Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 9

“Mɛma Wɔayɛ Baako”

“Mɛma Wɔayɛ Baako”

HESEKIEL 11:19

NEA ƐWOM: Nokware som a wɔbɛma so bio; sɛnea Hesekiel nkɔmhyɛ no kyerɛkyerɛ mu

1-3. Sɛn na na Babilonfo no di Yehowa asomfo ho fɛw, na adɛn nti na na wɔyɛ saa?

 FA NO sɛ woyɛ Yudani a womfa wo som nni agorɔ a wote Babilon kurow no mu. Wo ne wo nuanom Yudafo no atena hɔ bɛyɛ mfe 50. Sɛnea Homeda biara wotaa yɛ no, wonam kwan so rekohyia wo mfɛfo gyidifo ama moasom Yehowa. Ɔkwan a wonam so no, nnipa ayɛ so bagyabagya. Asɔredan akɛse ne abosomfi adan a esisi kwan no ho de, worentumi nkan. Nnipa pii kɔ hɔ kɔbɔ afɔre, na wɔsan to nnwom ma wɔn abosom. Abosom no, baako ne Marduk.

2 Bere a wufii nnipadɔm no mu no, afei de, wo ne wo mfɛfo gyidifo kakraa bi akohyia. a Moakonya baabi a ɛhɔ yɛ komm a mobɛbɔ mpae, ato nnwom, na moabom asusuw Onyankopɔn Asɛm ho. Ebetumi aba sɛ nsuka a ɛwɔ kurow no mu bi ho na mukohyiae. Bere a muhyiae a morebɔ mpae no, wotee sɛ akorow a wɔde amantam nnua ho wɔ nsu no ano no reyɛ twee-twee. Ɛyɛ wo dɛ sɛ moanya baabi a ɛhɔ adwo saa resom. Wo yam a anka kurow no muni biara anhu mo ammɛsɛe mo nhyiam no sɛnea wɔtaa yɛ no. Adɛn nti na na kurom hɔfo yɛ saa?

3 Babilonfo adi nkonim wɔ akodi pii mu. Wɔde nkonim a ɛte saa ho nkamfo ma wɔn abosom no. Babilonfo no asɛm ara ne sɛ, sɛnea wɔatumi asɛe Yerusalem pasaa no kyerɛ sɛ wɔn nyame Marduk ho yɛ den sen Yehowa! Ɛno nti, wodi mo ne mo Nyankopɔn ho fɛw. Ɛtɔ da a wɔserew mo ka kyerɛ mo sɛ: “Monto Sion nnwom no baako mma yɛn”! (Dw. 137:3) Nkonim a Sion anaa Yerusalemfo dii wɔ Yehowa atamfo so no, ɛno na mo nnwom no pii ka ho asɛm. Ɛbɛyɛ sɛ saa nnwom no paa na na Babilonfo no de di mo ho fɛw. Nnwom no bi nso wɔ hɔ a, na ɛka sɛnea Babilonfo adi Yerusalemfo so nkonim ho asɛm. Emu baako ka sɛ: “Wɔasɛe Yerusalem pasaa. . . . Wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia no tweetwee yɛn di yɛn ho fɛw.”—Dw. 79:1, 3, 4.

4, 5. Anidaso bɛn na Hesekiel nkɔmhyɛ no maa tete Yudafo no nyae, na dɛn na yebesusuw ho wɔ ti yi mu? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ ti yi mfiase no.)

4 Wei da nkyɛn a, wo nuanom Yudafo a wɔadan awaefo no nso mma wo ho ntɔ wo. Esiane sɛ wowɔ Yehowa ne n’adiyifo mu gyidi nti, wodi wo ho fɛw. Nanso fɛwdi yi nyinaa akyi no, hokwan a munya de som Yehowa nokwarem no ma wo ne w’abusua nya awerɛkyekye. Sɛ wo ne afoforo bom bɔ mpae to nnwom a, ɛma wo koma tɔ wo yam. Na sɛ wokenkan Onyankopɔn Asɛm a, ɛma wo ho dwo wo. (Dw. 94:19; Rom. 15:4) Afei fa no sɛ saa da no a wo ne wo mfɛfo gyidifo hyiaam sɛ moresom no, wɔn mu baako de biribi soronko bi baa nhyiam no ase. Ɛyɛ nhoma mmobɔwee bi a Hesekiel nkɔmhyɛ no wom. Yehowa bɔhyɛ a ɛne sɛ ɔbɛsan de ne nkurɔfo akɔ wɔn kurom no, bere biara a wobɛte ho asɛm no, ɛma w’ani gye. Enti bere a wɔkenkan saa nkɔmhyɛ no den no, wunyaa anigye bi wɔ wo koma mu. Afei anidaso a wowɔ sɛ daakye bi wo ne w’abusuafo bɛsan akɔ mo kurom no, wufii ase dwinnwen ho. Mokɔ a, mobɛboa ama wɔama nokware som so bio. Ɛbɛyɛ anigye ankasa!

5 Wohwɛ Hesekiel nkɔmhyɛ no mu a, wubehu nokware som a wɔbɛma so bio no ho bɔhyɛ pii. Enti momma yensusuw bɔhyɛ ahorow a ɛma yenya anidaso yi ho. Ɔkwan bɛn so na saa nkɔmhyɛ no nyaa ne mmamu wɔ Yudafo a na wɔwɔ Babilon no so? Ɛnnɛ nso, dɛn na yebetumi asua afi saa nkɔmhyɛ no mu? Nkɔmhyɛ no bi wɔ hɔ a, yɛbɛhwɛ sɛnea ebenya mmamu a etwa to koraa daakye.

“Wobetu Wɔn Ase Akɔ; Wɔbɛkyere Wɔn Akɔ Obi Man So”

6. Sɛn na na Onyankopɔn abɔ ne nkurɔfo a wɔn aso yɛ den no kɔkɔ mpɛn pii?

6 Asotwe a na Yehowa de bɛma Yudafo asoɔdenfo no, ɔmaa Hesekiel kaa ho asɛm pefee kyerɛɛ wɔn. Yehowa kaa sɛ: “Wobetu wɔn ase akɔ; wɔbɛkyere wɔn akɔ obi man so.” (Hes. 12:11) Sɛnea yehui wɔ nhoma yi Ti 6 no, Hesekiel yɛɛ saa atemmu no ho ɔyɛkyerɛ mpo. Nanso na ɛnyɛ ɛno ne bere a edi kan a Yehowa rebɔ Israelfo no kɔkɔ. Efi Mose bere so tɔnn na ofii ase bɔɔ ne nkurɔfo no kɔkɔ sɛ, sɛ wɔkɔ so yɛ asoɔden a wobetu wɔn afi wɔn asaase no so. Efi saa bere no besi Hesekiel bere so no, na bɛyɛ mfe apem atwam. (Deut. 28:36, 37) Adiyifo te sɛ Yesaia ne Yeremia nyinaa bɔɔ wɔn kɔkɔ.—Yes. 39:5-7; Yer. 20:3-6.

7. Sɛn na Yehowa twee ne nkurɔfo no aso?

7 Nanso awerɛhosɛm ne sɛ, nkurɔfo no mu dodow no ara bubuu nnua guu wɔn asom. Wɔmaa Yehowa dii awerɛhow paa, efisɛ wɔtew no so atua, wɔsom abosom, na wɔanni Yehowa nokware. Afei nso, ahwɛfo bɔne a na wodi nkurɔfo no anim no anyɛ nhwɛso pa amma wɔn, enti na wɔn abrabɔ asɛe. Nea wɔyɛe no nti, Yehowa ma wodii kɔm. Ná wei yɛ awerɛhow san yɛ aniwu, efisɛ asaase a na wɔte so no, na “nufusu ne ɛwo abu so wɔ so.” (Hes. 20:6, 7) Afei, sɛnea na Yehowa adi kan aka ato hɔ no, ɔmaa kwan ma wotuu ne nkurɔfo no fii wɔn asaase no so de twee wɔn aso. Afe 607 A.Y.B. mu no, Nebukadnesar a ofi Babilon bɛsɛee Yerusalem ne n’asɔrefi no. Wɔde Yudafo a wonyaa wɔn ti didii mu no bebree kɔɔ Babilon. Ɛhɔ na nkurɔfo no dii wɔn ho fɛw na wɔtan wɔn ani sɛnea yɛadi kan aka ho asɛm wɔ ti yi mfiase no.

8, 9. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn ma wɔbɔɔ Kristofo asafo no kɔkɔ wɔ awaefo ho?

8 Sɛnea wotuu Yudafo no ase kɔɔ Babilon no, biribi a ɛte saa too Kristofo asafo no anaa? Yiw, biribi a ɛte saa too wɔn! Sɛnea wɔbɔɔ tete Yudafo kɔkɔ no, saa ara na wodii kan bɔɔ Kristo akyidifo nso kɔkɔ. Yesu som adwuma no mfiase pɛɛ na ɔkaa sɛ: “Monhwɛ yiye wɔ atoro adiyifo ho. Wɔde nguan nhoma kata wɔn ho ba mo nkyɛn, nanso wɔyɛ mpataku a wɔfom aduan.” (Mat. 7:15) Mfe pii akyi no, Onyankopɔn de ne honhom kaa ɔsomafo Paul ma ɔde kɔkɔbɔ a ɛte saa ara mae sɛ: “Minim sɛ mekɔ a, mpataku bɔne bɛba mo mu, na wɔrenyɛ nguankuw no brɛbrɛ, na mo ara mo mu na mmarima bɛsɔre, na wɔbɛkasa akyinkyim nsɛm de atwe asuafo no adi wɔn akyi.”—Aso. 20:29, 30.

9 Asomafo no kyerɛɛ Kristofo nea ɛbɛma wɔahu mmarima atorofo yi, na wɔatwe wɔn ho afi wɔn ho. Wɔka kyerɛɛ Kristofo mpanyimfo sɛ wontu awaefo mfi asafo no mu. (1 Tim. 1:19; 2 Tim. 2:16-19; 2 Pet. 2:1-3; 2 Yoh. 10) Nanso sɛnea Israelfo ne Yudafo a wɔtenaa ase tete no yɛe no, Kristofo pii antie kɔkɔbɔ ahorow a Yehowa dɔ wɔn nti ɔde maa wɔn no. Bɛyɛ afe 100 Y.B. mu no, na awaefo agye ntini wɔ asafo no mu. Saa bere no, na asomafo no nyinaa awuwu ama aka Yohane nko ara. Ohui sɛ na awaefo ne atuatewfo resɛe asafo no. Ná Yohane nko ara ne ɔsomafo a waka a na ɔreko tia saa subammɔne no. (2 Tes. 2:6-8; 1 Yoh. 2:18) Yohane wui no, dɛn na esii?

10, 11. Yesu nkɔmhyɛ a ɛfa hwiit ne nwura bɔne ho no, sɛn na ɛbaa mu wɔ asomafo no wu akyi?

10 Yohane wu akyi no, Yesu nkɔmhyɛ a ɛfa hwiit ne nwura bɔne ho no fii ase baa mu. (Kenkan Mateo 13:24-30.) Sɛnea na Yesu ahyɛ ho nkɔm no, Satan duaa “nwura bɔne” pii anaa atoro Kristofo wɔ asafo no mu, na ɛno maa asafo no sɛee ntɛmntɛm. Wɔde abosonsom ne abosonsomfo afahyɛ ne wɔn amanne sɛee asafo no. Afei nso, wɔmaa kwan maa nyansapɛfo a wonsuro Onyankopɔn ne ɔsom ahorow a Satan hyɛ akyi de atoro nkyerɛkyerɛ bɛhyɛɛ asafo no mu ma. Bere a Yehowa hui sɛ saa nneɛma yi asɛe asafo a ne Ba no hyehyɛe no, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ ne werɛ howee! Dɛn na Yehowa yɛe? Sɛnea Yehowa ma wɔsoaa Israelfo a wɔanni no nokware no kɔɔ Babilon no, saa ara na ɔmaa kwan maa atoro som bunkam nokware som so. Bere a asomafo no nyinaa wui no, afei de na ɛyɛ den sɛ obi behu wɔn a wɔte sɛ hwiit no, efisɛ na atoro Kristofo adɔɔso. Enti sɛ yɛbɛka a, na Babilon Kɛse no, anaa wiase atoro som ahemman no abunkam nokware Kristofo asafo no so. Atoro Kristofo no de, na wɔde wɔn ho akɔhyɛ saa ahemman a aporɔw no mu. Wɔkɔɔ so ara dɔɔso, na ɛno na ɛkɔfaa Kristoman bae.

11 Kristoman gyee ntini mfehaha pii, nanso saa bere no nyinaa na nokware Kristofo binom da so ara wɔ hɔ. Saa nokware Kristofo no ne “hwiit” a Yesu kaa wɔn ho asɛm wɔ ne mfatoho no mu no. Wɔkaee nokware Nyankopɔn no. Ná wɔte sɛ Yudafo a wɔsoaa wɔn kɔɔ Babilon a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ Hesekiel 6:9 no. Wɔn mu binom de akokoduru sɔre tiaa Kristoman atoro nkyerɛkyerɛ no. Nkurɔfo dii wɔn ho fɛw, na wɔtan wɔn ani. Nanso yemmisa sɛ, na Yehowa begyaw ne nkurɔfo wɔ atoro som mu anaa? Daabi! Sɛnea ɛtoo tete Israelfo no, Yehowa daa n’abufuw adi wɔ ɔkwan a ɛfata so, na ɔmaa n’abufuw twae wɔ bere a ɛsɛ mu. (Yer. 46:28) Afei nso, Yehowa maa ne nkurɔfo nyaa anidaso. Momma yɛnnan yɛn adwene nkɔ Yudafo a na wɔwɔ tete Babilon no so, na yɛnhwɛ sɛnea Yehowa ma wonyaa anidaso sɛ ɛrenkyɛ wɔbɛsan akɔ wɔn asaase so no.

Babilon Kɛse no tan nokware Kristofo ani mfehaha pii (Hwɛ nkyekyɛm 10, 11)

“M’abufuw To Betwa”

12, 13. Hesekiel bere so no, Yehowa bo fuw Ne nkurɔfo a wɔde wɔn kɔɔ Babilon no, nanso adɛn nti na na ɔbɛma ne bo adwo?

12 Yehowa maa ne nkurɔfo no hui pefee sɛ ne bo afuw wɔn, nanso ɔmaa wɔn awerɛhyem sɛ ɔremma ne bo mfuw wɔn daa. Wo de, hwɛ asɛm a ɔkae yi: “M’abufuw to betwa, na m’ani a abere wɔn so no bɛkɔ fam na me bo adwo. Na sɛ m’abufuw ba wɔn so wie a, wobehu sɛ me Yehowa na makasa, efisɛ mempɛ sɛ wɔsom obiara ka me ho.” (Hes. 5:13) Adɛn nti na na Yehowa bɛma ne bo adwo?

13 Yudafo a wɔsoaa wɔn kɔɔ Babilon no, ɛnyɛ wɔn nyinaa na na wonni nokware. Ná anokwafo bi wom. Afei nso, Onyankopɔn nam Hesekiel so hyɛɛ nkɔm sɛ, sɛ wɔde Ne nkurɔfo no kɔ Babilon a, wɔn mu bi bɛsakra wɔn adwene. Yudafo a wonuu wɔn ho yi, na wɔayɛ aniwude pii de atew Onyankopɔn so atua. Afei de na wɔbɛka wɔn bɔne nyinaa akyerɛ Yehowa, na wɔasrɛ no sɛ ɔmfa wɔn bɔne nkyɛ wɔn, na ɔmmoa wɔn. (Hes. 6:8-10; 12:16) Ná Hesekiel nso ka anokwafo a wɔkɔɔ Babilon no ho. Saa ara nso na na Daniel ne ne nnamfo baasa no ka ho. Daniel mpo de, ɔtenaa ase kyɛe paa. Enti bere a wɔde Yudafo no kɔɔ Babilon ne bere a wofii hɔ nyinaa no, ohui. Bɔne a Israelfo no yɛe no, ofii ne komam bɔɔ ho mpae de kyerɛe sɛ wɔanu wɔn ho. Wɔakyerɛw mpae a ɔbɔe no wɔ Daniel nhoma no ti 9. Akyinnye biara nni ho sɛ, sɛnea na Daniel te nka no, saa ara na na Yudafo mpempem pii a wɔrehwehwɛ Yehowa hɔ bɔne fakyɛ ne ne nhyira no nso te nka. Enti nkɔm a Hesekiel hyɛe sɛ wɔbɛsan akɔ wɔn asaase so akɔma nokware som so bio no, ɛmaa wɔn ani gyei paa!

14. Adɛn nti na na Yehowa bɛsan ama ne nkurɔfo no akɔ wɔn kurom?

14 Nanso, biribi a ɛho hia koraa sen saa nti na Yehowa maa ne nkurɔfo no san kɔɔ wɔn kurom. Nea ɛwom ne sɛ, ɛnyɛ biribi pa bi a na Yudafo no ayɛ nti na na Yehowa begye wɔn, na mmom na bere aso sɛ Yehowa ankasa tew ne din ho wɔ amanaman no nyinaa anim. (Hes. 36:22) Ɛba saa a, na Babilonfo no behu ampa ara sɛ, wɔn anyame a Marduk nso ka ho no, ɛnyɛ wɔn tipɛn koraa ne Awurade Tumfo Yehowa! Hesekiel mfɛfo a na ɔne wɔn wɔ Babilon no, Yehowa nam Hesekiel so hyɛɛ wɔn bɔ ahorow nnum bi. Momma yensusuw saa bɔhyɛ ahorow no ho. Yebedi kan ahwɛ sɛnea na bɔhyɛ no mu biara bɛbam ama saa anokwafo no. Ɛno akyi no, yebehu sɛnea saa bɔhyɛ ahorow no nyaa mmamu kɛse.

15. Sɛ Yudafo no san kɔ wɔn kurom a, nsakrae bɛn na na wɔbɛyɛ wɔ wɔn som mu?

15 BƆHYƐ 1. Wobeyi abosonsom ne atoro som mu akyiwade biara afi wɔn mu. (Kenkan Hesekiel 11:18; 12:24.) Sɛnea yehui wɔ nhoma yi Ti 5 no, na amanne ahorow a wɔyɛ wɔ atoro som mu te sɛ abosonsom agu Yerusalem ne n’asɔrefi no ho fĩ. Enti na nkurɔfo no bra asɛe, na na wɔne Yehowa ntam asɛe. Yehowa nam Hesekiel so hyɛɛ nkɔm sɛ, wɔn a wɔde wɔn kɔɔ Babilon no, na wobetumi ahwɛ kwan sɛ daakye wɔbɛsan de ɔsom a ɛho tew na nkekae biara nni ho ama Yehowa. Ade a na ɛho hia paa ne sɛ wɔbɛhwɛ ama nokware som so bio. Ɛno ho na na Yehowa bɛhwɛ de nhyira foforo biara a aka ama wɔn.

16. Ɛbɔ bɛn na Yehowa hyɛ faa ne nkurɔfo no kurom ho?

16 BƆHYƐ 2. Wɔbɛsan akɔ wɔn kurom. Yehowa ka kyerɛɛ Yudafo a na wɔwɔ Babilon no sɛ: “Mede Israel asaase bɛma mo.” (Hes. 11:17) Ná saa bɔhyɛ yi ka koma paa. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, Babilonfo no dii Onyankopɔn nkurɔfo a na wɔakɔkyere wɔn no ho fɛw; wɔamma wɔannya anidaso biara sɛ wɔbɛsan akɔ wɔn kurom. (Yes. 14:4, 17) Ade foforo nso a ɛmaa bɔhyɛ no yɛɛ anigye koraa ne sɛ, sɛ Yudafo no san kɔ wɔn kurom na wɔkɔ so di Yehowa nokware a, na wɔn asaase no bɛbɔ aduan. Enti na wobenya aduan adi na wɔanya adwuma pa nso ayɛ. Ná ɛremma bio da sɛ ɔkɔm bɛde wɔn ama wɔn anim agu ase na wɔn werɛ ahow.—Kenkan Hesekiel 36:30.

17. Sɛ Yudafo no san kɔ wɔn kurom a, dɛn na na wɔbɛyɛ wɔ afɔre a na wɔbɔ ma Yehowa no ho?

17 BƆHYƐ 3. Wɔbɛsan abɔ afɔre ama Yehowa wɔ n’afɔremuka so. Yehui wɔ nhoma yi Ti 2 sɛ bere a na Mose Mmara no yɛ adwuma no, na afɔrebɔ di akoten wɔ nokware som mu. Sɛ Israelfo no san kɔ wɔn kurom na wɔkɔ so yɛ osetie ma Yehowa na wɔansom anyame foforo biara anka no ho a, ɛnde na ɔno nso begye wɔn afɔre atom. Enti sɛ wɔbɔ afɔre de pata wɔn bɔne a, na Onyankopɔn begye atom na ama wɔabɛn no. Yehowa hyɛɛ wɔn bɔ sɛ: “Israel fi nyinaa bɛsom me; wɔn nyinaa bɛsom me wɔ asaase no so. Ɛhɔ na megye wɔn atom, na mebisa mo ntoboa ne mo afɔrebɔde mu nea edi kan, mo nneɛma kronkron nyinaa.” (Hes. 20:40) Enti, na wɔbɛma nokware som so bio, na ɛde nhyira abrɛ Onyankopɔn nkurɔfo.

18. Sɛn na na Yehowa bɛhwɛ ne nguan?

18 BƆHYƐ 4. Wobeyi nguanhwɛfo bɔne afi wɔn mu. Ade titiriw a ɛmaa Onyankopɔn nkurɔfo dii mfomso kɛse saa ne sɛ, na mmarima a wodi wɔn anim no suban nye. Yehowa hyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ ho biribi. Ɔkaa nguanhwɛfo bɔne no ho asɛm sɛ: “Meremma wɔnyɛn me nguan bio . . . meyi me nguan afi wɔn anom.” Nanso nkurɔfo a na wodi Yehowa nokware no de, ɔmaa wɔn awerɛhyem sɛ: “Mɛhwɛ me nguan.” (Hes. 34:10, 12) Ɔkwan bɛn na na ɔbɛfa so ayɛ saa? Ná ɔde mmarima anokwafo besi wɔn so sɛ nguanhwɛfo.

19. Baakoyɛ ho bɔ bɛn na Yehowa hyɛɛ ne nkurɔfo no?

19 BƆHYƐ 5. Yehowa asomfo bɛyɛ baako. Ansa na wɔretu Onyankopɔn nkurɔfo afi wɔn asaase so no, na biribi rekɔ so a ɛbɛyɛ sɛ na ɛhaw anokwafo a wɔwɔ hɔ no paa. Ɛne sɛ, na mpaapaemu wɔ nkurɔfo no mu. Nea ɛkɔfaa ɔhaw yi bae ne sɛ, adiyifo atorofo ne nguanhwɛfo bɔne no maa nkurɔfo no tew Yehowa adiyifo anokwafo no so atua. Ewiee ase no, na nkurɔfo no mu akyekyɛ. Enti ɛbɔ ahorow a Yehowa hyɛɛ ne nkurɔfo no, emu baako a na ɛka koma paa ne asɛm yi a ɔka kyerɛɛ Hesekiel no. Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mɛma wɔayɛ baako na mede honhom foforo ahyɛ wɔn mu.” (Hes. 11:19) Nea na ehia ara ne sɛ, sɛ Yudafo no san kɔ wɔn kurom a, wɔbɛhwɛ sɛ wɔne Yehowa Nyankopɔn bɛyɛ baako, na wɔne wɔn mfɛfo Yudafo nso ayɛ baako. Ɛba saa a, na ɔtamfo biara ntumi nni wɔn so nkonim. Enti afei, sɛ́ anka ɔman no de animguase ne ahohorabɔ bɛbrɛ Yehowa no, na wɔbɛhyɛ no anuonyam mmom sɛnea wɔyɛe bere bi a atwam no.

20, 21. Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow no, sɛn na ɛbaa mu maa Yudafo a wɔsan baa wɔn kurom no?

20 Bɔhyɛ ahorow nnum yi, ɛbaa mu maa Yudafo a wɔsan baa wɔn kurom no anaa? Ɛsɛ sɛ yɛkae asɛm a ɔnokwafo Yosua a ɔtenaa ase tete no kae no. Ɔkaa sɛ: “Nneɛma pa a Yehowa mo Nyankopɔn de ahyɛ mo bɔ no mu asɛm baako mpo nkaa mu. Ne nyinaa aba mu ama mo; baako mpo anka mu.” (Yos. 23:14) Sɛnea Yehowa yɛe wɔ Yosua bere so no, saa ara na na ɔbɛyɛ ama Yudafo a wɔsan baa wɔn kurom no.

21 Yudafo no gyaee abosonsom ne atoro som mu akyiwade ahorow a na asɛe wɔne Yehowa ntam no. Ɛwom, na ɛte sɛ nea Yudafo no rentumi nsan nkɔ wɔn kurom. Nanso nea ɛbae ne sɛ, wɔsan kɔtenaa wɔn asaase so, na wɔyɛɛ so adwuma de hwɛɛ wɔn ho. Ade baako a wodii kan yɛe ne sɛ, wɔsan sii Yehowa afɔremuka wɔ Yerusalem, na wɔbɔɔ afɔre a ɛsɔ Yehowa ani wɔ hɔ. (Esra 3:2-6) Yehowa hyiraa wɔn, na ɔmaa wɔn nguanhwɛfo pa. Wɔn mu bi ne ɔsɔfo nokwafo Esra a na ɔyɛ ɔkyerɛwfo no, Nehemia ne Serubabel a na wɔyɛ amradofo, Yosua a na ɔyɛ Ɔsɔfo Panyin, ne adiyifo Hagai, Sakaria, ne Malaki a na wɔyɛ mmarima akokodurufo no. Bere a Yudafo no kɔɔ so tiee Yehowa na wodii n’akwankyerɛ akyi no, baakoyɛ soronko bɛdaa wɔn ntam. Saa baakoyɛ no, na wohuu bi saa akyɛ paa.—Yes. 61:1-4; kenkan Yeremia 3:15.

22. Yɛyɛ dɛn hu sɛ, nokware som a wɔbɛma so bio ho nkɔmhyɛ ahorow a ɛbaa mu wɔ Yudafo no bere so no, na ebenya mmamu kɛse daakye?

22 Ɛbɔ a na Yehowa ahyɛ sɛ wɔbɛma nokware som so bio no, edii kan baa mu wɔ Yudafo no bere so, na akyinnye biara nni ho sɛ, ɛhyɛɛ wɔn den paa! Nanso, bɔhyɛ no mmamu anso hɔ ara. Ná ɛbɛsan anya mmamu kɛse daakye. Yɛyɛ dɛn hu saa? Nea ɛte ne sɛ, nhyira a Yehowa de hyɛɛ Yudafo no bɔ no, na ɛsɛ sɛ wɔyɛ nneɛma bi ansa na wɔn nsa aka. Ná ɛsɛ sɛ wɔyɛ osetie ma Yehowa, na wɔkyerɛ nea ɔyɛ ma wɔn no ho anisɔ. Nanso bere bi akyi no, Yudafo no san yɛɛ asoɔden, na wɔtew Yehowa so atua. Ne nyinaa mu no, sɛnea Yosua kae no, Yehowa asɛm bam bere nyinaa. Enti na Yehowa bɔhyɛ no bɛsan abam bio, nanso saa bere yi de, ne mmamu no bɛyɛ kɛse, na ɛbɛtena hɔ daa. Momma yɛnhwɛ sɛnea ɛno baa mu.

“Megye Mo Atom”

23, 24. “Mmere a wobesiesie nneɛma nyinaa” no, bere bɛn na efii ase, na efii ase sɛn?

23 Esiane sɛ yesua Bible nti, yɛabehu sɛ wiase bɔne yi nna a edi akyiri no fii ase afe 1914. Nanso wei nyɛ biribi a ɛma Yehowa asomfo di awerɛhow. Nokwasɛm ne sɛ, Bible kyerɛ sɛ anigye bere bi fii ase afe 1914. Saa anigye bere no na Bible ka ho asɛm sɛ ɛyɛ “mmere a wobesiesie nneɛma nyinaa” no. (Aso. 3:21) Yɛyɛ dɛn hu sɛ anigye bere bi fii ase afe 1914? Yemmisa sɛ, dɛn na esii wɔ soro afe 1914? Wɔde Yesu Kristo sii agua so sɛ Mesia Ahenni no so Hene! Adɛn nti na ɛno kyerɛ sɛ na wɔafi ase resiesie nneɛma? Sɛ yɛbɛkae a, na Yehowa ahyɛ Ɔhene Dawid bɔ sɛ ahengua a ɔde bɛma n’asefo atena so no betim hɔ daa. (1 Be. 17:11-14) Nanso, bere a Babilonfo sɛee Yerusalem afe 607 A.Y.B. mu no, ahenni a na ɛhyɛ Dawid asefo nsa no so twae kakra, efisɛ ɔhene biara amfi Dawid asefo mu anni ade wɔ Yerusalem bio.

24 Bere a Yesu baa asaase so sɛ “Onipa Ba no,” na ɔyɛ Dawid aseni. Wei nti, na ɔfata sɛ odi Dawid ade, enti Dawid ahenni no bɛyɛɛ ne dea. (Mat. 1:1; 16:13-16; Luka 1:32, 33) Bere a Yehowa sii Yesu hene wɔ soro afe 1914 no, ɛnna “mmere a wobesiesie nneɛma nyinaa” no fii ase! Afei de, na hokwan abue sɛ Yehowa fa saa Ɔhene a ɔyɛ pɛ no so kɔ so siesie nneɛma.

25, 26. (a) Babilon Kɛse no bunkam nokware Kristofo so mfe pii, nanso wɔdee wɔn ho. Bere bɛn na wɔdee wɔn ho, na yɛyɛ dɛn hu? (Hwɛ adaka a wɔato din “Adɛn Nti Na Ɛyɛ Afe 1919?” no nso.) (b) Efi afe 1919 reba no, nkɔmhyɛ bɛn na efii ase baa mu?

25 Bere a Kristo bɛyɛɛ Ɔhene no, nneɛma a odii kan yɛe no baako ne sɛ, ɔkaa n’Agya ho ma wɔbɛhwɛɛ sɛnea na Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ asaase so no resom no. (Mal. 3:1-5) Ansa na afe 1914 reba no, na ɛyɛ den sɛ obi behu nsonsonoe a ɛda hwiit ne nwura bɔne no ntam. Ɛkyɛe paa ansa na wɔrehu wɔn a wɔyɛ Kristofo anokwafo a wɔasra wɔn no ne wɔn a wɔyɛ atoro Kristofo. Ná Yesu adi kan aka wei ho asɛm wɔ ne mfatoho a ɛfa hwiit ne nwura bɔne ho no mu. b Nanso bere a otwabere no dui wɔ afe 1914 no, nsonsonoe a ɛda hwiit ne nwura bɔne no ntam no daa adi pefee. Nea ɛma ɛbaa saa ne sɛ, mfe pii ansa na afe 1914 reba no, na Bible Asuafo anokwafo no repa Kristoman atoro nkyerɛkyerɛ ho ntama. Afei nso, na wɔafi ase retwe wɔn ho afi saa ahyehyɛde bɔne no ho. Enti, na bere aso sɛ Yehowa ma nokware som so bio. Bere a “twabere” no fii ase afe 1914 no, mfe kakraa bi akyi na Onyankopɔn nkurɔfo dee wɔn ho koraa fii Babilon Kɛse no ho. Wei sii wɔ afe 1919 mfiase. (Mat. 13:30) Afei na atoro som nni wɔn so tumi bio!

26 Yɛabehu sɛ nkɔm a Hesekiel hyɛe sɛ wɔbɛma nokware som so bio no, ɛbaam wɔ Onyankopɔn nkurɔfo a wɔtenaa ase tete no bere so. Nanso efi afe 1919 reba paa na efii ase nyaa mmamu kɛse. Ma yɛnhwɛ sɛnea bɔhyɛ ahorow nnum a yɛadi kan aka ho asɛm no anya mmamu kɛse.

27. Sɛn na Onyankopɔn tew ne nkurɔfo ho fii abosonsom ho?

27 BƆHYƐ 1. Abosonsom ne atoro som mu akyiwade biara renkɔ so bio. Aka mfe kakra ma afe 1900 ahyɛ ase ne mfe kakra a edi ɛno akyi no, na nokware Kristofo hyiam, na na wɔafi ase regyae atoro som mu nneyɛe ahorow. Wɔpoo nkyerɛkyerɛ bi te sɛ Baasakoro, ɔkra a enwu da, ne hellgya, efisɛ wobehui sɛ ennyina Kyerɛwnsɛm no so, na ne nyinaa fi atoro som mu. Ahoni a wɔde di dwuma wɔ ɔsom mu nso, wohui sɛ ɛyɛ abosonsom ankasa. Ɛno da nkyɛn a, krɔɔs a wɔde di dwuma wɔ ɔsom mu nso, nkakrankakra Onyankopɔn nkurɔfo behui sɛ ɛyɛ abosonsom.—Hes. 14:6.

28. Yɛka sɛ Yehowa nkurɔfo san kɔɔ wɔn asaase so a, ɛkyerɛ sɛn?

28 BƆHYƐ 2. Onyankopɔn nkurɔfo san kɔɔ wɔn asaase so kɔsom Onyankopɔn nokware mu. Bere a nokware Kristofo fii Babilon Kɛse no mu no, afei de na wɔaba wɔn ankasa asaase so, kyerɛ sɛ, na wɔaba honhom fam paradise no mu. Enti na wɔrenni honhom fam kɔm bio. (Kenkan Hesekiel 34:13, 14.) Sɛ yedu nhoma yi Ti 19 a, yebehu sɛ Yehowa ahyira saa asaase no, na sɛnea wama honhom fam aduan abu n’asomfo so no, ebi mmae saa da.—Hes. 11:17.

29. Afe 1919 no, sɛn na wɔhyɛɛ asɛnka adwuma no ho nkuran?

29 BƆHYƐ 3. Wɔbɛsan abɔ afɔre ama Yehowa wɔ n’afɔremuka so. Asomafo no bere so no, wɔmaa Kristofo no hui sɛ ɛnyɛ mmoa na wɔde bɛbɔ afɔre ama Onyankopɔn, na mmom wɔbɛbɔ afɔre a ɛsom bo koraa sen saa. Saa afɔre no ne nsɛm a wɔbɛka de ayi Yehowa ayɛ ne Yehowa ho asɛm a wɔbɛka akyerɛ afoforo no. (Heb. 13:15) Mfe pii a Babilon Kɛse no bunkam Onyankopɔn nkurɔfo so no mu no, na ahyehyɛde biara nni hɔ a edi wɔn anim ma wɔsom Onyankopɔn na wɔka asɛmpa no. Nanso ansa na wɔrede wɔn ho koraa afi Babilon Kɛse no ho mpo no, na wɔahyɛ ase de ayeyi afɔre a ɛte saa rema Onyankopɔn dedaw. Ná wɔde nsi reyɛ asɛnka adwuma no, na na wɔde anigye reyi Onyankopɔn ayɛ wɔ Kristofo nhyiam ahorow ase. Efi afe 1919 reba no, “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no de wɔn ani sii asɛnka adwuma no so paa, na wɔyɛɛ ɛho nhyehyɛe pa. (Mat. 24:45-47) Afei de, na Onyankopɔn nkurɔfo redɔɔso paa. Wɔhyɛɛ Onyankopɔn din kronkron no anuonyam, na wɔbɔɔ afɔre pii maa Yehowa wɔ n’afɔremuka so!

30. Dɛn na Yesu yɛe a ɛmaa ne nkurɔfo nyaa nguanhwɛfo pa?

30 BƆHYƐ 4. Wobeyi nguanhwɛfo bɔne afi wɔn mu. Kristoman mu nguanhwɛfo atorofo a wɔn suban nye na wɔn tirim yɛ den no, Kristo maa Onyankopɔn nkurɔfo dee wɔn ho fii wɔn ho. Asafo no mu nso, nguanhwɛfo a na wɔyɛ wɔn ade te sɛ Kristoman mu nguanhwɛfo no, wogyee ɔsom hokwan a na wɔwɔ no fii wɔn nsam. (Hes. 20:38) Yesu a ɔne Oguanhwɛfo Pa no yɛɛ nhyehyɛe a ɛbɛma wɔayɛn ne nguan no yiye. Enti afe 1919 no, ɔpaw akoa nokwafo ne ɔbadwemma no. Saa nokware Kristofo kakraa bi a wɔasra wɔn yi hwɛɛ Onyankopɔn nkurɔfo so yiye, na wodii wɔn anim maa wɔn honhom fam aduan. Bere rekɔ so no, wɔtetee asafo mu mpanyimfo ma wɔboaa akoa nokwafo ne ɔbadwemma no ma wɔhwɛɛ “Onyankopɔn nguankuw” no so. (1 Pet. 5:1, 2) Mpɛn pii no, wɔde asɛm a ɛwɔ Hesekiel 34:15, 16 no boa Kristofo ahwɛfo ma wohu sɛnea Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo pɛ sɛ wɔhwɛ nguan no.

31. Ɔkwan bɛn so na Yehowa maa nkɔmhyɛ a ɛwɔ Hesekiel 11:19 no baa mu?

31 BƆHYƐ 5. Yehowa asomfo bɛyɛ baako. Mfe pii ni, Kristoman mu apaapae ayɛ akuw bebree, na wɔanya matew-me-ho akuw pii a wɔn ani nhyia. Nanso Yehowa ayɛ anwonwade ama ne nkurɔfo a wɔresom no nokwarem no. Ɔnam Hesekiel so hyɛɛ bɔ sɛ: “Mɛma wɔayɛ baako.” Saa bɔhyɛ no abam paa. (Hes. 11:19) Wokɔ wiase baabiara a, Kristo wɔ akyidifo ɔpepem pii. Saa nkurɔfo yi, ɛsono ɔsom a na wɔwom, abusua a wofi mu, sɛnea wɔn sikasɛm te, ne wɔn asetenam nsɛm. Nanso wɔn nyinaa, nokware koro no ara na wɔde kyerɛkyerɛ wɔn, na ɔsom adwuma koro no ara na wɔreyɛ. Wohwɛ sɛnea wɔde baakoyɛ reyɛ saa adwuma yi a, ɛyɛ nwonwa. Ade rebɛkye ama Yesu awu no, ɔbɔɔ mpae denneennen srɛɛ Yehowa sɛ ɔmma n’akyidifo no nyɛ baako. (Kenkan Yohane 17:11, 20-23.) Mpae a Yesu bɔe no, yebetumi aka sɛ yɛn bere yi so paa na Yehowa abua no kɛse.

32. Nokware som a wɔbɛma so bio ho nkɔmhyɛ ahorow a abam no, ɛma wote nka sɛn? (Hwɛ adaka a wɔato din “Yehowa Nkurɔfo a Wɔde Wɔn Kɔɔ Babilon Ne Nokware Som a Wɔmaa So Bio Ho Nkɔmhyɛ” no nso.)

32 Saa bere yi a wɔama nokware som so bio yi, ɛnyɛ wo dɛ sɛ wo nso wode w’ani ahu nneɛma a ɛrekɔ so wɔ Yehowa som mu no anaa? Sɛ yɛhwɛ ɔsom a yɛde rema Yehowa nnɛ no afã nyinaa a, yehu paa sɛ Hesekiel nkɔmhyɛ no anya mmamu. Yebetumi de ahotoso aka sɛ, seesei Yehowa agye ne nkurɔfo atom koraa sɛnea ɔnam Hesekiel so hyɛɛ nkɔm no. Ɔkaa sɛ: “Megye mo atom.” (Hes. 20:41) Yehowa nkurɔfo a Babilon Kɛse no bunkam wɔn so mfehaha pii no, seesei wɔade wɔn ho, wɔayɛ baako, wonya honhom fam aduan pa di, na wɔreyi Yehowa ayɛ wɔ wiase baabiara. Wubu no sɛ ɛyɛ hokwan kɛse sɛ woka wɔn ho anaa? Anigyesɛm ne sɛ, Hesekiel nkɔmhyɛ a ɛfa nokware som a wɔbɛma so bio ho no, emu bi benya mmamu kɛse daakye.

“Abɛyɛ Sɛ Eden Turo”

33-35. (a) Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Hesekiel 36:35 no, Yudafo a wɔwɔ Babilon no tee ase sɛn? (b) Ɛnnɛ nso, sɛn na Yehowa nkurɔfo te nkɔmhyɛ koro no ara ase? (Hwɛ adaka a wɔato din “Mmere a Wobesiesie Nneɛma Nyinaa” no nso.)

33 Sɛnea yɛadi kan ahu no, “mmere a wobesiesie nneɛma nyinaa” no fii ase bere a wɔsan maa ɔhene bi a ofi Dawid asefo mu bedii ade no. Ɔhene a yɛreka ne ho asɛm yi ne Yesu, na wɔde no sii agua so afe 1914. (Hes. 37:24) Dɛn na esii wɔ ɛno akyi? Yehowa nkurɔfo a na Babilon Kɛse no abunkam wɔn so mfe pii no, Yehowa maa Kristo tumi sɛ ɔnhwɛ mma wɔnsan nsom Yehowa nokware mu. Nanso adwuma a Kristo reyɛ de asiesie nneɛma no, ɛhɔ ara na ɔde bɛso anaa? Ɛnte saa koraa! Daakye, Yesu bɛtoa saa adwuma no so wɔ ɔkwan soronko so. Hesekiel nkɔmhyɛ ahorow no ma yehu anigyesɛm a ɛbɛkɔ so saa bere no.

34 Wo de, hwɛ asɛm a Onyankopɔn kae yi: “Nkurɔfo bɛka sɛ: ‘Asaase a na asɛe pasaa no abɛyɛ sɛ Eden turo.’” (Hes. 36:35) Saa asɛm no, Hesekiel ne ne mfɛfo a na wɔwɔ Babilon no tee ase sɛn? Yebetumi aka sɛ, na wɔnhwɛ kwan sɛ wɔn asaase no bɛyɛ te sɛ Eden turo anaa Paradise a Yehowa ankasa yɛe no! (Gen. 2:8) Mmom no, wɔtee ase sɛ na Yehowa rema wɔn awerɛhyem sɛ, wɔn asaase a ɔde bɛma wɔn bio no bɛyɛ fɛ, na ɛbɛsow aba ama wɔanya aduan pii.

35 Ɛnnɛ nso, sɛn na yɛte bɔhyɛ koro no ara ase? Ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ asaase yi bɛdan Paradise wɔ wiase bɔne a Satan Ɔbonsam di so yi mu. Mmom yɛte ase sɛ, saa asɛm no abam wɔ honhom fam nnɛ. Yɛn a yɛyɛ Yehowa asomfo no, yɛte honhom fam paradise. Nea wei kyerɛ ne sɛ, yɛyɛ nnwuma pa de hyɛ Yehowa anuonyam, yɛboa afoforo, na Yehowa som ne ade a ɛho hia yɛn paa wɔ yɛn asetenam. Honhom fam paradise no, ade rekye a ade resa nyinaa, ɛrenya nkɔso. Na daakye nso ɛ?

36, 37. Nkɔmhyɛ ahorow bɛn na daakye ɛbɛbam wɔ Paradise?

36 Ɔko kɛse a ɛne Armagedon no ba awiei a, adwuma a Yesu reyɛ de asiesie nneɛma no, ɔbɛtrɛw mu ama ebi aka yɛn asaase yi mpo. Mfirihyia Apem Nniso no mu no, Yesu bɛkyerɛ nnipa kwan ama wɔadan asaase nyinaa paradise, na ayɛ te sɛ Eden turo no. Saa ara na Yehowa pɛ sɛ yɛn asaase no yɛ! (Luka 23:43) Saa bere no, nnipa nyinaa bɛtena ase asomdwoe mu, na yɛbɛhwɛ asaase yi so yiye. Biribiara remmɔ yɛn hu, na asiane rento obiara wɔ baabiara. Wo de, twa ho mfoni sɛ saa bɔhyɛ yi abam: “Me ne wɔn bɛyɛ asomdwoe apam, na mɛpam wuram mmoa bɔne afi asaase no so, na wɔbɛtena sare so dwoodwoo na wɔadeda kwae mu.”—Hes. 34:25.

37 Wo de, dwen saa asɛm no ho hwɛ. Wubetumi akɔ asaase yi so baabiara a wopɛ a worensuro hwee. Aboa biara renyɛ wo bɔne. Biribiara nni hɔ a ɛbɛsɛe w’asomdwoe. Wo nko ara wubetumi anantenantew kwaebirentuw mu ahwɛ nneɛma fɛfɛɛfɛ a ɛwɔ hɔ no. Wubetumi mpo ada kwae no mu a hwee renyɛ wo, na wobɛtew w’ani no, na wo ho abae wo a wo ho baabiara mmu wo dwɛ!

Fa w’ani bu bere a yebetumi ‘ada kwae mu’ a yɛrensuro hwee (Hwɛ nkyekyɛm 36, 37)

38. Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Hesekiel 28:26 a ebenya mmamu daakye no, wote nka sɛn wɔ ho?

38 Afei nso, saa bɔhyɛ yi bɛbam ama yɛahu: “Wɔbɛtena [asaase no] so dwoodwoo na wɔasisi adan ayeyɛ bobe mfuw. Sɛ mibu wɔn a wɔatwa wɔn ho ahyia a wodi wɔn ho fɛw no atɛn a, wɔbɛtena ase dwoodwoo; na wobehu sɛ mene Yehowa wɔn Nyankopɔn.” (Hes. 28:26) Sɛ Yehowa yi n’atamfo nyinaa fi hɔ a, yebenya asomdwoe ne ahobammɔ wɔ asaase nyinaa so. Yɛbɛhwɛ asaase no so yiye, na yebetumi nso ahwɛ yɛn ho ne yɛn adɔfo nyinaa. Yebesisi adan kama atena mu ama yɛn ho atɔ yɛn, na yɛayeyɛ bobe mfuw.

39. Adɛn nti na wugye di paa sɛ Hesekiel nkɔmhyɛ a ɛfa Paradise ho no bɛba mu?

39 Wohwɛ bɔhyɛ ahorow yi a, ɛyɛ adaeso ara kwa? Sɛ saa na w’adwene yɛ wo a, ɛnde nneɛma a wode w’ani ahu sɛ ɛrekɔ so wɔ bere a ‘wɔresiesie nneɛma nyinaa’ yi mu no, san susuw ho. Wo de hwɛ, ɛmfa ho sɛ Satan reko tia nokware som denneennen no, Yehowa ama Yesu tumi ma wama nokware som so bio wɔ wiase a aduru sum kabii yi mu. Wei yɛ adanse kɛse paa a ɛkyerɛ sɛ, ɛbɔ a Onyankopɔn nam Hesekiel so ahyɛ no, ne nyinaa bɛbam!

a Yudafo a na wɔwɔ Babilon no, na wɔn mu dodow no ara nte Babilon kurow no mu ankasa. Wohwɛ Hesekiel sɛɛ a, na ɔne ne mfɛfo Yudafo binom te Asubɔnten Kebar no ho. (Hes. 3:15) Nanso na Yudafo no mu kakraa bi te Babilon kurow no ankasa mu. Ná wɔn mu bi yɛ “ahemfo asefo ne adehye.”—Dan. 1:3, 6; 2 Ahe. 24:15.

b Sɛ nhwɛso no, Protestantfo a wɔde nsakrae baa Kristosom mu wɔ afeha a ɛto so 16 mu no, ebetumi aba sɛ na wɔn mu bi yɛ Kristofo a wɔasra wɔn, nanso yɛrentumi nsi no pi.