Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 10

‘Mubenya Nkwa’

‘Mubenya Nkwa’

HESEKIEL 37:5

NEA ƐWOM: “Nnompe a awo wosee” a nkwa san baa mu no ho anisoadehu, ne sɛnea ebenya ne mmamu kɛse

1-3. Dɛn na ɛmaa Yudafo a wɔwɔ Babilon no yɛɛ basaa? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ ti yi mfiase no.)

 YUDAFO a na wɔwɔ Babilon no tee asɛm bi, na ɛma wɔyɛɛ basaa. Nea ɛte ne sɛ, na Hesekiel de bɛyɛ mfe nnum ahyɛ nkɔm sɛ wɔbɛsɛe Yerusalem, nanso nkurɔfo no annye anni. Ɔyɛkyerɛ ahorow a Hesekiel yɛe, mfatoho a ɔmae, ne nsɛm a ɔkae nyinaa, emu biara ampusuw Yudafo a na wɔwɔ Babilon no; wɔannye antom sɛ Yehowa bɛhwɛ ama wɔasɛe Yerusalem. Bere mpo a wɔtee sɛ Babilon asraafo atwa Yerusalem ho ahyia no, na wɔda so ara gye di sɛ wɔrentumi nyɛ Yerusalemfo hwee.

2 Babilon asraafo no twaa Yerusalem ho hyiae mfe mmienu. Afei, ɔbarima bi a na waguan afi Yerusalem kɔɔ Babilon kɔbɔɔ amanneɛ sɛ: “Wɔasɛe kurow no!” Saa asɛm no bubuu Yudafo a na wɔwɔ Babilon no. Sɛ Yudafo no dwen asɛm a ato kurow no ho a, na ɛnsen wɔn tirim. Ebia wobisaa wɔn ho sɛ: Ampa ara sɛ atamfo no asɛe wɔn kurow a ɛda wɔn koma so no? Enti wɔasɛe asɔrefi kronkron no ne wɔn asaase no nyinaa? Afei de na wɔn anidaso nyinaa asa.—Hes. 21:7; 33:21.

3 Nanso saa bere no a na nneɛma nkɔ yiye no, Hesekiel nyaa anisoadehu bi a ɛyɛ nwonwa na ɛma anidaso. Nkuranhyɛsɛm bɛn na Yudafo a na wɔn anidaso asa yi nya fii anisoadehu no mu? Saa anisoadehu no fa Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ ho sɛn, na yɛbɛyɛ dɛn anya so mfaso? Sɛ yebenya nsɛmmisa yi ho mmuae a, momma yɛnhwɛ nea Yehowa yi kyerɛɛ Hesekiel no.

“Hyɛ Nnompe Yi Ho Nkɔm” Na “Hyɛ Nkɔm Kyerɛ Mframa”

4. Dɛn paa na Hesekiel hyɛɛ no nsow wɔ anisoadehu a onyae no mu?

4 Kenkan Hesekiel 37:1-10. Hesekiel nyaa anisoadehu, na saa anisoadehu no mu no, wɔde no kogyinaa obon kɛse bi mu. Ná nnompe ahyɛ obon no mu ma. Nea ɛbɛyɛ na Hesekiel ate anisoadehu no ase yiye no, Yehowa maa odiyifo no ‘nantew nnompe no ntam hyiae.’ Bere a Hesekiel nam obon kɛse no mu no, ɔhyɛɛ nneɛma mmienu bi nsow wɔ nnompe no ho: nnompe no dodow, ne sɛnea na nnompe no ho te. Ɔkaa ho asɛm sɛ: “Nnompe ayɛ obon no mu bebree, na na ɛho awo wosee.”

5. Nneɛma mmienu bɛn na Yehowa ka kyerɛɛ Hesekiel sɛ ɔnyɛ, na bere a Hesekiel yɛe no, dɛn na esii?

5 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Hesekiel sɛ ɔnyɛ nneɛma mmienu bi a ɛbɛma nnompe no de nkakrankakra asan aba nkwa mu. Yehowa dii kan ka kyerɛɛ Hesekiel sɛ: “Hyɛ nnompe yi ho nkɔm,” na ka kyerɛ nnompe no sɛ ‘wonnya nkwa.’ (Hes. 37:4-6) Bere a Hesekiel hyɛɛ nkɔm no pɛ, ɔtee “nnyigyei bi, na nnompe no de kikirikikiri twiw bɛnee.” Ɛno akyi no, “ntini ne nam” betuatuaa nnompe no ho, na “were beduraa ho.” (Hes. 37:7, 8) Ahyɛde a na ɛto so mmienu ne sɛ: “Hyɛ nkɔm kyerɛ mframa,” na ka kyerɛ mframa no sɛ ‘ɛmmɛbɔ mfa’ nnipa a wɔawuwu gu hɔ no so. Bere a Hesekiel hyɛɛ nkɔm no, “ahome bɛhyɛɛ wɔn mu, na wonyaa nkwa, na wɔsɔre gyinagyinaa wɔn anan so. Ná wɔyɛ dɔm kɛse paa.”—Hes. 37:9, 10.

“Yɛn Nnompe Ho Awo Wosee, Na Yɛn Anidaso Asa”

6. Asɛm bɛn na Yehowa kae a ɛmaa Hesekiel huu nea anisoadehu no kyerɛ?

6 Afei Yehowa maa Hesekiel huu nea anisoadehu no kyerɛ. Ɔka kyerɛɛ Hesekiel sɛ: “Nnompe yi gyina hɔ ma Israel fi nyinaa.” Anokwa, bere a Yudafo a wɔwɔ Babilon no tee sɛ wɔasɛe Yerusalem no, na ɛyɛ wɔn sɛ wɔawu awie. Enti wɔde awerɛhow kaa sɛ: “Yɛn nnompe ho awo wosee, na yɛn anidaso asa. Wɔatwa yɛn asu.” (Hes. 37:11; Yer. 34:20) Bere a wɔredi awerɛhow no, Yehowa ma wohui sɛ nnompe ho anisoadehu no, anidaso bi wom ma Israel.

7. Sɛnea Hesekiel 37:12-14 kyerɛ no, dɛn na Yehowa maa odiyifo no hui? Awerɛhyem bɛn na saa asɛm no maa Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ Babilon no nyae?

7 Kenkan Hesekiel 37:12-14. Yehowa nam saa anisoadehu no so maa Yudafo a wɔwɔ Babilon no nyaa awerɛhyem sɛ, ɔbɛma ‘wɔanya nkwa,’ na obedi wɔn anim de wɔn akɔ wɔn asaase so ama wɔasan akɔtena hɔ. Afei nso, Yehowa san frɛɛ wɔn “me man.” Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ saa asɛm no hyɛɛ Yudafo a na wɔn anidaso asa no den! Adɛn nti na na wobetumi agye adi sɛ Yehowa bɛsan de wɔn akɔ wɔn asaase so ampa? Nea enti a ɛte saa ne sɛ, Yehowa ankasa na ɔhyɛɛ saa bɔ no. Yehowa kaa sɛ: “Me Yehowa na mekae, na mayɛ nso.”

8. (a) Ɔkwan bɛn so na na ɛte sɛ nea “Israel fi nyinaa” awuwu? (b) Ɔkwan bɛn so na Hesekiel 37:9 ma yehu nea ɛyɛe a Israel kɔɔ saa tebea no mu? (Hwɛ ase hɔ asɛm no.)

8 Anisoadehu yi fã a ɛyɛ awerɛhow no, sɛn na na aba mu wɔ tete Israelfo no so dedaw? Afe 740 A.Y.B. mu no, na akɔyɛ sɛ nea Israelfo no awuwu, efisɛ saa afe no na wɔsɛee mmusuakuw du ahemman no na wotuu wɔn fii wɔn asaase so. Bɛyɛ mfe 130 akyi no, wɔfaa Yudafo no nso kɔɔ Babilon. Ɛbaa saa no, afei de na “Israel fi nyinaa” akodi nkurɔfo aman so. (Hes. 37:11) Enti sɛ yɛka Israelfo ne Yudafo a wɔn atamfo bɛfaa wɔn kɔe no nyinaa bom a, na ɛte sɛ nea wɔawuwu, na na wɔayɛ sɛ nnompe a Hesekiel hui wɔ anisoadehu mu no. Nea wei kyerɛ ne sɛ, na abusuabɔ a wɔne Yehowa wɔ no asɛe koraa. a Afei nso, kae sɛ ɛnyɛ nnompe kɛkɛ na Hesekiel hui, na mmom ohuu nnompe a “ɛho awo wosee.” Nea ɛkyerɛ ne sɛ, tebea a wɔkɔɔ mu a na ɛte sɛ nea wɔawuwu no, ɛkyɛe paa. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ yɛka bere tenten a Israel ne Yuda nyinaa dii wɔ nkurɔfo aman so no bom a, ɛboro mfe 200; efi afe 740 A.Y.B. mu kosi afe 537 A.Y.B. mu.—Yer. 50:33.

9. Sɛ yɛde nea tete Israelfo faa mu no toto nea “Onyankopɔn Israel” faa mu no ho a, dɛn na edi nsɛ wom?

9 Israelfo a na wɔbɛsan aba wɔn asaase so ne nokware som a na wɔbɛma so bio no, Hesekiel ne adiyifo foforo hyɛɛ ho nkɔm. Saa nkɔmhyɛ ahorow no, na ebenya ne mmamu kɛse. (Aso. 3:21) Bere a wotuu tete Israelfo no fii wɔn asaase so no, ɔkwan bi so no, na ɛte sɛ nea “wɔakunkum” wɔn, na ɛkyɛe ansa na wɔreba nkwa mu. Saa ara na “Onyankopɔn Israel,” anaa Kristofo a wɔasra wɔn asafo no nso, eduu baabi no, na ɛte sɛ nea wɔakunkum wɔn, na ɛkyɛe ansa na wɔreba nkwa mu. (Gal. 6:16) Nea ɛte ne sɛ, esiane sɛ atoro som bunkam Kristofo a wɔasra wɔn asafo no so kyɛe nti, yebetumi de tebea a wɔkɔɔ mu no atoto nnompe a na “ɛho awo wosee” no ho. (Hes. 37:2) Ti nkron mu no, yehui sɛ asomafo no wu akyi na atoro som bunkam Kristofo a wɔasra wɔn asafo no so. Sɛnea Yesu kaa wɔ Ahenni ho mfatoho a ɛfa hwiit ne nwura bɔne ho mu no, edii mfehaha pii ansa na nokware Kristofo no rede wɔn ho.—Mat. 13:24-30.

Nnompe a “ɛho awo wosee” a Hesekiel hui wɔ anisoadehu mu no, na ɛkyerɛ sɛ atoro som bebunkam Yehowa nkurɔfo a wɔasra wɔn no so akyɛ paa, na ɛbɛyɛ te sɛ nea wɔakunkum wɔn (Hwɛ nkyekyɛm 8, 9)

‘Nnompe No Twiw Bɛnee’

10. (a) Dɛn na Hesekiel 37:7, 8 ka faa Onyankopɔn nkurɔfo ho? (b) Dɛn na ɛboaa Israelfo a na wosuro Onyankopɔn no maa nkakrankakra wɔsan nyaa gyidi?

10 Tete no, Yehowa hyɛɛ nkɔm sɛ ne nkurɔfo de nkakrankakra bɛsan aba nkwa mu bio. (Hes. 37:7, 8) Enti dɛn na ɛboaa Israelfo a na wosuro Onyankopɔn no ma nkakrankakra wonyaa gyidi sɛ wɔbɛsan akɔ wɔn asaase so? Ɛda adi sɛ nkɔm a na adiyifo binom ahyɛ ato hɔ dedaw no ma wonyaa anidaso sɛ wɔbɛsan akɔ wɔn kurom. Ɛho nhwɛso ne sɛ, na Yesaia aka ato hɔ sɛ “aseni kronkron” bi anaa nkaefo bi bɛsan akɔ wɔn asaase so. (Yes. 6:13; Hiob 14:7-9) Afei, na Hesekiel ahyɛ nkɔm pii a ɛkyerɛ sɛ wɔbɛsan aba wɔn kurom abɛma nokware som so, na ɛno nso hyɛɛ saa anidaso no mu den. Nea ɛka ho bio ne sɛ, na mmarima anokwafo te sɛ odiyifo Daniel ka wɔn ho wɔ Babilon. Bio nso, wɔsɛee Babilon kurow no wɔ afe 539 A.Y.B. mu ma ɛyɛɛ obiara nwonwa. Akyinnye biara nni ho sɛ, weinom nyinaa maa Yudafo a na wɔwɔ Babilon no nyaa anidaso kɛse sɛ wɔbɛsan akɔ wɔn kurom.

11, 12. (a) Sɛ wohwɛ “Onyankopɔn Israel” a, ɔkwan bɛn so na nkakrankakra wɔsan baa nkwa mu? (Hwɛ adaka a wɔato din “Nokware Som—Nkakrankakra Wɔmaa So Bio” no nso.) (b) Nsɛmmisa bɛn na asɛm a ɛwɔ Hesekiel 37:10 no ma ɛsɔre?

11 Sɛ wohwɛ “Onyankopɔn Israel,” anaa Kristofo a wɔasra wɔn asafo no a, ɔkwan bɛn so na wɔn nso, nkakrankakra wɔsan baa nkwa mu? Bere a atoro som bunkam nokware Kristofo no so no, na ɛte sɛ nea wɔawuwu. Nanso, mfehaha pii akyi no, nnipa bi a wosuro Onyankopɔn sɔre gyinae sɛ wɔbɛsom Yehowa nokware mu. Enti na akɔyɛ sɛ nea nnompe no ‘regyigye, na ɛreyɛ kikirikikiri.’ Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, bɛyɛ mfe 500 a atwam ni no, William Tyndale kyerɛɛ Bible ase kɔɔ Borɔfo kasa mu. Wei maa Roma Katolek asɔfo no bo fuwii paa, efisɛ wohui sɛ afei de obi biara betumi akenkan Bible. Enti wokum Tyndale. Wei nyinaa akyi no, nnipa foforo a na wɔwɔ akokoduru kyerɛɛ Bible ase kɔɔ kasa ahorow pii mu. Wei maa nnipa pii nyaa Onyankopɔn Asɛm no bi kenkanee.

12 Akyiri yi, bere a Charles T. Russell ne anuanom a wɔka no ho de nsi ne ahokeka maa nkurɔfo huu nokware a ɛwɔ Bible mu no, na ɛte sɛ nea “ntini ne nam” abɛfomfam nnompe no ho. Wɔde Zion’s Watch Tower ne nhoma afoforo boaa nnipa a wɔwɔ koma pa ma wohuu nokware a ɛwɔ Bible mu no. Wei kanyan wɔn ma wɔde wɔn ho bɔɔ Onyankopɔn asomfo a wɔasra wɔn no. Efi afe 1900 reba no, nnwinnade te sɛ “Photo-Drama of Creation” ne The Finished Mystery nhoma no kanyan Onyankopɔn nkurɔfo a wɔasra wɔn no. Ɛno akyi no, ankyɛ koraa na bere soe sɛ Onyankopɔn ma ne nkurɔfo ‘sɔre gyinagyina wɔn anan so.’ (Hes. 37:10) Bere bɛn na wei sii, na ɔkwan bɛn na ɛfaa so sii? Nsɛm a esisii wɔ tete Babilon no bɛboa yɛn ama yɛanya saa nsɛmmisa yi ho mmuae.

“Wonyaa Nkwa, Na Wɔsɔre Gyinagyinaa Wɔn Anan So”

13. (a) Efi afe 537 A.Y.B. mu no, ɛyɛɛ dɛn na asɛm a ɛwɔ Hesekiel 37:10, 14 no nyaa mmamu? (b) Kyerɛwnsɛm ahorow bɛn na ɛma yehu sɛ nnipa bi a wofi mmusuakuw du ahemman no mu san baa Israel?

13 Efi afe 537 A.Y.B. mu no, Yudafo a wɔwɔ Babilon no huu sɛnea anisoadehu no nyaa mmamu. Ɔkwan bɛn so? Yehowa ma wonyaa nkwa, na ɔma “wɔsɔre gyinagyinaa wɔn anan so,” kyerɛ sɛ, ogyee wɔn fii Babilon ma wɔsan kɔɔ Israel. Israelfo a wɔn dodow si 42,360, ne nnipa a wɔnyɛ Israelfo a na wɔn dodow bɛyɛ 7,000 fii Babilon san kɔkyekyee Yerusalem, wosii asɔrefi no, na wɔtenaa Israel asaase so. (Esra 1:1-4; 2:64, 65; Hes. 37:14) Bɛyɛ mfe 70 akyi no, nnipa bɛyɛ 1,750 kaa Esra ho ne no san kɔɔ Yerusalem. (Esra 8:1-20) Enti sɛ yɛka wɔn nyinaa bom a, Yudafo bɛboro 44,000 na wɔsan kɔɔ Yerusalem. Ná wɔyɛ “dɔm kɛse” ampa. (Hes. 37:10) Nanso ɛnyɛ saa nkurɔfo yi nko ara na wɔsan kɔɔ Yerusalem. Sɛ yɛbɛkae a, aka bɛyɛ mfe 700 ama Yesu aba no, Asiriafo bɛfaa Israel mmusuakuw du ahemman no mufo fii wɔn asaase so kɔe. Saa nkurɔfo yi nso, Onyankopɔn Asɛm ma yehu sɛ wɔn asefo san baa Israel bɛboa ma wosii asɔrefi no.—1 Be. 9:3; Esra 6:17; Yer. 33:7; Hes. 36:10.

14. (a) Sɛn na asɛm a ɛwɔ Hesekiel 37:24 no boa yɛn ma yehu bere a nkɔmhyɛ no nyaa ne mmamu kɛse? (b) Dɛn na esii afe 1919? (San hwɛ adaka a wɔato din “‘Nnompe a Awo Wosee’ Ne ‘Adansefo Baanu’—Nsonsonoe Bɛn Na Ɛwom?”)

14 Sɛn na Hesekiel nkɔmhyɛ no fã yi nyaa mmamu kɛse? Yehowa maa Hesekiel hyɛɛ nkɔm foforo bi a ɛne wei di nsɛ. Saa nkɔmhyɛ no daa no adi sɛ, sɛ Yesu Kristo a ɔne Dawid Ɔkɛse no fi ase di Hene a, bere kakra betwam ansa na nkɔmhyɛ a ɛfa nnompe ho no anya ne mmamu kɛse. b (Hes. 37:24) Saa pɛpɛɛpɛ na ɛbae. Afe 1919 mu no, Yehowa de ne honhom hyɛɛ ne nkurɔfo mu. Wei ma ‘wonyaa nkwa,’ na wogyee wɔn fii Babilon kɛse no mu. (Yes. 66:8) Ɛno akyi no, Yehowa ma wɔkɔtenaa wɔn “asaase” so, kyerɛ sɛ, honhom fam paradise no mu. Ɛnde, ɛyɛɛ dɛn na Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ abɛyɛ “dɔm kɛse” saa?

15, 16. (a) Ɛyɛɛ dɛn na Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no abɛyɛ “dɔm kɛse” saa? (b) Sɛ asetenam haw hyɛ yɛn so a, sɛn na Hesekiel nkɔmhyɛ yi boa yɛn ma yegyina ano? (Hwɛ adaka a wɔato din “Biribi a Ɛbɛboa Yɛn Ama Yɛasan Agyina Yɛn Nan So.”)

15 Bere a Kristo paw akoa nokwafo no wɔ afe 1919 mu no, ankyɛ na Onyankopɔn asomfo fii ase huu nkɔm bi a na Sakaria ahyɛ mmamu. Ná Sakaria yɛ odiyifo wɔ Israelfo a na wɔasan aba wɔn kurom no mu. Ɔhyɛɛ nkɔm sɛ: ‘Aman pii ne aman akɛse bɛba abɛhwehwɛ Yehowa akyi kwan.’ Odiyifo no kaa wɔn a wɔbɛba abɛhwehwɛ Yehowa akyi kwan no ho asɛm sɛ wɔyɛ “nnipa du a wɔka amanaman no kasa horow nyinaa.” Saa nnipa no besuso “Yudani baako” mu, kyerɛ sɛ, honhom fam Israelfo mu, na wɔaka sɛ: “Yɛpɛ sɛ yɛne mo kɔ, efisɛ yɛate sɛ Onyankopɔn ka mo ho.”—Sak. 8:20-23.

16 Ɛnnɛ, sɛ yɛhwɛ honhom fam Israelfo (wɔn a wɔasra wɔn no nkaefo), na yɛde “nnipa du” (nguan foforo) no ka wɔn ho a, yetumi hu ampa sɛ yɛyɛ “dɔm kɛse paa.” Yɛyɛ nnipa ɔpepem pii. (Hes. 37:10) Yɛyɛ Kristo asraafodɔm kɛse, na yɛn dodow kɔ ara na ɛrekɔ anim. Yedi yɛn Hene Yesu akyi pɛɛ, na obedi yɛn anim ama yɛn nsa aka nhyira pii daakye.—Dw. 37:29; Hes. 37:24; Filip. 2:25; 1 Tes. 4:16, 17.

17. Dɛn na yebesusuw ho wɔ ti a edi hɔ no mu?

17 Nokware som a wɔbɛma so bio no, na ɛde adwuma bi a ɛho hia bɛto Onyankopɔn nkurɔfo so. Ɛyɛ adwuma bɛn? Sɛ yebenya asɛmmisa yi ho mmuae a, adwuma bi a Yehowa de hyɛɛ Hesekiel nsa ansa na wɔresɛe Yerusalem no, ɛsɛ sɛ yɛsan kɔhwehwɛ mu bio. Yɛbɛyɛ saa wɔ nhoma yi ti a edi hɔ no mu.

a Nnompe a Hesekiel hui wɔ anisoadehu mu no, na ɛnyɛ nnipa a yare anaa onyin ama wɔawuwu nnompe, mmom na ɛyɛ “nnipa a wɔakunkum wɔn” nnompe. (Hes. 37:9) Wokunkum “Israel fi nyinaa,” kyerɛ sɛ, abusuabɔ a na ɛda wɔne Yehowa ntam no sɛee. Wei baa saa bere a Asiriafo dii Israel mmusuakuw du ahemman no so nkonim na wɔfaa wɔn kɔe no. Saa ara na Babilonfo nso dii Yuda mmusuakuw mmienu ahemman no so nkonim, na wɔfaa wɔn kɔɔ Babilon.

b Mesia no ho nkɔmhyɛ yi, yɛkaa ho asɛm wɔ nhoma yi Ti 8.