Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 18

“M’abufuw Bɛdɛw”

“M’abufuw Bɛdɛw”

HESEKIEL 38:18

NEA ƐWOM: Gog tow hyɛ Yehowa nkurɔfo so a, ɛbɛhyɛ Yehowa abufuw; Yehowa bɛko agye ne nkurɔfo wɔ Armagedon ko no mu

1-3. (a) Dɛn na Yehowa ‘abufuw’ no de bɛba? (b) Dɛn na yɛrebesusuw ho?

 ANUANOM mmarima, mmea, ne mmofra ahyia wɔ baabi, na wɔasɔre agyina hɔ ato Ahenni dwom bi. Wɔtoo dwom no wiei no, asafo mu panyin baako fii ne komam bɔɔ Yehowa mpae, na ɔsrɛɛ no sɛ ɔmmɔ wɔn ho ban. Asafo no mufo gye di sɛ Yehowa bɛhwɛ wɔn so, nanso wɔda so ara hia awerɛkyekye ne nkuranhyɛ. Adɛn ntia? Ɔko bi rekɔ so denneennen wɔ abɔnten, na wɔte gyegyeegye a ɛrekɔ so no nyinaa. Ɛyɛ ɔko bɛn? Armagedon ko no na afi ase!—Adi. 16:14, 16.

2 Armagedon ko no mu no, ɛwom sɛ Yehowa de ‘abufuw’ na ebekunkum nnipa de, nanso ɔrenkum obiara kɛkɛ. (Kenkan Hesekiel 38:18.) Afei nso, ɛnyɛ asraafokuw anaa ɔman baako bi na Yehowa de n’abufuw a ano yɛ hyew no bɛkɔ wɔn so, na mmom ɔde bɛkɔ nnipa bebree so wɔ asaase so baabiara. Wɔn a Yehowa bekunkum wɔn saa da no afunu “begugu hɔ afi asaase ano akɔpem asaase ano.”—Yer. 25:29, 33.

3 Yehowa yɛ ɔdɔ Nyankopɔn. Bible san ka ne ho asɛm sɛ ɔwɔ “mmɔborɔhunu ne ayamhyehye,” na “ne bo mfuw ntɛm.” Ɛnde yemmisa sɛ, Onyankopɔn a ɔte saa de, dɛn paa na ɛbɛma ‘n’abufuw’ adɛw ama wakunkum nnipa pii saa? (Ex. 34:6; 1 Yoh. 4:16) Momma yɛnhwɛ asɛmmisa yi ho mmuae. Ɛbɛkyekye yɛn werɛ paa, ɛbɛma yɛanya akokoduru, na akanyan yɛn ama yɛayɛ asɛnka adwuma no nnɛ.

Dɛn Na Ɛma Yehowa ‘Abufuw’ Dɛw?

4, 5. Yehowa abufuw nte sɛ nnipa a yɛnyɛ pɛ de. Adɛn ntia?

4 Ɛsɛ sɛ yedi kan hu sɛ, Yehowa abufuw nte sɛ nnipa a yɛnyɛ pɛ de. Sɛ onipa bo fuw paa na ɔyɛ ade a, mpɛn pii no ontumi nhyɛ ne ho so, na nea ɔyɛ no, ɛntaa nyɛ papa. Sɛ yɛhwɛ Adam ba panyin Kain a, bere a Yehowa poo n’afɔre no na ogyee Habel de toom no, ne “bo fuwii denneennen.” Dɛn na efii mu bae? Kain kum ne nua Habel a na ɔyɛ ɔtreneeni no. (Gen. 4:3-8; Heb. 11:4) Yɛnhwɛ Dawid nso. Bible ka ne ho asɛm sɛ ɔyɛ ɔbarima a ɔyɛ nea Yehowa koma pɛ. (Aso. 13:22) Onipa pa yi mpo, bere a ɔtee sɛ asaasewura Nabal a ɔyɛ ɔdefo no ateɛteɛm ayeyaw ɔne ne mmarima no, anka ɔreyɛ akɔyɛ bɔne kɛse. Nea Nabal yɛe no, ɛmaa Dawid ne ne mmarima no bo fuwii paa, enti wɔn mu biara “de ne sekan bɔɔ n’ataaso.” Wɔyɛɛ wɔn adwene sɛ, ɛnyɛ Nabal a ɔyɛ bonniayɛ no nko ara na wobekum no, na mmom wobekum ɔbarima biara a ɔwɔ Nabal fi nso. Nea ɛboaa Dawid ne sɛ, Nabal yere Abigail kasa kyerɛɛ ɔne ne mmarima no ma wɔsesaa wɔn adwene, enti wɔankodi awu. (1 Sam. 25:9-14, 32, 33) Ɛnyɛ nwonwa sɛ Yehowa de ne honhom kaa Yakobo ma ɔkyerɛwee sɛ: “Onipa abufuw nna Onyankopɔn trenee adi.”—Yak. 1:20.

Sɛ Yehowa bo fuw a, ɔnyɛ ade ntra so da, na ɛnyɛ den koraa sɛ yebehu nea enti a ne bo afuw

5 Mpɛn pii no, sɛ biribi nti onipa bo fuw a, wobɛhwɛ na ɔde n’abufuw no akɔsoɛ afoforo so. Nanso Yehowa de, ɔnte saa. Sɛ Yehowa bo fuw a, ɔnyɛ ade ntra so da. Afei nso, ɛnyɛ den koraa sɛ yebehu nea enti a ne bo afuw. Sɛ mpo Yehowa bo fuw kɛse na ɔyɛ biribi a, nea ɔyɛ no teɛ. Sɛ ɔresɛe n’atamfo a, ɔmpra ‘atreneefo nka abɔnefo ho’ da. (Gen. 18:22-25) Afei nso, Yehowa mfiti prɛko pɛ mfa abufuw; bere biara a ne bo befuw no, na ɛyɛ ne kwan so. Momma yɛnhwɛ nneɛma mmienu a enti yɛreka saa, na yɛnhwɛ nea yebetumi asua afi mu.

6. Sɛ nkurɔfo gu Yehowa din ho fĩ a, dɛn na ɔyɛ?

6 Nea ɛma Yehowa bo fuw: Bere a nkurɔfo agu ne din ho fĩ. Wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔsom Yehowa nanso wɔyɛ nneɛma bɔne de gu ne din ho fĩ no, wɔhyɛ no abufuw, na ɛyɛ ne kwan so sɛ ne bo fuw wɔn. (Hes. 36:23) Ti ahorow a edi wei anim mu no, yehui sɛ Israelfo no guu Yehowa din ho fĩ paa. Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔn suban ne wɔn nneyɛe maa Yehowa bo fuwii. Nanso ne bo fuwii no, wanyɛ ade antra so da. Ɔtwee ne nkurɔfo no aso sɛnea ɛfata; wantwe wɔn aso amma ammoro so da. (Yer. 30:11) Afei nso, bere a Yehowa bo fuw wɔn na ɔtwee wɔn aso wiei no, n’abufuw no twae; wamfa asɛm no anhyɛ ne mu.—Dw. 103:9.

7, 8. Sɛnea Yehowa ne Israelfo dii no, dɛn na yesua fi mu?

7 Nea yesua fi mu: Sɛnea Yehowa ne Israelfo dii no yɛ kɔkɔbɔ kɛse ma yɛn. Ná Yehowa din da tete Israelfo no so, na yɛn nso yɛanya hokwan sɛ Yehowa din da yɛn so. Yɛyɛ Yehowa Adansefo. (Yes. 43:10) Yɛn kasa ne yɛn nneyɛe betumi ama nkurɔfo aka Onyankopɔn a yɛsom no no ho asɛm pa anaa asɛmmɔne. Enti yɛmpɛ sɛ yɛbɛsen yɛn kɔn ayɛ bɔne de agu Yehowa din ho fĩ da. Yɛyɛ biribi a ɛte saa a, ɛbɛhyɛ Yehowa abufuw, na sɛnea ɛte biara ɔbɛkeka ne ho de atew ne din ho.—Heb. 3:13, 15; 2 Pet. 2:1, 2.

8 Yɛahu sɛ Yehowa bo tumi ‘fuw’ kɛse. Nanso wei kyerɛ sɛ yɛrentumi mmɛn no anaa? Ɛnte saa. Yenim sɛ Yehowa wɔ abotare, na ɔde bɔne kyɛ. (Yes. 55:7; Rom. 2:4) Nanso, yenim sɛ ɔnsosɔ bɔne so. Enti yɛwɔ obu kɛse ma Yehowa, efisɛ yenim sɛ, sɛ obi sen ne kɔn na ɔkɔ so yɛ bɔne a, Yehowa bo befuw no paa, na ɔrenhwɛ mma saa nipa no nkɔ so ntena ne nkurɔfo mu. (1 Kor. 5:11-13) Yehowa ama yɛahu nea ɛma ne bo fuw pefee. Enti ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn suban ne yɛn nneyɛe hyɛ no abufuw.—Yoh. 3:36; Rom. 1:26-32; Yak. 4:8.

9, 10. Sɛ nkurɔfo pɛ sɛ wɔyɛ Yehowa asomfo anokwafo bɔne a, dɛn na ɔyɛ? Ma ɛho nhwɛso.

9 Nea ɛma Yehowa bo fuw: Bere a nkurɔfo pɛ sɛ wɔyɛ n’asomfo anokwafo bɔne. Wɔn a wɔde wɔn koma nyinaa ba Yehowa nkyɛn bɛhwehwɛ n’ahobammɔ no, sɛ atamfo tow hyɛ wɔn so a, ɛhyɛ no abufuw. Sɛ nhwɛso no, bere a Israelfo no fii Egypt na wokoduu Po Kɔkɔɔ no ano no, Farao ne n’asraafodɔm kɛse no baa wɔn so. Ná ɛte sɛ nea Israelfo no nni ogyefo biara. Afei bere a ɛpo no mu paee no, Egypt asraafo a wɔyɛ den no faa subon a na emu awo wosee no mu dii Israelfo no akyi. Nanso Yehowa tutuu wɔn nteaseɛnam no anan, na ɔkaa Egyptfo no guu po no mu. Bible ka sɛ: “Wɔn mu baako mpo anka.” (Ex. 14:25-28) Ná Yehowa dɔ ne nkurɔfo, na ‘ne dɔ a enni huammɔ’ nti na ne bo fuw Egyptfo no.—Kenkan Exodus 15:9-13.

Hesekia bere so no, ɔbɔfo bi bɔɔ Onyankopɔn nkurɔfo ho ban bere a Asiriafo baa wɔn so no, na yɛn nso, abɔfo bɛbɔ yɛn ho ban (Hwɛ nkyekyɛm 10, 23)

10 Saa ara na ɔdɔ a Yehowa wɔ ma ne nkurɔfo nti, otwitwa gyee wɔn wɔ Ɔhene Hesekia bere so. Saa bere no, sɛ yɛreka ɔman a na wɔwɔ asraafo a wɔn ho yɛ den na wodi atirimɔdensɛm paa a, na ɛyɛ Asiria man no. Bere a wɔbaa Yerusalem so no, wɔyɛɛ wɔn adwene sɛ wobetwa kurow no ho ahyia, na wɔaka Yehowa asomfo anokwafo no ahyɛ kurow no mu, sɛnea ɛbɛyɛ a nkakrankakra, wɔn nyinaa bewuwu yayaayaw wɔ kurow no mu. (2 Ahe. 18:27) Nanso Yehowa de ne ho gyee mu. Ɔsomaa ɔbɔfo baako pɛ ma okunkum asraafo 185,000 anadwo baako! (2 Ahe. 19:34, 35) Ade kyee anɔpa no, na Asiriafo no asoɛe hɔ te sɛn? Wo de, twa ho mfoni wɔ w’adwenem hwɛ. Ná asraafo no mpeaw, wɔn akyɛm, ne wɔn asekan gugu hɔ a obiara mfaa ne nsa nkae. Obiara anhyɛn torobɛnto saa anɔpa no amfa annyan mmarima no. Obiara anteɛm amfrɛ asraafo no sɛ wɔmmoaboa wɔn ho ano. Ná ɛhɔ nyinaa ayɛ dinn. Woto w’ani a, wuhu sɛ asraafo no ntamadan sisi hɔ, na wɔn afunu sam hɔ nyinaa.

11. Nhwɛso ahorow a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm mu no ma yehu sɛ, sɛ nkurɔfo yɛ wɔn adwene sɛ wɔde wɔn nsa bɛka Yehowa nkurɔfo a, ɔntena hɔ nhwɛ. Sɛn na wei kyekye yɛn werɛ na ɛma yenya akokoduru?

11 Nea yesua fi mu: Nhwɛso ahorow a yɛasusuw ho yi ma yehu sɛ, sɛ obi yɛ n’adwene sɛ ɔde ne nsa bɛka Yehowa nkurɔfo a, Yehowa rentena hɔ nhwɛ no saa ara. Wei yɛ kɔkɔbɔ kɛse ma wɔn a wɔtan yɛn no sɛ: “Ɛyɛ hu sɛ Onyankopɔn teasefo no bɛtwe obi aso” wɔ n’abufuw mu. (Heb. 10:31) Yɛn de, saa nhwɛso no ara kyekye yɛn werɛ, na ɛma yenya akokoduru. Yenim sɛ yɛn tamfo kɛse Satan renni nkonim, na wei kyekye yɛn werɛ paa. Bere a aka a ɔde bedi wiase yi so no “sua,” na ɛbɛba awiei nnansa yi ara! (Adi. 12:12) Enkosi saa bere no, yɛde akokoduru bɛsom Yehowa, na yɛanya awerɛhyem sɛ, onipa oo, ahyehyɛde oo, aban oo, Onyankopɔn apɛde a yɛreyɛ no, obiara rentumi mma yennyae. (Kenkan Dwom 118:6-9.) Saa awerɛhyem a yɛwɔ yi, Onyankopɔn maa ɔsomafo Paul kaa ho asɛm sɛ: “Sɛ Onyankopɔn wɔ yɛn afa a, hena na obetumi ne yɛn adi asi?”—Rom. 8:31.

12. Ahohiahia kɛse no mu no, dɛn na ɛbɛma Yehowa abufuw adɛw?

12 Bere a Egyptfo taa Israelfo so a na Israelfo no nhu baabi a wɔmfa no, Yehowa bɔɔ wɔn ho ban. Saa ara na bere a Asiriafo nso kaa Yudafo hyɛɛ Yerusalem kurow no mu no, ɔbɔɔ Yudafo no ho ban. Yɛn nso, ahohiahia kɛse a ɛreba no mu no, ɔbɛbɔ yɛn ho ban. Sɛ yɛn atamfo yɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛsɛe yɛn a, ɔdɔ kɛse a Yehowa wɔ ma yɛn nti, n’abufuw bɛdɛw. Wɔn a wɔbɛbɔ wɔn ho mmusu atow ahyɛ yɛn so no, ɛbɛyɛ te sɛ nea wɔde wɔn nsa aka Yehowa aniwa kosua. Ɛba saa a, Yehowa bɛkeka ne ho ntɛm; ɔrentwentwɛn ne nan ase koraa. (Sak. 2:8, 9) Ɔsɛe kɛse a ɔde bɛba n’atamfo so saa bere no de, ebi nsii da. Ɛda a Onyankopɔn behwie n’abufuw agu n’atamfo so no, wɔrentumi nka sɛ na wonnim sɛ Yehowa abufuw bɛba wɔn so. Adɛn nti na yɛreka saa?

Kɔkɔbɔ Ahorow Bɛn Na Yehowa De Ama?

13. Kɔkɔbɔ ahorow bɛn na Yehowa de ama?

13 Yehowa “bo mfuw ntɛm,” na wabɔ kɔkɔ mpɛn pii sɛ wɔn a wɔsɔre tia no na wɔpɛ sɛ wɔyɛ ne nkurɔfo bɔne no, ɔbɛsɛe wɔn. (Ex. 34:6, 7) Yehowa maa adiyifo bi te sɛ Yeremia, Hesekiel, Daniel, Kristo Yesu, ne asomafo bi te sɛ Petro, Paul, ne Yohane bɔɔ nnipa kɔkɔ sɛ, ɔko kɛse bi a ɛso bi mmae da reba.—Hwɛ adaka a wɔato din “Yehowa Abɔ Nnipa Kɔkɔ Sɛ Ɔko Kɛse Bi Reba.

14, 15. Nnwuma bɛn na Yehowa ayɛ, na adɛn nti na wayɛ saa nnwuma yi?

14 Yehowa ma wɔkyerɛw saa kɔkɔbɔ ahorow yi wɔ n’Asɛm Bible mu. Afei nso, wahwɛ ama wɔakyerɛ Bible ase kɔ kasa pii mu sen nhoma biara, na wahwɛ nso ama Bible ayɛ nhoma a nnipa dodow no ara wɔ bi sen nhoma biara. Ɛnyɛ ɛno nko, sɛ wokɔ wiase baabiara a, Yehowa aboaboa nnipadɔm bi ano. Saa nkurɔfo no atu wɔn ho ama reboa afoforo ama wɔne Onyankopɔn ntam ayɛ papa. Afei nso, wɔrebɔ nkurɔfo kɔkɔ sɛ “Yehowa da kɛse” no reba. (Sef. 1:14; Dw. 2:10-12; 110:3) Bio nso, Yehowa akanyan ne nkurɔfo ma enti wɔkyerɛ nhoma ahorow a yɛde sua Bible ase kɔ kasa pii mu, na afe biara, ne nkurɔfo de nnɔnhwerew ɔpepehaha pii ka bɔhyɛ ne kɔkɔbɔ ahorow a ɛwɔ n’Asɛm mu no ho asɛm kyerɛ nkurɔfo.

15 Yehowa na wama saa nnwuma yi nyinaa rekɔ so “efisɛ ɔmpɛ sɛ obiara bɛsɛe; nea ɔpɛ ne sɛ obiara bɛsakra n’adwene.” (2 Pet. 3:9) Yɛn Nyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ na ɔwɔ abotare no de hokwan ama ne nkurɔfo sɛ wɔntrɛw n’asɛm mu wɔ wiase nyinaa, na ɛyɛ hokwan paa na yɛanya sɛ yɛn nso yɛreka bi! Nanso, ɛrenkyɛ koraa, nkurɔfo a wontie kɔkɔbɔ no, wɔrennya hokwan bio mfa nyɛ nsakrae.

Bere Bɛn Na Yehowa Abufuw “Bɛdɛw”?

16, 17. Yehowa ahyɛ da a ɔko a etwa to no bɛba no ato hɔ dedaw anaa? Kyerɛkyerɛ mu.

16 Yehowa ahyɛ da a ɔko a etwa to no bɛba ato hɔ dedaw. Bere a n’atamfo bɛtow ahyɛ ne nkurɔfo so no, onim dedaw. (Mat. 24:36) Adɛn nti na yɛreka sɛ Yehowa nim bere a n’atamfo bɛtow ahyɛ ne nkurɔfo so?

17 Ti dunson mu no, yehui sɛ Yehowa ka kyerɛɛ Gog sɛ: ‘Mede akɔtɔkoro bɛhyehyɛ w’afono mu.’ Ɔbɛtwetwe aman no ama wɔatow ahyɛ ne nkurɔfo so na akowie Armagedon ko no mu. (Hes. 38:4) Wei nkyerɛ sɛ Yehowa bedi kan atow ahyɛ amanaman no so sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nso bɛtow ahyɛ ne nkurɔfo so. Saa ara nso na ɛnkyerɛ sɛ, wɔn a wɔsɔre tia Onyankopɔn no, ɔbɛhyɛ wɔn ama wɔayɛ nea ɔpɛ. Mmom nea ɛkyerɛ ne sɛ, Onyankopɔn nim nea ɛwɔ n’atamfo komam, onim adwene a wɔafa, na onim sɛ hokwan biara a wobenya no, wɔbɛyɛ nea ɛda wɔn koma so no.—Dw. 94:11; Yes. 46:9, 10; Yer. 17:10.

18. Dɛn paa na ɛbɛka nnipa ama wɔakɔka ade nyinaa so Tumfo no ntɔkwaw?

18 Yɛabehu sɛ, ɛnyɛ Yehowa na obefi ntɔkwaw no ase. Saa ara nso na ɔrenhyɛ n’atamfo sɛ wɔne no mmɛko. Ɛnde, dɛn paa na ɛbɛka nnipa a wɔnsɛ hwee ama wɔakɔka ade nyinaa so Tumfo no ntɔkwaw? Ade baako ni: Ɛda adi sɛ ebedu saa bere no, na n’atamfo no anya adwene sɛ Onyankopɔn biara nni hɔ, na sɛ ɔwɔ hɔ mpo a, ɔremfa ne ho nhyehyɛ nnipa nsɛm mu. Ebia nea enti a wobenya adwene a ɛte saa ne sɛ, saa bere no, na afei ara na wɔasɛe atoro som ahyehyɛde ahorow a ɛwɔ asaase so no nyinaa awie. Enti ebia wobenya adwene sɛ, sɛ Onyankopɔn bi wɔ hɔ a, anka obetwitwa agye ɔsom ahorow yi a na wɔkyerɛ sɛ wɔsom no no. Wiase atumfo no renhu sɛ, ɛyɛ Onyankopɔn ankasa na ɔde hyɛɛ wɔn komam sɛ wɔnsɛe ɔsom ahorow a wɔagu ne din ho fĩ pɔtɔɔ no.—Adi. 17:16, 17.

19. Sɛ wɔsɛe atoro som wie a, bere bi akyi no, dɛn na ebia ebesi?

19 Sɛ wɔsɛe atoro som wie a, bere bi akyi no, ebia Yehowa bɛma ne nkurɔfo aka asɛm bi a ano yɛ den paa. Adiyisɛm nhoma no de saa asɛm no toto asukɔtweaa a ɛretɔ fi soro ho; emu biara mu duru bɛyɛ nkaribo 45 anaa kilogram 20. (Adi. 16:21, ase hɔ asɛm) Ɛbɛyɛ sɛ asɛm a yɛbɛka akyerɛ nkurɔfo saa bere no ne sɛ, ɛrenkyɛ koraa, wiase no amammui ne aguadi nhyehyɛe no bɛba awiei. Saa asɛm yi, ɛrenyɛ nkurɔfo dɛ koraa, na ɛbɛteetee wɔn ara ama wɔakeka abususɛm atia Onyankopɔn. Ɛda adi sɛ, asɛm a Onyankopɔn nkurɔfo bɛka no na ɛbɛhyɛ amanaman no abufuw ama wɔde wɔn ahoɔden nyinaa atow ahyɛ wɔn so. Wɔbɛyɛ wɔn adwene sɛ afei de, wɔbɛma yɛaka yɛn ano atom korakora. Wɔn adwene bɛyɛ wɔn sɛ yenni ogyefo biara, enti ɛrenyɛ den koraa sɛ wɔbɛsɛe yɛn. Nanso, na wonnim nea ɛrebobɔ ba!

Sɛn Na Yehowa Bɛda N’abufuw Adi?

20, 21. Hena ne Gog, na dɛn na ɛbɛba no so?

20 Nhoma yi Ti 17 no, yehui sɛ bere a Hesekiel rehyɛ aman a wɔbɛka wɔn ho abom atow ahyɛ yɛn so ho nkɔm no, ɔde abodin “Gog a ofi Magog asaase so” na ɛfrɛɛ wɔn. (Hes. 38:2) Ɛwom sɛ saa aman no bɛka wɔn ho abom de, nanso wɔn nkabom no renyɛ papa biara. Nnipa ani so de, ɛbɛyɛ te sɛ nea wɔyɛ baako. Nanso nea ɛwom paa ne sɛ, aman no mu biara besusuw sɛ ɔkyɛn ne yɔnko, na wɔbɛkɔ so ne wɔn ho wɔn ho asi akan. Enti ɛrenyɛ den koraa sɛ Yehowa bɛma wɔn mu biara atwe sekan “wɔ ne nua so.” (Hes. 38:21) Nanso, ɛnyɛ amanaman no ankasa na wɔbɛsɛe wɔn ho korakora.

21 Ansa na wɔbɛsɛe yɛn atamfo no, wobehu onipa Ba no ho sɛnkyerɛnne. Nea wei kyerɛ ne sɛ, ebia Yehowa ne Yesu de wɔn tumi bɛyɛ anwonwade ahorow bi ama atamfo no ahu. Nneɛma a atamfo no behu no bɛma wɔn ho ayeraw wɔn paa. Sɛnea Yesu ka too hɔ no, “ehu ne nneɛma a ɛreba asaase so no bɛma nnipa atwitwa ahwe.” (Luka 21:25-27) Wɔn ho bedwiriw wɔn paa, efisɛ wobehu sɛ, wodii mfomso kɛse sɛ wɔtow hyɛɛ Yehowa nkurɔfo so. Saa bere no, ɛnyɛ obi na ɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ Ɔbɔadeɛ no yɛ ɔsahene, na ɔno ne asafo Yehowa. (Dw. 46:6-11; Hes. 38:23) Akyinnye biara nni ho sɛ, Yehowa nam ɔsoro asafodɔm, ne nneɛma a wabɔ so bɛsɛe n’atamfo korakora, nanso n’asomfo anokwafo de, ɔbɛbɔ wɔn ho ban.—Kenkan 2 Petro 2:9.

Sɛ Yehowa atamfo yɛ wɔn adwene sɛ wɔde wɔn nsa bɛka ne nkurɔfo a, ne bo befuw, na ɔbɛma n’asraafodɔm a wɔwɔ soro no aba wɔn so (Hwɛ nkyekyɛm 21)

22, 23. Henanom na wɔbɛbɔ Onyankopɔn nkurɔfo ho ban, na wɔbɛte nka sɛn wɔ adwuma a wɔbɛyɛ no ho?

Yehowa da no ho ade a yɛasua no, dɛn na ɛsɛ sɛ ɛka yɛn ma yɛyɛ?

22 Wo de, hwɛ sɛnea Yesu ani begye ho paa sɛ obedi anim ama wɔatow ahyɛ Onyankopɔn atamfo so, na wabɔ wɔn a wɔdɔ n’Agya na wɔsom n’Agya no ho ban. Wɔn a wɔasra wɔn no nso ɛ? Wɔbɛte nka sɛn? Bere a aka kakra ama Armagedon ko no afi ase no, wɔbɛfa Kristofo a wɔasra wɔn a wɔaka wɔ asaase so no akɔ soro sɛnea ɛbɛyɛ a 144,000 no nyinaa bɛka Yesu ho na wɔako Armagedon ko no bi. (Adi. 17:12-14) Akyinnye biara nni ho sɛ, wɔn a wɔasra wɔn no mu pii wɔ hɔ a, na nguan foforo no mufo binom yɛ wɔn nnamfo paa, efisɛ wɔne wɔn boom yɛɛ adwuma wɔ nna a edi akyiri no mu. Ebedu saa bere no, na wɔn a wɔasra wɔn no anya tumi a wɔde betwitwa agye nguan foforo a wɔboaa wɔn na wɔkɔɔ so bataa wɔn ho wɔ wɔn sɔhwɛ mu no.—Mat. 25:31-40.

23 Yesu asraafo a wɔwɔ soro a obedi wɔn anim wɔ ɔko no mu no, abɔfo nso bɛka ho. (2 Tes. 1:7; Adi. 19:14) Abɔfo no boaa Yesu ma otuu Satan ne adaemone no fii soro. (Adi. 12:7-9) Afei nso, nnipa a wɔwɔ asaase so a wɔpɛ sɛ wɔsom Yehowa no, abɔfo no ka ho bi na wɔreboaboa wɔn ano. (Adi. 14:6, 7) Enti ɛfata paa sɛ Yehowa bɛma abɔfo no abɔ nnipa anokwafo yi ho ban! Wɔn a wɔka Yehowa asraafodɔm ho nyinaa, nea ɛho hia wɔn paa ne sɛ Yehowa din ho bɛtew. Enti wobu no sɛ ɛyɛ hokwan kɛse sɛ wɔbɛboa ama wɔasɛe Yehowa atamfo na ama obiara ahu sɛ ɔno na ɔfata sɛ yɛsom no.—Mat. 6:9, 10.

24. Nnipakuw kɛse no a wɔyɛ nguan foforo no mufo no, wɔbɛyɛ wɔn ade sɛn?

24 Nnipakuw kɛse a wɔyɛ nguan foforo no mufo no, ɛnsɛ sɛ wɔbɔ hu koraa, efisɛ asraafodɔm a ɛtaa wɔn akyi no wɔ tumi paa, na wɔn ani gye ho paa sɛ wɔbɛbɔ wɔn ho ban. Nokwasɛm ne sɛ, ‘wɔbɛsɔre agyina na wɔama wɔn ti so, efisɛ wɔn nkwagye rebɛn.’ (Luka 21:28) Yɛn Agya Yehowa wɔ mmɔborɔhunu, na ɔbɔ n’asomfo ho ban. Enti ansa na Yehowa da no bɛba no, ɛho hia sɛ yɛboa nnipa dodow biara a yebetumi ma wobehu Yehowa na wɔdɔ no!—Kenkan Sefania 2:2, 3.

Armagedon ko no mu no, Yehowa nkurɔfo renko bi. Abɔfo bɛbɔ wɔn ho ban, na atamfo no de, wobetwa wɔn ho ako.—Hes. 38:21 (Hwɛ nkyekyɛm 22-24)

25. Dɛn na yebesua wɔ ti a edi hɔ no mu?

25 Sɛ nnipa di ako na ɔko no ba awiei a, akyiri asɛm yɛ amanehunu ne basabasayɛ nko ara. Nanso Armagedon de, sɛ ɛba awiei a, asomdwoe ne anigye na ɛbɛba. Sɛ Yehowa bo dwo, na n’asraafo no san de wɔn asekan hyehyɛ ne bɔha mu, na gyegyeegye a ɛkɔɔ so wɔ ɔko kɛse no mu no ba awiei a, sɛn na asetena bɛyɛ? Yebesua asetena papa a ɛbɛba no ho ade wɔ ti a edi hɔ no mu.