Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 11

‘Mede Wo Ayɛ Ɔwɛmfo’

‘Mede Wo Ayɛ Ɔwɛmfo’

HESEKIEL 33:7

NEA ƐWOM: Yehowa paw ɔwɛmfo, na ɔkyerɛɛ no adwuma a ɔbɛyɛ

1. Mfe pii ansa na Babilon asraafo reba Yerusalem so no, adwuma bɛn na na Yehowa awɛmfo no yɛ, na ɛno akyi no, nsɛm bɛn na esisii wɔ Yerusalem?

 NÁ ƆWƐMFO bi gyina Yerusalem fasu no so. Bere a owia rekɔtɔ no, ɔde ne nsa sii n’anim sɛnea ɛbɛyɛ a owia no renwowɔ n’ani. Afei ɔtoo n’ani hwɛɛ akyirikyiri. Ntɛm ara na ɔmaa ne torobɛnto so. Ɔtwee mframa kɔɔ ne mu, na ɔhyɛn torobɛnto no de bɔɔ ɔman no kɔkɔ sɛ, Babilon asraafo no reba oo! Nanso na aka akyi dodo sɛ Yerusalemfo a na hwee mfa wɔn ho no bɛyɛ ɔwɛmfo no kɔkɔbɔ no ho biribi. Mfe pii ansa na asraafo no reba no, na Yehowa ama n’awɛmfo anaa n’adiyifo abɔ Yerusalemfo no kɔkɔ. Nanso wobubuu nnua guu wɔn asom. Afei de, na Babilon asraafo no abetwa kurow no ho ahyia. Bere a asraafo no twaa kurow no ho hyiae abosome pii akyi no, wobubuu kurow no afasu no, na wɔbɔ wuraa mu kodwiriw asɔrefi no gui. Yerusalemfo a abosonsom adi wɔn ti a na wonni nokware no, wokunkum bi, na wɔkyeree ebinom nso kɔe.

2, 3. (a) Nnipa a wɔte asaase so nnɛ no, dɛn na ɛreba wɔn so? (b) Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho?

2 Ɛnnɛ, Yehowa asraafodɔm de wɔn ani akyerɛ asaase so, na wɔne nnipa a wonni nokware rebɛko. (Adi. 17:12-14) Saa ɔko no na ɛde ahohiahia kɛse a ebi mmae da wɔ nnipa abakɔsɛm mu no bɛba awiei. (Mat. 24:21) Yehowa apaw ebinom sɛ wɔnyɛ adwuma sɛ awɛmfo na wɔmmɔ nkurɔfo kɔkɔ. Enti hokwan da so ara wɔ hɔ ma nnipa pii sɛ wobetie kɔkɔbɔ no.

3 Dɛn na ɛmaa Yehowa paw awɛmfo? Sɛ obi yɛ ɔwɛmfo a, nsɛm bɛn saa na ɔde to gua? Henanom na wɔanya hokwan ayɛ awɛmfo adwuma yi bi, na yɛn nso, dɛn na yɛyɛ wɔ awɛmfo adwuma no mu? Momma yɛnhwɛ nsɛmmisa yi ho mmuae.

“Bɔ Wɔn Kɔkɔ Ma Me”

4. Dɛn na ɛmaa Yehowa paw awɛmfo? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ ti yi mfiase no.)

4 Kenkan Hesekiel 33:7. Tete no, nea ɛbɛyɛ na awɛmfo atumi abɔ kurow bi mufo ho ban no, na wɔtaa foro kogyina kurow no afasu so. Sɛ obi ani bɔ awɛmfo no so a, na ɛma ohu sɛ ɔhene a odi kurow no so no dwen ne manfo ho. Ɛwom, sɛ ɔwɛmfo no bɔ n’abɛn a, na etumi ma ɔmanfo a wɔadeda no yam hye wɔn de, nanso abɛn no nnyigyei no ara nso na sɛ obi te na ɔyɛ ho biribi a, ebegye no nkwa. Wei ma yehu nea enti a Yehowa nso paw awɛmfo. Ɛnyɛ sɛ na ɔpɛ sɛ awɛmfo no hunahuna Israelfo no daa sɛ kurow no rebɛsɛe, mmom na odwen ne nkurɔfo no ho, na na ɔpɛ sɛ ogye wɔn nkwa.

5, 6. Dɛn ne ɔkwan baako a Yehowa fa so da n’atɛntrenee adi?

5 Yehowa paw Hesekiel sɛ ɔwɛmfo, na yɛhwɛ adwuma a ɔde hyɛɛ Hesekiel nsa no a, ɛma yehu ne suban ahorow bi a ɛma yenya ne mu awerɛhyem. Ma yensusuw saa suban no mu mmienu pɛ ho.

6 Atɛntrenee: Ɔkwan baako a Yehowa fa so da n’atɛntrenee adi ne sɛ, ɔne obiara di sɛnea onii no te; ɔnyɛ animhwɛ. Nhwɛso baako ni. Ɛwom sɛ nnipa pii antie asɛm a na Hesekiel reka no de, nanso Yehowa amfa no sɛ Israelfo no nyinaa yɛ atuatewfo. Mmom no, na ɔpɛ sɛ ohu sɛnea obi biara bɛyɛ n’ade wɔ asɛm no ho. Enti, na Yehowa taa ka sɛ ɔrekasa akyerɛ “ɔbɔnefo,” na saa ara nso na na ɔtaa ka sɛ ɔrekasa akyerɛ “ɔtreneeni.” Wei nti, nea onipa biara bɛyɛ wɔ asɛm no ho no, ɛno na Yehowa begyina so abu no atɛn.—Hes. 33:8, 18-20.

7. Dɛn na Yehowa gyina so bu nkurɔfo atɛn?

7 Ɔkwan a Yehowa fa so bu nkurɔfo atɛn no nso ma yehu n’atɛntrenee. Ɛnyɛ bɔne a obi ayɛ atwam na Yehowa gyina so bu no atɛn. Mmom nea onii no bɛyɛ wɔ kɔkɔbɔ a Yehowa de ama seesei ho no, ɛno na obegyina so abu no atɛn. Yehowa ka kyerɛɛ Hesekiel sɛ: ‘Sɛ meka kyerɛ ɔbɔnefo sɛ: “Owu na wubewu,” na ɔtwe ne ho fi ne bɔne ho na odi asɛntrenee yɛ nea ɛteɛ a, nkwa na obenya.’ Afei Yehowa de asɛm a ɛhyɛ nkuran yi kaa ho sɛ: “Ne bɔne a wayɛ no ho asodi biara nna no so.” (Hes. 33:14-16) Nanso sɛ bere bi a atwam no, na obi yɛ ɔtreneeni, na sɛ ofi ase yɛ nneɛma bɔne a, ɛnsɛ sɛ ɔhwɛ kwan sɛ osetie a kan no na ɔyɛ nti, ɔbɛfa ne ho adi. Yehowa kaa sɛ, obi de ne “ho to ne trenee so na ɔyɛ nneɛma bɔne a, adetrenee a ɔyɛe nyinaa wɔrenkae bio, na mmom ne bɔne nti, obewu.”—Hes. 33:13.

8. Dɛn na kɔkɔbɔ a Yehowa nam n’adiyifo so de mae no ma yehu fa n’atɛntrenee ho?

8 Afei nso, ɔkwan foforo a Yehowa fa so da n’atɛntrenee adi ne sɛ, ansa na ɔde ɔsɛe bi bɛba no, odi kan bɔ nkurɔfo kɔkɔ ma wonya bere de yɛ ho biribi. Hesekiel fii ase bɔɔ Yerusalemfo kɔkɔ bɛyɛ mfe nsia ansa na Babilon asraafo rebɛsɛe kurow no. Nanso ɛnyɛ Hesekiel na odii kan bɔɔ Onyankopɔn nkurɔfo kɔkɔ sɛ wobebu wɔn bɔne ho akontaa. Bɛboro mfe ɔha ansa na wɔresɛe Yerusalem no, Yehowa somaa adiyifo bi sɛ awɛmfo. Saa adiyifo no ne Hosea, Yesaia, Mika, Oded, ne Yeremia. Yehowa maa Yeremia ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: “Mede awɛmfo sisii mo so, na wɔkae sɛ,‘Muntie abɛn no nnyigyei no!’” (Yer. 6:17) Enti bere a Babilonfo de Yehowa atemmu baa Yerusalemfo so no, na obiara rentumi mfa wɔn a wokunkum wɔn no ho asodi nto Yehowa anaa saa awɛmfo no so.

9. Dɛn na Yehowa yɛe de kyerɛe sɛ ɔda so ara dɔ ne nkurɔfo?

9 Ɔdɔ: Awɛmfo a Yehowa somaa wɔn no, wanka sɛ wɔnkɔ atreneefo nko ara nkyɛn, na mmom ɔsomaa wɔn kɔɔ abɔnefo nso nkyɛn. Ɛwom sɛ abɔnefo no maa Yehowa dii yaw na woguu ne din ho fĩ de, nanso Yehowa yɛɛ wei nyinaa de kyerɛe sɛ ɔda so ara dɔ wɔn. Wo de, susuw ho hwɛ. Ná obiara nim sɛ Israelfo no yɛ Yehowa nkurɔfo, nanso mpɛn pii na wɔdan wɔn akyi kyerɛɛ Yehowa kodii atoro anyame akyi! Sɛnea Israelfo no yii Yehowa mae no, ɛyɛɛ no yaw paa, enti ɔde ɔman no totoo ɔbea waresɛefo ho. (Hes. 16:32) Ne nyinaa mu no, Yehowa ampere ne ho annyae wɔn akyi di. Wanyɛ n’adwene sɛ ɔbɛyɛ biribi de atua wɔn so ka, mmom na ɔpɛ sɛ osiesie wɔne no ntam. Yehowa amfiti prɛko pɛ ammu wɔn atɛn. Adɛn ntia? Ɔka kyerɛɛ Hesekiel sɛ: “M’ani nnye ɔbɔnefo wu ho; nea mepɛ ne sɛ ɔbɔnefo bɛsesa n’akwan na wanya nkwa.” (Hes. 33:11) Sɛnea Yehowa tee nka saa bere no, saa ara na ɛnnɛ nso ɔte nka.—Mal. 3:6.

10, 11. Sɛnea Yehowa ne ne nkurɔfo dii no, dɛn na yebetumi asua afi mu?

10 Sɛnea Yehowa daa atɛntrenee ne ɔdɔ adi kyerɛɛ Israelfo no, dɛn na yebetumi asua afi mu? Baako ne sɛ, nnipa a yɛka asɛm no kyerɛ wɔn no, ɛsɛ sɛ yehu sɛ ɛsono sɛnea obiara te. Sɛ yɛhwɛ ɔbra a kan no na obi wom, n’amammerɛ, abusua a ofi mu, ne sikasɛm, anaa kasa a ɔka, na yegyina so ka sɛ ɔmfata sɛ yɛka asɛmpa no kyerɛ no a, ɛbɛyɛ mfomso kɛse! Yehowa kyerɛɛ ɔsomafo Petro biribi, na ɛda so ara yɛ nokware nnɛ. Ɛne sɛ: “Onyankopɔn nyiyi nnipa mu, na mmom ɔman biara mu no, onipa a osuro no na ɔyɛ nea ɛteɛ no, ogye no tom.”—Aso. 10:34, 35.

Sɛnea Yehowa hu nkurɔfo no, saa ara na yehu wɔn anaa? (Hwɛ nkyekyɛm 10)

11 Ade foforo a ehia sɛ yesua ne sɛ, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn ho yiye; sɛ bere bi a atwam no na yɛyɛ nneɛma a ɛteɛ a, ɛnkyerɛ sɛ seesei yɛyɛ nneɛma bɔne a ɛnyɛ hwee. Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ yɛn nso yɛwɔ sintɔ ne mmerɛwyɛ te sɛ nnipa a yɛka asɛmpa no kyerɛ wɔn no ara. Afotu a ɔsomafo Paul de maa Korintofo asafo no fa yɛn nso yɛn ho. Ɔkaa sɛ: “Nea ɛyɛ no sɛ ogyina hɔ no, ɔnhwɛ yiye na wanhwe ase. Sɔhwɛ biara ntoo mo, gye nea ɛto nnipa nyinaa.” (1 Kor. 10:12, 13) Ɛnsɛ sɛ ‘yɛde yɛn ho to yɛn trenee so’ na yesusuw sɛ esiane sɛ yɛyɛ nneɛma pa nti, yebetumi ayɛ bɔne na yɛafa yɛn ho adi. (Hes. 33:13) Sɛ yɛde mfe pii na asom Yehowa mpo a, ɛho hia sɛ yɛkɔ so brɛ yɛn ho ase na yɛyɛ osetie.

12. Bere bi a atwam no, sɛ yɛyɛɛ bɔne a emu yɛ duru a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae?

12 Ebia bere bi a atwam no, yɛyɛɛ bɔne a emu yɛ duru, na seesei yɛanu yɛn ho. Ɛno nso ɛ? Asuade a yenya fi Hesekiel asɛm no mu ne sɛ, abɔnefo a wonnu wɔn ho na Yehowa bɛtwe wɔn aso. Afei nso, yɛasua sɛ Yehowa yɛ ɔdɔ Nyankopɔn. Nea ehia no paa ne sɛ ɔbɛda ɔdɔ adi akyerɛ afoforo, na ɛnyɛ sɛ obetua wɔn bɔne so ka. (1 Yoh. 4:8) Enti sɛ yɛde yɛn nneyɛe kyerɛ sɛ yɛanu yɛn ho ampa a, ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ Onyankopɔn ntumi mfa yɛn bɔne nkyɛ yɛn da. (Yak. 5:14, 15) Ná Yehowa pɛ sɛ ɔde Israelfo a wɔkɔsom anyame foforo no bɔne kyɛ wɔn, na saa ara na ɔpɛ sɛ ɔde yɛn bɔne kyɛ yɛn.—Dw. 86:5.

“Wo Ne Wo Man Mma Nkasa”

13, 14. (a) Asɛm bɛn na na ɛsɛ sɛ awɛmfo no de to gua? (b) Dɛn ne dɛn na Yesaia kaa ho asɛm?

13 Kenkan Hesekiel 33:2, 3. Awɛmfo a Yehowa paw wɔn no, asɛm bɛn na na ɛsɛ sɛ wɔde to gua? Ná wɔn adwuma no fã titiriw paa ne sɛ wɔbɛbɔ nkurɔfo kɔkɔ. Nanso wɔkaa asɛmpa nso. Ma yɛnhwɛ nhwɛso ahorow bi.

14 Yesaia somee sɛ odiyifo fi bɛyɛ afe 778 A.Y.B. kosii afe 732 A.Y.B. mu. Ɔbɔɔ kɔkɔ sɛ Babilonfo bɛko afa Yerusalem, na wɔde kurow no mufo bɛkɔ Babilon. (Yes. 39:5-7) Nanso Yehowa ma ɔkyerɛwee sɛ: “Tie! W’awɛmfo ama wɔn nne so. Wɔn nyinaa abom rebɔ ose, efisɛ Yehowa boaboa Sion ano ba a, wobehu no pefee.” (Yes. 52:8) Enti Yesaia kaa sɛ wɔbɛma nokware som so bio. Asɛm biara nni hɔ a ɛyɛ dɛ sen wei!

15. Dɛn ne dɛn na Yeremia kaa ho asɛm?

15 Yeremia nso somee sɛ odiyifo fi afe 647 A.Y.B. kosii afe 580 A.Y.B. mu. Nkurɔfo taa ka sɛ ɔno de, na “mmusu nko ara na ɔka ho asɛm,” nanso ɛnte saa. Yenim sɛ ɔyeree ne ho paa bɔɔ Israelfo a na wɔreyɛ nneɛma bɔne no kɔkɔ sɛ Yehowa de atemmu reba wɔn so. a Nanso ɛnyɛ ɛno nko ara, ɔkaa asɛmpa nso. Ɔhyɛɛ nkɔm sɛ Onyankopɔn nkurɔfo bɛsan akɔ wɔn asaase so akɔsom no nokware mu.—Yer. 29:10-14; 33:10, 11.

16. Asɛm a Hesekiel kae no, ɛboaa Yudafo a na wɔwɔ Babilon no sɛn?

16 Wɔpaw Hesekiel sɛ ɔwɛmfo wɔ afe 613 A.Y.B. mu, na ɔyɛɛ n’adwuma no ara kosii bɛyɛ afe 591 A.Y.B. mu. Sɛnea nhoma yi Ti 5 ne Ti 6 kyerɛkyerɛɛ mu no, Hesekiel de nsi bɔɔ Israelfo no kɔkɔ sɛ ɔsɛe bɛba wɔn so. Ɛno nti, wɔn a na wɔbɛhwere wɔn nkwa no, na ɔrenni wɔn mu biara mogya ho fɔ. Enti ɔka kyerɛɛ Yudafo a Babilonfo de wɔn kɔe no sɛ, Yehowa bɛtwe awaefo a wɔwɔ Yerusalem no aso. Nanso ɛnyɛ ɛno nko ara ne asɛm a ɔkae. Ɔsan boaa Yudafo a na wɔwɔ Babilon no ma wɔhyɛɛ wɔne Yehowa abusuabɔ mu den sɛnea ɛbɛyɛ a wobesiesie wɔn ho ama adwuma a na ɛda wɔn anim no. Sɛ mfe 70 a Yudafo no de bɛtena Babilon no ba awiei a, na Yehowa de Yudafo no bi bɛsan akɔtena Israel asaase so. (Hes. 36:7-11) Saa Yudafo no, na wɔn mu dodow no ara bɛyɛ wɔn a wotiee Hesekiel asɛm no mma ne wɔn mmanananom. Ti afoforo a ɛwɔ Ɔfã a Ɛto So 3 wɔ nhoma yi mu ma yehu sɛ, Hesekiel kaa nsɛmpa pii de kyerɛe sɛ na wɔbɛma nokware som so bio wɔ Yerusalem.

17. Bere bɛn na ɛyɛ a Yehowa paw awɛmfo?

17 Adiyifo a wɔkasa kyerɛɛ Onyankopɔn nkurɔfo ansa na wɔresɛe Yerusalem wɔ afe 607 A.Y.B. mu ne ɛno akyi no, wɔn nko ara na Yehowa de wɔn dii dwuma sɛ awɛmfo anaa? Daabi. Bere biara, sɛ biribi titiriw bi rebesi ama Yehowa atirimpɔw abam a, ɔpaw awɛmfo ma wɔbɔ abɔnefo kɔkɔ, na wɔde asɛmpa nso to gua.

Awɛmfo a Wɔyɛɛ Adwuma Wɔ Asomafo No Bere So

18. Adwuma bɛn na Yohane Osuboni yɛe?

18 Asomafo no bere so no, Osuboni Yohane yɛɛ adwuma sɛ ɔwɛmfo. Ɔbɔɔ Israelfo no kɔkɔ sɛ ɛrenkyɛ Onyankopɔn bɛpo wɔn. (Mat. 3:1, 2, 9-11) Nanso ɛnyɛ ɛno nko ara na ɔyɛe. Yesu kaa sɛ Yohane ne “somafo” a wɔhyɛɛ ne ho nkɔm sɛ obesiesie kwan mu ama Mesia no. (Mal. 3:1; Mat. 11:7-10) Adwuma a Yohane yɛe no, na ne fã bi ne sɛ ɔbɛka asɛmpa a ɛne sɛ, Yesu a ɔyɛ “Onyankopɔn Guammaa” no anya aba, na obeyi “wiase bɔne” afi hɔ.—Yoh. 1:29, 30.

19, 20. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ Yesu ne n’asuafo no yɛɛ awɛmfo adwuma?

19 Awɛmfo a yɛaka wɔn ho asɛm no, Yesu sen wɔn nyinaa. Yehowa somaa Yesu kɔɔ “Israel fi” sɛnea ɔsomaa Hesekiel no ara. (Hes. 3:17; Mat. 15:24) Yesu bɔɔ Israel man no kɔkɔ sɛ ɛrenkyɛ Onyankopɔn bɛpo wɔn, na wɔbɛsɛe Yerusalem. (Mat. 23:37, 38; 24:1, 2; Luka 21:20-24) Nanso adwuma titiriw a Yehowa de hyɛɛ Yesu nsa ne sɛ ɔbɛka asɛmpa.—Luka 4:17-21.

20 Bere a Yesu wɔ asaase so no, osii so dua kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Monkɔ so nwɛn.” (Mat. 24:42) Asuafo no dii Yesu ahyɛde no so, na wɔyɛɛ adwuma sɛ awɛmfo. Enti wɔbɔɔ nkurɔfo kɔkɔ sɛ Yehowa apo Israel fi ne Yerusalem kurow a ɛwɔ asaase so no. (Rom. 9:6-8; Gal. 4:25, 26) Nanso sɛnea awɛmfo a wɔtenaa ase tete no kaa asɛmpa no, wɔn nso, na wɔwɔ asɛmpa a ɛsɛ sɛ wɔka. Nsɛmpa a wɔkae no bi ne sɛ, afei de wɔde Amanaman mufo bɛka Onyankopɔn Israel a wɔasra emufo no ho, na wɔn nso benya kwan aboa Kristo na wasan ama nokware som so wɔ asaase so.—Aso. 15:14; Gal. 6:15, 16; Adi. 5:9, 10.

21. Nhwɛso pa bɛn na Paul yɛe?

21 Awɛmfo a na wɔwɔ asomafo no bere so no, baako a ɔyɛɛ nhwɛso kɛse paa ne ɔsomafo Paul. Wamfa n’adwuma anni agorɔ koraa. Sɛnea na Hesekiel te nka no, saa ara na na ɔno nso te nka. Ná onim sɛ, sɛ wanyɛ n’adwuma no a, obedi mogya ho fɔ. (Aso. 20:26, 27) Sɛnea awɛmfo foforo yɛe no, Paul bɔɔ nkurɔfo kɔkɔ, na ɔsan kaa asɛmpa no. (Aso. 15:35; Rom. 1:1-4) Nokwasɛm ne sɛ, honhom kronkron kaa no ma ɔfaa asɛm bi fii Yesaia nkɔmhyɛ no mu kaa asɛm. Saa asɛm no ne sɛ: “Nea ɔde asɛmpa nam mmepɔw so reba no, ne nan ase yɛ fɛ dodo!” Ɔde saa asɛm yi totoo Onyankopɔn Ahenni ho asɛm a Kristo akyidifo reka no ho.—Yes. 52:7, 8; Rom. 10:13-15.

22. Asomafo no wu akyi no, dɛn na esii?

22 Asomafo no wu akyi no, awaefo pii bɛhyɛɛ Kristofo asafo no mu mã sɛnea na Bible ahyɛ ho nkɔm no. (Aso. 20:29, 30; 2 Tes. 2:3-8) Atoro Kristofo a wɔte sɛ nwura bɔne no ne Kristo akyidifo a wɔte sɛ hwiit no boom nyinii. Wei kɔɔ so bere tenten, na saa bere no mu no, atoro Kristofo no bɛyɛɛ bebree ma wɔn dodow boroo Kristo akyidifo no so. Enti atoro nkyerɛkyerɛ kataa Onyankopɔn Ahenni ho asɛm a emu da hɔ no so. (Mat. 13:36-43) Nanso bere soe sɛ Yehowa de ne ho gye nnipa nsɛm mu no, ɔsan kyerɛe sɛ ɔwɔ ɔdɔ, na obu atɛntrenee. Enti ɔpaw awɛmfo ma wɔbɔɔ nkurɔfo kɔkɔ, na wɔsan kaa asɛmpa no. Henanom na wɔdaa wɔn ho adi sɛ wɔne saa awɛmfo no?

Yehowa San Paw Awɛmfo Ma Wɔbɔɔ Abɔnefo Kɔkɔ

23. Adwuma bɛn na C. T. Russell ne wɔn a na wɔka ne ho no yɛe?

23 Ansa na afe 1914 reba no, Charles Taze Russell ne wɔn a na wɔka ne ho no yɛɛ adwuma sɛ ‘ɔsomafo’ a ‘obesiesie kwan mu’ ansa na wɔde Mesia Ahenni no asi hɔ. b (Mal. 3:1) Saa kuw no yɛɛ adwuma sɛ ɔwɛmfo, na wɔde nsɛmma nhoma a wɔato din Zion’s Watch Tower and Herald of Christ’s Presence no yɛɛ adwuma de bɔɔ nkurɔfo kɔkɔ wɔ Onyankopɔn atemmu ho, na wɔsan de trɛw Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no mu.

24. (a) Sɛn na akoa nokwafo no ayɛ adwuma sɛ ɔwɛmfo? (b) Adwuma a awɛmfo a wɔtenaa ase tete no yɛe no, dɛn na woasua afi mu? (Hwɛ nsɛm a wɔahyehyɛ a wɔato din, “Awɛmfo Bi a Wɔyɛɛ Nhwɛso Pa.”)

24 Bere a wɔde Ahenni no sii hɔ no, ɛno akyi na Yesu paw mmarima kakraa bi ma wɔsomee sɛ akoa nokwafo no. (Mat. 24:45-47) Efi saa bere no, akoa nokwafo no a seesei yɛsan frɛ wɔn Akwankyerɛ Kuw no ayɛ adwuma sɛ ɔwɛmfo. Wodi anim ma yɛbɔ nkurɔfo kɔkɔ sɛ “ɛda a yɛn Nyankopɔn de betua bɔne so ka” no reba. Ɛnyɛ ɛno nko, wodi anim ma yɛpae mu ka “Yehowa adom afe” ho asɛm.—Yes. 61:2; hwɛ 2 Korintofo 6:1, 2 nso.

25, 26. (a) Adwuma bɛn na ɛsɛ sɛ Kristo akyidifo nyinaa yɛ, na sɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ no? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ ti a edi hɔ no mu?

25 Akoa nokwafo no na odi anim wɔ ɔwɛmfo adwuma no mu, nanso Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo “nyinaa” sɛ ‘wɔnkɔ so nwɛn.’ (Mar. 13:33-37) Nea yɛyɛ de kyerɛ sɛ yɛrewɛn ne sɛ, yɛma yɛn ani da hɔ wɔ Onyankopɔn som mu, na yɛde nokwaredi boa Akwankyerɛ Kuw no. Afei nso, yɛyɛ asɛnka adwuma no de kyerɛ sɛ yɛrewɛn. (2 Tim. 4:2) Dɛn na ɛka yɛn ma yɛyɛ asɛnka adwuma no? Ade baako ne sɛ, yɛpɛ sɛ yegye nnipa nkwa. (1 Tim. 4:16) Ɛrenkyɛ, nnipa pii bɛhwere wɔn nkwa esiane sɛ wɔantie kɔkɔbɔ a ɔwɛmfo a ɔwɔ hɔ nnɛ anaa Akwankyerɛ Kuw no de rema no nti. (Hes. 3:19) Nanso nea ɛka yɛn paa ma yɛka asɛmpa no ne sɛ, yɛpɛ sɛ nnipa pii te asɛm a ɛyɛ dɛ sen asɛm biara yi. Ɛne sɛ: Wɔama nokware som so bio! Seesei yɛwɔ “Yehowa adom afe” no mu, na hokwan da so ara wɔ hɔ sɛ nnipa pii bɛba abɛka yɛn ho ama yɛasom yɛn Nyankopɔn Yehowa a ɔwɔ ɔdɔ na obu atɛntrenee no. Ɛrenkyɛ, Onyankopɔn Ba, Kristo Yesu ahenni no de nhyira pii bɛba, na nnipa a wobenya wɔn ti adidi mu wɔ wiase bɔne yi mu no, wɔn nyinaa benya so mfaso. Wei yɛ asɛmpa, enti momma yɛmmoa Akwankyerɛ Kuw no ma ɔmmɔ ho dawuru!—Mat. 24:14.

Yɛka asɛmpa no a, ɛkyerɛ sɛ yɛreboa ɔwɛmfo a ɔwɔ hɔ nnɛ no, na wei ma yɛn ani gye paa (Hwɛ nkyekyɛm 25)

26 Ɛwom, wiase bɔne yi nnya mmaa awiei de, nanso wohwɛ sɛnea Yehowa ama ne nkurɔfo ayɛ baako no a, ɛyɛ nwonwa. Ti a edi hɔ no bɛkyerɛkyerɛ nkɔmhyɛ bi mu. Ɛfa nnua mmienu bi ho, na wɔde yɛɛ mfatoho de kyerɛɛ nea ama saa baakoyɛ no aba no mu.

a Yeremia nhoma no mu no, nsɛmfua “mmusu” ne “amanehunu” pue mpɛn pii.

b Sɛ wopɛ nkɔmhyɛ yi ne ne mmamu ho nsɛm pii a, hwɛ Onyankopɔn Ahenni Redi Tumi! nhoma no ti 2. N’asɛmti ne “Wɔawo Ahenni no Wɔ Soro.”