo sɛ waka Mose ho abususɛm. Stefano de ne kasa no bɔɔ saa sobo no gui, efisɛ ɔdaa no adi sɛ ɔwɔ obu kɛse ma Mose ne Mmara no. (Aso. 7:38) Ɔkaa sɛ Mose nso, wɔn a na ɔpɛ sɛ ogye wɔn no poo no. Bere a wɔpoo no no, na wadi mfe 40. Bɛboro mfe 40 akyi no, wɔsɔre tiaa ne tumidi mpɛn pii. b Stefano faa saa kwan no so twee adwene sii nokwasɛm yi so: Mpɛn pii na Onyankopɔn nkurɔfo poo wɔn a Yehowa paw wɔn sɛ wɔnni wɔn anim no.

14. Dɛn na Stefano de Mose nhwɛso no foaa so wɔ ne kasa no mu?

14 Stefano kaee n’atiefo no sɛ, Mose hyɛɛ nkɔm sɛ odiyifo bi bɛsɔre wɔ Israel a ɔte sɛ ɔno Mose. Hena ne saa odiyifo no, na sɛ ɔba a, sɛn na na nkurɔfo bebu no? Stefano twɛn buaa nsɛmmisa yi wɔ ne kasa no awiei. Ɔsan kaa asɛntitiriw bi. Ɛne sɛ, Mose behui sɛ asaase biara betumi ayɛ asaase kronkron. Ɛho nhwɛso ne baabi a na nwura no redɛw a Yehowa ne no kasae no. Sɛ saa na ɛte de a, yebetumi aka sɛ gye sɛ wosom Yehowa wɔ dan pɔtee bi te sɛ Yerusalem asɔrefie no mu ansa na wagye wo atom anaa? Ma yɛnhwɛ.

15, 16. (a) Dɛn nti na Stefano de ntamadan no ho asɛm baa ne kasa no mu? (b) Bere a Stefano kaa Solomon asɔrefie no ho asɛm no, dɛn na na ɔrepɛ akyerɛ?

15 Ntamadan ne asɔrefie no. (Aso. 7:44-50) Stefano kaee baguafo no sɛ ansa na wɔresi asɔrefie no wɔ Yerusalem no, Onyankopɔn maa Mose yɛɛ ntamadan a wɔbɛsom no wom. Na wɔtumi tutu ntamadan no kɔ mmeaemmeae. Sɛ Mose ankasa som wɔ ntamadan no mu a, ɛnde hena na na obetumi de ne nsa asi ne bo aka sɛ asɔrefie no wɔ anuonyam sen ntamadan no?

16 Akyiri yi a Solomon sii Yerusalem asɔrefie no, honhom kaa no ma ɔkaa asɛm a ɛho hia bi wɔ ne mpaebɔ mu. Stefano kaa sɛ, “ɔsorosoroni no nte afi a nnipa de wɔn nsa asi mu.” (Aso. 7:48; 2 Be. 6:18) Enti Yehowa betumi de asɔrefie biara a ɔpɛ ayɛ adwuma ama n’apɛde aba mu, nanso sɛ asɔrefie biara nni hɔ nso a, obetumi ama n’apɛde aba mu. Sɛ saa a, ɛnde adɛn nti na ɛsɛ sɛ n’asomfo te nka sɛ ɔdan pɔtee bi a nnipa de wɔn nsa asi mu na ɛsɛ sɛ wɔsom ansa na wagye wɔn atom? Stefano kaa asɛm bi a tumi wom de wiee n’asɛm no. Ɔfaa saa asɛm no fii Yesaia nhoma no mu. Ɔkaa sɛ: “Ɔsoro yɛ m’ahengua, na asaase yɛ me nan ntiaso. Ofi bɛn na mubesi ama me? Yehowa na ose. Anaa homebea bɛn na mode bɛma me? Ɛnyɛ me ara me nsa na ayɛ nneɛma yi nyinaa?”—Aso. 7:49, 50; Yes. 66:1, 2.

17. (a) Ɔkwan bɛn so na nsɛm a Stefano kae no daa no adi sɛ adwene a n’atiefo no kura no ntene? (b) Sɛn na nsɛm a Stefano kae no dii adanse sɛ ɔnyɛɛ bɔne biara?

17 Sɛ yetie Stefano asɛm a ɔkaa wɔ Sanhedrin bagua no anim no nyinaa a, yetumi hu sɛ ɔmaa emu daa hɔ sɛ adwene a na n’atamfo no kura no ntene, ɛnte saa? Ɔkyerɛe sɛ Yehowa nyɛ kyenkyenenn; ɔnka sɛ ‘kwan wei ara na mɛfa so, merensesa m’adwene da.’ Ɔmma amammerɛ ne amanne nkyekyere no. Wɔn a na wɔretie Stefano no, na wɔn ani gye Yerusalem asɔrefie fɛfɛɛfɛ no ho, na na amanne ne atetesɛm a nnipa de aka Mose Mmara no ho no agye wɔn adwene, nanso na wɔnte nea enti a Yehowa maa wɔsii asɔrefie no ase, na nea enti a ɔde Mose Mmara no maa wɔn no nso, na wɔnte ase! Ɔkwan bi so no, Stefano kasa no maa asɛmmisa titiriw bi sɔree. Ɛne sɛ: Sɛ obi antie Yehowa a, ɔbɛyɛ dɛn aka sɛ odi Mmara no so, na odi asɔrefie no ni? Nokwasɛm ne sɛ, nsɛm a Stefano kae no dii adanse sɛ ɔnyɛɛ bɔne biara, efisɛ ɔyɛɛ setie maa Yehowa sɛnea n’ahoɔden betumi.

18. Akwan bɛn so na yebetumi asuasua Stefano?

18 Dɛn na yebetumi asua afi Stefano kasa no mu? Ná onim Kyerɛwnsɛm no yiye. Yɛn nso, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho sua Onyankopɔn Asɛm no yiye na yɛatumi akura “nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ.” (2 Tim. 2:15) Afei nso, yebetumi asua biribi afi nidi ne anifere a Stefano de kasae no mu. Na wɔn a wɔretie no no ne n’adwene nhyia koraa! Nanso nneɛma a ɔde n’asɛm no gyinaa so no, na ɛda n’atiefo no koma so, enti otumi ne wɔn kasa kyɛe. Afei nso ɔde obu kasa kyerɛɛ wɔn, na ɔfrɛɛ mpanyimfo no “agyanom.” (Aso. 7:2) Yɛn nso ɛsɛ sɛ yɛde “odwo ne nidi” ka Onyankopɔn Asɛm mu nokwasɛm no kyerɛ nkurɔfo.—1 Pet. 3:15.

19. Ɔkwan bɛn so na Stefano de akokoduru kaa Yehowa atemmusɛm kyerɛɛ Sanhedrin bagua no?

19 Yemmisa sɛ, esiane sɛ nkurɔfo bo befuw nti, yɛbɛka sɛ yɛrenka nokwasɛm a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no nkyerɛ wɔn, anaasɛ yebegow Yehowa atemmusɛm mu? Daabi. Stefano yɛɛ wei ho nhwɛso. Ohui sɛ Sanhedrin atemmufo no komaden nti, adanse a ɔde maa wɔn nyinaa ankosi hwee. Enti Stefano de ne kasa no baa awiei. Honhom kronkron no boaa no maa ɔde akokoduru kyerɛɛ wɔn sɛ, wɔte sɛ wɔn nananom a wɔpoo Yosef ne Mose ne adiyifo no nyinaa no. (Aso. 7:51-53) Saa Sanhedrin atemmufo koro yi ara na wɔkum Mesia a Mose ne adiyifo no nyinaa kaa sɛ ɔbɛba no. Yɛreka paa a, wɔn na na wɔdi Mose Mmara no ho fɔ sen obiara!

“Awurade Yesu, Mede Me Nkwa Hyɛ Wo Nsa” (Aso. 7:54–8:3)

“Bere a wɔtee saa nsɛm no, ɛwowɔɔ wɔn komam, na wɔn bo fuw no denneennen.”​—Asomafo Nnwuma 7:54

20, 21. Dɛn na Stefano nsɛm no maa Sanhedrin no yɛe, na dɛn na Yehowa yɛ de hyɛɛ no den?

20 Asɛm a Stefano kae no yɛ nokwasɛm a na obiara rentumi nnye ho akyinnye, na ɛno hyɛɛ atemmufo no abufuw. Wɔamfɛre mpo sɛ wɔbɛtwɛre wɔn sẽ agu Stefano so. Ná ɔbarima nokwafo yi tumi hu sɛ, sɛnea wɔyɛɛ ne Wura Yesu no, saa ara na wɔbɛyɛ no—wɔremfa ne ho nkyɛ no.

21 Ná Stefano hia akokoduru a obetumi de agyina nea ɛreba no ano, na akyinnye biara nni ho sɛ anisoadehu a Yehowa dom no ma onyae no hyɛɛ no den paa. Stefano huu Onyankopɔn anuonyam, na ohuu Yesu sɛ ogyina Yehowa nsa nifa! Bere a Stefano gu so rekyerɛ anisoadehu no mu no, atemmufo no de wɔn nsa sisii wɔn aso. Adɛn ntia? Bere bi a atwam no, na Yesu aka akyerɛ asɛnni bagua koro no ara sɛ ɔno ne Mesia no, na ɛrenkyɛ na wakɔtena n’Agya nsa nifa. (Mar. 14:62) Stefano anisoadehu no ma ɛdaa adi sɛ asɛm a Yesu kae no yɛ nokware. Sanhedrin koro yi ara na wɔyii Mesia no mae na wɔkum no! Afei wɔn nyinaa gyee bum kɔɔ Stefano so, na wɔsiw no abo kum no. c

22, 23. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ ɔkwan a Stefano faa so wui no te sɛ ne Wura de no, na dɛn na ɛbɛma Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ anya Stefano ahotoso no bi?

22 Ɔkwan a Stefano faa so wui no, saa ara na ne Wura no nso faa so wui. Ná ɔwɔ akomatɔyam, ná ɔwɔ Yehowa mu ahotoso paa, na ɔde wɔn a wɔrekum no no bɔne kyɛɛ wɔn. Ɔkaa sɛ, “Awurade Yesu, mede me nkwa hyɛ wo nsa.” Ebia nea ɛma ɔkaa saa ne sɛ, na ɔda so hu onipa Ba no wɔ Yehowa nkyɛn. Ɛbɛyɛ sɛ na Stefano nim nkuranhyɛsɛm a Yesu kae yi. Yesu kaa sɛ: “Mene owusɔre ne nkwa.” (Yoh. 11:25) Afei Stefano de nne kɛse bɔɔ Onyankopɔn mpae sɛ: “Yehowa, ntwe wɔn aso wɔ bɔne yi ho.” Ɔkaa saa no, owui.—Aso. 7:59, 60.

23 Enti Stefano ne Kristoni a ne gyidi nti, wɔkum no. (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 48 a wɔato din “ Ne Gyidi Nti Wɔkum No” no.) Nanso awerɛhosɛm ne sɛ, ɛnyɛ ɔno nko ara na ne gyidi nti nkurɔfo kum no. Efi saa bere no besi nnɛ, nyamesomfo a wɔyɛ katee, amanyɔfo anuɔdenfo, ne atamfo a wɔn tirim yɛ den akunkum Yehowa asomfo anokwafo pii. Nanso ahotoso a Stefano nyae wɔ Yehowa mu no, yɛn nso yebetumi anya bi. Seesei Agya no ama Yesu tumi kɛse a ɔredi Hene, na biribiara ntumi nsiw no kwan sɛ obenyan n’akyidifo anokwafo aba nkwa mu bio.—Yoh. 5:28, 29.

24. Bere a wɔkum Stefano no, dɛn na Saul yɛ de kyerɛe sɛ ɔfoa so, na nsunsuanso bɛn na efi saa ɔbarima nokwafo no wu mu bae?

24 Aberante bi a wɔfrɛ no Saul huu nea ɛkɔɔ so nyinaa. N’ani gyee ho sɛ wɔkum Stefano, na ɔno mpo na ɔhwɛɛ wɔn a wɔsiw no abo no ntaade so. Ɛno akyi no, ankyɛ na odii anim ma wɔtan Kristofo a wɔwɔ hɔ no ani paa. Nanso Stefano wu no, biribi pa fii mu bae a na nkyirimma bebree benya so mfaso. Stefano nhwɛso no hyɛɛ Kristofo afoforo den ma wɔn nso tumi dii Yehowa nokware kosii owu mu. Bio nso, Saul a akyiri yi wɔbɛfrɛɛ no Paul no nuu ne ho paa sɛ ɔboa ma wɔkum Stefano. (Aso. 22:20) Ɔka ho bi na wɔkum Stefano, nanso akyiri yi ogye toom sɛ: “Bere bi a atwam no mekekaa abususɛm, metan nkurɔfo ani, na meyɛɛ aniammɔnho.” (1 Tim. 1:13) Ɛda adi sɛ Paul werɛ amfi Stefano ne ne kasa a tumi wom a ɔmae saa da no. Nea ɛte mpo ne sɛ, nneɛma a Paul kaa ho asɛm ne nea ɔkyerɛwee no, ebi fa nsɛm a Stefano kaa no saa da no ho. (Aso. 7:48; 17:24; Heb. 9:24) Akyiri yi, Paul suasuaa Stefano a na “adom ne tumi ayɛ no ma” no paa. Enti gyidi ne akokoduru a na Stefano wɔ no, ɔno nso benyaa bi. Asɛmmisa no ne sɛ, Yɛn nso yɛbɛyɛ saa anaa?

a Ná atamfo yi mu bi fi “Ahofadifo Hyiadan” mu. Ebetumi aba sɛ na wɔyɛ nnipa a Romafo no akyere wɔn asan agyaa wɔn, anaa ebia na wɔyɛ nkoa a wɔanya ahofadi a wɔabegye Yudasom atom. Ná wɔn mu bi yɛ Kilikiafo te sɛ Saul a ofi Tarso. Bible no nka sɛ na Saul ka Kilikiafo a wɔantumi annyina Stefano nyansa ano no ho anaa ɔnka ho.

b Stefano kaa nsɛm bi a enni baabi foforo biara wɔ Bible mu. Ebi ne nimdeɛ a Mose nyae wɔ Egypt, mfe dodow a na wadi bere a oguan fii Egypt, ne bere tenten a ɔtenaa Midian.

c Roma mmara mu no, ɛbɛyɛ sɛ na Sanhedrin no nni tumi a wɔde bua obi kumfɔ. (Yoh. 18:31) Enti ɛbɛyɛ sɛ, nnipadɔm a wɔn bo afuw na wɔtu guu Stefano so kum no, na ɛnyɛ sɛ asɛnni bagua no na wɔdii n’asɛm buu no kumfɔ.