Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 20

“Wɔtan Wɔn Ani, Nanso Asɛm No “Trɛwee, Na Ase Timii”

“Wɔtan Wɔn Ani, Nanso Asɛm No “Trɛwee, Na Ase Timii”

Nea Apolo ne Paul yɛ maa asɛmpa no trɛwee

Egyina Asomafo Nnwuma 18:23–19:41 so

1, 2. (a) Tebea a ɛyɛ hu bɛn na Paul ne ne mfɛfo hyiae wɔ Efeso? (b) Dɛn na yɛbɛka ho asɛm wɔ ti yi mu?

 NÁ Efeso ayɛ bagyabagya, na nnipa a wɔn ani so ayɛ krakra de mmirika nenam mmɔnten so reteɛteɛm. Ná basabasayɛfo bi aboaboa wɔn ho ano sɛ wɔrebedi bɔne! Ná wɔakyere akwantufo mmienu a wɔka ɔsomafo Paul ho retwe wɔn ase de wɔn rekɔ. Nnipa a wɔwɔ Efeso mmɔnten so wɔ baabi a wɔtontɔn nneɛma no bɔɔ twi bɛkaa nnipadɔm no ho, na wɔde wɔn ani kyerɛɛ adehwɛbea kɛse a ɛwɔ kurow no mu no. Saa adehwɛbea no, na etumi fa nnipa 25,000. Ná wɔn mu dodow no ara mpo nnim nea akɔfa gyegyeegye no aba. Nanso na wɔn adwene yɛ wɔn sɛ, ebinom atu wɔn ani asi wɔn asɔredan ne nyamewa Artemi a wɔnni ne ho agorɔ no so. Enti wɔteɛteɛɛm denneennen sɛ: “Efesofo Artemi yɛ ɔkɛse!”—Aso. 19:34.

2 Ɛha nso yetumi hu sɛ, Satan bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma basabasayɛfo asiw Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no kwan. Nanso ɛnyɛ basabasayɛ nko ara na Satan de ko tia yɛn. Saa ti yi mu no, yebehu akwan horow a Satan faa so sɛ ɔbɛsɛe adwuma a tete Kristofo no yɛe ne baakoyɛ a na ɛwɔ wɔn ntam no. Anigyesɛm a yebehu mpo ne sɛ, nea ɔyɛe nyinaa ankosi hwee, na mmom “Yehowa asɛm nam ahoɔden so kɔɔ so trɛwee, na ase timii.” (Aso. 19:20) Ɛyɛɛ dɛn na Kristofo no tumi dii nkonim? Nea ɛma yedi nkonim nnɛ no, ɛno ara na ɛma wɔdii nkonim. Yenim sɛ, Yehowa na ɔma yedi nkonim. Nanso ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn fam de sɛnea tete Kristofo no yɛe no. Yehowa honhom bɛboa yɛn ama yɛanya suban a ɛfata na yɛatumi ayɛ yɛn som adwuma no. Momma yenni kan nsusuw Apolo nhwɛso no ho.

“Na Onim Kyerɛwnsɛm No Mu Yiye” (Asomafo Nnwuma 18:24-28)

3, 4. Dɛn na Akwila ne Priskila hui wɔ Apolo ho a ɛkyerɛ sɛ na aka no biribi kakra, na dɛn na wɔyɛ de boaa no?

3 Bere a Paul nam n’asɛmpatrɛw akwantu a ɛtɔ so mmiɛnsa no mu a n’ani kyerɛ Efeso no, Yudani bi a wɔfrɛ no Apolo kɔɔ saa kurow no mu. Ná ofi Aleksandria, Egypt kurow bi a agye din. Ná Apolo bɔ mmɔden paa wɔ nneɛma bi mu. Ná onim kasa, na afei nso “na onim Kyerɛwnsɛm no mu yiye.” Bio nso, “na honhom no ahyɛ no ma.” Ná Apolo yɛ ɔbarima a ɔyɛ nnam a ɔtaa de akokoduru kasa kyerɛ Yudafo wɔ hyiadan no mu.—Aso. 18:24, 25.

4 Akwila ne Priskila tee sɛ Apolo rekasa. Akyinnye biara nni ho sɛ, wɔn ani gyei bere a wɔtee sɛ ‘ɔrekyerɛkyerɛ Yesu ho asɛm pɛpɛɛpɛ’ no. Nea na ɔreka fa Yesu ho no yɛ nokware. Nanso, ankyɛ na Akwila ne Priskila hui sɛ aka Apolo biribi kakra. Ná “Yohane asubɔ no nko ara na onim.” Saa awarefo yi, na wɔyɛ ntamadan, na na wɔbrɛ wɔn ho ase, nanso wɔamma Apolo nhomanim, ne n’ano a atew no anhunahuna wɔn. Mmom no, “wɔfaa no kaa wɔn ho, na wɔkyerɛkyerɛɛ Onyankopɔn akwan no mu pɛpɛɛpɛ kyerɛɛ no.” (Aso. 18:25, 26) Dɛn na ɔbarima a onim nhoma na n’ano atew yi yɛe? Yebetumi aka sɛ onyaa suban titiriw bi a ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa nya bi; ɛno ne ahobrɛase.

5, 6. Dɛn na ɛmaa Yehowa de Apolo yɛɛ adwuma, na dɛn na yebetumi asua afi Apolo nhwɛso no mu?

5 Esiane sɛ Apolo penee so maa Akwila ne Priskila boaa no nti, ɔbɛyɛɛ Yehowa somfo a ɔbɔ mmɔden. Ɔkɔɔ Akaia, na ‘ɔboaa wɔn a wɔabɛyɛ gyidifo no paa.’ Yudafo a wɔwɔ hɔ a wɔkaa sɛ Yesu nyɛ Mesia a wɔahyɛ ne ho nkɔm no nso, otumi dii wɔn adanse. Luka kaa sɛ: “Ɔyeree ne ho denneennen daa no adi pefee wɔ baguam sɛ Yudafo no afom kwan, na ɔde Kyerɛwnsɛm no kyerɛkyerɛɛ wɔn ma wohui sɛ Yesu ne Kristo no.” (Aso. 18:27, 28) Hwɛ sɛnea Apolo boaa asafo no! Yɛreka paa a, ɔka ho bi na ‘Yehowa asɛm timii.’ Dɛn na yebetumi asua afi Apolo nhwɛso no mu?

6 Ehia sɛ Kristofo nya ahobrɛase. Yɛn mu biara wɔ ɔdom akyɛde. Ebinom wɔ hɔ a wɔde woo wɔn, na ebinom nso abenya osuahu ne nimdeɛ pii wɔ asetenam. Nanso ahobrɛase ho hia sen ɔdom akyɛde a yɛwɔ biara. Sɛ yɛammrɛ yɛn ho ase a, yɛn dom akyɛde no besum yɛn afiri na ahantan adidi yɛn mu. (1 Kor. 4:7; Yak. 4:6) Yɛwɔ ahobrɛase a, yebebu afoforo sɛ wɔkyɛn yɛn. (Filip. 2:3) Sɛ afoforo tene yɛn so anaa wɔkyerɛkyerɛ yɛn a, yɛrempo. Afei nso, sɛ yɛwɔ adwene bi wɔ asɛm bi ho na ɛbɛda adi sɛ ɛne honhom kronkron akwankyerɛ nhyia a, yɛrenka sɛ adwene dedaw no ara na yɛbɛfa. Sɛ yɛpɛ sɛ Yehowa ne ne Ba no de yɛn yɛ adwuma a, ɛnde ɛsɛ sɛ yɛkɔ so brɛ yɛn ho ase.—Luka 1:51, 52.

7. Dɛn na Paul ne Apolo yɛe a ɛma yehu sɛ na wɔwɔ ahobrɛase a yebetumi asuasua?

7 Yɛbrɛ yɛn ho ase a, yɛne afoforo nsi akan. Ná Satan pɛ paa sɛ ɔde mpaapaemu ba tete Kristofo no mu. Sɛ Kristofo mmɔdenbɔfo mmienu te sɛ Apolo ne ɔsomafo Paul ne wɔn ho dii asi hwehwɛɛ anuonyam wɔ asafo no mu a, anka Satan ani gye a ebegye! Ná ɛnyɛ den koraa sɛ anka wɔbɛyɛ saa, efisɛ Kristofo a na wɔwɔ Korinto no mu bi kaa sɛ, “Meyɛ Paul de,” na ebinom nso kaa sɛ, “Me de, meyɛ Apolo de.” Paul ne Apolo hyɛɛ ade a ɛte saa ho nkuran anaa? Daabida! Paul ahobrɛase nti ogye toom sɛ Apolo yɛ mmɔdenbɔfo, na ɔde asɛyɛde hyehyɛɛ ne nsa. Apolo nso dii akwankyerɛ a Paul de maa no no so. (1 Kor. 1:10-12; 3:6, 9; Tito 3:12, 13) Ahobrɛase a wɔboom de yɛɛ adwuma no yɛ nhwɛso pa ma yɛn nnɛ!

Ɔne Wɔn ‘Susuw Ahenni No Ho Sɛnea Ɛbɛyɛ a Ɛbɛtɔ Wɔn Asom’ (Asomafo Nnwuma 18:23; 19:1-10)

8. Bere a Paul resan akɔ Efeso no, ɛhe ne he na ɔfae, na adɛn nti na ɔfaa hɔ?

8 Ná Paul ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛsan akɔ Efeso, na ɔyɛɛ saa nso. a (Aso. 18:20, 21) Nanso hyɛ baabi a ɔfa kɔe no nsow. Bere a etwa to a yɛtee ne ho asɛm no, na ɔwɔ Antiokia a ɛwɔ Siria. Anka Paul betumi afa kwantiaa bi so akɔ Seleukia na wafa po so hyɛn akɔ Efeso. Nanso wanyɛ saa; mmom no ‘ɔfaa baabi a ɛmmɛn ɛpo.’ Ebinom kyerɛ sɛ, sɛ wohwɛ Paul akwantu a Asomafo Nnwuma 18:23 ne 19:1 ka ho asɛm no a, otwaa bɛyɛ kilomita 1,600! Adɛn nti na Paul kɔnwonwan twaa kwantenten saa? Efisɛ na ɔpɛ sɛ ɔhyɛ “asuafo no nyinaa den.” (Aso. 18:23) Ná n’asɛmpatrɛw akwantu a ɛtɔ so mmiɛnsa no bɛyɛ den te sɛ mmienu a edi kan no, nanso obuu ne nyinaa sɛ ɛho hia. Saa ara na ɛnnɛ, amansin so ahwɛfo ne wɔn yerenom yɛ. Sɛ yɛhwɛ wɔn dɔ ne wɔn ahofama a, ɛnka yɛn koma anaa?

9. Adɛn nti na na ehia sɛ wɔbɔ asuafo binom asu bio, na dɛn na yesua fi nea wɔyɛe no mu?

9 Bere a Paul koduu Efeso no, ohuu Yohane Suboni asuafo bɛyɛ dumienu wɔ hɔ. Ná wɔabɔ wɔn asu sɛnea Yohane asubɔ no te, nanso na saa asubɔ no nyɛ adwuma bio. Afei nso, na wɔnnim honhom kronkron no ho nsɛm pii anaa ebi mpo a na wɔnnim ho hwee. Paul kyerɛkyerɛɛ Yesu asubɔ no mu kyerɛɛ wɔn, na wɔbrɛɛ wɔn ho ase te sɛ Apolo na wɔde anigye suaa nea ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn no. Bere a wɔbɔɔ wɔn asu wɔ Yesu din mu no, wɔnyaa honhom kronkron, na wɔnyaa tumi de yɛɛ nneɛma bi. Yehu pefee sɛ Yehowa ahyehyɛde no rekɔ n’anim, enti ɛsɛ sɛ yetie akwankyerɛ a n’ahyehyɛde no de ma yɛn no. Sɛ yɛyɛ saa a, yebenya nhyira pii.—Aso. 19:1-7.

10. Ɛyɛɛ dɛn na Paul fii hyiadan no mu kɔɔ sukuu dan mu, na dɛn na yebetumi asua afi mu bere a yɛreyɛ asɛnka adwuma no?

10 Ankyɛ na nkɔso foforo nso bae. Paul de akokoduru kaa asɛm no wɔ hyiadan mu abosome mmiɛnsa. “Ɔne wɔn susuw Onyankopɔn Ahenni no ho sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛtɔ wɔn asom,” nanso ebinom pirim wɔn koma na wɔpoo asɛm no. Paul ansɛe bere wɔ wɔn a “wɔkekaa Ɔkwan No ho nsɛmmɔne” no ho; mmom ɔyɛɛ nhyehyɛe kɔkaa asɛm no wɔ sukuu dan bi mu. (Aso. 19:8, 9) Wɔn a na wɔpɛ sɛ wɔnya nimdeɛ pii no, na ɛsɛ sɛ wɔfi hyiadan no mu kɔ sukuu dan no mu. Sɛ yehu sɛ obi mpɛ sɛ otie asɛm no anaa n’adwene ara ne sɛ obegye akyinnye a, ɛsɛ sɛ yesuasua Paul na yetwa asɛm no so. Yebenya nnipa pii wɔ baabi foforo a wɔpɛ sɛ wɔtie yɛn asɛm a ɛma akomatɔyam no!

11, 12. (a) Dɛn na Paul yɛe a ɛkyerɛ sɛ na ɔyɛ nsi, na nneɛma dan wɔ asɛnka adwuma no mu a, na otumi dan ne ho bi? (b) Dɛn na Yehowa Adansefo nso yɛ a ɛkyerɛ sɛ wɔyɛ nsi, na sɛ nneɛma dan wɔ asɛnka adwuma no mu a, wɔn nso tumi dan wɔn ho bi?

11 Ebia Paul kaa asɛm no wɔ sukuu dan no mu da biara, efi bɛyɛ anɔpa 11:00 kosi anwummere 4:00. (Aso. 19:9) Ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ bere a owia ano yɛ den na nnipa pii kodidi gye wɔn ahome ma enti na baabiara yɛ dinn. Enti sɛ Paul de mmere dodow saa na ɛyɛɛ asɛnka adwuma no da biara a, ɛkyerɛ sɛ mfe mmienu a odii no, ɔde bɛboro nnɔnhwerew 3,000 na ɛyɛɛ adwuma no. b Ɛha nso, yehu ade foforo a ɛmaa Yehowa asɛm no trɛwee na etimii. Paul de nsi yɛɛ ɔsom adwuma no, na sɛ nneɛma dan wɔ asɛnka adwuma no mu a, na ɔdan ne ho bi. Ɔyɛɛ nsakrae wɔ nhyehyɛe a ɔde yɛ asɛnka adwuma no mu sɛnea ɛbɛyɛ a obenya nnipa pii aka asɛm no akyerɛ wɔn wɔ mpɔtam hɔ. Mfaso bɛn na ɛde bae? “Wɔn a wɔte Asia mpɔtam nyinaa, kyerɛ sɛ, Yudafo ne Greecefo nyinaa, tee Awurade asɛm no.” (Aso. 19:10) Anokwa, odii adanse fefeefe!

Yɛbɔ mmɔden kɔ nkurɔfo nkyɛn wɔ baabiara a yɛbɛto wɔn

12 Saa ara na nnɛ nso Yehowa Adansefo de nsi ka asɛm no, na sɛ nneɛma dan wɔ asɛnka adwuma no mu a, wɔn nso dan wɔn ho bi. Yɛbɔ mmɔden kɔ nkurɔfo nkyɛn bere biara a yebenya wɔn ne baabiara a yɛbɛto wɔn. Yɛka asɛm no wɔ mmɔnten so, gua so, ne baabi a yɛfa kar. Ɛtɔ da bi a yedi adanse wɔ telefon so anaa yɛkyerɛw krataa. Sɛ edu afie afie asɛnka adwuma no so a, yɛbɔ mmɔden kɔ bere a yɛbɛto nnipa pii wɔ fie.

Asɛm No “Trɛwee, Na Ase Timii”—Ahonhommɔne Antumi Wɔn (Asomafo Nnwuma 19:11-22)

13, 14. (a) Dɛn na Yehowa maa Paul tumi yɛe? (b) Mfomso bɛn na Skewa mma no dii, na ɔkwan bɛn so na Kristoman mufo pii di mfomso a ɛte saa nnɛ?

13 Luka bɔ yɛn amanneɛ sɛ, nsɛm a ɛyɛ nwanwa bi sisii efisɛ Yehowa maa Paul yɛɛ “anwonwade akɛse.” Paul ho ntama anaa ntaade mpo, sɛ wɔde kɔma ayarefo a, na wɔn yare no agyae, na wɔn nso a ahonhommɔne wɔ wɔn so no, na apue afi wɔn mu. c (Aso. 19:11, 12) Ná anwanwade yi kyerɛ sɛ wɔadi Satan so nkonim. Nnipa pii adwene kɔɔ so, nanso ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔn ani gyee ho.

14 “Yudafo a wokyinkyin tu ahonhommɔne” no bi pɛe sɛ wɔyɛ Paul anwanwade no bi, na wɔn mu bi yɛe sɛ wɔde Yesu ne Paul din betu ahonhommɔne. Luka kaa sɛ, Skewa mma mmarima nson a wɔfi asɔfo abusua mu no yɛe sɛ wɔn nso betu ahonhommɔne no bi. Ahonhommɔne no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Minim Yesu, ɛnna minim Paul, na mo nso mufi he?” Ɔbarima a ɔwɔ honhommɔne no tow hyɛɛ adaadaafo yi so te sɛ gyata, na ɔpamoo wɔn, na wɔde adagyaw guan fii hɔ kɔe a wɔapirapira. (Aso. 19:13-16) Saa asɛm yi maa “Yehowa asɛm” dii nkonim kɛse efisɛ, emu bɛdaa hɔ ma obiara hui sɛ, Yehowa na ɔmaa Paul tumi ma ɔde yɛɛ anwanwade akɛse no, nanso atoro asomfo yi de, na ɔmmaa wɔn tumi biara. Ɛnnɛ, nnipa mpempem pii di mfomso susuw sɛ, sɛ wɔbɔ Yesu din anaa wɔfrɛ wɔn ho “Kristofo” kɛkɛ a, ɛno ara ye. Nanso Yesu kaa sɛ, wɔn a wɔyɛ n’Agya no apɛde no nko ara na wɔbenya nhyira ankasa daakye.—Mat. 7:21-23.

15. Sɛ ɛba ahonhonsɛm ne nneɛma a ɛne ahonhonsɛm wɔ biribi yɛ mu a, yɛbɛyɛ dɛn asuasua Efesofo no nhwɛso?

15 Animguase a ɛkaa Skewa mma no maa nnipa pii suroo Onyankopɔn, na ɛmaa nnipa bebree gyaee ahonhonsɛm bɛyɛɛ gyidifo. Ná Efesofo pɛ asumansɛm yiye. Ná aduto ne nsɛbɛ abu so, na na wɔtaa kyerɛw nsɛm de kankye nso. Asɛm no kaa Efesofo no pii ma wɔde wɔn nhoma a wɔde di asumansɛm no bae, na wɔbɛhyew maa obiara hui. Sɛ yɛde ba nnɛ sika mu a, na nhoma no bo yɛ dɔla mpempem pii. d Luka bɔ amanneɛ sɛ: “Ɛno nti, Yehowa asɛm nam ahoɔden so kɔɔ so trɛwee, na ase timii.” (Aso. 19:17-20) Hwɛ nkonim kɛse a nokware no dii wɔ atorosom ne ahonhommɔne so! Ɛnnɛ nso, yebetumi asuasua saa anokwafo yi nhwɛso pa no. Yɛn nso, yɛte wiase a ahonhonsɛm abu so mu. Sɛ yehu sɛ biribi wɔ yɛn nneɛma mu a ɛne ahonhonsɛm wɔ biribi yɛ a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea Efesofo no yɛe no bi na yeyi fi yɛn nneɛma mu ntɛm! Ɛmfa ho nea yɛbɛhwere biara no, momma yɛntwe yɛn ho koraa mfi atantanne a ɛtete saa ho.

‘Gyegyeegye Bi Kɔɔ So’ (Asomafo Nnwuma 19:23-41)

“Mmarima, mo ara munim yiye sɛ adwuma yi na ɛma yenya yɛn ho.”​—Asomafo Nnwuma 19:25

16, 17. (a) Kyerɛ nea Demetrio yɛe a ɛmaa basabasayɛ fii ase wɔ Efeso. (b) Dɛn na Efesofo no yɛe a ɛkyerɛ sɛ wɔmaa wɔn som sisiw wɔn aso?

16 Satan faa kwan foforo so sɛ obesiw asɛmpa no kwan. Luka kaa ho asɛm sɛ: “Gyegyeegye bi a ɛkɔɔ so nyɛ asɛm ketewa. Ná ɛfa Ɔkwan No ho.” Asɛm a ɔkae no yɛ nokware turodoo. e (Aso. 19:23) Ná obi wɔ hɔ a ɔyɛ dwetɛ ho adwuma a wɔfrɛ no Demetrio. Ɔno na ɔkɔfaa basabasayɛ no bae. Nea ɔyɛe ne sɛ, odii kan kaee ne mfɛfo adwumayɛfo no sɛ, ahoni a wɔtɔn no, ɛno na ɛma wɔnya wɔn ho. Afei ɔkaa biribi a ɛkyerɛ sɛ asɛm a Paul reka no bɛsɛe wɔn adwuma no, efisɛ Kristofo nsom ahoni. Ɛno akyi no, ɔkaa biribi a ɛbɛma adwumayɛfo no ate nka sɛ, wɔanhwɛ yiye a animguase bɛka wɔn kurow ne wɔn man no, na ɔbɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ wɔn nyamewa Artemi ne n’asɔredan a agye din wɔ wiase nyinaa no nso, “nkurɔfo remfa nyɛ hwee bio.”—Aso. 19:24-27.

17 Nsɛm a Demetrio kekae no ma onyaa nea ɔpɛ. Wɔn a wɔyɛ dwetɛ ho adwuma no fii ase teɛteɛɛm sɛ: “Efesofo Artemi yɛ ɔkɛse!” Afei kurow no mu yɛɛ bagyabagya, na ɛno na ɛkɔfaa basabasayɛ a yɛaka ho asɛm wɔ ti yi mfiase no bae. f Ná Paul wɔ akokoduru paa, enti na ɔpɛ sɛ ɔkɔ agohwɛbea hɔ kɔkasa kyerɛ nnipadɔm a wɔwɔ hɔ no, nanso asuafo no amma wankɔ efisɛ na ɛyɛ hu dodo. Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Aleksandro begyinaa dɔm no anim yɛe sɛ ɔrekasa. Esiane sɛ na ɔyɛ Yudani nti, ebia na ɔpɛ sɛ ɔma wɔhu nsonsonoe a ɛwɔ Yudafo no ne Kristofo yi ntam. Nanso na nkurɔfo no mpɛ nkyerɛkyerɛmu biara. Bere a wɔhui sɛ ɔyɛ Yudani no, wɔamma no ankasa, na mmom wɔde bɛyɛ nnɔnhwerew mmienu teɛteɛɛm sɛ: “Efesofo Artemi yɛ ɔkɛse!” Sɛnea ɔsom sisiw nkurɔfo no aso saa bere no, saa ara na ɛte nnɛ nso. Ɛma nkurɔfo yɛ nneɛma bi a ntease nnim koraa.—Aso. 19:28-34.

18, 19. (a) Ɛyɛɛ dɛn na Efeso kurow no kyerɛwfo maa basabasayɛfo no yɛɛ komm? (b) Ɔkwan bɛn so na ɛtɔ da a wiase atumfoɔ kasa ma Yehowa nkurɔfo, na yɛn nso dɛn na yebetumi ayɛ de aboa?

18 Eduu baabi no, kurow no kyerɛwfo maa nnipadɔm no yɛɛ komm. Ná ɔyɛ ɔbarima nyansafo a n’adwenem da hɔ, na ɔmaa basabasayɛfo no nyaa awerɛhyem sɛ Kristofo no rensɛe wɔn asɔredan ne wɔn nyamewa no. Ɔkaa nso sɛ, Paul ne ne nuanom no nyɛɛ bɔne biara ntiaa Artemi asɔredan no, na ɔma wɔhui sɛ ɔkwampa wɔ hɔ a wɔfa so di saa nsɛm no ho dwuma. Ebia nea ɔkae a ɛkaa basabasayɛfo no paa ne sɛ, ɔkyerɛɛ wɔn sɛ nea wɔreyɛ no betumi ama Roma mpanyimfo no bo afuw wɔn, efisɛ na etia mmara. Ɔkaa saa no, ɔmaa obiara kɔe. Ɛwom, na wɔn abufuw no mu yɛ den, nanso nyansasɛm a wɔtee no nti, wɔn bo dwoe ntɛm.—Aso. 19:35-41.

19 Ɛnyɛ saa barima yi ne otumfoɔ a odi kan a ɔde nyansa akasa ama Yesu akyidifo, na ɛnyɛ ɔno nso na otwa to. Ɔsomafo Yohane sei, onyaa anisoadehu bi sɛ awiei mmere no mu no, wiase atumfoɔ a wɔn ani da hɔ a Bible frɛ wɔn asaase no bɛmene ɔtaa a Satan de ba Yesu akyidifo so te sɛ asubɔnten no. (Adi. 12:15, 16) Saa na ayɛ nso. Mpɛn pii no, atemmufo a wɔn ani da fam bu atɛmpa ma Yehowa Adansefo, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbenya kwan ayɛ wɔn nhyiam na wɔaka asɛmpa no kyerɛ afoforo. Nanso, yɛn suban ka ho bi paa na yedi nkonim saa. Ɛbɛyɛ sɛ Paul suban nti, Efeso aban mpanyimfo no bi pɛɛ n’asɛm, enti na wɔmpɛ sɛ biribiara bɛyɛ no. (Aso. 19:31) Yɛn nso, momma yenni nokware na yennya obu mma wɔn a yehyia wɔn no, na ama yɛanya din pa wɔ wɔn anim. Yennim nea ebetumi afi mu aba daakye.

20. (a) Wohwɛ sɛnea Yehowa asɛm no timii wɔ asomafo no bere so ne sɛnea atim nnɛ no a, wote nka sɛn wɔ ho? (b) Dɛn na woabɔ wo tirim sɛ wobɛyɛ wɔ nkonim a Yehowa redi wɔ yɛn bere so no ho?

20 Ɛnyɛ anigye sɛ yɛahu sɛnea ‘Yehowa asɛm kɔɔ so trɛwee, na ase timii’ wɔ asomafo no bere so anaa? Ɛyɛ anigye sɛ yebehu sɛ Yehowa reboa ma nkonimdi a ɛtete saa akɔ so nnɛ. Nanso wobɛpɛ sɛ wunya kyɛfa bi wɔ nkonimdi a ɛtete saa mu anaa? Ɛnde sua biribi fi nhwɛso a yɛasusuw ho yi mu. Brɛ wo ho ase, kɔ so ne Yehowa ahyehyɛde a ɛrekɔ n’anim no nnantew, fa nsi yɛ adwuma, po ahonhonsɛm, yere wo ho di nokware, na nya obu ma afoforo na ayɛ adanse ama wɔn.

a Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 161 a wɔato din “ Efeso—Asia Ahenkurow” no.

b Efeso hɔ ara nso na Paul kyerɛw 1 Korintofo no.

c Ɛbɛyɛ sɛ ntama a Bible ka ho asɛm no yɛ duku a na Paul de bɔ ne moma so sɛnea ɛbɛyɛ a mfifiri mmegu n’ani so. Afei nso, ntaade a Bible kaa ho asɛm no yɛ ntaade a na Paul hyɛ gu nea ɛhyɛ no no so, na ɛno ma yehu sɛ, sɛ Paul nya bere kakra a, ebia na ɔde kɔyɛ ntamadan adwuma no; ɛbɛyɛ sɛ na ɔyɛ no anɔpa paa.—Aso. 20:34, 35.

d Luka ka sɛ, na nhoma no bo yɛ nnwetɛbona 50,000. Sɛ denari ho asɛm na na ɔreka a, ɛnde saa bere no anka gye sɛ obi yɛ adwuma nnafua 50,000 ansa na watumi anya saa sika no. Ɛno bɛkyerɛ sɛ, sɛ ɔyɛ adwuma da biara da mpo a, ebegye no mfe 137.

e Ebinom ka sɛ, saa asɛm yi na na ɛwɔ Paul adwenem bere a ɔka kyerɛɛ Korintofo no sɛ, “na yenim sɛ yɛn nkwa mpo befi yɛn nsa” no. (2 Kor. 1:8) Nanso ɛbɛyɛ sɛ na ɔreka biribi a ɛyɛ hu kyɛn saa koraa. Bere a Paul kyerɛwee sɛ ‘ɔne mmoa koe wɔ Efeso’ no, ebetumi aba sɛ nea na ɔreka ho asɛm ne nkekaboa a ɔne wɔn koe wɔ prama so anaa sɛnea nnipa tan n’ani no. (1 Kor. 15:32) Emu biara betumi ayɛ nokware.

f Sɛ adwumfo anaa adwumayɛfo ka wɔn ti pam ho saa a, na wɔnya ahoɔden paa. Asɛm yi akyi bɛyɛ mfe ɔha no, paanootofo kuw bi nso de basabasayɛ a ɛte saa ara baa Efeso.