Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 19

“Baabiara a Asubɔnten No Bɛkɔ No, Biribiara a Ɛwɔ Hɔ Benya Nkwa”

“Baabiara a Asubɔnten No Bɛkɔ No, Biribiara a Ɛwɔ Hɔ Benya Nkwa”

HESEKIEL 47:9

NEA ƐWOM: Anisoadehu a ɛfa asubɔnten a ɛresen fi asɔrefi hɔ ho no, sɛnea enyaa mmamu tete mmere mu, sɛnea ɛrenya mmamu nnɛ, ne sɛnea ebenya mmamu daakye

1, 2. Sɛnea Hesekiel 47:1-12 ka no, dɛn na Hesekiel hui, na dɛn na ɔbɔfo no ka kyerɛɛ no? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ ti yi mfiase no.)

 ASƆREFI ho anisoadehu a Hesekiel nyae no, ɔsan huu ade foforo bi a ɛyɛ nwonwa wom: Ohui sɛ na nsu bi resen fi asɔrefi hɔ! Ná nsu no ani tew paa, na wo de, hwɛ sɛ ɔde n’ani di akyi rehwɛ baabi a ɛretene kɔ no. (Kenkan Hesekiel 47:1-12.) Ná nsu no resen fi kronkronbea no kwan ano; afei nsu no pue fii asɔrefi no mu. Baabi a nsu no pue fii no, na ɛbɛn ɔpon a ɛwɔ apuei fam no. Ɔbɔfo a na odi Hesekiel anim no de no fii asɔrefi hɔ, na wɔrekɔ nyinaa, na ɔbɔfo no resusuw kwan a wɔretwa no. Bere a wɔrekɔ no, ɛwom ara a na ɔbɔfo no aka akyerɛ Hesekiel sɛ onsi nsu no mu. Odiyifo no hui sɛ bere a nsu no retene kɔ no, na dɔ ara na emu redɔ. Ankyɛ koraa na nsu no yiri bɛyɛɛ asubɔnten a emu dɔ paa, enti na Hesekiel rentumi nnantew mfa mu ntwa, gye sɛ ɔboro!

2 Ɔbɔfo no ka kyerɛɛ Hesekiel sɛ asubɔnten no bɛtene akɔbɔ Ɛpo a Awu no mu. Ɛpo a Awu no, emu nsu yɛ nkyenenkyene, na nneɛma a nkwa wom ntumi ntena mu. Nanso bere a asubɔnten no kɔbɔɔ mu no, baabiara a nsu no kɔe no, ɛsaa po no mu nsu yare. Wei maa mpataa pii baa po no mu. Afei, Hesekiel hui sɛ nnua ahorow pii sisi asubɔnten no ho. Saa nnua no, bosome biara ɛsow aba foforo a ahoɔden wom, na ne nhaban no, wɔde sa yare. Nneɛma a Hesekiel hui yi nyinaa, yebetumi aka sɛ ɛmaa ne koma tɔɔ ne yam, na ɛma onyaa anidaso. Nanso yemmisa sɛ, asɔrefi ho anisoadehu no fã yi, na ɛfa Hesekiel ne ne mfɛfo a na ɔne wɔn wɔ Babilon no ho sɛn? Na yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ nso, ɛfa yɛn ho sɛn?

Sɛn Na Na Asubɔnten a Ɛwɔ Hesekiel Anisoadehu Mu No Fa Yehowa Nkurɔfo No Ho?

3. Adɛn nti na na tete Yudafo no nim paa sɛ asubɔnten a Hesekiel hui wɔ anisoadehu mu no nyɛ asubɔnten a ɛwɔ hɔ ankasa?

3 Ná tete Yudafo no nim paa sɛ asubɔnten a Hesekiel hui wɔ anisoadehu mu no, ɛnyɛ asubɔnten a ɛwɔ hɔ ankasa. Mmom, ɛbɛyɛ sɛ Bible mu asɛm yi ma wɔkaee nkɔmhyɛ foforo a na ɛno nso fa nokware som a wɔbɛma so bio no ho. Saa nkɔmhyɛ no, ɛbɛyɛ sɛ bɛboro mfe ahanu a na atwam no na odiyifo Yoel kyerɛwee. (Kenkan Yoel 3:18.) Bere a Yudafo a na wɔwɔ Babilon no kenkan asɛm a honhom kaa odiyifo Yoel ma ɔkyerɛwee no, wɔanhwɛ kwan sɛ “nsã dɔkɔdɔkɔ bɛsosɔ” afi mmepɔw so anaa “nufusu bɛsen” afi nkoko so ankasa; saa ara nso na wɔanhwɛ kwan sɛ nsu ankasa “bepue afi Yehowa fi.” Asubɔnten a odiyifo Hesekiel hui wɔ anisoadehu mu no nso, ɛbɛyɛ sɛ Yudafo no annya adwene sɛ ɛyɛ asubɔnten ankasa. a Ɛnde, asɛm bɛn na na Yehowa reka? Yɛhwɛ Bible mu a, nsɛm bi wom a ɛboa yɛn paa ma yɛte nneɛma bi a ɛwɔ anisoadehu no mu ase. Nanso, nea yɛde yɛn adwene besi so ne nneɛma mmiɛnsa bi a ɛwɔ anisoadehu no mu a ɛma yenya awerɛhyem sɛ Yehowa dɔ yɛn.

4. (a) Asubɔnten a Hesekiel hui wɔ anisoadehu mu no, na ɛbɛma Yudafo no ahwɛ kwan sɛ wobenya nhyira afi Yehowa hɔ. Ɛyɛ nhyira bɛn? (b) Yɛhwɛ sɛnea Bible de nsɛmfua “asubɔnten” ne “nsu” di dwuma a, sɛn na ɛma yenya awerɛhyem sɛ Yehowa behyira ne nkurɔfo? (Hwɛ adaka a wɔato din “Nsubɔnten a Efi Yehowa Hɔ a Ɛde Nhyira Nam.”)

4 Asubɔnten a ɛde nhyira nam. Bible taa de nsubɔnten ne nsu gyina hɔ ma nhyira a efi Yehowa hɔ. Hesekiel hui sɛ asubɔnten bi a ɛte saa resen fi asɔrefi hɔ. Enti yebetumi aka sɛ, anisoadehu no maa Onyankopɔn nkurɔfo no hui sɛ, sɛ wɔkɔ so som Yehowa nokwarem a wobenya ne nhyira. Nhyira bɛn na yɛreka ho asɛm yi? Ɛne sɛ, na asɔfo no bɛsan de Onyankopɔn asɛm akyerɛkyerɛ wɔn bio. Ɛnyɛ ɛno nko, sɛ wofi ase bɔ afɔre wɔ asɔrefi hɔ a, na wobetumi anya awerɛhyem bio sɛ Yehowa de wɔn bɔne bɛkyɛ wɔn. (Hes. 44:15, 23; 45:17) Ɛba saa a, na wɔn ho bɛsan atew te sɛ nea wɔde nsu a ani tew a ɛresen fi asɔrefi hɔ no aguare wɔn.

5. Sɛ na obi suro sɛ anhwɛ a na nhyira no bi anso no so a, sɛn na asubɔnten a Hesekiel hui wɔ anisoadehu mu no bɛka ne koma ato ne yam?

5 Yemmisa sɛ, nhyira no, na ɛbɛdɔɔso ma aso obiara so anaa? Ná ɛnsɛ sɛ obiara suro sɛ anhwɛ a na nhyira no bi anso no so. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, anisoadehu no ma yehu sɛ bere a nsu no retene kɔ anim no, wohwɛ sɛnea na emu retrɛw no a, na ɛyɛ nwonwa. Bere a nsu no pue fii asɔrefi hɔ no, na ɛresen nkakrankakra, nanso ɛkɔɔ n’anim bɛyɛ kwansin baako no, na ayiri adan asubɔnten! (Hes. 47:3-5) Wei kyerɛ sɛ, sɛ Yudafo no san kɔtena wɔn kurom na wɔn dodow kɔ anim mpo a, Yehowa nhyira mu bɛtrɛw ama obiara anya bi. Enti asubɔnten no maa Yudafo no hui sɛ Yehowa nhyira bebu so!

6. (a) Ɛbɔ bɛn na Yehowa nam anisoadehu yi so hyɛɛ ne nkurɔfo no? (b) Kɔkɔbɔ bɛn nso na ɛwɔ anisoadehu no mu? (Hwɛ ase hɔ asɛm no.)

6 Nsu a ɛma nkwa. Hesekiel anisoadehu no mu no, asubɔnten no sen kɔbɔɔ Ɛpo a Awu no mu. Ɛbaa saa no, po no fã kɛse no ara, nkwa baa mu. Hyɛ no nsow sɛ nsu no maa mpataa ahorow pii baa Ɛpo a Awu no mu. Mpataa ahorow a ɛbaa Ɛpo a Awu no mu no, na ɛte sɛ mpataa ahorow a ɛwɔ Ɛpo Kɛse, anaa Mediterranea Po no mu. Biribi foforo wɔ anisoadehu no mu a ɛma yehu sɛ mpataa pii baa Ɛpo a Awu no mu. Ɛne sɛ, na nkurow mmienu bi da po no ano, na na nkurow no ntam kwan ware. Sɛ wufi kurow baako so rekɔ foforo so a, wubehu sɛ na nkurɔfo redi mpataa ho gua wɔ mpoano hɔ. Ɔbɔfo no san kaa sɛ: “Baabiara a asubɔnten no bɛkɔ no, biribiara a ɛwɔ hɔ benya nkwa.” Nanso wei kyerɛ sɛ nsu a ɛsen fii Yehowa fi hɔ no kɔɔ Ɛpo a Awu no fã biara? Daabi. Ɔbɔfo no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, po no afã bi a na ɛyɛ atɛkyɛ no, nsu a ɛma nkwa no annu hɔ. Saa mmeae no de, na “ɛbɛyɛ nkyenenkyene.” b (Hes. 47:8-11) Enti Yehowa nam anisoadehu yi so hyɛɛ ne nkurɔfo bɔ sɛ nokware som bɛma wɔanya nkwa na wɔanya nkɔso. Nanso na kɔkɔbɔ bi wɔ anisoadehu no mu. Ɛne sɛ: Ɛnyɛ obiara na obegye Yehowa nhyira no atom; ɛnyɛ obiara nso na obenya ayaresa.

7. Nnua a na esisi asubɔnten no ho wɔ anisoadehu no mu no, awerɛhyem bɛn na ɛmaa Yudafo no nyae?

7 Nnua a ɛma nnipa aduan na ɛsa wɔn yare. Afei ma yɛnhwɛ nnua a esisi asubɔnten no ho no. Ɛma asubɔnten no ho yɛ fɛ, nanso ɛsan kyerɛ biribi. Saa nnua no, na n’aba yɛ dɛ, na na ɛsow aba foforo bosome biara! Enti wo de, hwɛ sɛ Hesekiel ne ne manfo no redwinnwen nnua a ɛte saa ho. Akyinnye biara nni ho sɛ, na ɛbɛma wɔn ani agye. Saa nnua no ne n’aba no ho asɛm yi ma wonyaa awerɛhyem sɛ na Yehowa bɛma wɔn honhom fam aduan adi. Dɛn bio na na wobenya? Hyɛ no nsow sɛ, na wɔde saa nnua no nhaban ‘bɛsa yare.’ (Hes. 47:12) Ná Yehowa nim sɛ, ne nkurɔfo a wɔresan aba wɔn asaase so no, nea na wobehia paa ne honhom fam ayaresa, na ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛma wɔanya. Ɔkwan a ɔfaa so yɛɛ saa no, nokware som a wɔbɛma so bio ho nkɔmhyɛ afoforo ka ho asɛm. Yesusuw saa nkɔmhyɛ ahorow no ho wɔ nhoma yi Ti 9.

8. Dɛn na ɛma yehu sɛ na Hesekiel anisoadehu no benya mmamu kɛse?

8 Nanso, yɛsan hui wɔ Ti 9 no sɛ, Israelfo a wɔsan baa wɔn asaase so no, wohuu nkɔmhyɛ ahorow yi mmamu ketewaa bi. Ɛyɛɛ dɛn na wɔanhu nkɔmhyɛ no mmamu nyinaa? Ɛyɛ wɔn ankasa na wɔyɛe. Mpɛn pii na nkurɔfo no san kɔfaa wɔn akwammɔne so. Ná wɔtaa yɛ asoɔden, na na wɔtoto nokware som ase. Enti, na ɛbɛyɛ dɛn na Yehowa ahyira wɔn korakora? Wɔn a na wodi nokware no, nneɛma bɔne a na wɔn mfɛfo no reyɛ no ma wodii yaw, na na wonhu nea enti a wɔn nuanom reyɛ saa. Nanso, Yehowa asomfo anokwafo yi, na wonim sɛ Yehowa bɔhyɛ nni huammɔ da; ɛbam bere nyinaa. (Kenkan Yosua 23:14.) Enti, da bi bɛba a Hesekiel anisoadehu no benya ne mmamu kɛse. Ɛyɛ bere bɛn?

Asubɔnten No Resen Nnɛ!

9. Asɔrefi ho anisoadehu a Hesekiel nyae no, bere bɛn na na ebenya ne mmamu kɛse?

9 Sɛnea yehui wɔ nhoma yi Ti 14 no, asɔrefi ho anisoadehu a Hesekiel nyae no, na ebenya ne mmamu kɛse wɔ “awiei nna no mu.” Sɛnea na wɔbɛma nokware som so saa bere no de, na ebi mmae da. (Yes. 2:2) Anisoadehu a Hesekiel nyae no fã a yɛreka ho asɛm yi, sɛn na ɛrenya mmamu nnɛ?

10, 11. (a) Ɛnnɛ, nhyira bɛn na yɛrenya a ɛte sɛ asubɔnten? (b) Nhyira a efi Yehowa hɔ no, sɛn na emu atrɛw ama aso nnipa pii so wɔ nna a edi akyiri yi mu?

10 Asubɔnten a ɛde nhyira nam. Nsu a na ɛresen fi Yehowa fi no, ɛma yɛkae nhyira a yɛrenya nnɛ. Ɛyɛ nhyira bɛn? Ɛyɛ biribiara a Yehowa de ma yɛn a ɛboa ma yɛne no ntam yɛ papa. Emu kɛse paa ne Kristo agyede afɔre no. Ɛno na wɔnam so tew yɛn ho, na ɛma wotumi de yɛn bɔne kyɛ yɛn. Afei nso, Kyerɛwnsɛm no ka sɛ, nokwasɛm a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no, ɛte sɛ nkwa nsu a etumi tew yɛn ho. (Efe. 5:25-27) Saa nhyira yi, sɛn na ɛresen wɔ yɛn bere yi so?

11 Afe 1919 mu no, na Yehowa asomfo bɛyɛ 5,000 pɛ na wɔwɔ wiase, na na wɔn nsa ka honhom fam aduan a wohia. Wei maa wɔn ani gyei paa. Efi saa bere no, wɔn dodow kɔɔ anim. Ɛnnɛ, Onyankopɔn nkurɔfo dodow boro ɔpepem nwɔtwe. Yemmisa sɛ, Bible mu nokwasɛm a ɛte sɛ nsu no, ɛso yɛn nyinaa so anaa? Yiw! Yɛn nsa ka honhom fam aduan a yehia ma ɛboro so. Yɛhwɛ mfe ɔha a atwam no a, Onyankopɔn nkurɔfo nsa kaa Bible, nhoma, nsɛmma nhoma, nhomawa, ne nkratawa ɔpepepem pii. Sɛnea yɛabehu no, asubɔnten a Hesekiel hui wɔ anisoadehu mu no, bere a ɛretene kɔ anim nyinaa na emu retrɛw. Saa ara na nnɛ, honhom fam aduan adɔɔso paa. Enti nnipa a Onyankopɔn Asɛm ho sukɔm de wɔn wɔ wiase nyinaa no, wɔn nsa ka bi. Yefii ase tintim Bible ho nhoma no, akyɛ paa. Seesei nea yɛde abɛka ho ne jw.org wɛbsaet no. Wokɔ hɔ a, wubenya honhom fam aduan pii. Nneɛma a egu hɔ no, ɛwɔ kasa bɛboro 1,000 mu! Saa Bible mu nokwasɛm a ɛte sɛ nsu no, sɛn na aboa nnipa komapafo?

12. (a) Nokwasɛm a ɛwɔ Bible mu no, sɛn na yɛahu sɛ aboa nkurɔfo? (b) Kɔkɔbɔ bɛn na ɛwɔ anisoadehu no mu a ɛso wɔ mfaso nnɛ? (Hwɛ ase hɔ asɛm no nso.)

12 Nsu a ɛma nkwa. Ɔbɔfo no ka kyerɛɛ Hesekiel sɛ: “Baabiara a asubɔnten no bɛkɔ no, biribiara a ɛwɔ hɔ benya nkwa.” Nokwasɛm a ɛwɔ Bible mu no, wo de, hwɛ sɛnea aboa wɔn a wɔaba yɛn honhom fam paradise no mu nyinaa. Saa nokwasɛm yi ama nnipa ɔpepem pii anya nkwa ne ayaresa wɔ honhom fam. Nanso, kɔkɔbɔ bi nso wɔ anisoadehu no mu a ɛso wɔ mfaso nnɛ. Ɛne sɛ: Ɛnyɛ obiara na ɔbɛkɔ so atena nokware no mu. Yɛbɛkae a, anisoadehu a Hesekiel nyae no mu no, ohuu awora ne atɛkyɛ wɔ Ɛpo a Awu no afã bi. Saa ara na nnipa bi wɔ hɔ a, ebedu baabi no, wɔremfa nokware a ɛwɔ Bible mu no mmɔ wɔn bra, na wɔbɛtwe wɔn ho afi Yehowa ho. c Mommma yɛnnyɛ saa da!—Kenkan Deuteronomium 10:16-18.

13. Nnua a na esisi asubɔnten no ho wɔ anisoadehu no mu no, dɛn na yebetumi asua afi mu?

13 Nnua a ɛma nnipa aduan na ɛsa wɔn yare. Yɛhwɛ nnua a na esisi asubɔnten no ho wɔ anisoadehu no mu a, ɛma yenya nkuranhyɛ bi nnɛ anaa? Ɛma yenya bi paa! Kae sɛ, saa nnua no, bosome biara na ɛsow aba foforo a ɛyɛ dɛ. N’ahaban no nso, na wɔde sa yare. (Hes. 47:12) Weinom ma yehu sɛ, Onyankopɔn a yɛresom no no, oyi ne yam ma yɛn honhom fam aduan, na ɔsa yɛn yare nso wɔ honhom fam. Wiase a yɛte mu nnɛ yi, emu nnipa yare na wodi kɔm wɔ honhom fam, kyerɛ sɛ, wɔnte nokwasɛm a ɛwɔ Bible mu no ase. Nanso wo de, hwɛ nneɛma pa a Yehowa de ma yɛn. Sɛ wokenkan asɛm bi wɔ yɛn nhoma bi mu, woto dwom a yɛde wie ɔmansin anaa ɔmantam nhyiam bi, anaa wohwɛ video bi anaa JW Broadcasting dwumadi bi wie a, ɛyɛ a wote nka sɛn? Ɛyɛ a w’ani nnye sɛ wo nsa aka saa honhom fam aduan no anaa? Anokwa, Yehowa ma yedidi yiye. (Yes. 65:13, 14) Afei yemmisa sɛ, nokwasɛm a ɛwɔ Bible mu a Yehowa de ma yɛn no, etumi sa yɛn yare honhom fam anaa? Yenya afotu pa fi Onyankopɔn Asɛm mu, na ɛboa yɛn wɔ akwan pii so. Ebi ne sɛ, ɛma yɛtwe yɛn ho fi ɔbrabɔne ne anibere ho, na afei nso ɛboa yɛn na yɛn gyidi ansɛe. Wei da nkyɛn a, sɛ Kristoni bi yɛ bɔne a emu yɛ duru a, Yehowa ayɛ nhyehyɛe a ɛboa no ma onya honhom fam ayaresa. (Kenkan Yakobo 5:14.) Enti yɛhwɛ Hesekiel anisoadehu no a, nhyira a nnua no ma nnipa nya no, yebetumi aka paa sɛ yɛanya bi.

14, 15. (a) Hesekiel anisoadehu no mu no, baabi a na ɛyɛ atɛkyɛ a nsu no ansa no yare no, dɛn na yebetumi asua afi mu? (b) Asubɔnten a ɛwɔ Hesekiel anisoadehu no mu no, sɛn na yenya so mfaso nnɛ?

14 Yehu sɛ, baabi a na ɛyɛ atɛkyɛ no, nsu no ansa no yare. Ɛno nso, yebetumi asua biribi afi mu. Ɛne sɛ, nhyira a Yehowa ama ɛresen te sɛ nsu wɔ yɛn asetenam no, ɛnsɛ sɛ yɛpo. Sɛ yɛannya ayaresa a, ɛbɛyɛ awerɛhow paa. Yɛbɛyɛ te sɛ wiase yi mu nnipa pii a wɔyareyare no. (Mat. 13:15) Enti, asubɔnten a ɛde nhyira nam no, momma yɛmma kwan mma ɛmmoa yɛn, na yɛn ani nnye. Wo de, ma yɛnhwɛ nneɛma bi a yɛyɛ wɔ yɛn som mu. Yɛde anigye sua nokwasɛm a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu a ɛte sɛ nsu a ani tew no. Yɛka saa nokwasɛm no kyerɛ nkurɔfo wɔ asɛnka mu. Afei nso, yɛn nsa ka akwankyerɛ pa, awerɛkyekye, ne mmoa fi asafo mu mpanyimfo a akoa nokwafo no atete wɔn no hɔ. Sɛ yedwinnwen weinom nyinaa ho a, ɛma yɛkae asubɔnten a Hesekiel hui wɔ anisoadehu mu no. Baabiara a asubɔnten no sen kɔ no, ɛma nkwa, na ɛsa yare!

15 Nanso, sɛn na asubɔnten ho anisoadehu no benya mmamu daakye? Sɛnea yebehu no, nhyira a asubɔnten no de nam no, Paradise a ɛreba no mu na yebehu ne kɛse paa.

Sɛnea Anisoadehu No Benya Mmamu Wɔ Paradise

16, 17. (a) Asubɔnten a ɛwɔ anisoadehu no mu no, adɛn nti na yɛreka sɛ emu bɛtrɛw kɛse paa wɔ Paradise? (b) Asubɔnten a ɛde nhyira nam no, sɛn na yebenya so mfaso wɔ Paradise?

16 Fa no sɛ wowɔ Paradise. Wo nnamfo ne w’abusuafo atwa wo ho ahyia. Baabi a wobɛfa biara, anigye nko ara. Nneɛma a ɛbɛkɔ so wɔ Paradise no, sɛ wusua asubɔnten a Hesekiel nyaa ho anisoadehu no ho ade a, ebetumi aboa wo ama woatwa ho mfoni yiye wɔ w’adwene mu. Adɛn nti na yɛreka saa? Wo de, nneɛma mmiɛnsa a ɛwɔ anisoadehu no mu a ɛma yenya awerɛhyem sɛ Yehowa dɔ yɛn no, momma yɛnsan nsusuw ho bio.

17 Asubɔnten a ɛde nhyira nam. Asubɔnten a ɛwɔ anisoadehu no mu no, emu bɛtrɛw kɛse paa wɔ Paradise, efisɛ nhyira a ɛde bɛba no, ɛbɛyɛ honhom fam de ne honam fam de. Yesu Mfirihyia Apem Nniso no mu no, Onyankopɔn Ahenni bɛboa anokwafo ama wɔanya agyede no so mfaso a ɛkyɛn so koraa. Nkakrankakra, bɔne ne sintɔ befi yɛn ho! Enti yɛrenyare bio. Yɛrenhia dɔkotafo, anɛɛsefo, ayaresabea, ne apɔwmuden nsiakyibaa bio! Nnipa ɔpepem pii a wobenya nkwa wɔ Armagedon no, wobenya nhyira a nkwa nsu no de nam no bi. Saa nkurɔfo no ne “nnipakuw kɛse” a wobetwa “ahohiahia kɛse no.” (Adi. 7:9, 14) Enti nhyira a nkwa nsu a ɛbɛsen saa bere no de bɛba no, ɛrenyɛ asɛm ketewa. Nanso, sɛ yɛde toto nhyira a ebedi ɛno akyi aba no ho a, yebehu sɛ nea edi kan no yɛ ketewaa bi koraa. Sɛnea Hesekiel anisoadehu no ma yehu no, asubɔnten no mu bɛtrɛw ama afoforo pii anya nhyira a ɛde nam no bi.

Paradise ba a, asubɔnten a ɛde nhyira nam no bɛma obiara anya apɔwmuden; yɛn nyinaa bɛyɛ mmerante ne mmabaa (Hwɛ nkyekyɛm 17)

18. Mfirihyia Apem no mu no, sɛn na “nkwa nsu asubɔnten” no beyiri?

18 Nsu a ɛma nkwa. Mfirihyia Apem no mu no, “nkwa nsu asubɔnten” no beyiri. (Adi. 22:1) Wobenyan awufo pii, na wobenya hokwan a ɛbɛma wɔatena ase daa wɔ Paradise. Awufo a wobenyan wɔn no, wɔyɛ ɔpepem pii; sɛ yɛbɛka mpo a, wɔyɛ ɔpepepem pii! Nnipa bebrebe a wɔawuwu a wonni tumi biara a seesei wɔadan dɔte no, Yehowa nhyira a ɔnam Ahenni no so de bɛba no bɛso wɔn so. Obenyan wɔn aba nkwa mu. (Yes. 26:19) Nanso, saa nkurɔfo a wobenyan wɔn no, wɔn nyinaa na wɔbɛtena ase daa anaa?

19. (a) Dɛn na ɛma yehu sɛ Yehowa bɛda nokwasɛm afoforo adi wɔ Paradise? (b) Dɛn na nnipa bi bɛyɛ daakye a ɛbɛma wɔayɛ te sɛ mmeae a na ‘ɛyɛ nkyenenkyene’ no?

19 Nea wɔn mu biara bɛyɛ na ɛbɛkyerɛ. Wunim biribi, wobebuebue nhoma mmobɔwee foforo mu saa bere no. Enti Yehowa bɛda nokwasɛm foforo adi, na yebenya akwankyerɛ foforo nso. Nkwa nsu a Yehowa de bɛma yɛn saa bere no, weinom nyinaa ka ho bi. Saa nneɛma a yebenya yi, sɛ wudwinnwen ho a, ɛmma w’ani nnye anaa? Nanso, akwankyerɛ a yebenya no, ebinom remfa nyɛ adwuma; wɔbɛyɛ Yehowa so asoɔden. Ebetumi aba sɛ ebinom bɛtew atua wɔ Mfirihyia Apem no mu, nanso saa nkurɔfo no rentumi nsɛe asomdwoe a ɛwɔ Paradise no. (Yes. 65:20) Wei ma yɛkae biribi a Hesekiel hui wɔ anisoadehu no mu. Ná mmeae bi wɔ hɔ a ɛyɛ atɛkyɛ, na annya ayaresa; ‘ɛyɛɛ nkyenenkyene.’ Enti nkwa nsu a Yehowa de bɛma yɛn no, ebinom bɛyɛ wɔn adwene sɛ wɔrennom. Hwɛ sɛnea nyansa nnim koraa sɛ wɔbɛyɛ saa! Mfirihyia Apem no akyi no, nnipa bi bɛtew atua, na wɔakɔka Satan ho. Wɔn a wɔbɛpo Yehowa nniso a ɛyɛ papa no, wɔn nyinaa awiei bɛyɛ baako: wobewu, na wɔrennya owusɔre biara bio.—Adi. 20:7-12.

20. Nhyehyɛe bɛn na ɛbɛboa yɛn wɔ Mfirihyia Apem no mu a ɛma yɛkae nnua a Hesekiel hui no?

20 Nnua a ɛma nnipa aduan na ɛsa wɔn yare. Yehowa mpɛ sɛ daa nkwa bɛbɔ yɛn mu biara. Enti ɔbɛsan ayɛ nhyehyɛe a ɛte sɛ nnua a Hesekiel hui wɔ anisoadehu mu no, sɛnea ɛbɛboa yɛn ama yɛatumi akura anidaso a ɔde ama yɛn no mu. Nanso, nhyira a Yehowa de bɛma yɛn wɔ Paradise no de, ɛbɛyɛ honam fam de ne honhom fam de. Mfirihyia Apem no mu no, Yesu Kristo ne 144,000 a wɔka no ho no bedi ade wɔ soro. Afei nso, Yesu ne 144,000 no bɛyɛ adwuma sɛ asɔfo, na wɔde mfaso a ɛwɔ Kristo agyede afɔre no so bɛboa nnipa anokwafo ama bɔne ne sintɔ biara afi wɔn ho. (Adi. 20:6) Enti yebenya honam fam ne honhom fam ayaresa. Wei ma yɛkae nnua a Hesekiel hui sɛ esisi asubɔnten no ho no. Ná saa nnua no sow aba a ahoɔden wom, na na wɔde ne nhaban no sa yare. Hesekiel anisoadehu no, ɛne nkɔmhyɛ bi a ɛka koma a ɔsomafo Yohane kyerɛwee di nsɛ paa. (Kenkan Adiyisɛm 22:1, 2.) Nnua a Yohane hui no, na wɔde ne nhaban “sa amanaman no yare.” Enti nnipa anokwafo ɔpepem pii benya asɔfodwuma a 144,000 no bɛyɛ no so mfaso.

21. Sɛ wususuw asubɔnten a Hesekiel hui wɔ anisoadehu no mu ho a, ɛka wo sɛn, na dɛn na yebesusuw ho wɔ ti a edi hɔ no mu? (Hwɛ adaka a wɔato din “Nsu a Ɛresen Nkakrankakra No Yiri Bɛyɛɛ Asubɔnten!”)

21 Sɛ wususuw asubɔnten a Hesekiel hui wɔ anisoadehu mu no ho a, ɛmma wo koma ntɔ wo yam, na ɛmma wunnya anidaso anaa? Nokwasɛm ne sɛ, mmere pa da yɛn anim! Afei hwɛ asɛm yi: Nkɔmhyɛ ahorow a ɛboa ma yehu nea ɛbɛkɔ so wɔ Paradise no, mfe mpempem pii ni na Yehowa ma wɔkyerɛw too hɔ. Na efi saa bere no de besi nnɛ, watɔ ne bo ase reto nsa afrɛ nnipa sɛ wɔmmra mmehu sɛnea nkɔmhyɛ no benya mmamu kɛse, na wonhu sɛnea Paradise asetena bɛyɛ ankasa. Wobɛkɔ hɔ bi anaa? Ebia wubebisa wo ho sɛ, ‘Enti me paa, metumi anya Paradise atena?’ Momma yɛnhwɛ sɛnea Hesekiel nkɔmhyɛ no fã a etwa to no ma yɛn awerɛhyem.

a Biribi foforo wɔ hɔ a enti yebetumi aka sɛ, ɛbɛyɛ sɛ Yudafo no annya adwene sɛ nsu a ɛresen no yɛ asubɔnten ankasa. Ɛne sɛ, Hesekiel kae sɛ, nsu a ɛretene no, efi asɔrefi a esi bepɔw tenteenten bi so na ɛreba. Nanso, Yudafo a na wɔkae sɛnea wɔn asaase no te no, na wonim sɛ bepɔw tenten biara saa nni wɔn kurom hɔ a asɔrefi si so. Ɛno da nkyɛn a, anisoadehu no mu no, ɛte sɛ nea asubɔnten no sen kɔbɔɔ Ɛpo a Awu no mu a biribiara ansiw no kwan. Nanso wohwɛ sɛnea na Bɔhyɛ Asaase no te a, na ɛrentumi nyɛ yiye saa.

b Nkurɔfo a wɔkyerɛkyerɛ Bible mu nsɛm mu no, wɔn mu binom ka sɛ wei nso yɛ nhyira. Nea enti a wɔka saa ne sɛ, esiane sɛ wɔde nkyene kora nneɛma so nti, sɛ wokɔ Ɛpo a Awu no mpɔtam hɔ a, efi bere tenten na nkurɔfo ayɛ nkyene ho adwuma wɔ hɔ, na ɛyɛ adwuma a mfaso wɔ so paa. Nanso hyɛ no nsow sɛ, kyerɛwsɛm no ka no pefee sɛ saa mmeae a na ɛyɛ atɛkyɛ no, “ɛrennya ayaresa.” Nkwa amma mu, anaa annya ayaresa, efisɛ nsu a ɛma nkwa a efi Yehowa fi no annu hɔ. Enti ɛha yi de, ɛbɛyɛ sɛ atɛkyɛ a na ɛyɛ nkyenenkyene no, ɛnyɛ nhyira.—Dw. 107:33, 34; Yer. 17:6.

c Yesu mfatoho a ɛfa asau ho no, ɛne saa asɛm yi di nsɛ. Asau no kyeree mpataa pii, nanso ɛnyɛ ne nyinaa na na ɛyɛ “papa.” Mpataa a enye no, wɔtow gui. Enti Yesu bɔɔ kɔkɔ sɛ, ebetumi aba sɛ, nnipa a wɔba Yehowa ahyehyɛde no mu no, bere bi akyi no, wɔn mu dodow bi renni nokware.—Mat. 13:47-50; 2 Tim. 2:20, 21.