Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 8

‘Mede Oguanhwɛfo Baako Besi Wɔn So’

‘Mede Oguanhwɛfo Baako Besi Wɔn So’

HESEKIEL 34:23

NEA ƐWOM: Nkɔmhyɛ nnan a ɛfa Mesia no ho a ɛbaa mu wɔ Kristo so

1-3. Adɛn nti na na Hesekiel werɛ ahow saa, na afei dɛn na honhom kaa no ma ɔkyerɛwee?

 NÁ HESEKIEL atena Babilon mfe nsia. a Afe a ɛto so nsia no mu no, na biribi ama Hesekiel werɛ ahow paa. Ɛne sɛ, na Yuda man no ahemfo nni ɔman no so yiye. Ná Yuda man yi da Hesekiel koma so paa, efisɛ ɛhɔ na na ofi. Nanso baabi a na ɔwɔ no, na ɔne kurow no ntam kwan ware. Hesekiel huu ahemfo ahorow pii a wodii ade wɔ ne bere so.

2 Bere a wɔwoo Hesekiel no, Ɔhene Yosia a na ɔyɛ ɔnokwafo no na na ɔredi ade. Yosia bere so no, obubuu ahoni a wɔasen no, na ɔmaa nokware som so bio wɔ Yuda. Yebetumi aka sɛ bere a Hesekiel tee nea Yosia ayɛ no, n’ani gyei paa. (2 Be. 34:1-8) Nanso nsakrae a Yosia de bae no, ankyɛ efisɛ ahemfo a wodii n’akyi bae no mu pii kɔɔ so ara som abosom. Ɛnyɛ nwonwa sɛ saa ahemfo bɔne yi bere so no, ɔman no som ne wɔn abrabɔ kɔɔ so ara sɛee. Nanso yemmisa sɛ, na anidaso nyinaa asa anaa? Daabida!

3 Yehowa de ne honhom kaa ne diyifo nokwafo no ma ɔkyerɛw nkɔmhyɛ bi faa Mesia no ho. Akyiri yi, ɔkyerɛw Mesia no ho nkɔmhyɛ afoforo. Nkɔmhyɛ ahorow no kyerɛe sɛ Mesia no bɛyɛ Ɔhene ne Oguanhwɛfo daakye. Ɔno na na ɔbɛma nokware som so afebɔɔ, na wahwɛ Yehowa nguan so yiye. Ɛsɛ sɛ yɛtɔ yɛn bo ase sua saa nkɔmhyɛ ahorow no, efisɛ daa nkwa a yebenya daakye no gyina so. Ɛnde, momma yensusuw Mesia nkɔmhyɛ nnan a ɛwɔ Hesekiel nhoma no mu no ho.

Dua “Nkɔnmu a Afefɛw” Bɛyɛɛ “Sida Dua Kɛse”

4. Nkɔm bɛn na Hesekiel hyɛe, na ansa na Hesekiel reka nkɔmhyɛ no mu nsɛm ankasa no, dɛn na Yehowa ma ɔyɛe?

4 Bɛyɛ afe 612 A.Y.B. mu no, Yehowa de n’asɛm brɛɛ Hesekiel. Ɔmaa Hesekiel hyɛɛ nkɔm bi a ɛma yehu baabi a Mesia Ahenni no mu bɛtrɛw akodu, ne nea enti a ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to Ahenni no so. Nanso ansa na Hesekiel reka nkɔmhyɛ no mu nsɛm ankasa no, Yehowa ma ɔkaa akasabebu bi kyerɛɛ ne mfɛfo atukɔfo no. Ná akasabebu no fa sɛnea Yuda atumfo no anni Yehowa nokware no ho, na esii so dua sɛ yehia Ɔhene a ɔyɛ Mesia a obedi ade trenee mu.—Hes. 17:1, 2.

5. Asɛntitiriw bɛn na ɛwɔ akasabebu no mu?

5 Kenkan Hesekiel 17:3-10. Asɛntitiriw a ɛwɔ akasabebu no mu ni: “Ɔkɔre kɛse” bi buu sida dua no mmaa a ɛwɔ ne nkɔnmu no, na okoduae wɔ “aguadifo kurow bi so.” Ɛno akyi no, ɔkɔre no faa “asaase no so aba no bi,” na okoduae wɔ asaase pa bi so. Ná “nsu pii” wɔ asaase no so. Aba no nyinii na ɛbɛyɛɛ “bobe dua a ɛtene wɔ fam.” Afei “ɔkɔre kɛse” foforo a ɔto so mmienu bae. Bobe no “trɛw ne ntini mu” kɔɔ ɔkɔre a ɔto so mmienu no so, na na ɔpɛ sɛ ɔkɔre no kodua no wɔ asaase foforo a nsu pii wɔ so so. Yehowa kasa tiaa nea bobe no yɛe no, na ɔkaa sɛ obi betutu bobe no ntini ama ‘awu.’

Ná ɔkɔre kɛse a odi kan no gyina hɔ ma Babilon hene Nebukadnesar (Hwɛ nkyekyɛm 6)

6. Ná akasabebu no kyerɛ sɛn?

6 Ná akasabebu no kyerɛ sɛn? (Kenkan Hesekiel 17:11-15.) Afe 617 A.Y.B. mu no, Babilon hene Nebukadnesar (“ɔkɔre kɛse” a odi kan no) betwaa Yerusalem ho hyiae. Otuu Yuda hene Yehoiakin (“dua no mmaa a ɛwɔ ne nkɔnmu no”) fii ahengua no so na ɔde no kɔɔ Babilon (“aguadifo kurow bi so”). Nebukadnesar de Sedekia (“asaase no so aba,” kyerɛ sɛ, adehye asefo no mu baako) sii ahengua so wɔ Yerusalem. Ɔmaa Yudafo hene foforo yi kaa ntam wɔ Onyankopɔn din mu sɛ ɔbɛbrɛ ne ho ase ahyɛ ɔno Nebukadnesar ase. (2 Be. 36:13) Nanso Sedekia buu ntam a ɔkae no so, na ɔtew Babilon so atua. Sedekia kɔhwehwɛɛ mmoa fii Egypt hene Farao (“ɔkɔre kɛse” a ɔto so mmienu no) hɔ, nanso ankosi hwee. Esiane sɛ Sedekia anni nokware na obuu ntam no so nti, Yehowa kasa tiaa no. (Hes. 17:16-21) Awiei koraa no, wotuu Sedekia ade so, na owui wɔ Babilon afiase.—Yer. 52:6-11.

7. Dɛn na yebetumi asua afi akasabebu a ɛyɛ nkɔmhyɛ no mu?

7 Dɛn na yebetumi asua afi akasabebu a wɔde hyɛɛ nkɔm yi mu? Nea edi kan, esiane sɛ yɛsom Yehowa nokware mu nti, sɛ yɛka asɛm a, ɛsɛ sɛ yedi so. Yesu kaa sɛ: “Momma mo ‘Yiw’ nyɛ yiw, na mo ‘Daabi’ nyɛ daabi.” (Mat. 5:37) Sɛ ɛho hia sɛ yɛka ntam wɔ Onyankopɔn anim sɛ yebedi asɛm bi mu nokware wɔ baabi te sɛ asɛnnibea a, ɛsɛ sɛ yɛfa ntam a ɛte saa no aniberesɛm. Nea ɛto so mmienu, ɛnyɛ obiara kɛkɛ na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to no so. Bible bɔ yɛn kɔkɔ sɛ: “Mommfa mo ho nnto ɔdehye anaa onipa ba so, efisɛ ɔrentumi nnye obiara nkwa.”—Dw. 146:3.

8-10. Ɔhene a ɔyɛ Mesia a na ɔbɛba daakye no, Yehowa kaa ne ho asɛm sɛn, na sɛn na nkɔmhyɛ no baa mu? (Hwɛ adaka a wɔato din “Nkɔmhyɛ a Ɛfa Mesia No Ho—Sida Dua Kɛse No” nso.)

8 Nanso sodifo bi wɔ hɔ a ɔfata paa sɛ yenya ne mu ahotoso na yegye no di. Bere a Yehowa de akasabebu hyɛɛ nkɔm a ɛfa dua nkɔnmu a wokoduae ho wiei no, ɔnam saa akasabebu no ara so kaa Ɔhene a ɔyɛ Mesia a na ɔbɛba daakye no ho asɛm.

9 Nkɔmhyɛ no mu nsɛm ni. (Kenkan Hesekiel 17:22-24.) Seesei de, ɛnyɛ akɔre akɛse na ɛbɛyɛ biribi, mmom Yehowa ankasa na ɔbɛyɛ. Yehowa bebu “sida dua kokuroo no nkɔnmu a afefɛw no bi akodua . . . wɔ bepɔw tenten kokuroo bi so.” Dua no nkɔnmu no benyin abɛyɛ “sida dua kɛse,” na “nnomaa ahorow nyinaa bi” bɛba ase. Afei “wuram nnua nyinaa” behu sɛ Yehowa ankasa na wama dua kɛse no anyin.

10 Sɛnea nkɔmhyɛ no aba mu. Yehowa buu ne Ba Yesu Kristo fii Dawid asefo a wɔyɛ ahemfo (“sida dua kokuroo”) no so, na okoduaa no wɔ Sion Bepɔw a ɛwɔ soro (“bepɔw tenten kokuroo”) no so. (Dw. 2:6; Yer. 23:5; Adi. 14:1) Nea wei kyerɛ ne sɛ, Yehowa faa ne Ba a na n’atamfo bu no sɛ “onipa a wɔmfa no nyɛ hwee koraa no,” na ɔmaa no so bere a ɔde “n’agya Dawid ahengua” maa no no. (Dan. 4:17; Luka 1:32, 33) Yesu Kristo a ɔyɛ Mesia Ahenni no so hene no bɛyɛ sɛ sida dua kɛse. Obefi soro adi asaase nyinaa so hene, na wɔn a obedi wɔn so no nyinaa benya nhyira. Yesu Kristo ne Sodifo a yebetumi de yɛn ho ato no so. Nnipa ahobrɛasefo a wɔwɔ asaase so nyinaa bɛtena Yesu Ahenni no nwini ase, na ‘wɔbɛtena hɔ komm na wɔn ho adwo wɔn a wɔrensuro mmusu.’—Mmeb. 1:33.

11. Nkɔmhyɛ a ɛfa ‘dua nkɔnmu a afefɛw’ a ɛbɛyɛɛ “sida dua kɛse” ho no, ade titiriw bɛn na yebetumi asua afi mu?

11 Dɛn na yebetumi asua afi nkɔmhyɛ no mu? Nkɔmhyɛ a ɛyɛ anigye a ɛfa ‘dua nkɔnmu a afefɛw’ a ɛbɛyɛɛ “sida dua kɛse” ho no ma yenya asɛmmisa a ɛho hia paa yi ho mmuae. Asɛmmisa no ne sɛ: Hena na yɛde yɛn ho bɛto no so? Nyansa nnim sɛ yɛde yɛn ho bɛto aban ahorow ne wɔn asraafo so. Sɛ yebenya ahobammɔ ankasa a, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn werɛ nyinaa hyɛ Mesia Ahenni no so hene Yesu Kristo mu, na yenya ne mu ahotoso. Ɔsoro ahenni a ɛhyɛ Yesu nsa no, ɛno nko ara ne nnipa nyinaa anidaso.—Adi. 11:15.

“Nea Ɛyɛ Ne Dea No”

12. Ɔkwan bɛn na Yehowa faa so maa emu daa hɔ sɛ apam a ɔne Dawid yɛe no da so ara yɛ adwuma?

12 Akasabebu a wɔde hyɛɛ nkɔm a ɛfa akɔre mmienu ho no, Yehowa kyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ Hesekiel ma ɔtee ase sɛ wobetu ɔhemmɔne Sedekia a ofi Dawid adehye abusua mu no afi agua so, na wɔde no akɔ Babilon. Ebia odiyifo no bisaa ne ho sɛ, ‘Na apam a Onyankopɔn ne Dawid yɛe sɛ ɔhene a ofi Dawid abusua mu bedi ade daa no nso ɛ?’ (2 Sam. 7:12, 16) Sɛ Hesekiel bisaa ne ho saa asɛm no a, ɛnde ankyɛ koraa na onyaa ho mmuae. Bɛyɛ afe 611 A.Y.B. mu, bere a na Yudafo no atena Babilon mfe nson no, na Ɔhene Sedekia da so ara di Yuda so. Saa bere no, Yehowa de n’asɛm brɛɛ Hesekiel. (Hes. 20:2) Yehowa ma ɔhyɛɛ nkɔm foforo faa Mesia no ho. Saa nkɔmhyɛ no maa emu daa hɔ sɛ apam a Onyankopɔn ne Dawid yɛe no da so ara yɛ adwuma. Nkɔmhyɛ no kyerɛe sɛ nea obedi Mesia Ahenni no so hene daakye no, ɔbɛyɛ Dawid aseni.

13, 14. Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Hesekiel 21:25-27 no, asɛntitiriw bɛn na ɛwom, na sɛn na nkɔmhyɛ no aba mu?

13 Nkɔmhyɛ no mu nsɛm ni. (Kenkan Hesekiel 21:25-27.) Ná bere aso sɛ wɔtwe “Israel obirɛmpɔn omumɔyɛfo” no aso, enti Yehowa nam Hesekiel so ma ohuu nea ɛbɛto no. Yehowa ka kyerɛɛ ɔhene otirimɔdenfo yi sɛ, wobegye ‘n’abotiri’ ne ‘n’ahenkyɛw’ (nneɛma a ɛkyerɛ sɛ obi yɛ ɔhene) afi ne nsam. Ɛba saa a, ahenni ahorow a na ɛwɔ hɔ saa bere no a na “abrɛ ase” no, wɔbɛma so, na ahenni ahorow a na “ɛwɔ soro” no, wɔbɛbrɛ no ase. Ahenni ahorow a abrɛ ase no, sɛ wɔma wɔn so a, wɔbɛkɔ so ara adi tumi akosi sɛ “nea ɛyɛ ne dea no bɛba.” Sɛ onya ba a, Yehowa de Ahenni no bɛma no.

14 Sɛnea nkɔmhyɛ no aba mu. Bere a wɔsɛee Yerusalem wɔ afe 607 A.Y.B mu no, Yuda ahenni a “ɛwɔ soro” a na ɛwɔ Yerusalem no, wɔbrɛɛ no ase. Saa bere no, Babilonfo sɛee kurow no na wɔde Ɔhene Sedekia a na wɔatu no ade so no kɔɔ wɔn kurom. Ɛbaa saa no, na ɔhene biara nni hɔ a ofi Dawid asefo mu a odi ade wɔ Yerusalem. Enti wɔmaa amanaman no ahenni ahorow a na “abrɛ ase” no so ma wodii asaase so. Nanso na ɛbɛyɛ bere tiaa bi. “Mmere a wɔde ama amanaman no” baa awiei afe 1914, bere a Yehowa de Yesu Kristo sii agua so sɛ ɔhene no. (Luka 21:24) Esiane sɛ Yesu yɛ Ɔhene Dawid aseni nti, ɔno na na Mesia Ahenni no ‘yɛ ne dea.’ b (Gen. 49:10) Enti, ɛbɔ a Yehowa hyɛe sɛ ɔbɛma Dawid aseni bi adi ade afebɔɔ na n’Ahenni remma awiei da no, ɛbaa mu wɔ Yesu so.—Luka 1:32, 33.

Yesu na ɔfata sɛ odi Onyankopɔn Ahenni no so hene (Hwɛ nkyekyɛm 15)

15. Adɛn nti na yebetumi de yɛn ho ato Ɔhene Yesu Kristo so?

15 Dɛn na yebetumi asua afi nkɔmhyɛ no mu? Ɛne sɛ, yebetumi afi yɛn koma nyinaa mu de yɛn ho ato Ɔhene Yesu Kristo so. Adɛn ntia? Efisɛ Yesu nte sɛ wiase atumfo. Wɔn de, nnipa na wɔtow aba yi wɔn, na ebinom mpo de, wɔde anuɔden na egye tumi. Nanso Yesu de, Yehowa ankasa na wapaw no de “ahenni” no ama no, efisɛ ɔno na adedi no wɔ no. (Dan. 7:13, 14) Akyinnye biara nni ho sɛ, Ɔhene a Yehowa ankasa apaw no no, ɛfata sɛ yɛde yɛn ho to no so!

‘M’akoa Dawid Bɛyɛ Wɔn Hwɛfo’

16. Yehowa te nka sɛn wɔ ne nguan ho, na sɛn na “Israel nguanhwɛfo” a na wɔwɔ Hesekiel bere so no ne nguan no dii?

16 Yehowa ne Oguanhwɛfo Kɛse no, na odwen n’asomfo a wɔwɔ asaase so a wɔte sɛ nguan no yiyedi ho paa. (Dw. 100:3) Sɛ ɔde ne nguan no hyɛ asafo mu mpanyimfo nsa a, ɔde n’ani di akyi hwɛ sɛnea wɔne nguan no di. Wo de, fa w’adwene bu sɛnea Yehowa tee nka wɔ “Israel nguanhwɛfo” no ho wɔ Hesekiel bere so. Saa ahwɛfo a na wɔn ani nwu ade no ‘hyɛɛ nguan no so dii wɔn ani.’ Wei nti, nguan no huu amane, na ɛmaa pii gyaee nokware som.—Hes. 34:1-6.

17. Dɛn na Yehowa yɛ de yii ne nguan fii nguanhwɛfo no anom?

17 Dɛn na na Yehowa bɛyɛ? Wɔn a na wodi Israel so a wɔhyɛ nguan no so no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mɛma wɔabu me nguan ho akontaa.” Afei ɔhyɛɛ bɔ sɛ: “Meyi me nguan afi wɔn anom.” (Hes. 34:10) Yehowa hyɛ bɔ biara a, odi so. (Yos. 21:45) Afe 607 A.Y.B. mu no, Yehowa yii ne nguan no fii nguanhwɛfo no anom. Babilonfo a wɔtow hyɛɛ Yuda so no, Yehowa ma wotuu saa nguanhwɛfo a wɔyɛ adifudepɛ no nyinaa fii ade so. Mfe 70 akyi no, ogyee n’asomfo a wɔte sɛ nguan no fii Babilon, na ɔde wɔn san baa wɔn kurom sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛma nokware som so bio. Nanso na Yehowa nguan no nnee wɔn ho koraa, efisɛ na wiase atumfo bɛkɔ so ara adi wɔn so. Ná ebegye mfe pii ansa na “mmere a wɔde ama amanaman no” aba awiei.—Luka 21:24.

18, 19. Nkɔm bɛn na Hesekiel hyɛe wɔ afe 606 A.Y.B. mu? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ ti yi mfiase no.)

18 Bere a wɔsɛee Yerusalem no, na afe a edi hɔ no yɛ afe 606 A.Y.B. Ná aka mfe pii ansa na wɔagye Israelfo no afi Babilon. Saa bere no, Yehowa maa Hesekiel hyɛɛ nkɔm bi a na ɛkyerɛ sɛ Oguanhwɛfo Kɛse no dwen ne nguan ho paa, na ɔpɛ sɛ wɔtena ase afebɔɔ. Nkɔmhyɛ yi ma yehu sɛnea Ɔhene a ɔyɛ Mesia no bɛhwɛ Yehowa nguan so.

19 Nkɔmhyɛ no mu nsɛm ni. (Kenkan Hesekiel 34:22-24.) Onyankopɔn de “oguanhwɛfo baako” besi ne nguan so. Saa oguanhwɛfo no, Onyankopɔn frɛ no “m’akoa Dawid.” Nsɛm a Onyankopɔn de dii dwuma wɔ ha ne “oguanhwɛfo baako,” ne ‘akoa.’ Saa nsɛm yi ma yehu sɛ, sɛ Ɔhene yi ba bedi ade a, ahemfo foforo a wofi Dawid asefo mu renni n’akyi mma, mmom ɔno nko ara ne Dawid aseni a obedi ade afebɔɔ. Ɔhene yi a ɔsan yɛ Oguanhwɛfo no bɛma nguan no aduan, na ɔbɛyɛ “obirɛmpɔn wɔ wɔn mu.” Yehowa ne ne nguan no bɛyɛ “asomdwoe apam.” ‘Ɔbɛtɔ nhyira agu wɔn so sɛ nsu,’ na wɔn ani begye, wobenya ahobammɔ, na ebesi wɔn yiye. Asomdwoe a ɛbɛtena nnipa ntam no da nkyɛn a, nnipa ne mmoa mpo, asomdwoe bɛba wɔn ntam!—Hes. 34:25-28.

20, 21. (a) Nkɔmhyɛ a ɛfa asɛm a ɛne “m’akoa Dawid” ho no, sɛn na aba mu? (b) “Asomdwoe apam” a Hesekiel kaa ho asɛm no, sɛn na ɛbɛba mu daakye?

20 Sɛnea nkɔmhyɛ no aba mu. Yehowa frɛɛ Ɔhene yi “m’akoa Dawid” de kyerɛe sɛ, Yesu ne Dawid aseni a ahenni no yɛ ne dea no. (Dw. 89:35, 36) Bere a na Yesu wɔ asaase so no, ɔkyerɛe sɛ ɔno ne “oguanhwɛfo pa no.” ‘Ɔde ne nkwa too hɔ maa nguan no.’ (Yoh. 10:14, 15) Nanso seesei ofi soro na ɔhwɛ ne nguan. (Heb. 13:20) Afe 1914 mu no, Onyankopɔn de Yesu sii agua so sɛ Ɔhene, na ɔde hyɛɛ ne nsa sɛ ɔnyɛn Onyankopɔn nguan a wɔwɔ asaase so no, na ɔmma wɔn aduan. Ɛno akyi no, ankyɛ na Ɔhene a wɔde no asi agua so foforo no paw “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no wɔ afe 1919 mu sɛ ɔmma ‘asomfo’ no aduan. Asomfo no yɛ Onyankopɔn asomfo anokwafo a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛkɔ soro anaa wɔbɛtena asaase so no. (Mat. 24:45-47) Kristo kyerɛ akoa nokwafo no kwan ma wɔkɔ so ma Onyankopɔn nguan no honhom fam aduan di mee. Saa aduan no aboa ama wɔanya asomdwoe ne ahobammɔ wɔ honhom fam paradise no mu. Honhom fam paradise yi da so ara renya nkɔso.

21 Hesekiel kaa “asomdwoe apam” ne nhyira a Yehowa bɛtɔ agu ne nkurɔfo so sɛ nsu ho asɛm. Sɛn na saa nsɛm yi bɛba mu daakye? Wiase foforo a ɛreba no mu no, Yehowa asomfo a wɔsom no nokwarem wɔ asaase so no benya nhyira a “asomdwoe apam” no de bɛba no nyinaa bi. Sɛ asaase nyinaa dan paradise a, nneɛma te sɛ ɔko, nsɛmmɔnedi, ɔkɔm, yare, ne nkekaboa renhaw nnipa anokwafo bio. (Yes. 11:6-9; 35:5, 6; 65:21-23) Yɛwɔ anidaso sɛ daakye yɛbɛtena paradise asaase so. Ɛhɔ no, Onyankopɔn nguan no ‘bɛtena ase dwoodwoo, na obiara renhunahuna wɔn.’ Sɛ wudwinnwen anidaso yi ho a, w’ani nnye anaa?—Hes. 34:28.

Yesu fi soro hwɛ ne nguan, na sɛnea asafo mu mpanyimfo ne Onyankopɔn nguan no di no, ɔde n’ani di akyi (Hwɛ nkyekyɛm 22)

22. Yesu te nka sɛn wɔ nguan no ho, na dɛn na ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo yɛ de suasua Yesu?

22 Dɛn na yebetumi asua afi nkɔmhyɛ no mu? Yesu te sɛ n’Agya, enti n’ani ku nguan no ho yiye paa. Ɔhene a ɔsan yɛ Oguanhwɛfo yi hwɛ ma n’Agya nguan no didi yiye. Afei ɔhwɛ sɛ wɔwɔ asomdwoe ne ahobammɔ wɔ honhom fam paradise no mu. Sɛ yedwinnwen ho sɛ Ɔhene a ɔte saa na ɔredi yɛn so a, ɛnkyekye yɛn werɛ anaa? Sɛnea Yesu ani ku nguan no ho no, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔsom sɛ asafo mu mpanyimfo nso yɛ saa ara. Ɛsɛ sɛ ‘woyi wɔn yam’ hwɛ nguan no so, na wɔyɛ no “anigye” so. Afei nso, ɛsɛ sɛ wɔyɛ nhwɛso pa ma nguan no suasua. (1 Pet. 5:2, 3) Ɛnsɛ sɛ ɛba da sɛ ɔpanyin bi bɛteetee Yehowa nguan no bi! Kae asɛm a Yehowa ka kyerɛɛ Israel nguanhwɛfo a na wɔhyɛ nguan no so wɔ Hesekiel bere so no. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mɛma wɔabu me nguan ho akontaa.” (Hes. 34:10) Sɛnea asafo mu mpanyimfo hwɛ nguan no, Oguanhwɛfo Kɛse no ne ne Ba no de wɔn ani di akyi.

“M’akoa Dawid Na Ɔbɛyɛ Wɔn Birɛmpɔn Daa”

23. Ɛbɔ bɛn na Yehowa hyɛ de kyerɛe sɛ ɔbɛma nkabom aba Israelfo no ntam, na ɔmaa saa bɔhyɛ no baa mu sɛn?

23 Yehowa pɛ sɛ n’asomfo nyinaa de baakoyɛ som no. Bere a Onyankopɔn rehyɛ nkabom a ɛbɛba Israelfo ntam ho nkɔm no, ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛboaboa wɔn ano. Wei kyerɛ sɛ ɔbɛka Yuda mmusuakuw mmienu ahemman no ne Israel mmusuakuw du ahemman no abom. Ɔbɛma wɔayɛ “ɔman baako,” te sɛ nea waka “nnua” mmienu abom ama “ayɛ dua baako” wɔ ne nsam. (Hes. 37:15-23) Onyankopɔn maa Israel man a wɔayɛ baako no san baa Bɔhyɛ Asaase no so afe 537 A.Y.B. mu maa nkɔmhyɛ yi baa mu. c Nanso na saa baakoyɛ no yɛ nea ɛbɛba daakye no ho nhwɛso ketewaa bi. Baakoyɛ a na ɛbɛba daakye no de, edi mu koraa, na ɛbɛtena hɔ daa. Bere a Yehowa hyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛka Israelfo abom no, ɔkaa nea ɔbɛyɛ daakye kyerɛɛ Hesekiel. Ɔkyerɛɛ no sɛnea Sodifo a ɔbɛba daakye no bɛka Yehowa asomfo abom wɔ wiase nyinaa na wɔn baakoyɛ no nso atena hɔ daa.

24. Dɛn na Yehowa ka faa Ɔhene a ɔyɛ Mesia no ho, na sɛn na saa Ɔhene yi nniso bɛyɛ?

24 Nkɔmhyɛ no mu nsɛm ni. (Kenkan Hesekiel 37:24-28.) Ɛha nso, Yehowa san frɛɛ Ɔhene a ɔyɛ Mesia no “m’akoa Dawid,” “oguanhwɛfo baako,” ne ‘obirɛmpɔn.’ Abodin ahorow yi da nkyɛn a, Yehowa san frɛɛ Nea Wɔahyɛ Ne Ho Bɔ no sɛ “ɔhene.” (Hes. 37:22) Sɛn na saa Ɔhene yi aban bɛyɛ? N’aban rentwam da. Nsɛmfua a ɛne “daa” ne “afebɔɔ” a wɔde dii dwuma no kyerɛ sɛ nhyira a ɛbɛba wɔ Ɔhene no aban mu no remma awiei da. d Wɔn a obedi wɔn so no nyinaa bɛyɛ baako. Nnipa anokwafo a “ɔhene baako” no bedi wɔn so no, ‘atemmusɛm’ anaa mmara koro no ara na wɔn nyinaa bedi so. Wɔn nyinaa bɛbom ‘atena asaase’ no so. Ɔhene no bɛma nnipa a odi wɔn so no abɛn Yehowa Nyankopɔn. Yehowa ne nnipa a Ɔhene no di wɔn so no bɛyɛ “asomdwoe apam.” Yehowa bɛyɛ wɔn Nyankopɔn, na wɔn nso ayɛ ne man. Yehowa de ne kronkronbea “besi wɔn mfinimfini afebɔɔ.”

25. Nkɔmhyɛ a ɛfa Ɔhene a ɔyɛ Mesia no ho no, sɛn na aba mu?

25 Sɛnea nkɔmhyɛ no aba mu. Afe 1919 mu no, Yehowa kaa anokwafo a wɔasra wɔn no boom de wɔn hyɛɛ “oguanhwɛfo baako,” Ɔhene Yesu Kristo a ɔyɛ Mesia no ase. Akyiri yi, “nnipakuw kɛse” a wofi “aman ne mmusuakuw ne nnipa ne kasa nyinaa mu” ne wɔn mfɛfo asomfo a wɔasra wɔn no bɛyɛɛ baako. (Adi. 7:9) Wɔn nyinaa abɛyɛ “kuw baako anya ɔhwɛfo baako.” (Yoh. 10:16) Sɛ wɔn anidaso ne sɛ wɔbɛkɔ soro oo, wɔbɛtena asaase so oo, wɔn nyinaa di Yehowa atemmusɛm anaa ne mmara so. Wei nti, wɔaka abom wɔ honhom fam paradise no mu, na wɔayɛ baako wɔ wiase nyinaa. Yehowa ama wɔanya asomdwoe pii, na ne kronkronbea a egyina hɔ ma nokware som no nso, ɛwɔ wɔn mfinimfini. Yehowa yɛ wɔn Nyankopɔn, na wɔn ani gye sɛ wɔbɛsom no nnɛ de akosi daa!

26. Dɛn na wobɛyɛ de aboa ma baakoyɛ akɔ so atena honhom fam paradise no mu?

26 Dɛn na yebetumi asua afi nkɔmhyɛ no mu? Yɛanya hokwan ne yɛn nuanom a wɔwɔ wiase nyinaa abom resom Yehowa nokware mu. Nanso saa hokwan no, asɛyɛde bata ho. Ɛne sɛ, ɛsɛ sɛ yɛboa ma baakoyɛ no kɔ so tena hɔ. Enti ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa yɛ yɛn fam de, na yɛkɔ so kura gyidi baako mu, na yɛbom yɛ adwuma a Yehowa de ahyɛ yɛn nsa no. (1 Kor. 1:10) Ne saa nti, yɛn nyinaa di honhom fam aduan baako, Bible no na ɛkyerɛ yɛn sɛnea ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra, na yɛn nyinaa de yɛn ho hyɛ Ahenni asɛmpaka ne asuafoyɛ adwuma no mu. Nanso nea ɛka yɛn bom paa ne ɔdɔ. Ɔdɔ ne suban ahorow bi na ɛnam. Ebi ne tema, ayamhyehye, ne bɔne fakyɛ. Sɛ yɛda suban ahorow yi adi a, ɛboa ma yɛne yɛn nuanom kɔ so yɛ baako. Bible ka sɛ: ‘Ɔdɔ yɛ hama a edi mu a ɛde nkabom ba.’—Kol. 3:12-14; 1 Kor. 13:4-7.

Baakoyɛ ne ɔdɔ a ɛwɔ Yehowa asomfo mu wɔ wiase nyinaa no, Yehowa hyira so (Hwɛ nkyekyɛm 26)

27. (a) Mesia no ho nkɔmhyɛ ahorow a ɛwɔ Hesekiel nhoma no mu no, wote nka sɛn wɔ ho? (b) Ti ahorow a edi hɔ wɔ nhoma yi mu no, dɛn na yebesua?

27 Yɛda Yehowa ase sɛ ɔmaa Hesekiel hyɛɛ Mesia no ho nkɔm wɔ ne nhoma no mu! Sɛ yɛkenkan nkɔmhyɛ a ɛfa yɛn Hene Yesu Kristo a yɛdɔ no ho na yedwinnwen ho a, ɛma yehu sɛ: Ɔno na Ahenni no yɛ ne dea, ɔfata sɛ yɛde yɛn ho to no so, ɔhwɛ yɛn so yiye, na ɔbɛhwɛ ama yɛde baakoyɛ atena ase daa. Yɛanya hokwan kɛse paa sɛ Ɔhene a ɔyɛ Mesia no di yɛn so! Momma yɛnkae sɛ, Mesia no ho nkɔmhyɛ ahorow yi, ɛka nokware som a wɔbɛma so bio a Bible mu nhoma a ɛne Hesekiel ka ho asɛm no ho. Yesu na Yehowa nam no so reboaboa Ne nkurɔfo nyinaa ano ama wɔasan asom No nokware mu. (Hes. 20:41) Nokware som a wɔbɛma so bio no yɛ anigyesɛm! Ti ahorow a edi hɔ wɔ nhoma yi mu no, yebesua ho ade na yɛahwɛ sɛnea Hesekiel nhoma no kyerɛkyerɛ mu.

a Bere a edi kan a wɔsoaa Yudafo no bi kɔɔ Babilon no yɛ afe 617 A.Y.B. mu. Enti, afe a ɛto so nsia no fii ase wɔ afe 612 A.Y.B. mu.

b Wɔahyɛ da ahyehyɛ Dawid asefo a na Yesu befi wɔn mu aba no wɔ Nsɛmpa no mu.—Mat. 1:1-16; Luka 3:23-31.

c Yebesusuw Hesekiel nkɔmhyɛ a ɛfa nnua mmienu no, ne sɛnea ɛbaa mu no ho wɔ nhoma yi Ti 12.

d Hebri asɛmfua a wɔkyerɛ ase “daa” anaa “afebɔɔ” no, nhoma bi ka ho asɛm sɛ: “Saa asɛmfua no ka bere tenten a biribi bedi ho asɛm. Nanso ɛsan kyerɛ biribi a ɛnsesa da, edi mu, entumi nsɛe, na etim nea etim.”