Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ƆFÃ A EDI KAN

“Ɔsoro Buei”

“Ɔsoro Buei”

HESEKIEL 1:1

NEA ƐWOM: Yebehu baabi a Yehowa te no ho biribi kakra

Onipa biara rentumi mfa n’aniwa nhu Yehowa, ade nyinaa so tumfo Nyankopɔn no, na onnya nkwa. (Ex. 33:20) Nanso Yehowa maa Hesekiel nyaa anisoadehu ahorow bi a ɛma yehu sɛnea Yehowa ahyehyɛde no fã a ɛwɔ soro no te. Saa anisoadehu ahorow no ma yɛn ho dwiriw yɛn, na ɛma yɛn ani sɔ hokwan kɛse a yɛanya sɛ yɛresom nokware Nyankopɔn koro pɛ no.

IN THIS SECTION

TI 3

“Minyaa Anisoadehu Fii Onyankopɔn Hɔ”

Anisoadehu a edi kan a Hesekiel nyae no maa ne ho dwiriw no paa. Onyankopɔn asomfo anokwafo a wɔwɔ hɔ nnɛ no betumi asua nneɛma pii afi nea ohui no mu.

TI 4

Henanom Ne “Ateasefo a Wɔwɔ Anim Anan No”?

Nneɛma a yentumi mfa yɛn ani nhu, na ɛyɛ den sɛ yɛbɛte ase no, Yehowa de mfoni ahorow bi kyerɛɛ Hesekiel a ɛboa yɛn ma yɛte ase.