Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 17

“Gog, Hwɛ, Me Ne Wo Wɔ Asɛm”

“Gog, Hwɛ, Me Ne Wo Wɔ Asɛm”

HESEKIEL 38:3

NEA ƐWOM: Yebehu nea “Gog” gyina hɔ ma, na yɛahu nea “asaase” a Gog bɛtow ahyɛ so no nso gyina hɔ ma

1, 2. Ɔko kɛse bɛn na ɛreba nnansa yi ara, na nsɛmmisa bɛn na wei ma ɛsɔre? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ ti yi mfiase no.)

 AKODI akɔ so mfe mpempem pii ni wɔ asaase yi so. Wei ama nnipa bebree ahwere wɔn nkwa. Wohwɛ wiase ko a edi kan ne nea ɛto so mmienu a ɛkɔɔ so wɔ afeha a ɛto so 20 no mu a, mogyahwiegu a ɛkɔɔ so no nyɛ asɛm ketewa. Wei nyinaa akyi no, ɔko kɛse bi a ɛso bi mmae da wɔ nnipa abakɔsɛm mu bɛba nnansa yi ara. Saa ɔko no de, ɛnyɛ nnipa ne wɔn yɔnko nnipa na ɛbɛko, sɛnea pɛsɛmenkominya nti wiase aman no taa yɛ no. Mmom, saa ɔko a ɛreba yi de, ɛbɛyɛ “ade nyinaa so Tumfo Nyankopɔn da kɛse no mu ko no.” (Adi. 16:14) Nea ɛbɛma saa ɔko no aba ne sɛ, ɔtamfo bi a ɔyɛ ahantan bɛtow ahyɛ asaase bi a ɛsom bo ma Onyankopɔn so. Sɛ ɔyɛ saa a, ɛbɛma Yehowa de ɔsɛe bi aba. Sɛnea Awurade Tumfo Yehowa de ne tumi bɛsɛe ade saa bere no, ɛso bi mmae da wɔ asaase so.

2 Wei ma nsɛmmisa bi a ɛho hia sɔre. Ɛne sɛ: Hena ne saa ɔtamfo no? Asaase bɛn na ɔbɛtow ahyɛ so no? Bere bɛn na ɔbɛtow ahyɛ asaase no so? Adɛn nti na ɔbɛtow ahyɛ so? Sɛn na ɔbɛtow ahyɛ so? Nsɛm a ebesisi daakye yi fa Yehowa asomfo anokwafo a yɛwɔ asaase so no ho, enti ehia sɛ yenya saa nsɛmmisa no ho mmuae. Yebenya mmuae no wɔ nkɔmhyɛ a ɛwɔ Hesekiel ti 38 ne ti 39 no mu. Yɛn ani begye nkɔmhyɛ no ho paa.

Ɔtamfo No—Ɔne Gog a Ofi Magog

3. Hesekiel nkɔmhyɛ a ɛfa Gog a ofi Magog ho no, asɛntitiriw bɛn na ɛwom?

 3 Kenkan Hesekiel 38:1, 2, 8, 18; 39:4, 11. Asɛntitiriw a ɛwɔ nkɔmhyɛ no mu ni: “Mfe a edi akyiri mu no,” ɔtamfo bi a ne din de “Gog a ofi Magog” bɛtow ahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo “asaase” so. Nanso sɛ ɔtow hyɛ asaase no so atirimɔden so saa a, ɛbɛma Yehowa ‘abufuw’ adɛw, na ɔde ne ho begye mu na wadi Gog so nkonim. a Yehowa di n’atamfo ne wɔn a wɔka n’atamfo ho nyinaa so nkonim wie a, ɔde wɔn “bɛyɛ aduan ama nnomaa ahorow a wodi nam, ne wuram mmoa.” Awiei koraa no, Yehowa bɛma Gog anya “amusiei.” Nea ɛbɛma yɛahu sɛnea nkɔmhyɛ yi bɛbam nnansa yi ara no, ma yenni kan nhwɛ nea Gog gyina hɔ ma.

4. Gog a ofi Magog no, yebetumi aka sɛ ɔne hena?

4 Ɛnde, hena ne Gog a ofi Magog no? Yebetumi agyina Hesekiel nkyerɛkyerɛmu no so aka sɛ, Gog tan nokware asomfo. Wɔn a wɔtan nokware asomfo nyinaa, wɔn panyin ne Satan. Enti wohwɛ nkɔmhyɛ yi a, Gog gyina hɔ ma Satan anaa? Saa na yɛn nhoma ahorow aka mfe pii ni. Nanso yɛasan asusuw Hesekiel nkɔmhyɛ no ho, na ama yɛayɛ nsakrae wɔ ntease a yɛwɔ no mu. Ɔwɛn-Aban ahorow bi akyerɛkyerɛ mu sɛ, Gog a ofi Magog yɛ abodin a egyina hɔ ma atamfo bi a wɔyɛ nnipa a yetumi de yɛn ani hu wɔn, na ennyina hɔ mma honhom abɔde bi a yɛmfa yɛn ani nhu no. Enti Gog a ofi Magog yɛ amanaman bi a wɔbɛka wɔn ho abom ako atia nokware som. b Nea ɛma yenyaa saa ntease yi no, yebesusuw ho. Nanso, momma yenni kan nhwɛ nneɛma mmienu bi a ɛwɔ Hesekiel nkɔmhyɛ no mu a ɛkyerɛ sɛ Gog nyɛ honhom abɔde bi.

5, 6. Dɛn na ɛwɔ Hesekiel nkɔmhyɛ no mu a yebetumi agyina so aka sɛ Gog a ofi Magog nyɛ honhom abɔde bi?

5 “Mede wo bɛyɛ aduan ama nnomaa ahorow a wodi nam.” (Hes. 39:4) Wohwɛ Kyerɛwnsɛm no mu a, wubehu sɛ, sɛ Onyankopɔn rebɔ nkurɔfo kɔkɔ wɔ n’atemmu ho a, ɔtaa de nnomaa a wɔredi nam na ɛka ho asɛm. Onyankopɔn de kɔkɔbɔ a ɛte saa maa Israel man ne aman foforo nso. (Deut. 28:26; Yer. 7:33; Hes. 29:3, 5) Nanso, hyɛ no nsow sɛ, saa kɔkɔbɔ ahorow a Onyankopɔn de mae no, wamfa amma honhom abɔde, na mmom ɔde maa nnipa a wɔyɛ honam ne mogya. Na ɛyɛ ne kwan so, efisɛ nnomaa ne wuram mmoa de, wontumi nni biribi a ɛyɛ honhom, na mmom, nam na wotumi di. Enti kɔkɔbɔ a Onyankopɔn de mae wɔ Hesekiel nkɔmhyɛ no mu no ma yehu sɛ Gog nyɛ honhom abɔde bi.

6 “Mɛma Gog anya amusiei wɔ Israel.” (Hes. 39:11) Bible nka wɔ baabiara sɛ wobesie honhom abɔde wɔ asaase so. Mmom nea ɛka ne sɛ, wɔde Satan ne n’adaemone no begu amoa donkudonku mu mfe apem. Ɛno akyi no, wɔbɛtow wɔn agu nea Bible frɛ no ogya tare no mu. Wei kyerɛ sɛ, wɔbɛsɛe wɔn korakora. (Luka 8:31; Adi. 20:1-3, 10) Esiane sɛ nkɔmhyɛ no ka sɛ wɔbɛma Gog “amusiei” wɔ asaase so nti, yebetumi aka sɛ, Gog nyɛ honhom abɔde bi.

7, 8. Bere bɛn na “atifi fam hene no” awiei bɛba? Nea ɛde “atifi fam hene no” awiei bɛba, ne nea ɛde “Gog a ofi Magog” no awiei bɛba no, sɛn na edi nsɛ?

7 Ɔtamfo a wɔfrɛ no Gog a ɔbɛtow ahyɛ nokware asomfo so no, sɛ ɔnyɛ honhom abɔde a, ɛnde na ɔyɛ hena, anaa ogyina hɔ ma dɛn? Hwɛ Bible nkɔmhyɛ mmienu bi a ɛboa yɛn ma yehu nea Gog a ofi Magog gyina hɔ ma.

8 “Atifi fam hene no.” (Kenkan Daniel 11:40-45.) Wohwɛ nkɔm ahorow a Daniel hyɛe a, wubehu sɛ, nniso ahorow a adi wiase nyinaa so fi ne bere so ara de besi yɛn bere yi so no, ɔkaa ho asɛm. Daniel nkɔmhyɛ no mu baako ka wiase tumidi mmienu bi a wɔne wɔn ho di asi ho asɛm. Wɔne “anaafo fam hene no” ne “atifi fam hene no.” Nea ɛte ne sɛ, aman bebree apere sɛ wobedi wiase nyinaa so tumi. Wei nti, sɛ ɔman bi anaa ɔhene bi bɛyɛ atifi fam hene anaa anaafo fam hene a, ebedu baabi no, na ɔhene anaa ɔman foforo abesi ananmu. Enti abakɔsɛm mu no, ahemfo ne aman pii na wɔabɛyɛ atifi fam hene anaa anaafo fam hene. Atifi fam hene no bɛkeka ne ho nea etwa to koraa wɔ “awiei bere no mu.” Daniel kaa wei ho asɛm sɛ: “Ɔde abufuw kɛse bɛkɔ sɛ ɔrekɔsɛe nnipa pii na wakunkum wɔn nyinaa.” Yehowa asomfo titiriw na atifi fam hene no betu n’ani asi wɔn so. c Sɛnea Gog a ofi Magog tow hyɛɛ Onyankopɔn nkurɔfo so a n’awiei bae no, saa ara na atifi fam hene no nso ‘awiei’ bɛba bere a watow ahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so no.

9. Nea ɛbɛto “asaase nyinaa so ahemfo” no ne nea ɛbɛto Gog a ofi Magog no, adɛn nti na edi nsɛ?

9 “Asaase nyinaa so ahemfo.” (Kenkan Adiyisɛm 16:14, 16; 17:14; 19:19, 20.) Adiyisɛm nhoma no hyɛɛ nkɔm sɛ “asaase so ahemfo” bɛtow ahyɛ “ahemfo mu Hene,” kyerɛ sɛ, Yesu a seesei ɔwɔ soro no so. Nanso, asaase so ahemfo no rentumi nkɔ soro nkɔtow nhyɛ Yesu so wɔ hɔ, enti wɔde wɔn anibere bɛsoɛ Ahenni no akyitaafo a wɔwɔ asaase so no so. Wɔyɛ saa a, nea ebedi akyi aba ne sɛ wobedi nkogu wɔ Armagedon. Hyɛ no nsow sɛ, asaase so ahemfo no bɛtow ahyɛ Yehowa nkurɔfo so ansa na wɔn awiei aba. Wei ne nea Bible ka fa Gog a ofi Magog ho no di nsɛ. d

10. Dɛn na yebetumi aka afa nea ogyina hɔ ma Gog a ofi Magog no ho?

10 Wohwɛ nea yɛaka yi nyinaa a, nea ogyina hɔ ma Gog no, dɛn na yebetumi aka afa ne ho? Nea edi kan, Gog nyɛ honhom abɔde bi. Nea ɛto so mmienu, Gog gyina hɔ ma asaase so aman a wɔbɛtow ahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so nnansa yi ara no. Akyinnye biara nni ho sɛ, saa aman no bɛka wɔn ho abom ayɛ baako. Adɛn ntia? Efisɛ, Onyankopɔn nkurɔfo wɔ wiase baabiara, enti gye sɛ wiase aman yɛ wɔn adwene baako na wɔka wɔn ho bom ansa na wɔatumi atow ahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so. (Mat. 24:9) Hyɛ no nsow sɛ, Satan na obepiapia wiase aman no ama wɔatow ahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so. Satan hyɛɛ ase sɛ obepiapia aman ahorow ama wɔasɔre atia nokware som no, ɛnyɛ nnɛ. (1 Yoh. 5:19; Adi. 12:17) Nanso, Hesekiel nkɔmhyɛ a ɛfa Gog a ofi Magog ho no de, ɛnyɛ nea Satan bɛyɛ na ɛtwe adwene si so, na mmom nea wiase aman a wɔbɛtow ahyɛ Yehowa nkurɔfo so no bɛyɛ na ɛtwe adwene si so. e

“Asaase No”—Egyina Hɔ Ma Dɛn?

11. “Asaase” a Gog bɛtow ahyɛ so no, Hesekiel nkɔmhyɛ no kaa ho asɛm sɛn?

11 Sɛnea yehui wɔ  nkyekyɛm 3 no, sɛ Gog a ofi Magog tow hyɛ asaase a ɛsom bo ma Yehowa no so a, ɛbɛma Yehowa abufuw adɛw. Yemmisa sɛ, dɛn ne saa asaase yi? Ma yɛnsan nhwɛ Hesekiel nkɔmhyɛ no. (Kenkan Hesekiel 38:8-12.) Nkɔmhyɛ no ka sɛ “wɔn a wɔagye wɔn” a “wɔaboa wɔn ano afi amanaman mu” no, Gog bɛtow ahyɛ wɔn “asaase” so. Wɔn a wɔagye wɔn a wɔte asaase no so no, hwɛ nea kyerɛwsɛm no san ka fa wɔn ho: ‘Wɔte hɔ dwoodwoo’; baabi a wɔte no, “wonni ɔfasu, na adaban ne apon mpo wonni bi”; afei nso ‘wɔanya ahode pii.’ Asaase a yɛreka ho asɛm yi, ɛno na Yehowa asomfo anokwafo a wɔwɔ wiase baabiara no te so. Yɛbɛyɛ dɛn ahu nea saa asaase yi gyina hɔ ma?

12. Bere a Israelfo no fii Babilon bae no, nsakrae bɛn na ɛbaa wɔn asaase no so?

12 Ade baako a ɛbɛboa yɛn ni: Tete Israel asaase a ɛdaa mpan bere a wotuu Onyankopɔn nkurɔfo fii wɔn asaase so no, momma yensusuw ho kakra. Asɛm no ne sɛ, Israel asaase no so na na Onyankopɔn nkurɔfo te. Ɛhɔ na na wɔyɛ adwuma. Ɛhɔ ara nso na na wɔasom Yehowa mfehaha pii. Bere a Israelfo no yɛɛ asoɔden no, Yehowa nam Hesekiel so ka too hɔ sɛ wɔn asaase no bɛsɛe pasaa ma adan amamfo. (Hes. 33:27-29) Nanso Yehowa san hyɛɛ nkɔm sɛ, ne nkurɔfo a wɔde wɔn bɛkɔ Babilon no, wɔn mu bi benu wɔn ho, na wɔbɛsan aba wɔn asaase so abɛsom Yehowa nokwarem bio. Yehowa behyira wɔn, na Israel asaase no bɛsan ayɛ yiye, na ayɛ frɔmfrɔm “sɛ Eden turo.” (Hes. 36:34-36) Afe 537 A.Y.B. no, Yudafo a na wɔwɔ Babilon no san kɔɔ Yerusalem. Ná wɔn kurow no da wɔn koma so, na wɔkɔe no, wɔmaa nokware som so bio.

13, 14. (a) Ɛnnɛ, asaase bɛn na Yehowa nkurɔfo te so? (b) Adɛn nti na saa asaase yi som bo ma Yehowa paa?

13 Biribi a ɛte saa asi wɔ yɛn bere yi so. Onyankopɔn ama nokware som so bio ama n’asomfo anokwafo. Sɛnea yehui wɔ nhoma yi Ti 9 no, Babilon Kɛse no bunkam Onyankopɔn nkurɔfo so bere tenten. Nanso Onyankopɔn nkurɔfo dee wɔn ho afe 1919. Saa afe no, Yehowa de ne nkurɔfo a wɔsom no nokwarem no kɔtenaa asaase bi so wɔ sɛnkyerɛnne kwan so anaa honhom fam paradise mu. Sɛnea nokware Nyankopɔn no ahyira yɛn na wabɔ yɛn ho ban ma yetumi som no no, ɛno ne honhom fam paradise no. Yɛn nyinaa te hɔ kama, yɛwɔ ahobammɔ, na yɛn asom dwo yɛn. (Mmeb. 1:33) Yenya honhom fam aduan pii. Afei nso, yɛyere yɛn ho ka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm, na ɛno ma yɛn koma tɔ yɛn yam. Anokwa, yɛahu sɛ saa abebusɛm yi yɛ nokware: “Yehowa nhyira na ɛma obi yɛ ɔdefo, na Ɔmfa yaw biara nka ho.” (Mmeb. 10:22) Enti, ɛmfa ho baabi a yɛte wɔ wiase no, sɛ yɛkɔ so de yɛn nneyɛe ne yɛn kasa kyerɛ sɛ yɛtaa nokware som akyi a, ɛkyerɛ sɛ, yɛte saa asaase no so; yɛwɔ honhom fam paradise no mu.

14 Saa asaase no som bo ma Yehowa paa. Adɛn ntia? Wɔn a wɔte asaase no so no, Yehowa bu wɔn sɛ “aman nyinaa mu nneɛma a ɛsom bo.” Ɔno na watwe wɔn nyinaa aba nokware som mu. (Hag. 2:7; Yoh. 6:44) Wɔreyere wɔn ho paa sɛ wobenya suban foforo; wei kyerɛ sɛ, wɔresuasua Onyankopɔn suban a ɛyɛ fɛ no. (Efe. 4:23, 24; 5:1, 2) Wɔsom Yehowa nokwarem, enti biribiara a wɔyɛ wɔ Yehowa som mu no, wɔde wɔn ahoɔden nyinaa na ɛyɛ. Wohwɛ ɔkwan a wɔfa so som Yehowa a, wuhu sɛ wɔdɔ no, na wɔpɛ sɛ wɔhyɛ no anuonyam. (Rom. 12:1, 2; 1 Yoh. 5:3) Sɛ Yehowa hu sɛ n’asomfo reyere wɔn ho paa sɛ wɔbɛma honhom fam paradise no ayɛ fɛ a, anigye a onya no, yɛrentumi nka. Wo de, susuw ho hwɛ: Sɛ wode nokware som di kan wɔ w’asetenam a, woma honhom fam paradise no yɛ fɛ, na wosan ma Yehowa koma tɔ ne yam!—Mmeb. 27:11.

Ɛmfa ho baabi a yɛwɔ no, sɛ yɛkɔ so taa nokware som akyi a ɛkyerɛ sɛ, yɛte honhom fam paradise no mu (Hwɛ nkyekyɛm 13, 14)

Asaase No—Bere Bɛn Na Gog Bɛtow Ahyɛ So, Adɛn Nti Na Ɔbɛtow Ahyɛ So, Na Sɛn Na Ɔbɛtow Ahyɛ So?

15, 16. Bere bɛn na Gog a ofi Magog bɛtow ahyɛ yɛn asaase no so?

15 Honhom fam paradise no da yɛn koma so; ɛno nso na ɛrenkyɛ koraa wiase aman bɛka wɔn ho abom atow ahyɛ so yi. Wei nyɛ asɛm a ɛyɛ dɛ koraa. Honhom fam paradise no a wɔbɛtow ahyɛ so no, ɛfa Yehowa asomfo ho, enti yɛpɛ sɛ yehu ho nsɛm pii. Yɛnhwɛ wei ho nsɛmmisa mmiɛnsa bi.

16 Bere bɛn na Gog a ofi Magog bɛtow ahyɛ yɛn honhom fam paradise no so? Nkɔmhyɛ no bua sɛ: ‘Mfe a edi akyiri mu no, wobɛtow ahyɛ asaase no so.’ (Hes. 38:8) Wei ma yehu sɛ, sɛ aka kakraa bi ma wiase no akɔ n’awiei a, ɛnna Gog bɛtow ahyɛ yɛn honhom fam paradise no so. Kae sɛ, sɛ wɔsɛe Babilon Kɛse anaa wiase atoro som nyinaa a, ɛno na ɛbɛkyerɛ sɛ ahohiahia kɛse no afi ase. Sɛ wɔsɛe atoro som wie a, ɛno akyi na Gog de n’ahoɔden nyinaa bɛtow ahyɛ nokware som mufo so. Ɔbɛyɛ saa ansa na Armagedon afi ase.

17, 18. Sɛn na Yehowa bɛma nneɛma akɔ so wɔ ahohiahia kɛse no mu?

17 Asaase a Yehowa asomfo te so no, adɛn nti na Gog bɛtow ahyɛ so? Hesekiel nkɔmhyɛ no ma yehu nneɛma mmienu a enti Gog bɛyɛ saa. Nea edi kan: Ɛyɛ Yehowa nhyehyɛe. Nea ɛto so mmienu: Gog benya adwemmɔne bi.

18 Ɛyɛ Yehowa nhyehyɛe. (Kenkan Hesekiel 38:4, 16.) Hyɛ asɛm a Yehowa ka kyerɛ Gog no nsow: ‘Mede akɔtɔkoro bɛhyehyɛ w’afono mu,’ na “mede wo bɛba ma woatow ahyɛ m’asaase so.” Wohwɛ a, saa nsɛm yi kyerɛ sɛ, Yehowa bɛhyɛ amanaman no ama wɔatow ahyɛ ɔno ara n’asomfo so anaa? Ɛnte saa koraa! Yehowa renyɛ ne nkurɔfo bɔne da. (Hiob 34:12) Nanso Yehowa nim sɛnea n’atamfo te; onim sɛ wɔbɛtan nokware asomfo, enti sɛ wonya hokwan sɛ wɔbɛtɔre nokware asomfo ase a, wɔrentenatena ho koraa. (1 Yoh. 3:13) Wei nti, sɛ kyerɛwsɛm no ka sɛ Yehowa de akɔtɔkoro bɛhyehyɛ Gog afono mu atwe no a, ɛkyerɛ sɛ, nneɛma a Gog bɛyɛ, ne bere a ɔbɛyɛ saa nneɛma no, ne nyinaa wɔ Yehowa nsam. Amanaman no de, nea ɛda wɔn koma so ara ne sɛ wɔbɛsɛe Yehowa nkurɔfo. Enti, sɛ wɔsɛe Babilon Kɛse no wie a, ebetumi aba sɛ Yehowa bɛfa ɔkwan bi so atwetwe wɔn ama wɔayɛ nea ɛda wɔn koma so no. Wei kyerɛ sɛ, Yehowa bɛhwɛ ama nneɛma asisi wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛma Gog atow ahyɛ ne nkurɔfo so, na ɛno bɛkɔ akowie Armagedon ko no mu. Ɛno ne ɔko a ɛsen biara a ebesi wɔ asaase so. Nanso, Yehowa begye ne nkurɔfo, ɔbɛma obiara ahu sɛ ne tumi sõ, na ɔbɛtew ne din kronkron no ho.—Hes. 38:23.

Amanaman no bɛyɛ wɔn adwene sɛ, agyapade soronko a Yehowa asomfo wɔ no, wobegye afi wɔn nsam, efisɛ wokyi nokware som ne wɔn a wɔtaa akyi nyinaa

19. Dɛn na ɛbɛma Gog ayɛ n’adwene sɛ obegye agyapade soronko a yɛwɔ no afi yɛn nsam?

19 Gog benya adwemmɔne bi. Amanaman no ‘bedwen adwemmɔne.’ Nea ɛte ne sɛ, efi tete besi nnɛ nyinaa, wiase aman no atan Yehowa asomfo. Wei nti, wɔde abufuw bɛba yɛn so. Saa bere no, ɛbɛyɛ te sɛ nea Yehowa asomfo nni ahobammɔ biara; ɛbɛyɛ te sɛ nea ‘yɛtete hɔ a yenni ɔfasu, na adaban ne apon mpo yenni bi.’ Afei nso, aman no ho bɛpere wɔn sɛ ‘wobenya nneɛma pii afom’ afi yɛn a ‘yɛanya ahode pii’ no hɔ. (Hes. 38:10-12) “Ahode” bɛn na kyerɛwsɛm no reka ho asɛm yi? Yehowa nkurɔfo wɔ honhom fam ahode pii. Agyapade a ɛsom bo ma yɛn paa ne nokware som a yɛde ma Yehowa nko ara no. Nanso amanaman no bɛyɛ wɔn adwene sɛ, saa agyapade soronko a yɛwɔ no, wobegye afi yɛn nsam. Ɛnyɛ sɛ ebia ɛsom bo ma wɔn ntia, na mmom, wokyi nokware som, na wɔn a wɔtaa nokware som akyi nyinaa nso, wɔtan wɔn.

Gog ‘benya adwemmɔne’ bi sɛ ɔbɛpopa nokware som afi asaase so, nanso ɛrenyɛ yiye (Hwɛ nkyekyɛm 19)

20. Sɛn na Gog bɛtow ahyɛ yɛn asaase anaa honhom fam paradise no so?

20 Sɛn na Gog bɛtow ahyɛ yɛn asaase anaa honhom fam paradise no so? Ebetumi aba sɛ, aman no bɛyɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛma yɛayɛ nneɛma bi a ɛnsɛ sɛ Kristofo yɛ, na nneɛma a yɛyɛ de som Yehowa nso, wɔbɛma yɛagyae. Wei nti, ebia wɔde besi wɔn ani so sɛ wɔremma yɛn nsa nka honhom fam aduan, na wɔremma yɛnyɛ yɛn nhyiam ahorow. Baakoyɛ a ɛwɔ yɛn ntam no nso, wɔbɛyɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛsɛe no, na wɔama yɛagyae Onyankopɔn asɛm a yɛde nsi reka no nso. Nneɛma a wɔbɛyɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛma yɛagyae no, ɛno ara nso na ɛkɔ so wɔ honhom fam paradise no mu. Satan bɛkɔ so ara apiapia aman no, na wɔde besi wɔn ani so sɛ wɔbɛtɔre Yehowa asomfo ase, na wɔapopa nokware som afi asaase so koraa.

21. Nsɛm a ebesisi nnansa yi ara no, adɛn nti na ɛyɛ yɛn dɛ paa sɛ Yehowa abɔ yɛn kɔkɔ wɔ ho?

21 Sɛnea yɛahu no, Gog a ofi Magog bɛtow ahyɛ asaase a Onyankopɔn de ama n’asomfo no so, na ɛbɛka yɛn nyinaa. Nsɛm a ebesisi nnansa yi ara no, ɛyɛ yɛn dɛ paa sɛ Yehowa abɔ yɛn kɔkɔ wɔ ho! Yɛretwɛn sɛ ahohiahia kɛse no bɛba, nanso ennya mmae yi, momma yensi yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ so asom Onyankopɔn nokwarem, na yɛde ne som adi kan wɔ yɛn asetena mu. Yɛyɛ saa a, yɛbɛboa ama honhom fam paradise no ayɛ fɛ nnɛ. Sɛ yɛma nokware som ho hia yɛn a, ɛrenkyɛ koraa, yebehu sɛnea Yehowa betwitwa agye ne nkurɔfo, na watew ne din kronkron no ho wɔ Armagedon. Saa nneɛma a Yehowa bɛyɛ yi, ɛsɛ w’ani. Ti a edi hɔ no bɛkyerɛkyerɛ mu.

a Ti a edi hɔ wɔ nhoma yi mu no, yɛbɛhwɛ sɛnea Yehowa abufuw bɛdɛw ahyɛ Gog a ofi Magog, ne bere a saa asɛm no besi. Afei nso, yɛbɛhwɛ sɛnea wei bɛka nokware asomfo.

b Hwɛ “Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” a ɛwɔ May 15, 2015 Ɔwɛn-Aban mu, kr. 27-28.

c Daniel 11:45 no ka sɛ, atifi fam hene no de “n’ahemfi ntamadan besi ɛpo kɛse no [Mediterranea po] ne asaase Fɛfɛɛfɛ no bepɔw kronkron [baabi a kan no na Onyankopɔn asɔrefi no si a na Onyankopɔn nkurɔfo kɔsom wɔ hɔ] no ntam.” Wei ma yehu sɛ atifi fam hene no betu n’ani asi Onyankopɔn nkurɔfo so.

d Bible ma yehu sɛ, yɛn bere yi so no, “Asiria” bi wɔ hɔ a ɔde besi n’ani so sɛ ɔbɛtɔre Onyankopɔn nkurɔfo ase. (Mika 5:5) Enti sɛ yɛka ne nyinaa bom a, Bible aka ato hɔ sɛ, akuw nnan bi bɛtow ahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so. Akuw no ne Gog a ofi Magog, atifi fam hene no, asaase so ahemfo, ne Asiria. Ebetumi aba sɛ, ɔtamfo a ɔbɛtow ahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so no, ɔno ara na Bible de saa din ahorow yi nyinaa frɛ no no.

e “Gog ne Magog” a ne ho asɛm wɔ Adiyisɛm 20:7-9 no, wopɛ sɛ wuhu nea ɛkyerɛ a, hwɛ nhoma yi Ti 22.