Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 4

Henanom Ne “Ateasefo a Wɔwɔ Anim Anan No”?

Henanom Ne “Ateasefo a Wɔwɔ Anim Anan No”?

HESEKIEL 1:15

NEA ƐWOM: Sɛnea ateasefo no te ne nea yesua fi wɔn hɔ

1, 2. Sɛ Yehowa rekyerɛkyerɛ nokwasɛm bi mu akyerɛ n’asomfo a wɔwɔ asaase so a, adɛn nti na ɛtɔ mmere bi a ɔde mfoni di dwuma?

 FA NO sɛ agya ne ɛna bi ne wɔn mma nkumaa te adidipon ho resua Bible. Nea ɛbɛyɛ na mmofra no ate nokwasɛm bi a ɛwɔ Bible mu ase no, agya no de mfoni ahorow bi kyerɛ wɔn. Sɛnea mmofra no serew na wɔde anigye bua nsɛmmisa no ma wuhu sɛ ɔkwan a agya no afa so rekyerɛkyerɛ ne mma no ye paa. Yehowa ho nsɛm bi a anka ɛbɛyɛ den sɛ mmofra no bɛte ase no, mfoni a agya no de kaa ne nsɛm ho nti, wotumi tee ase.

2 Saa ara nso na nneɛma a yentumi mfa yɛn ani nhu, na ɛyɛ den sɛ yɛbɛte ase no, yɛn Agya Yehowa tumi de mfoni ahorow boa yɛn ma yɛte ase. Sɛ nhwɛso no, nea ɛbɛyɛ na Yehowa akyerɛkyerɛ nokwasɛm atitiriw bi a ɛfa ɔno ankasa ho mu no, ɔde mfoni ahorow bi a ɛyɛ nwonwa kyerɛɛ Hesekiel wɔ anisoadehu bi mu. Nhoma yi Ti 3 mu no, yesusuw saa mfoni no mu baako ho. Afei momma yɛmfa yɛn adwene nsi saa anisoadehu a ɛyɛ nwonwa no fã pɔtee bi so, na yɛnhwɛ sɛnea ne ntease bɛboa ama yɛabɛn Yehowa.

“Mihuu Biribi a Ayɛ Sɛ Ateasefo Baanan”

3. (a) Sɛnea Hesekiel 1:4, 5 kyerɛ no, dɛn na Hesekiel hui wɔ anisoadehu mu? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ ti yi mfiase no.) (b) Ɔkwan a Hesekiel faa so kyerɛw anisoadehu a onyae ho asɛm no, dɛn na wohyɛɛ no nsow wɔ ho?

3 Kenkan Hesekiel 1:4, 5. Hesekiel kaa “biribi a ayɛ sɛ ateasefo baanan” ho asɛm. Wohwɛ wɔn a, wɔn fã bi te sɛ abɔfo, wɔn fã bi te sɛ nnipa, ɛnna wɔn fã bi te sɛ mmoa. Hyɛ sɛnea Hesekiel kyerɛw nea ohui no nsow. Ɔkyerɛwee sɛ ohuu “biribi a ayɛ sɛ” ateasefo. Sɛ worekenkan anisoadehu no ho asɛm nyinaa wɔ Hesekiel ti 1 a, wubehu sɛ Hesekiel de nsɛm bi te sɛ “biribi a ɛte sɛ,” “ɛte sɛ,” ne “obi a ɔsɛ” dii dwuma. (Hes. 1:13, 24, 26) Ɛda adi sɛ, Hesekiel behui sɛ nneɛma a ɛwɔ soro a aniwa ntumi nhu no, ɛho mfoni anaa ne sɛso kɛkɛ na ohui.

4. (a) Sɛn na anisoadehu no kaa Hesekiel? (b) Dɛn na ɛda adi sɛ na Hesekiel nim fa kerubim no ho?

4 Ɛbɛyɛ sɛ nea Hesekiel hui ne nea ɔtee wɔ anisoadehu no mu no, ɛmaa ne ho dwiriw no paa. Ná ateasefo baanan no ho te sɛ “nnyansramma a ɛredɛw.” Afei, sɛnea na wotumi di akɔneaba ntɛmntɛm no te sɛ “anyinam a ɛrepa yerɛwyerɛw.” Wɔn ntaban nso, na egyigye te sɛ “nsu pii a ɛreworo so,” na sɛ wɔnam a, wote wɔn nka te sɛ “asraafodɔm kɛse nnyigyei.” (Hes. 1:13, 14, 24-28; hwɛ adaka a wɔato din “Bere a Migu So Rehwɛ Ateasefo No.”) Akyiri yi, Hesekiel nyaa anisoadehu bi, na ɔkaa sɛ ateasefo baanan yi yɛ “kerubim,” anaa abɔfo a wɔwɔ tumi paa. (Hes. 10:2) Esiane sɛ wɔtetee Hesekiel wɔ asɔfo abusua mu nti, akyinnye biara nni ho sɛ, na onim sɛ kerubim no yɛ Onyankopɔn asomfo a wɔbɛn no paa.—1 Be. 28:18; Dw. 18:10.

“Wɔn Mu Biara Wɔ Anim Anan”

5. (a) Kerubim no ne wɔn anim nnan no, ɔkwan bɛn so na ɛma yehu sɛ Yehowa anuonyam ne ne kɛseyɛ nni ano? (b) Adɛn nti na anisoadehu no fã yi ma yɛkae nea Onyankopɔn din no kyerɛ? (Hwɛ ase hɔ asɛm no.)

5 Kenkan Hesekiel 1:6, 10. Hesekiel hui sɛ kerubim biara wɔ anim nnan—onipa anim, gyata anim, nantwi anim, ne ɔkɔre anim. Ɛbɛyɛ sɛ anim nnan a Hesekiel hui no kaa no paa ma ohuu sɛnea Yehowa anuonyam ne ne kɛseyɛ nni ano no. Adɛn ntia? Nea enti a ɛte saa ne sɛ, abɔde ahorow a wɔwɔ kerubim no anim no, yehu sɛ wɔda nsow, efisɛ wɔwɔ ahoɔden, wɔwɔ tumi, na wɔn anim wɔ nyam. Gyata yɛ wuram aboa a ne ho yɛ hu na ne ho yɛ den, nantwi yɛ afieboa a ɔte apɔw, ɔkɔre yɛ anomaa kɛse a ne ho yɛ den, na onipa nso, nneɛma a Onyankopɔn abɔ wɔ asaase so nyinaa, ɔno na ɔda mu fua; abɔde a ɛwɔ asaase so nyinaa onipa na odi wɔn so. (Dw. 8:4-6) Nanso anisoadehu yi mu no, Hesekiel hui sɛ, abɔde ahorow nnan a wɔwɔ kerubim no mu biara anim no, na wɔn nyinaa hyɛ Yehowa, Amansan Hene no ahengua ase. Wei fata paa, efisɛ ɛma yehu sɛ Yehowa betumi afa n’abɔde so ama n’atirimpɔw aba mu! a Edi sɛ odwontofo no ka faa Yehowa ho sɛ, “Ne kɛseyɛ tra asaase ne ɔsoro.”—Dw. 148:13.

Dɛn na ateasefo baanan no ne wɔn anim nnan no ma yehu fa Yehowa kɛseyɛ, n’anuonyam, ne ne suban ahorow ho? (Hwɛ nkyekyɛm 5, 13)

6. Ɛbɛyɛ sɛ dɛn na ɛboaa Hesekiel ma ɔtee nea anim nnan no san kyerɛ ase?

6 Akyiri yi a Hesekiel san susuw nea ohui no ho no, ɛbɛyɛ sɛ ɔkaee sɛ Onyankopɔn asomfo a wɔtenaa ase tete no de mmoa yɛɛ ntotoho. Nhwɛso baako ne sɛ, Yakob a ɔtenaa ase tete no de ne ba Yuda totoo gyata ho, ɛnna ɔde Benyamin nso totoo pataku ho. (Gen. 49:9, 27) Adɛn ntia? Efisɛ suban ahorow a yɛde nim gyata ne pataku no, na saa mmarima yi bɛda no adi. Saa nhwɛso yi ne nhwɛso afoforo a ɛwɔ Mose nhoma a Onyankopɔn honhom ma ɔkyerɛwee mu no, na Hesekiel nim. Enti ɛbɛyɛ sɛ ɔtee ase sɛ kerubim no anim no nso gyina hɔ ma suban atitiriw bi. Ɛyɛ suban ahorow bɛn?

Suban Ahorow a Yehowa Ne N’abusua a Ɛwɔ Soro No Wɔ

7, 8. Kerubim no anim nnan no, suban ahorow bɛn na wɔtaa ka sɛ egyina hɔ ma?

7 Suban ahorow bɛn na Bible akyerɛwfo a wɔtenaa ase ansa na Hesekiel reba no de totoo gyata, ɔkɔre, ne nantwi ho? Hwɛ Bible mu nsɛm a edidi so yi: “Ɔbarima kokodurufo a ne koma te sɛ gyata koma.” (2 Sam. 17:10; Mmeb. 28:1) “Ɔkɔre tu kɔ soro,” na “n’ani hu ade wɔ akyirikyiri.” (Hiob 39:27, 29) “Nantwinini ahoɔden ma nnɔbae dɔɔso.” (Mmeb. 14:4) Sɛnea kyerɛwnsɛm yi ma yehu no, gyata anim no gyina hɔ ma akokoduru a wɔde bu atɛntrenee; ɔkɔre anim no gyina hɔ ma nyansa a ɛma obi tumi hwɛ ade kɔ akyiri; nantwi anim no nso gyina hɔ ma tumi a enni ano, sɛnea yɛn nhoma ahorow taa ka no.

8 “Onipa anim” no nso ɛ? (Hes. 10:14) Egyina hɔ ma suban bɛn? Ennyina hɔ mma suban a mmoa da no adi, na mmom egyina hɔ ma suban bi a nnipa a Onyankopɔn bɔɔ wɔn wɔ ne suban so no da no adi. (Gen. 1:27) Nnipa nko ara na wɔwɔ saa suban no bi wɔ asaase so. Onyankopɔn ahyɛde ahorow a edi hɔ yi ma yehu saa suban no: ‘Fa wo koma nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn,’ ne afei “dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.” (Deut. 6:5; Lev. 19:18) Sɛ yetie ahyɛde yi na yɛda ɔdɔ kann adi a, ɛkyerɛ sɛ yɛresuasua Yehowa dɔ. Sɛnea ɔsomafo Yohane kyerɛwee no, “yɛda ɔdɔ adi, efisɛ ɔno na odii kan dɔɔ yɛn.” (1 Yoh. 4:8, 19) Ne saa nti, “onipa anim” no gyina hɔ ma ɔdɔ.

9. Suban ahorow a kerubim no anim nnan no gyina hɔ ma no, henanom na wɔwɔ ne nyinaa bi?

9 Henanom na wɔwɔ saa suban ahorow nnan yi nyinaa? Esiane sɛ kerubim no na wɔwɔ anim ahorow nnan no nti, wɔn a kerubim no gyina hɔ ma wɔn no nyinaa wɔ saa suban ahorow no bi. Wɔne Yehowa abusua a wɔwɔ soro a wɔyɛ honhom abɔde anokwafo no. (Adi. 5:11) Afei nso, esiane sɛ Yehowa na ɔmaa kerubim no nkwa nti, suban ahorow a wɔwɔ no nyinaa fi no. (Dw. 36:9) Ɛno nti, kerubim no anim no gyina hɔ ma suban ahorow a Yehowa ankasa wɔ. (Hiob 37:23; Dw. 99:4; Mmeb. 2:6; Mika 7:18) Akwan a Yehowa fa so da suban atitiriw yi adi no, yɛnhwɛ emu kakraa bi.

10, 11. Yehowa suban atitiriw nnan no, ɛreboa yɛn sɛn?

10 Atɛntrenee. Esiane sɛ Yehowa Nyankopɔn “dɔ atɛntrenee” nti, “ɔnyɛ nyiyim.” (Dw. 37:28; Deut. 10:17) Enti, ɛmfa ho baabi a yefi ne sɛnea yɛte biara no, yɛn nyinaa wɔ hokwan sɛ yɛbɛyɛ n’asomfo na yɛanya daa nkwa. Nyansa. Esiane sɛ Yehowa Nyankopɔn yɛ “koma mu nyansafo” nti, wama yɛn nhoma a “nyansa” ahyɛ mu ma. (Hiob 9:4; Mmeb. 2:7) Sɛ yɛde Bible mu afotu a nyansa wom no yɛ adwuma a, ɛboa yɛn ma yegyina asetenam nsɛnnennen a yehyia no da biara da no ano, na ɛma yɛbɔ ɔbra pa. Tumi. Esiane sɛ Yehowa Nyankopɔn “tumi so” nti, ɔde ne honhom kronkron boa yɛn ma yenya “tumi a ɛboro nnipa de so.” Wei ma yenya ahoɔden de gyina sɔhwɛ a ano yɛ den biara a yebehyia ano.—Nah. 1:3; 2 Kor. 4:7; Dw. 46:1.

11 Ɔdɔ. Esiane sɛ Yehowa Nyankopɔn “dɔ a enni huammɔ nni ano” nti, ɔrennyaw n’asomfo anokwafo da. (Dw. 103:8; 2 Sam. 22:26) Sɛ yare anaa mpanyinyɛ nti yentumi nyɛ pii wɔ Yehowa som mu sɛ kan no a, ɛma yetumi di awerɛhow. Nanso esiane sɛ yenim sɛ Yehowa kae adwuma a yɛayɛ ne ɔdɔ a yɛada no adi akyerɛ no bere bi a atwam no nti, yenya awerɛkyekye. (Heb. 6:10) Ɛda adi pefee sɛ, sɛnea Yehowa da atɛntrenee, nyansa, tumi, ne ɔdɔ adi no, yenya so mfaso paa. Daakye nso, yɛbɛkɔ so ara anya Yehowa suban atitiriw nnan no so mfaso.

12. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛte Yehowa suban ahorow ase a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae?

12 Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ, yɛyɛ nnipa yi de, Yehowa “nnwuma a wayɛ no, emu nketewa” bi na yebetumi ahu, enti yɛrentumi nhwehwɛ ne suban ahorow mu nwie da. (Hiob 26:14) “Ade nyinaa so Tumfo no de, sɛnea ɔte no, ɛyɛ den sɛ yɛbɛte ase,” efisɛ “yɛrentumi nhwehwɛ ne kɛseyɛ mu nwie.” (Hiob 37:23; Dw. 145:3) Ne saa nti, Yehowa suban ahorow de, yɛrentumi nkan ne dodow, na saa ara nso na yɛrentumi nkyekyɛm. (Kenkan Romafo 11:33, 34.) Nea ɛte ne sɛ, Hesekiel anisoadehu no ankasa ma yehu sɛ Onyankopɔn suban ahorow no dodow nni ano. (Dw. 139:17, 18) Anisoadehu no fã bɛn na ɛma yehu saa nokwasɛm no?

“Anim Anan . . . Ntaban Anan”

13, 14. Kerubim no anim nnan no, egyina hɔ ma dɛn? Adɛn nti na yebetumi aka saa?

13 Anisoadehu a Hesekiel nyae no mu no, ohui sɛ ɛnyɛ anim baako na na kerubim no mu biara wɔ. Mmom, na wɔn mu biara wɔ anim nnan. Dɛn na ɛno kyerɛ? Kae sɛ Onyankopɔn Asɛm mu no, wɔde nɔma nnan ka biribi ho asɛm a, mpɛn pii no, ɛkyerɛ ade mũ no nyinaa. (Yes. 11:12; Mat. 24:31; Adi. 7:1) Saa anisoadehu yi mu no, Hesekiel de asɛm nnan anaa baanan dii dwuma bɛboro mpɛn du! (Hes. 1:5-18) Dɛn na ɛno ma yehu? Sɛnea kerubim baanan no gyina hɔ ma honhom abɔde anokwafo nyinaa no, saa ara na kerubim no anim nnan no nso, sɛ yɛka ne nyinaa bom a, egyina hɔ ma suban ahorow a Yehowa wɔ no nyinaa. b

14 Nea ɛbɛma yɛate ase sɛ kerubim no anim nnan no nnyina hɔ mma suban ahorow nnan pɛ no, ma yɛmfa ntoto ntwahonan nnan a ɛwɔ anisoadehu no mu ho nhwɛ. Sɛ wohwɛ ntwahonan no a, ɛwom sɛ emu biara yɛ nwonwa de, nanso sɛ wohwɛ ne nyinaa bom a, edi dwuma soronko bi. Ɛne sɛ, ɛno na teaseɛnam no si so anaa ɛyɛ ne nnyinaso. Saa ara nso na sɛ yɛhwɛ kerubim no anim nnan no nyinaa bom a, ɛnyɛ suban ahorow nnan pɛ na egyina hɔ ma. Mmom, ɛma yehu sɛnea Yehowa te ankasa. Ɛno ne Yehowa suban ahorow a ɛyɛ fɛ no nnyinaso.

Yehowa Bɛn N’asomfo Anokwafo Nyinaa

15. Nokwasɛm a ɛka koma bɛn na Hesekiel hui bere a onyaa anisoadehu a edi kan no?

15 Saa anisoadehu a Hesekiel nyae yi ma ohuu nokwasɛm titiriw bi faa ɔne Yehowa abusuabɔ ho, na wei hyɛɛ no den paa. Dɛn na ohui? Asɛm a odiyifo no dii kan kyerɛwee wɔ ne nhoma no mu no ma yehu saa nokwasɛm no. Odii kan kaa sɛ na ɔwɔ “Kaldeafo asaase so.” Afei ɔkaa nea ɛtoo no no ho asɛm sɛ: “Ɛhɔ na Yehowa honhom baa no so.” (Hes. 1:3) Hyɛ no nsow sɛ Hesekiel anka sɛ onyaa anisoadehu no wɔ Yerusalem. Mmom asɛmfua ɛhɔ a ɔkae no kyerɛ sɛ onyaa anisoadehu no wɔ Babilon. c Nokwasɛm bɛn na wei maa Hesekiel hui? Ɛne sɛ: Ɛwom, na ɔnyɛ onipa titiriw biara wɔ Babilon, na na ɔne Yerusalem ne n’asɔrefi no ntam kwan ware. Nanso na ɔda so ara ne Yehowa wɔ abusuabɔ, na na otumi som no. Sɛnea Yehowa yii ne ho adi kyerɛɛ Hesekiel wɔ Babilon no ma yehu sɛ, Onyankopɔn som nnyina baabi a obi wɔ so. Enti sɛ na Hesekiel som bɛsɔ Yehowa ani a, na egyina nea ɛwɔ ne komam ne ɔpɛ a ɔwɔ sɛ ɔbɛsom Yehowa so.

16. (a) Awerɛkyekyesɛm bɛn na yebetumi anya afi Hesekiel anisoadehu no mu? (b) Dɛn na ɛka wo ma wufi wo koma nyinaa mu som Yehowa?

16 Adɛn nti na nokwasɛm a Hesekiel hui no kyekye yɛn werɛ paa nnɛ? Ɛma yɛn awerɛhyem sɛ, sɛ yeyi yɛn yam som Yehowa a, ɛmfa ho baabi a yɛte, ateetee anaa tebea biara a yɛrefa mu wɔ asetenam no, ɔbɛbɛn yɛn. (Dw. 25:14; Aso. 17:27) Yehowa dɔ a enni huammɔ dɔɔso wɔ n’asomfo mu biara so, enti ɔmpere ne ho nnyae yɛn akyi di. (Ex. 34:6) Baabi a yɛwɔ biara, Yehowa dɔ renni yɛn huammɔ da. (Dw. 100:5; Rom. 8:35-39) Bio nso, Yehowa kronkronyɛ ne ne tumi a enni ano ho anisoadehu a ɛyɛ nwonwa yi ma yɛkae sɛ Yehowa fata sɛ yɛsom no. (Adi. 4:9-11) Nokwarem no, yɛda Yehowa ase paa sɛ ɔnam anisoadehu a ɛte saa so aboa yɛn ama yɛate ne ho nokwasɛm atitiriw ne ne suban ahorow ase! Sɛ yɛte Yehowa suban ahorow a ɛyɛ fɛ yi ase yiye a, ɛma yɛbɛn no kɛse, ɛka yɛn ma yeyi no ayɛ, na ɛma yefi yɛn koma nyinaa ne yɛn ahoɔden nyinaa mu som no.—Luka 10:27.

Baabi a yɛwɔ biara, Yehowa dɔ renni yɛn huammɔ da (Hwɛ nkyekyɛm 16)

17. Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho wɔ ti ahorow a edi hɔ no mu?

17 Nanso awerɛhosɛm ne sɛ, na wɔagu nokware som ho fĩ wɔ Hesekiel bere so. Ɛyɛɛ dɛn na ɛbaa saa? Dɛn na Yehowa yɛe wɔ ho? Na nsɛm a esisii tete no, asuade bɛn na yenya fi mu nnɛ? Yebesusuw nsɛmmisa yi ho wɔ ti ahorow a edi hɔ no mu.

a Sɛnea Hesekiel kaa ateasefo baanan no ho asɛm no ma yɛkae nea Onyankopɔn din Yehowa no kyerɛ. Ɛkyerɛ “Nea Ɔma Ɛyɛ Hɔ.” Edin no nkyerɛase no fã bi ma yehu sɛ Yehowa betumi ama n’abɔde bi ayɛ nea ehia biara ama n’apɛde ayɛ hɔ.—Hwɛ Nkekaho A4 wɔ Wiase Foforo Nkyerɛase no mu.

b Mfe pii a atwam no, yɛasusuw Yehowa suban ahorow bɛboro 50 ho wɔ yɛn nhoma mu.—Hwɛ Nhoma a Yehowa Adansefo De Yɛ Nhwehwɛmu wɔ asɛmti “Yehowa,” ne asɛmti ketewa “Yehowa Su.”

c Obi a ɔkyerɛkyerɛ Bible mu ka sɛ, asɛmfua “ɛhɔ” a Hesekiel de dii dwuma no kyerɛ sɛ, ‘na ɛyɛ no nwonwa paa sɛ Onyankopɔn wɔ Babilon hɔ! Ɛno a ohui no kyekyee ne werɛ paa!’