Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 22

“Yehowa Pɛ Na Ɛnyɛ Hɔ”

“Yehowa Pɛ Na Ɛnyɛ Hɔ”

Ná Paul asi ne bo sɛ ɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde, enti ɔkɔɔ Yerusalem

Egyina Asomafo Nnwuma 21:1-17 so

1-4. Dɛn nti na na Paul rekɔ Yerusalem, na dɛn na na ɛda hɔ retwɛn no?

 BERE a Paul ne Efeso mpanyimfo no redi mpaapaemu wɔ Mileto no, na awerɛhow aka wɔn nyinaa. Ná ɛyɛ Paul ne Luka nyinaa yaw sɛ wɔregyaw wɔn hɔ, efisɛ na wɔdɔ wɔn paa! Ná asɛmpatrɛwfo mmienu no aforo po so hyɛn no. Ná wɔkurakura nnuan ne nneɛma a wɔde retu kwan no. Ná ntoboa a wɔagyigye de rekɔma Yudea Kristofo a ahia wɔn no nso wɔ wɔn ho. Ná wɔpɛ sɛ anuanom nsa ka akyɛde no ntɛm.

2 Mframa begyinaa mframatam no mu, na hyɛn no tui, na nkakrankakra wɔfii hyɛn gyinabea a ɛhɔ ayɛ gyegyeegye no. Ná anuanom gyinagyina mpoano hɔ a wɔn anim ayɛ bosabosaa, na hyɛn no rekɔ nyinaa na mmarima mmienu no ne nnipa nson a wɔka wɔn ho no rehwɛ anuanom no dinn. (Aso. 20:4, 14, 15) Saa bere no nyinaa na akwantufo yi rehim wɔn nsa yɛ wɔn nuanom baabae kosii sɛ wɔanhu wɔn bio.

3 Ná Paul ne Efeso mpanyimfo no abom ayɛ adwuma bɛyɛ mfe mmiɛnsa. Nanso afei de, na honhom kronkron ama no akwankyerɛ, enti na ɔrekɔ Yerusalem. Ɔkwan bi so no, na Paul nim nea ɛda hɔ retwɛn no. Ná waka akyerɛ mpanyimfo no dedaw sɛ: “Honhom no ahyɛ me, enti merekɔ Yerusalem. Ɛwom, minnim nea ɛbɛto me wɔ hɔ, nanso nea minim ara ne sɛ, kurow biara mu no, honhom kronkron no kɔ so di me adanse sɛ wɔde me bɛto afiase, na amanehunu da hɔ retwɛn me.” (Aso. 20:22, 23) Ɛmfa ho asiane a ɛbɛto Paul no, na onim sɛ ‘honhom no ahyɛ no,’ enti ɔtee nka sɛ ɛsɛ sɛ odi honhom no akwankyerɛ so kɔ Yerusalem, na ɔpenee so kɔe a wampopo ne ti. Ná Paul bu ne nkwa paa, nanso nea na ehia no kɛse ne sɛ ɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde.

4 Saa na wo nso wote nka anaa? Sɛ yehyira yɛn ho so ma Yehowa a, ɛkyerɛ sɛ yɛaka ntam sɛ nea yɛde bedi kan wɔ yɛn asetenam ne Yehowa apɛde. Sɛ yesusuw Paul nhwɛso pa no ho a, ɛbɛboa yɛn paa.

Wɔsian “Supɔw a Wɔfrɛ No Kipro No” Ho (Asomafo Nnwuma 21:1-3)

5. Ɔkwan bɛn na Paul ne ne mfɛfo akwantufo no faa so kɔɔ Tiro?

5 Ɛpo so hyɛn a Paul ne ne mfɛfo akwantufo no fae no kɔɔ tee.” Wei kyerɛ sɛ, po so hyɛn no anwonwan, na mmom mframa bɔɔ no ma ɛkɔɔ tẽẽ, na da no ara wɔkoduu Kos. (Aso. 21:1) Ɛbɛyɛ sɛ hyɛn no gyinaa hɔ maa ade kyee ansa na wɔretoa so akɔ Rodo ne Patara. Bere a na wɔwɔ Patara a ɛwɔ Asia Kumaa anaafo fam no, anuanom no faa po so hyɛn kɛse bi a ɛfa nneɛma, na ɛde wɔn kɔɔ Tiro a ɛwɔ Foinike. Bere a wɔrekɔ no, “supɔw a wɔfrɛ no Kipro no,” wɔsian ho “wɔ benkum fam [baabi a po so hyɛn gyina].” (Aso. 21:3) Adɛn nti na Luka a ɔkyerɛw Asomafo Nnwuma no kaa sɛ wɔsian Kipro supɔw no ho?

6. (a) Bere a Paul huu Kipro no, adɛn nti na ɛbɛyɛ sɛ ɛhyɛɛ no den? (b) Wo nso, sɛ wokaakae nea Yehowa ayɛ ama wo ne sɛnea waboa wo no a, ɛka wo sɛn?

6 Ebia Paul de ne nsa kyerɛɛ supɔw no, na ɔkaa nea ɛtoo no wɔ hɔ no ho asɛm kyerɛɛ ne mfɛfo akwantufo no. Paul asɛmpatrɛw akwantu a edi kan no mu, bɛyɛ mfe nkron a na atwam no, ɔne Barnaba ne Yohane a wɔfrɛ no Marko no hyiaa osumanni bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Elima. Wɔreka asɛmpa no wɔ hɔ no, Elima ne wɔn dii asi. (Aso. 13:4-12) Bere a Paul san huu supɔw no, ebia ɔkaakaee nea esii wɔ hɔ, na ɛmaa no ahoɔden a ɔde behyia tebea a ɛda n’anim no. Yɛn nso, sɛ yesusuw nea Onyankopɔn ayɛ ama yɛn no ho, na yɛhwɛ sɛnea ɔboa yɛn ma yetumi gyina sɔhwɛ ahorow ano no a, ɛhyɛ yɛn den. Nsɛm a yɛbɛkaakae saa no bɛboa yɛn ama yɛn nso yɛatumi aka asɛm a Dawid kae yi bi: “Ɔtreneeni amanehunu dɔɔso, nanso Yehowa gye no fi ne nyinaa mu.”—Dw. 34:19.

‘Yɛkɔhwehwɛɛ Asuafo No, Na Yehuu Wɔn’ (Asomafo Nnwuma 21:4-9)

7. Bere a akwantufo no duu Tiro no, dɛn na wɔyɛe?

7 Ná Paul nim mfaso a ɛwɔ Kristofo fekubɔ so, enti na ne ho pere no sɛ ɔne ne nuanom Kristofo behyia. Luka kyerɛwee sɛ wɔduu Tiro no, ‘wɔkɔhwehwɛɛ asuafo a ɛwɔ hɔ no, na wɔhuu wɔn.’ (Aso. 21:4) Ná akwantufo no nim sɛ wɔn nuanom Kristofo no bi wɔ Tiro, enti wɔhwehwɛɛ wɔn akyi kwan, na ɛbɛyɛ sɛ wɔtenaa wɔn nkyɛn. Sɛ obi hu nokware no a, ɛma onya nhyira pii. Emu baako ne sɛ, ɛmfa ho baabiara a yɛbɛkɔ no, yenya yɛn nuanom Kristofo wɔ hɔ a wɔbegye yɛn. Wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn a wɔde nokware som bɔ wɔn bra no wɔ nnamfo wɔ wiase afanan nyinaa.

8. Dɛn na asɛm a ɛwɔ Asomafo Nnwuma 21:4 no kyerɛ?

8 Wɔdii nnanson wɔ Tiro, na Luka kyerɛwtohɔ no ka biribi a esii a anhwɛ a obi bɛka sɛ ntease nnim. Ɔkaa sɛ, anuanom a wɔwɔ Tiro no “nam honhom no so ka kyerɛɛ Paul mpɛn pii sɛ onntu ne nan nnsi Yerusalem.” (Aso. 21:4) Adɛn, na Yehowa asesa n’adwene anaa? Afei de na ɔreka akyerɛ Paul sɛ mma ɔnnkɔ Yerusalem anaa? Daabi. Honhom no kyerɛe sɛ, wɔbɛyɛ Paul aninyanne wɔ Yerusalem, nanso anka sɛ ɛnsɛ sɛ ɔkɔ hɔ. Ebia honhom kronkron maa anuanom a wɔwɔ Tiro no hui ampa sɛ, sɛ Paul kɔ Yerusalem a, obehyia ɔhaw. Ɛno nti na ebia wɔka kyerɛɛ no sɛ ɛnsɛ sɛ ɔkɔ kurow no mu no, efisɛ na wɔsuro ma no. Ntease wom sɛ na anuanom no mpɛ sɛ asiane biara bɛto Paul. Nanso na Paul asi ne bo sɛ ɔbɛyɛ Yehowa apɛde, enti osiim sɛ ɔrekɔ Yerusalem.—Aso. 21:12.

9, 10. (a) Bere a anuanom a wɔwɔ Tiro no ka kyerɛɛ Paul sɛ mma ɔnnkɔ Yerusalem no, asɛm a ɛne no di nsɛ bɛn na ebia ɔkaee? (b) Adwene bɛn na nnipa pii kura wɔ wiase nnɛ, na dɛn nti na ɛne asɛm a Yesu kae no nhyia?

9 Ebia bere a Paul tee sɛ anuanom mpɛ sɛ ɔkɔ no, ɔkaee sɛ saa na Petro nso yɛe bere a Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ ɔrekɔ Yerusalem, na obehu amane pii na wɔakum no no. Asɛm no yɛɛ Petro yaw, enti ɔka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Awurade, ka asɛmpa ma wo ho; eyi remma wo so da.” Yesu buae sɛ: “Fi me so, Satan! Woyɛ hintidua ma me, efisɛ wunnwen Onyankopɔn adwene, na mmom nnipa adwene.” (Mat. 16:21-23) Ná Yesu asi ne bo sɛ ɔde ne ho bɛbɔ afɔre ayɛ nea Onyankopɔn asoma no sɛ ɔmmɛyɛ no. Saa ara na na Paul te nka. Ná anuanom a wɔwɔ Tiro no nso wɔ adwempa te sɛ Petro, nanso wɔanhu sɛ Onyankopɔn pɛ ne sɛ Paul bɛkɔ Yerusalem.

Sɛ yebetumi adi Yesu akyi a, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho bɔ afɔre

10 Ɛnnɛ, nnipa mpɛ ahokyere. Wɔyɛ nea wɔn ho bɛtɔ wɔn. Nkurɔfo pɛ ɔsom a ahotɔ wom a ɛmma wɔn ho nkyere wɔn. Nanso nea Yesu pɛ sɛ yɛyɛ no yɛ soronko koraa. Ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Sɛ obi pɛ sɛ odi m’akyi a, ɛnsɛ sɛ ɔyɛ nea ɔno ara pɛ bio. Mmom ɔmfa n’asɛndua na onni m’akyi daa.” (Mat. 16:24) Enti ɛnyɛ mmerɛw sɛ yebedi Yesu akyi, nanso ɛno na nyansa wom na ɛfata.

11. Dɛn na asuafo a wɔwɔ Tiro no yɛe a na ɛkyerɛ sɛ wɔdɔ Paul na wɔtaa n’akyi?

11 Afei de, na bere aso sɛ Paul ne Luka ne wɔn a wɔka wɔn ho no toa wɔn akwantu no so. Sɛnea kyerɛwtohɔ no ka nea esii no ho asɛm no ma yehu sɛ na anuanom a wɔwɔ Tiro no pɛ Paul asɛm na na wɔtaa n’akyi denneennen wɔ ne som adwuma no mu. Mmea ne mmarima ne mmofra nyinaa kogyaa Paul ne wɔn a wɔka ne ho no kwan koduu mpoano. Wɔn nyinaa buu nkotodwe bɔɔ mpae ne wɔn dii nkra. Ɛno akyi no, Paul ne Luka ne wɔn mfɛfo akwantufo no tenaa po so hyɛn foforo mu kɔɔ Ptolemai, na wɔhyiaa anuanom wɔ hɔ na wɔdii wɔn nkyɛn da koro.—Aso. 21:5-7.

12, 13. (a) Nhwɛso fɛfɛɛfɛ bɛn na Filipo yɛe wɔ ɔsom adwuma no mu? (b) Dɛn na Kristofo mmarima a wɔwɔ mma betumi asua afi Filipo nhwɛso pa no mu?

12 Afei Luka bɔɔ amanneɛ sɛ, Paul ne ne mfɛfo no kɔɔ Kaesarea. Wɔduu hɔ no, wɔkɔɔ “ɔsɛmpakafo Filipo” fie. a (Aso. 21:8) Akyinnye biara nni ho sɛ bere a wɔhuu Filipo no, wɔn ani gyei paa. Mfe bɛyɛ 20 a na atwam no, asomafo no paw no wɔ Yerusalem sɛ ɔmmoa nkyekyɛ aduan mma anuanom a wɔwɔ Kristofo asafo foforo no mu no. Ná Filipo yɛ ɔsɛmpakafo mmɔdenbɔfo a ɔde mfe pii ayɛ asɛnka adwuma no. Kae sɛ, bere a wɔtan asuafo no ani ma wɔhwetee no, Filipo kɔɔ Samaria kɔkaa asɛm no wɔ hɔ. Akyiri yi, ɔkaa asɛm no kyerɛɛ Etiopiani ahemfie panyin no, na ɔbɔɔ no asu. (Aso. 6:2-6; 8:4-13, 26-38) Hwɛ sɛnea ɔbarima yi bɔɔ ne ho mmɔden wɔ ɔsom adwuma no mu!

13 Ná nsi ne ahokeka a Filipo de yɛ ne som adwuma no mmrɛɛ ase. Sɛnea Luka frɛɛ no “ɔsɛmpakafo” no ma yehu sɛ, bere a ɔwɔ Kaesarea no nyinaa na ɔyɛ asɛnka adwuma no denneennen. Yehu nso sɛ, saa bere no na ɔwɔ mma mmea nnan a wɔhyɛ nkɔm, na ɛno kyerɛ sɛ wɔdii wɔn papa Filipo anammɔn akyi. b (Aso. 21:9) Enti yebetumi aka sɛ Filipo yeree ne ho boaa n’abusua ma wɔyɛɛ den wɔ gyidi mu. Ɛnnɛ, Kristofo mmarima a wɔwɔ mma betumi asuasua Filipo na wɔadi abusua no anim wɔ asɛnka mu, na wɔaboa wɔn mma ama wɔanya asɛmpaka adwuma no ho anigye kɛse.

14. Bere a Paul srasraa ne nuanom no, dɛn na yebetumi aka sɛ efii mu bae, na ɛbɛyɛ dɛn na yɛn nso yɛanya hokwan a ɛte saa nnɛ?

14 Baabiara a Paul kɔe no, ɔhwehwɛɛ anuanom ne wɔn bɔe. Yetumi hu sɛ na anuanom no ani gye ho sɛ wɔbɛsom ɔsɛmpatrɛwfo yi ne ne mfɛfo no hɔho. Yebetumi aka sɛ nsrahwɛ a ɛte saa no maa ‘obiara de ne gyidi hyɛɛ ne yɔnko nkuran.’ (Rom. 1:11, 12) Ɛnnɛ nso, yɛwɔ hokwan pii a yebetumi ne yɛn nuanom abɔ. Ɛmfa ho sɛnea yɛn fie te biara no, sɛ yɛto nsa frɛ ɔmansin sohwɛfo bi ne ne yere anaa yegye wɔn ba yɛn fie a, yenya mfaso pii.—Rom. 12:13.

“Sɛ Ɛsɛ Sɛ Miwu . . . Mpo a, Mayɛ Krado” (Asomafo Nnwuma 21:10-14)

15, 16. Asɛm bɛn na Agabo de too gua, na sɛn na ɛkaa wɔn a wɔtee no ?

15 Bere a Paul wɔ Filipo nkyɛn no, Agabo a na anuanom bu no no nso baa hɔ. Ná wɔn a wɔahyiam wɔ Filipo fie no nyinaa nim sɛ Agabo yɛ odiyifo. Ɔno na Ɔhempɔn Klaudio bere so no, ɔhyɛɛ nkɔm sɛ ɔkɔm kɛse bi bɛba no. (Aso. 11:27, 28) Ebia wɔbisaa wɔn ho sɛ: ‘Agabo rebɛyɛ dɛn wɔ ha? Asɛm bɛn na ɔde nam?’ Bere a obiara rehwɛ Agabo no, ɔfaa Paul abɔso, kyerɛ sɛ, ntama teaa bi a na nkurɔfo de bɔ wɔn mu a wɔtumi de sika ne nneɛma foforo hyɛ mu. Agabo de kyekyeree ɔno ara ne nsa ne ne nan. Afei ɔkasae. Asɛm a ɔde too gua no, na ɛyɛ aniberesɛm. Ɔkaa sɛ: “Asɛm a honhom kronkron no aka ni: ‘Ɔbarima a abɔso yi yɛ ne dea no, sɛɛ na Yudafo no bɛkyekyere no wɔ Yerusalem, na wɔde no bɛhyɛ amanaman mufo nsa.’”—Aso. 21:11.

16 Nkɔmhyɛ no sii so dua sɛ Paul bɛkɔ Yerusalem. Ɛkyerɛe nso sɛ, Yudafo a ɔbɛkɔ akɔto wɔn wɔ hɔ no de no “bɛhyɛ amanaman mufo nsa.” Bere a wɔn a wɔwɔ hɔ no tee nkɔmhyɛ no, ɛkaa wɔn paa. Luka kyerɛwee sɛ: “Bere a yɛtee saa no, yɛne wɔn a wɔwɔ hɔ no nyinaa fii ase srɛɛ no sɛ ɔnnkɔ Yerusalem. Ɛnna Paul kae sɛ: ‘Dɛn na moreyɛ yi? Adɛn na moresu na mopɛ sɛ mubu m’abam yi? Mommma biribiara nnhaw mo. Awurade Yesu din nti, mayɛ krado sɛ wɔnkyekyere me wɔ Yerusalem. Na sɛ ɛsɛ sɛ miwu wɔ hɔ mpo a, mayɛ krado.’”—Aso. 21:12, 13.

17, 18. Dɛn na Paul yɛe a na ɛkyerɛ sɛ wawe ahinam so sɛ ɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde, na dɛn na anuanom yɛe?

17 Twa nea esii no ho mfoni wɔ w’adwenem. Luka ne anuanom a aka nyinaa srɛɛ Paul sɛ mma ɔnnkɔ Yerusalem. Wɔn mu binom sui. Sɛnea na anuanom dwen Paul ho no kaa ne koma ma ɔkaa sɛ, wɔreyɛ ‘abu n’abam,’ anaa sɛnea Bible nkyerɛase bi kyerɛɛ Greek no ase no, na wɔreyɛ ama ne “koma abubu.” Ne nyinaa akyi no, na wawe ahinam so sɛ ɔbɛkɔ, enti wamma ɔsrɛ ne nisu no ansesa n’adwene sɛnea wamma kwan wɔ Tiro no. Mmom no, ɔkyerɛɛ wɔn nea enti a ɛsɛ sɛ ɔkɔ. Hwɛ akokoduru a Paul nyae ne sɛnea na wasi ne bo sɛ ɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde! Paul dii Yesu anammɔn akyi, na ɔde sii n’ani so sɛ ɔbɛkɔ Yerusalem. (Heb. 12:2) Ná ɛnyɛ nea Paul pɛ ara ne sɛ ne gyidi nti obewu, nanso sɛ ɛho behia sɛ ɔyɛ saa a, na ɔte nka sɛ ɛyɛ hokwan kɛse sɛ obewu sɛ Kristo Yesu kyidini.

18 Dɛn na anuanom no yɛe? Nea yebetumi aka ne sɛ wɔgyee ne gyinae no toom. Yɛkenkan sɛ: “Bere a wansesa n’adwene no, yɛanhaw no bio, na yɛkae sɛ: ‘Yehowa pɛ na ɛnyɛ hɔ.’” (Aso. 21:14) Wɔn a wɔsrɛɛ Paul sɛ mma ɔnnkɔ Yerusalem no anhyɛ no sɛ ontie wɔn. Mmom no, wɔtiee Paul, na ɛmfa ho sɛ na ɛyɛ den ma wɔn no, wɔgyee nea ɔkae no toom kaa sɛ Yehowa pɛ nyɛ hɔ. Ná Paul atu anammɔn bi a ɛbɛkɔ akowie owu mu. Na sɛnea anuanom a wɔdɔ Paul no bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma wasesa n’adwene no koraa na ɛsɛee asɛm no.

19. Asuade kɛse bɛn na yenya fi nea ɛtoo Paul no mu?

19 Yenya asuade kɛse bi fi nea ɛtoo Paul no mu: Sɛ obi pɛ sɛ ɔde ne ho bɔ afɔre wɔ Onyankopɔn som mu a, ɛnsɛ sɛ yebu n’abam da. Yebetumi de saa asuade yi ayɛ adwuma wɔ tebea pii mu, na ɛnyɛ tebea a ebetumi akowie owu mu nko ara. Ɛho nhwɛso ne sɛ, sɛ ebinom retu akɔ akyirikyiri akɔyɛ ɔsom adwuma no wɔ hɔ a, ɛyɛ a ɛnyɛ mmerɛw mma wɔn awofo a wɔyɛ Kristofo no sɛ wɔn mma no regyaw wɔn hɔ, nanso wɔsi wɔn bo sɛ wɔrenyɛ biribiara mfa mmu wɔn abam. Phyllis a ɔte England no kaa sɛnea ɔtee nka bere a ne babea koro pɛ no rekɔyɛ asɛmpatrɛw adwuma wɔ Afrika no. Phyllis kaa sɛ: “Na ɛyɛ awerɛhow. Sɛ mehwɛ sɛnea ɔrekɔ akyirikyiri no a, na ɛyɛ den ma me. Ná me werɛ ahow nanso m’ani gyee sɛ wanya saa hokwan no. Mebɔɔ ho mpae mpɛn pii. Nanso mihui sɛ ɛno ne gyinae a wasi, enti na mempɛ sɛ mɛyɛ biribiara ama wasesa n’adwene. Sɛ yɛreka mpo a, me ara na metetee no ma ɔde Ahenni no dii kan! Ɔde bɛyɛ mfe 30 asom wɔ aman pii mu, na daa meda Yehowa ase sɛ ogu so resom.” Hwɛ mfaso a ɛwɔ so sɛ yɛbɛhyɛ yɛn nuanom a wɔde wɔn ho bɔ afɔre yɛ ɔsom adwuma no nkuran!

Ehia sɛ yɛhyɛ yɛn nuanom a wɔde wɔn ho bɔ afɔre yɛ ɔsom adwuma no nkuran

“Anuanom No De Anigye Gyee Yɛn” (Asomafo Nnwuma 21:15-17)

20, 21. Yɛyɛ dɛn hu sɛ na Paul pɛ sɛ ɔne ne nuanom bɔ, na dɛn nti na na ɔpɛ sɛ ɔyɛ saa?

20 Afei Paul ne wɔn a wɔka ne ho no boaboaa wɔn ho sɛ wɔretoa wɔn akwantu no so, na anuanom no kogyaa wɔn de kyerɛe sɛ wɔtaa wɔn akyi. Bere a Paul ne ne mfɛfo akwantufo no nam kwan so rekɔ Yerusalem no, baabiara a wɔdui no, wɔhwehwɛɛ Kristofo mmarima ne mmea ne wɔn bɔe. Wɔduu Tiro no, wɔhwehwɛɛ asuafo no na wɔdii wɔn nkyɛn nnanson. Wɔduu Ptolemai nso, wɔkokyiakyiaa anuanom mmea ne mmarima no, na wɔdii wɔn nkyɛn da koro. Kaesarea nso, wɔdii nna kakra wɔ Filipo fie. Afei asuafo a wɔwɔ Kaesarea no bi gyaa Paul ne ne nnamfonom kwan koduu Yerusalem. Wɔduu hɔ no, wɔsoɛɛ Mnason fie. Ná Mnason ka asuafo a wɔdi kan no ho. Afei Luka bɔɔ amanneɛ sɛ, bere a wɔduu Yerusalem no, “anuanom no de anigye gyee yɛn.”—Aso. 21:17.

21 Wei nyinaa ma yehu sɛ, na Paul pɛ sɛ ɔne ne mfɛfo gyidifo bɔ. Ɔsomafo no nyaa nkuranhyɛ fii ne nuanom mmarima ne mmea hɔ sɛnea yenya nkuranhyɛ a ɛte saa nnɛ no. Yebetumi aka sɛ, nkuranhyɛ a ɛte saa na ɛhyɛɛ Paul den ma otumi yɛɛ ɔsom adwuma no bere mpo a na atamfo a wɔn bo afuw pɛ sɛ wɔkum no no.

a Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 174 a wɔato din “ Kaesarea—Roma Mantam Yudea Ahenkurow” no.

b Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 177 a wɔato din “ Mmea Betumi Ayɛ Akyerɛkyerɛfo Anaa?” no.