Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 13

“Ka Asɔrefi No Ho Asɛm”

“Ka Asɔrefi No Ho Asɛm”

HESEKIEL 43:10

NEA ƐWOM: Nea asɔrefi ho anisoadehu a ɛyɛ nwonwa a Hesekiel nyae no kyerɛ

1-3. (a) Asɔrefi kɛse ho anisoadehu a Hesekiel nyae no, adɛn nti na yebetumi aka sɛ ɛkyekyee ne werɛ? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ ti yi mfiase no.) (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ ti yi mu?

 TWA Hesekiel ho mfoni wɔ w’adwene mu hwɛ. Saa bere yi na wadi mfe 50, na na watena Babilon mfe 25. Yerusalem asɔrefi no nso, na adan amamfo mfe pii. Sɛ na Hesekiel wɔ adwene sɛ da bi bɛba a ɔbɛkɔ akɔsom sɛ ɔsɔfo wɔ asɔrefi hɔ a, ɛnde na ɛsɛ sɛ ɔto n’adwene mu. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, na aka bɛyɛ mfe 56 ansa na Yudafo no asan akɔ wɔn kurom, enti na Hesekiel nim sɛ ennu sɛ Yehowa nkurɔfo bɛsan akɔ wɔn kurom akosi asɔrefi no, na wawu dedaadaw. (Yer. 25:11) Yemmisa sɛ, bere a Hesekiel dwinnwen saa asɛm yi ho no, ne werɛ howee anaa?

2 Saa bere yi a ɛbɛyɛ sɛ na Hesekiel werɛ ahow no, Yehowa ne no dii no yiye paa. Ɔmaa Hesekiel nyaa anisoadehu bi a ɛkyekyee ne werɛ, na onyaa anidaso! Ná anisoadehu no mu nsɛm dɔɔso paa. Anisoadehu no mu no, Yehowa de odiyifo no kɔɔ ne kurom de no kogyinaa bepɔw tenteenten bi so. Bere a odiyifo no gyina bepɔw no so no, “ɔbarima bi a ne ho te sɛ kɔbere” behyiaa no. Saa ɔbɔfo yi dii n’anim de no kokyinkyin asɔrefi kɛse bi mu. Ɔde no wuraa baabiara. (Kenkan Hesekiel 40:1-4.) Sɛnea na anisoadehu no te no, wobɛka sɛ na ɛyɛ asɛm a ɛresi ankasa! Nea Hesekiel hui no hyɛɛ ne gyidi den, ɛyɛɛ no nwonwa paa, na ɛbɛyɛ sɛ na ɛnsen ne tirim mpo. Ɛwom, nneɛma a ohui wɔ asɔrefi hɔ no, na emu pii nyɛ ade foforo mma no, nanso sɛ ɔde saa asɔrefi no toto nea na ɛwɔ Yerusalem no ho a, na nsonsonoe kɛse wom.

3 Wokenkan Hesekiel nhoma no ti nkron a etwa to no a, ɛhɔ na saa anisoadehu a ɛyɛ nwonwa yi ho asɛm wɔ. Nea ɛbɛboa yɛn ama yɛate anisoadehu yi ase no, yebedi kan ahwɛ biribi a ɛsɛ sɛ yɛma ɛtena yɛn adwenem bere a yɛresusuw ho no. Afei yɛbɛhwɛ sɛ, honhom fam asɔrefi kɛse a ɔsomafo Paul kaa ho asɛm mfe pii akyi no, ɛno ara na Hesekiel hui no anaa. Awiei koraa no, yɛbɛhwɛ sɛnea Hesekiel ne ne mfɛfo Yudafo no tee saa anisoadehu no ase.

Nea Enti a Ehia Sɛ Yɛfa Ɔkwan Foforo So Kyerɛkyerɛ Mu

4. Bere bi a atwam no, sɛn na yɛkyerɛkyerɛɛ asɔrefi ho anisoadehu no mu, nanso seesei sɛn na yɛbɛkyerɛkyerɛ mu?

4 Bere bi a atwam no, yɛkaa wɔ yɛn nhoma ahorow mu sɛ, Yehowa honhom fam asɔrefi kɛse a ɔsomafo Paul kaa ho asɛm wɔ Hebrifo nhoma no mu no, ɛno ara na Hesekiel nso hui no. a Ɔsomafo Paul kyerɛkyerɛɛ ntamadan a na ɛwɔ hɔ tete no mu. Yegyinaa ne nkyerɛkyerɛmu no so kaa sɛ, asɔrefi a Hesekiel hui wɔ anisoadehu mu no, nneɛma a na ɛwɔ hɔ no pii gyina hɔ ma biribi kɛse a ɛbɛba daakye. Nanso, Hesekiel anisoadehu a ɛfa asɔrefi ho no, yɛabɔ mpae asusuw ho akɔ akyiri, na yɛabehu sɛ ɔkwan a yɛfa so kyerɛkyerɛ mu no, ɛsɛ sɛ yɛsesa mu ma ɛyɛ mmerɛw.

5, 6. (a) Bere a Paul reka ntamadan no ho asɛm no, sɛn na ɔkyerɛe sɛ ɔwɔ ahobrɛase? (b) Dɛn na Paul ka faa nneɛma bi a na ɛwɔ ntamadan no mu ho? Sɛnea Paul susuw nneɛma ho no, sɛn na ebetumi aboa yɛn ama yɛate asɔrefi ho anisoadehu a Hesekiel nyae no ase?

5 Yɛahu sɛ ɛnsɛ sɛ yɛka sɛ biribiara a na ɛwɔ asɔrefi a Hesekiel hui wɔ anisoadehu mu no gyina hɔ ma biribi. Adɛn ntia? Ma yɛnhwɛ wei ho nhwɛso baako. Bere a Paul rekyerɛkyerɛ ntamadan no ne honhom fam asɔrefi no mu no, ɔkaa ntamadan no mu nneɛma bi ho asɛm. Ebi ne sika kɔkɔɔ ade a wɔhyew aduhuam wom, apam adaka no mmuaso, ne sika kɔkɔɔ kuruwa a mana wom no. Saa nneɛma yi, ɔkyerɛe sɛ emu biara gyina hɔ ma biribi anaa? Ɛda adi sɛ honhom kronkron amma wanyɛ saa. Mmom Paul kaa sɛ: “Ɛnyɛ saa bere yi na yɛbɛka eyinom ho asɛm akɔ akyiri.” (Heb. 9:4, 5) Ná Paul ani gye ho sɛ ɔbɛma honhom kronkron akyerɛ no kwan na ɔde ahobrɛase atwɛn Yehowa.—Heb. 9:8.

6 Yebetumi aka biribi a ɛte saa afa asɔrefi ho anisoadehu a Hesekiel nyae no ho. Nneɛma bebree wɔ saa anisoadehu no nso mu. Nanso sɛ́ anka yɛbɛka sɛ saa nneɛma no gyina hɔ ma biribi no, ɛbɛyɛ papa sɛ yɛtwɛn Yehowa. Sɛ ehia sɛ ɔma nneɛma mu da hɔ ma yɛn a, ɔbɛyɛ saa. (Kenkan Mika 7:7.) Nanso, nea yɛreka yi kyerɛ sɛ Yehowa honhom mma yennyaa anisoadehu yi ho ntease foforo biara anaa? Ɛnte saa koraa!

Honhom Fam Asɔrefi Kɛse No Na Hesekiel Hui Anaa?

7, 8. (a) Ntease a na yɛwɔ bɛn na yɛayɛ mu nsakrae? (b) Asɔrefi a Hesekiel hui wɔ anisoadehu mu no ne honhom fam asɔrefi a Paul kaa ho asɛm no, nsonsonoe bɛn na ɛwom?

7 Sɛnea yɛadi kan aka no, mfe pii ni, yɛn nhoma ahorow akyerɛkyerɛ mu sɛ Yehowa honhom fam asɔrefi kɛse a ɔsomafo Paul kaa ho asɛm wɔ Hebrifo nhoma no mu no, ɛno ara na Hesekiel nso hui no. Nanso bere a yesusuw asɛm no ho kɔɔ akyiri no, yɛahu sɛ ɛnyɛ honhom fam asɔrefi kɛse no na Hesekiel hui no. Adɛn nti na yɛreka saa?

8 Nea edi kan, sɛnea Paul kyerɛkyerɛɛ honhom fam asɔrefi kɛse no mu no, ɛne asɔrefi a Hesekiel hui no nhyia. Wo de susuw wei ho hwɛ: Ɔsomafo Paul maa emu daa hɔ sɛ, ntamadan a na ɛwɔ Mose bere so no, na egyina hɔ ma biribi kɛse bi. Ná ntamadan no te sɛ Solomon ne Serubabel asɔrefi no, efisɛ na ne nyinaa sesɛ, na na emu biara wɔ “Kronkron Mu Kronkronbea” nso. Paul kaa Kronkron Mu Kronkronbea no ho asɛm sɛ ɛyɛ “kronkronbea a wɔde nsa yɛe.” Afei ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ “egyina hɔ ma kronkronbea paa no.” Ɛnde, dɛn ne kronkronbea paa no? Paul kaa sɛ ɛyɛ “ɔsoro ankasa.” (Heb. 9:3, 24) Yemmisa sɛ, ɔsoro na Hesekiel hui anaa? Daabi. Biribiara nni Hesekiel anisoadehu no mu a ɛkyerɛ sɛ na nneɛma a ɔrehwɛ no wɔ soro.—Fa toto Daniel 7:9, 10, 13, 14 ho.

9, 10. Ɛdefa afɔre ahorow ho no, nsonsonoe bɛn na ɛwɔ asɔrefi a Hesekiel hui wɔ anisoadehu mu no ne honhom fam asɔrefi a Paul kaa ho asɛm no mu?

9 Hesekiel anisoadehu no ne Paul nkyerɛkyerɛmu no, nea ɛma yehu nsonsonoe a ɛwom yiye paa ne afɔre ahorow no. Hesekiel tee sɛ wɔde afɔrebɔ ho akwankyerɛ pii rema ɔman no, abirɛmpɔn, ne asɔfo no. Ná ɛsɛ sɛ wɔbɔ wɔn ankasa bɔne ho afɔre. Afei na ɛsɛ sɛ wɔbɔ asomdwoe afɔre nso. Wɔn a na wɔbɔ asomdwoe afɔre no, ɛbɛyɛ sɛ na wodi wɔn afɔrebɔde no wɔ asɔrefi no adidibea hɔ. (Hes. 43:18, 19; 44:11, 15, 27; 45:15-20, 22-25) Saa afɔre a na wɔbɔ no mpɛn pii no, yemmisa sɛ, wɔbɔ bi wɔ honhom fam asɔrefi kɛse no mu anaa?

Asɔrefi a Hesekiel hui wɔ anisoadehu mu no, ɛnyɛ ɛno ne honhom fam asɔrefi kɛse no

10 Paul de asɛm yi ho mmuae a ɛtɔ asom mae. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Bere a Kristo bae sɛ nneɛma pa a aba dedaw no ho sɔfo panyin no, ɔfaa ntamadan a ɛso na ewie pɛyɛ sen kan de no mu. Saa ntamadan no, ɛnyɛ nsa na wɔde sii, kyerɛ sɛ, emfi adebɔ yi mu. Ɔfaa mu kowuraa kronkronbea hɔ prɛko, na okonyaa nkwagye a ɛwɔ hɔ daa maa yɛn. Nanso ɛnyɛ mpɔnkye ne anantwi mogya na ɔde kɔɔ hɔ, na mmom ɔno ankasa ne mogya.” (Heb. 9:11, 12) Enti honhom fam asɔrefi kɛse no mu no, afɔre baako pɛ na wɔbɔe wɔ hɔ. Ɛno akyi no, wɔammɔ afɔre biara wɔ hɔ bio. Afɔre a wɔbɔe wɔ hɔ no ne agyede afɔre no. Yesu Kristo a ɔyɛ Ɔsɔfo Panyin Kɛse no ankasa na ɔbɔe. Nanso asɔrefi a Hesekiel hui wɔ anisoadehu mu no de, na wɔde mpɔnkye ne anantwi bɔ afɔre ahorow pii wɔ hɔ, enti wei ma yehu sɛ ɛnyɛ ɛno ne honhom fam asɔrefi kɛse no.

11. Hesekiel bere so no, na bere nsoe sɛ Onyankopɔn da nokwasɛm a ɛfa honhom fam asɔrefi kɛse ho no adi. Adɛn ntia?

11 Ɛnde, ma yɛnhwɛ ade a ɛto so mmienu a enti yebetumi aka sɛ ɛnyɛ honhom fam asɔrefi kɛse no na Hesekiel hui: Ná bere nsoe sɛ Onyankopɔn da nokwasɛm a ɛfa honhom fam asɔrefi kɛse no ho adi. Kae sɛ, Yudafo a na wɔwɔ Babilon no na Hesekiel dii kan kaa anisoadehu no ho asɛm kyerɛɛ wɔn. Saa bere no, na wɔhyɛ Mose Mmara no ase. Bere a wonyaa fahodi no, na ɛsɛ sɛ wɔsan som Yehowa nokware mu. Enti na ɛsɛ sɛ wɔkɔ Yerusalem na wɔsan kosi asɔrefi no ne n’afɔremuka no sɛnea na Mose Mmara no hwehwɛ no. Bere a wosii asɔrefi no wiei no, wɔkɔɔ so bɔɔ afɔre wɔ hɔ; wɔyɛɛ saa bɛyɛ mfe 600. Honhom fam asɔrefi no de, ɔsɔfo panyin no ankasa na ɔde ne nkwa bɔɔ afɔre wom. Ɛno akyi no, wɔammɔ afɔre foforo biara wɔ hɔ. Enti sɛ honhom fam asɔrefi yi na na ɛwɔ Hesekiel anisoadehu no mu a, wohwɛ a anka ɛbɛka Yudafo no sɛn? Adwene bɛn na anka anisoadehu no bɛma wɔanya? Anka ebetumi ama wɔanya adwene sɛ Mose Mmara no ho nhia bio. Sɛnea Yehowa yɛ daa no, ɔda nokwasɛm ahorow adi wɔ bere a ɛsɛ mu, na ɔyɛ saa bere a onim sɛ ne nkurɔfo betumi ate ase.

12-14. Sɛ yɛde asɔrefi ho anisoadehu a Hesekiel nyae no toto honhom fam asɔrefi no ho nkyerɛkyerɛmu a Paul de mae no ho a, abusuabɔ bɛn na ɛwom? (Hwɛ adaka a wɔato din “Ɛsono Asɔrefi No Mu Biara, Ɛnna Ɛsono Nea Emu Biara Kyerɛ.”)

12 Ɛnde, sɛ yɛde asɔrefi ho anisoadehu a Hesekiel nyae no toto honhom fam asɔrefi no ho nkyerɛkyerɛmu a Paul de mae no ho a, abusuabɔ bɛn na ɛwom? Hyɛ no nsow sɛ Paul amfa ne nkyerɛkyerɛmu no annyina asɔrefi ho anisoadehu a Hesekiel nyae no so, mmom ɔde gyinaa ntamadan a na ɛwɔ hɔ wɔ Mose bere so no so. Ɛwom, asɔrefi ho nneɛma a Paul kaa ho asɛm no, na ebi wɔ Solomon ne Serubabel asɔrefi no mu, na na saa nneɛma no ara bi wɔ asɔrefi a Hesekiel hui wɔ anisoadehu mu no mu. Nanso, sɛ wohwɛ nsɛm a Hesekiel ne Paul kyerɛwee no a, wubehu sɛ ɛsono nea wɔn mu biara de n’adwene sii so. b Enti ɛnyɛ asɛm koro no ara na wɔn nyinaa kyerɛwee, mmom nea obiara kyerɛwee no foa ne yɔnko de so. Ɔkwan bɛn so?

13 Abusuabɔ a ɛda Bible mu nsɛm mmienu no mu ni: Paul asɛm no ma yehu nhyehyɛe a Yehowa de agu akwan mu a ɛma yetumi som no, nanso Hesekiel de no ma yehu ɔkwan a Yehowa pɛ sɛ yɛfa so som no. Ná Paul pɛ sɛ yehu nhyehyɛe a Yehowa de agu akwan mu no, ɛno nti na ɔkyerɛɛ nea honhom fam asɔrefi no mu nneɛma bi te sɛ ɔsɔfo panyin, afɔrebɔ ahorow, afɔremuka no, ne Kronkron Mu Kronkronbea no gyina hɔ ma. Nanso Hesekiel de, na ɔresi so dua sɛ ɔkwan a Yehowa pɛ sɛ yɛfa so som no no korɔn. Enti asɔrefi ho anisoadehu a onyae no kyerɛkyerɛ nsɛm mu kɔ akyiri ma yehu ɔkwan a Yehowa pɛ sɛ yɛfa so som no ho ade pii.

14 Ntease foforo a yɛanya yi, ɛkyerɛ sɛ Hesekiel anisoadehu no mfa yɛn ho nnɛ anaa? Yebetumi aka paa sɛ ɛfa yɛn ho. Yɛbɛyɛ dɛn ahu sɛnea anisoadehu no betumi aboa yɛn? Ɛsɛ sɛ yɛtɔ yɛn bo ase hwɛ sɛnea Yudafo a wodii nokware wɔ Hesekiel bere so ne wɔn a wɔbaa akyiri yi no nyaa so mfaso.

Sɛn Na Yudafo No Tee Anisoadehu No Ase?

15. (a) Wobɔ Hesekiel anisoadehu no nyinaa mua a, asɛm bɛn paa na na ɛreka? (b) Sɛ yɛde asɛm a ɛwɔ Hesekiel ti 8 no toto nea ɛwɔ Hesekiel ti 40 kosi ti 48 no ho a, nsonsonoe bɛn na yehu?

15 Sɛ yebehu sɛnea Bible bua saa asɛmmisa yi a, nsɛmmisa foforo bi fa saa asɛm yi ho a ɛsɛ sɛ yenya ho mmuae. Ɛno bɛma yɛate asɛm no ase yiye. Nea edi kan, yɛbɔ anisoadehu no nyinaa mua a, asɛm bɛn paa na na ɛreka? Ɛne sɛ, wɔbɛma nokware som so bio! Akyinnye biara nni ho sɛ, saa na Hesekiel tee anisoadehu no ase. Saa bere no, na Hesekiel adi kan akyerɛw asɛm a seesei ɛwɔ Hesekiel ti 8 no dedaw. Saa ti no mu no, Yehowa ma ohuu nneɛma bɔne a na ɛrekɔ so wɔ Yerusalem asɔrefi hɔ. Enti sɛnea Hesekiel ti 40 kosi ti 48 kyerɛ no, ɛbɛyɛ sɛ bere a ohui sɛ wɔbɛsan ama nokware som so bio no, ɔde anigye na ɛkyerɛw ho asɛm. Saa bere no de, nea Hesekiel hui no yɛ soronko koraa. Ɛnyɛ nneɛma bɔne a na ɛrekɔ so wɔ nokware som mu na ohui, mmom ohui sɛ nokware som rekɔ so kama sɛnea na Mose Mmara no hwehwɛ pɛpɛɛpɛ.

16. Ɔkwan bɛn so na asɔrefi ho anisoadehu a Hesekiel nyae no foa nkɔm a Yesaia hyɛe bɛyɛ mfe 100 a na atwam no so?

16 Nea ɛbɛyɛ na Yehowa nkurɔfo asan asom no wɔ ɔkwan a ɛfata so no, na ɛsɛ sɛ wɔma ne som so. Bɛboro mfe 100 a na atwam no, Yehowa de ne honhom kaa odiyifo Yesaia ma ɔkyerɛwee sɛ: “Awiei nna no mu no, Yehowa fi bepɔw betim wɔ mmepɔw atifi, na wɔbɛma so asen nkoko.” (Yes. 2:2) Yesaia hui pefee sɛ, bere bi bɛba a, wɔbɛsan asom Yehowa nokware mu na wɔama ne som so. Ɛbɛyɛ te sɛ nea wɔde asi bepɔw bi a ɛyɛ tenten sen bepɔw biara so. Afei yemmisa sɛ, anisoadehu a Onyankopɔn yi kyerɛɛ Hesekiel no mu no, ɛhefa na na Hesekiel gyina? Ná ogyina “bepɔw tenten bi so” rehwɛ Yehowa asɔrefi no! (Hes. 40:2) Enti anisoadehu a Hesekiel nyae no foaa asɛm a Yesaia kae no so sɛ wɔbɛma nokware som so bio.

Asɔrefi a Hesekiel hui no, na esi bepɔw tenten bi so (Hwɛ nkyekyɛm 16)

17. Asɛm a ɛwɔ Hesekiel ti 40 kosi ti 48 no, wobɛbɔ no mua sɛn?

17 Nea Hesekiel hui ne nea ɔtee a ɛho asɛm wɔ Hesekiel ti 40 kosi ti 48 no, ma yɛmmɔ no mua. Ohui sɛ ɔbɔfo no resusuw asɔrefi no aponkɛse, n’afasu, n’adiwo, ne ne kronkronbea. (Hes. 40–42) Afei, anigyesɛm bi sii: Yehowa baa asɔrefi hɔ! Yehowa de afotu maa ne nkurɔfo a na wɔatew no so atua no, asɔfo no, ne abirɛmpɔn no. (Hes. 43:1-12; 44:10-31; 45:9-12) Hesekiel hui sɛ nsu bi resen fi asɔrefi no kronkronbea hɔ, na ɛrekɔ nyinaa, na ɛde nhyira ne nkwa na ɛnam. Ekoguu Po a Awu no mu. (Hes. 47:1-12) Afei nso, ohui sɛ wɔakyekyɛ asaase no mu pɛpɛɛpɛ, na ɛrekɔ asaase no mfinimfini no, ohui sɛ wɔde nokware som rema Yehowa. (Hes. 45:1-8; 47:13–48:35) Dɛn na na wei nyinaa kyerɛ? Ɛkyerɛ sɛ, na Yehowa rema ne nkurɔfo no awerɛhyem sɛ wɔbɛsan asom no nokwarem na wɔama ne som so. Ɔbɛma n’anuonyam ahyɛ asɔrefi hɔ ma, na wama ne nhyira asen afi n’asɔrefi hɔ ama ne nkurɔfo anya ayaresa ne nkwa. Afei na biribiara bɛkɔ so pɛpɛɛpɛ wɔ asaase a wɔasan akɔtena so bio no so.

Asɔrefi a Hesekiel nyaa ho anisoadehu no ma yehu sɛnea na Yehowa bɛma nokware som so bio (Hwɛ nkyekyɛm 17)

18. Ná ɛsɛ sɛ Yudafo no fa asɔrefi ho anisoadehu no sɛnea ɛte no ara anaa? Kyerɛkyerɛ mu.

18 Nea ɛto so mmienu, na ɛsɛ sɛ Yudafo no fa anisoadehu no sɛnea ɛte no ara anaa? Daabi. Hesekiel ne ne mfɛfo Yudafo a ɔkaa anisoadehu no ho asɛm kyerɛɛ wɔn no, yebetumi aka sɛ wohui ntɛm ara sɛ ɛnsɛ sɛ wɔfa anisoadehu no sɛnea ɛte no ara. Adɛn ntia? Kae sɛ, Hesekiel hui sɛ asɔrefi no si “bepɔw tenten bi so.” Ɛwom sɛ wei ne Yesaia nkɔmhyɛ no hyia de, nanso sɛ wode toto baabi a wosii Yerusalem asɔrefi no ho a, enhyia. Wosii Solomon asɔrefi no sii Bepɔw Moria so wɔ Yerusalem, na ɛhɔ na akyiri yi wɔsan kosii asɔrefi no. Nanso yemmisa sɛ, na Bepɔw Moria yɛ “bepɔw tenten” anaa? Daabi. Nea ɛte ne sɛ, mmepɔw foforo atwa Bepɔw Moria ho ahyia; ebi ne Moria tenten yɛ pɛ, na ebi nso ware sen no. Afei nso, wohwɛ asɔrefi no ne asaase a atwa ho ahyia no nyinaa a, na ɛsõ paa. Ná wɔato ɔfasu afa asaase no ho. Wohwɛ sɛnea asaase a asɔrefi no si so no sõ no a, ɛrenkɔ Bepɔw Moria so. Ná asaase no sõ koraa sen Yerusalem kurow a na ɛwɔ hɔ wɔ Solomon bere so no mpo! Nea ɛka ho bio ne sɛ, na Yudafo no nhwɛ kwan sɛ nsu ankasa bɛsen afi asɔrefi no kronkronbea hɔ akogu Po a Awu no mu, na ama nkwa asan aba ɛpo no mu. Nea etwa to ne sɛ, anisoadehu no mu no, wohwɛ nsaase a na mmusuakuw no tete so no a, na wɔatwitwa ahye atoto mu pɛpɛɛpɛ. Nanso na Bɔhyɛ Asaase no yɛ mmepɔwmmepɔw, enti na wɔrentumi ntwitwa ahye nto asaase no mu pɛpɛɛpɛ te sɛ nea na ɛwɔ Hesekiel anisoadehu mu no. Enti, na Yudafo no rentumi mfa Hesekiel anisoadehu no mu nsɛm no sɛnea ɛte no ara.

19-21. Ná Yehowa pɛ sɛ Hesekiel anisoadehu no ka nkurɔfo no sɛn, na adɛn nti na na ɛbɛka wɔn saa?

19 Nea ɛto so mmiɛnsa, anisoadehu a Hesekiel nyae no, sɛn na na ɛsɛ sɛ ɛka ne nkurɔfo no? Sɛ nkurɔfo no susuw ɔkwan a ɛkorɔn a Yehowa pɛ sɛ yɛfa so som no no ho a, na ɛsɛ sɛ ɛhyɛ wɔn aniwu. Yehowa ka kyerɛɛ Hesekiel sɛ ‘ɔnka asɔrefi no ho asɛm nkyerɛ Israel fi.’ Yehowa kaa sɛ Hesekiel ntɔ ne bo ase nka asɔrefi no ho asɛm nkɔ akyiri nkyerɛ Israelfo no. Sɛ ɔyɛ saa a, na ɛbɛyɛ te sɛ nea Israelfo no ‘ahwɛ sɛnea ɔdan no plan te ama wɔahu no yiye.’ Adɛn nti na na Yehowa pɛ sɛ Israelfo no susuw saa asɔrefi no ho yiye? Sɛnea yɛabehu no, ɛnyɛ sɛ na ɔpɛ sɛ wokosi asɔrefi no. Mmom ɔkaa sɛ ɛbɛma ‘wɔn ani awu wɔ wɔn bɔne ho.’—Kenkan Hesekiel 43:10-12.

20 Yudafo a na wɔwɔ koma pa no, adɛn nti na na anisoadehu yi bɛka wɔn ama wɔn ani awu? Hyɛ nea Yehowa ka kyerɛɛ Hesekiel no nsow: “Onipa ba, Yehowa asɔrefi ho ahyɛde ne ɛho mmara a mereka akyerɛ wo yi, ma w’adwene mmra so yiye, fa w’ani hwɛ, na fa w’aso tie ne nyinaa.” (Hes. 44:5) Yehowa kaa ahyɛde ne mmara ahorow ho asɛm pii kyerɛɛ Hesekiel. (Hes. 43:11, 12; 44:24; 46:14) Afei nso, Yehowa sii ɔkwan a ɔpɛ sɛ yɛfa so som no no so dua mpɛn pii kyerɛɛ Hesekiel; ɔkyerɛɛ no sɛnea na wobesusuw basafa biara tenten, ne sɛnea na wobesusuw biribi mu duru pɛpɛɛpɛ nso. (Hes. 40:5; 45:10-12; fa toto Mmebusɛm 16:11 ho.) Wohwɛ saa anisoadehu yi a, wubehu sɛ nsɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “susuw,” “munsusuw,” “osusuw,” ne nea ɛtete saa no, Hesekiel de dii dwuma bɛboro mpɛn 50!

21 Saa anisoadehu yi mu no, Yehowa kaa mmara, ahyɛde, nneɛma mu duru, ne sɛnea wosusuw nneɛma no ho asɛm pii. Dɛn paa na na Yehowa reka akyerɛ ne nkurɔfo no? Ɛte sɛ nea na ɔrekae wɔn saa nokwasɛm titiriw yi: Yehowa nkutoo na ɔkyerɛ ɔkwan a ɛsɛ sɛ yɛfa so som no. Wɔn a na wɔaman afi saa kwan no so no, na ɛsɛ sɛ ɛka wɔn ma wɔn ani wu! Nanso, nneɛma bɛn na na ɛwɔ anisoadehu no mu a ɛmaa Yudafo no nyaa asuade a ɛte saa? Yebesusuw saa nneɛma no bi ho wɔ ti a edi hɔ no mu. Ɛbɛboa yɛn ama yɛahu nea yɛn nso yebetumi asua afi anisoadehu a ɛyɛ nwonwa yi mu.

Yudafo a na wɔwɔ koma pa no, adɛn nti na na asɔrefi ho anisoadehu no bɛka wɔn ama wɔn ani awu? (Hwɛ nkyekyɛm 19-21)

a Honhom fam asɔrefi no yɛ nhyehyɛe a Yehowa ayɛ sɛ yɛmfa so nsom no nokware mu. Ɔnam Yesu Kristo agyede afɔre no so na ayɛ saa nhyehyɛe no. Yenim sɛ efii ase yɛɛ adwuma afe 29 Y.B.

b Ɛho nhwɛso ne sɛ, Paul twee adwene sii ɔsɔfo panyin no so, na ɔkyerɛɛ adwuma a ɔsɔfo panyin no yɛ bere a afe afe Mpata Da no adu so no. (Heb. 2:17; 3:1; 4:14-16; 5:1-10; 7:1-17, 26-28; 8:1-6; 9:6-28) Nanso anisoadehu a Hesekiel nyae no mu no, wanka ɔsɔfo panyin anaa Mpata Da ho asɛm biara.