Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 3

“Minyaa Anisoadehu Fii Onyankopɔn Hɔ”

“Minyaa Anisoadehu Fii Onyankopɔn Hɔ”

HESEKIEL 1:1

NEA ƐWOM: Ɔsoro teaseɛnam a Hesekiel hui wɔ anisoadehu mu no ho asɛm tiawa

1-3. (a) Dɛn na Hesekiel hui na ɔtee? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ ti yi mfiase no.) (b) Nea Hesekiel hui na ɔtee no, tumi bɛn na na ɛhyɛ akyi, na ɛkaa no sɛn?

 HESEKIEL too n’ani hwɛɛ anweatam tɛtrɛɛ a ɛda n’anim no. Bere a ɔreyɛ saa no, odwom n’ani kakra, na afei obuee n’ani yiye hwɛɛ nea na ɛrekɔ so. Ná ɔnte nea ɔrehu no ase koraa. Ɔhwɛ n’anim tẽẽ a, ahum na efi akyirikyiri rebobɔ ba yi. Nanso na ɛnyɛ ahum biara kɛkɛ. Ná mframa no ano yɛ den, enti na ɛrebɔ ne ti nwi ne n’ataade fafafafa. Afei ohui sɛ omununkum kɛse bi ama ne ho so reba. Ná ogya repa yerɛwyerɛw wɔ omununkum no mu, na na ɛhyerɛn te sɛ dade a wɔanan. a Omununkum no kɔɔ so ara bɛn baabi a na Hesekiel gyina no. Mmirika a na ɛde reba no, na ano yɛ den paa. Afei Hesekiel tee nnyigyei bi, na na ano yɛ ara na ɛreyɛ den. Ná ɛte sɛ asraafodɔm kɛse bi a wɔreba.—Hes. 1:4, 24.

2 Hesekiel nyaa anisoadehu bebree a ne werɛ remfi da. Nea edi kan a onyae no, na wadi bɛyɛ mfe 30. Saa bere no, ɔtee nka sɛ “Yehowa honhom” a ɛboro tumi nyinaa so no aba no so. Nea saa honhom no maa Hesekiel hui na ɔtee de, ɛsɛ w’ani. Wɔn a wɔyɛ sini ahorow nnɛ no, wɔn mu biara nni hɔ a obetumi ayɛ sini bi a emu nneɛma yɛ nwonwa te sɛ nea Hesekiel hui no. Ná anisoadehu no boro Hesekiel so ara ma enti ɔde n’anim butuw fam.—Hes. 1:3, 28.

3 Nanso ɛnyɛ sɛ na Yehowa de anisoadehu no rema Hesekiel ama ne ho adwiriw no kɛkɛ. Mmom anisoadehu a edi kan a Hesekiel nyae no, na ɛso wɔ mfaso kɛse ma no, na ɛso wɔ mfaso ma Yehowa asomfo anokwafo a wɔwɔ hɔ nnɛ nso. Saa ara na anisoadehu afoforo a ɛwɔ ne nkɔmhyɛ nhoma a ɛyɛ anika no mu te. Ɛnde, momma yɛnhwɛ nea Hesekiel hui ne nea ɔtee no bi.

Nea Na Ɛrekɔ So Saa Bere No

4, 5. Bere a Hesekiel nyaa anisoadehu no, dɛn na na ɛrekɔ so saa bere no?

4 Kenkan Hesekiel 1:1-3. Yenni kan nhwɛ nea na ɛrekɔ so saa bere no. Ná ɛyɛ afe 613 A.Y.B. mu. Sɛnea yesuae wɔ ti a edi wei anim mu no, na Hesekiel wɔ Babilon. Ná ɔne ne mfɛfo Yudafo a wɔwɔ Babilon no te kurow bi a ɛda Asubɔnten Kebar ho no mu. Ɛda adi sɛ na Asubɔnten Kebar no yɛ sukã a nnipa twae wɔ Asubɔnten Eufrate no ho, na ɛkɔ ara san kɔbɔ Asubɔnten Eufrate no mu. Ná wotumi de suhyɛn fa so.

Ná Hesekiel ne ne mfɛfo Yudafo a wɔwɔ Babilon no te bɛn Asubɔnten Kebar (Hwɛ nkyekyɛm 4)

5 Baabi a na Yudafo no te no, efi hɔ rekɔ wɔn kurom Yerusalem bɛyɛ akwansin 500 (kilomita 800). b Yerusalem asɔrefi a na Hesekiel papa som wɔ hɔ sɛ ɔsɔfo no, afei de, na abosonsom ne apoobɔ ahyɛ hɔ ma. Ɛno da nkyɛn a, Yerusalem ahengua a Dawid ne ne ba Solomon tenaa so dii ade anuonyam mu no, saa bere yi de, na animguase aka no. Ɔhemmɔne Yehoiakin nso, na ɔka wɔn a wɔde wɔn kɔɔ Babilon no ho. Sedekia a wɔde no sii n’ananmu no, na ɔyɛ otirimɔdenfo, na na Babilon hene na ɔkyerɛ no nea ɔnyɛ.—2 Ahe. 24:8-12, 17, 19.

6, 7. Adɛn nti na ɛbɛyɛ sɛ na Hesekiel te nka sɛ nneɛma nkɔ yiye?

6 Hesekiel yɛ ɔbarima a na ɔwɔ gyidi kɛse paa, nanso ɛbɛyɛ sɛ saa bere yi de, na nneɛma nkɔ yiye mma no koraa. Ebia ne mfɛfo a na ɔne wɔn wɔ Babilon no bi bisaa wɔn ho sɛ: ‘Enti Yehowa apo yɛn koraa? Enti Babilonfo abɔnefo a atoro anyame ahyɛ wɔn kurom ma yi betu nokware som ase, na wɔayi Yehowa tumidi afi asaase so koraa?’

7 Afei a woahu nea na ɛrekɔ so saa bere no, adɛn nti na wonkenkan Hesekiel anisoadehu a edi kan a ɔtɔɔ ne bo ase kyerɛkyerɛɛ mu no? (Hes. 1:4-28) Bere a woreyɛ saa no, fa no sɛ wone Hesekiel. Ɛyɛ a hwɛ sɛ wo nso wubehu nea ohui no na woate nea ɔtee no anaa.

Asubɔnten Eufrate no a ɛda Karkemis mpɔtam (Hwɛ nkyekyɛm 5-7)

Teaseɛnam Soronko Bi

8. Dɛn na Hesekiel hui wɔ anisoadehu mu, na na egyina hɔ ma dɛn?

8 Sɛ yɛbɛbɔ no mua a, dɛn na Hesekiel hui? Ohuu biribi a ɛte sɛ afiri anaa teaseɛnam kɛse bi a ɛyɛ nwonwa. Ná teaseɛnam no wɔ ntwahonan a ɛsõsõ paa nnan, na na honhom abɔde soronko bi a wɔfrɛ wɔn kerubim gyinagyina emu biara ho. (Hes. 10:1) Ná bamma kɛse tɛtrɛɛ bi a ɛte sɛ hoabo wɔ honhom abɔde no atifi. Ná Onyankopɔn ahengua a ɛho wɔ nyam no si so, na na Yehowa ankasa te so! Dɛn na na saa teaseɛnam yi gyina hɔ ma? Hesekiel anisoadehu no, ade baako pɛ na na ebetumi agyina hɔ ama: Yehowa ahyehyɛde a ɛkorɔn no fã a ɛwɔ soro no. Adɛn nti na yɛreka saa? Ma yɛnhwɛ nneɛma mmiɛnsa a enti yɛreka saa.

9. Abusuabɔ a ɛda Yehowa ne ne honhom abɔde a wɔwɔ soro ntam no, adɛn nti na yebetumi de atoto teaseɛnam ho?

9 Abusuabɔ a ɛda Yehowa ne ne honhom abɔde a wɔwɔ soro no ntam. Saa anisoadehu yi mu no, hyɛ no nsow sɛ Yehowa ahengua no wɔ kerubim no atifi. Saa ara na sɛ wohwɛ mmeae foforo wɔ Onyankopɔn Asɛm mu a, wɔka Yehowa ho asɛm sɛ ɔte kerubim so anaa ɔwɔ wɔn ntam. (Kenkan 2 Ahene 19:15; Ex. 25:22; Dw. 80:1) Ɛwom, ɛnyɛ sɛ ɔte kerubim no so ankasa, efisɛ enhia sɛ saa honhom abɔde a wɔn ho yɛ den no soa no. Saa ara nso na enhia sɛ ɔtena teaseɛnam ankasa so. Nanso nea ɛte ne sɛ, kerubim no taa ne tumidi akyi, na obetumi asoma wɔn akɔ baabiara wɔ amansan yi mu ma wɔakɔyɛ n’apɛde. Sɛnea Onyankopɔn abɔfo kronkron nyinaa som no anaa wotumi gyina n’ananmu yɛ n’apɛde no, saa ara na kerubim no nso yɛ. (Dw. 104:4) Enti yebetumi aka sɛ, Yehowa te abɔfo no nyinaa so. Wei kyerɛ sɛ, esiane sɛ Yehowa na odi abɔfo no so nti, ɔno na ɔkyerɛ wɔn nyinaa kwan.

10. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ kerubim a wɔwɔ teaseɛnam no ho no gyina hɔ ma honhom abɔde bebree?

10 Kerubim a wɔwɔ teaseɛnam no ho no gyina hɔ ma honhom abɔde bebree. Kerubim a Hesekiel huu wɔn no, na wɔyɛ baanan. Bible mu no, sɛ wɔde nɔma nnan ka biribi ho asɛm a, mpɛn pii no, ɛkyerɛ ade mũ no nyinaa. Enti yebetumi aka sɛ, kerubim baanan a Hesekiel hui no gyina hɔ ma abɔfo anokwafo no nyinaa. Afei nso hyɛ no nsow sɛ, aniwa tuatua ntwahonan no ho nyinaa. Kerubim no mpo, aniwa tuatua wɔn ho nyinaa. Enti yebetumi aka sɛ, ɛnyɛ kerubim baanan no nkutoo na wɔhwɛ nea ɛrekɔ so, mmom abɔfo no nyinaa hwɛ nneɛma a ɛrekɔ so nyinaa. Afei nso, sɛnea Hesekiel kaa teaseɛnam no ho asɛm no ma yehu sɛ ɛsõ; sɛ wode kerubim a wɔkorɔn no mpo toto ho a, wosusua koraa. (Hes. 1:18, 22; 10:12) Saa ara nso na Yehowa ahyehyɛde no fã a ɛwɔ soro no yɛ kɛse; ɛnyɛ kerubim baanan pɛ na wɔwom.

Yehowa soro teaseɛnam no ho anisoadehu a Hesekiel nyae no maa ne ho dwiriw no (Hwɛ nkyekyɛm 8-10)

11. Anisoadehu bɛn na Daniel nyae a ɛte sɛ Hesekiel de no, na ntease bɛn na ɛma yenya?

11 Daniel nyaa ɔsoro ho anisoadehu bi a ɛte sɛ Hesekiel de no. Odiyifo Daniel kodii Babilon mfe pii, na ɔno nso nyaa ɔsoro ho anisoadehu. Hyɛ no nsow sɛ, saa anisoadehu no mu nso, na Yehowa ahengua no wɔ ntwahonan. Nea Daniel anisoadehu no twee adwene sii so ne sɛ, Yehowa abusua a ɛwɔ soro a honhom abɔde na wɔwom no, ɛyɛ abusua kɛse paa. Daniel hui sɛ Onyankopɔn mma a wɔyɛ ahonhom no gyinagyina Yehowa anim. Ná wɔyɛ ‘mpempem ne mpem du ahorow mpem du.’ Wɔtenatenaa ase sɛ Baguafo a wɔrebu atɛn wɔ soro, na na wɔn mu biara te ne tenabea. (Dan. 7:9, 10, 13-18) Ntease wom sɛ yɛbɛka sɛ, Daniel anisoadehu a na honhom abɔde pii a wɔwɔ anuonyam ahyiam wom no, ɛne Hesekiel anisoadehu no kyerɛ ade koro.

12. Sɛ yesua ɔsoro teaseɛnam a Hesekiel nyaa ho anisoadehu no ne Bible mu nsɛm foforo a ɛte saa ho ade a, sɛn na ɛbɛbɔ yɛn ho ban?

12 Yehowa nim sɛ, sɛ yɛde yɛn adwene si honhom fam nneɛma, kyerɛ sɛ, “nneɛma a yenhu” so sɛnea ɔsomafo Paul kae no a, ɛbɛbɔ yɛn ho ban. Adɛn ntia? Esiane sɛ yɛyɛ honam ne mogya nti, yɛtaa de yɛn adwene si yɛn honam fam ahiade anaa “nneɛma a yehu” so. Saa nneɛma no nso de, ɛntena hɔ nkyɛ. (Kenkan 2 Korintofo 4:18.) Satan taa de n’ani si saa mmerɛwyɛ yi so, na opiapia yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a yebedi yɛn akɔnnɔ akyi. Yehowa dɔ yɛn, na ɔpɛ sɛ ɔboa yɛn ma yɛko tia saa nhyɛso no. Enti wama yɛn nsɛm a ɛbɛboa yɛn; ebi ne anisoadehu a ɛwɔ Hesekiel nkɔmhyɛ no mu a yɛresusuw ho yi. Ɛma yɛkae bere nyinaa sɛ, Yehowa abusua a ɛwɔ soro no korɔn, na ɛwɔ anuonyam kɛse!

“Ntwahonan, Twa Wo Ho!”

13, 14. (a) Ntwahonan a Hesekiel hui no, ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛn? (b) Adɛn nti na ɛfata sɛ Yehowa teaseɛnam no wɔ ntwahonan?

13 Mfiase no, Hesekiel de n’adwene sii kerubim baanan no so. Sɛ yedu Ti 4 wɔ nhoma yi mu a, yɛbɛhwɛ nea honhom abɔde a wɔda nsow yi suban ne wɔn yɛbea ma yehu fa Yehowa ho. Nanso Hesekiel hui sɛ, kerubim no gyinagyina afã nnan, na ntwahonan nnan no, baako biara si kerubim baako ho, na ne nyinaa ayɛ ahinanan kɛse. (Kenkan Hesekiel 1:16-18) Sɛ wohwɛ ntwahonan no a, ɛte sɛ sikaberebo. Sikaberebo yɛ ɔbo hyɛnhyɛn bi a ɛsom bo. Ne kɔla te sɛ akokɔsrade, anaa ahabammono a ɛne akokɔsrade adi afra. Enti wohwɛ ntwahonan no a, wuhu sɛ ɛhyerɛn paa.

14 Hesekiel anisoadehu no ka teaseɛnam no ntwahonan no ho asɛm kɔ akyiri paa. Ná ntwahonan no hyehyɛ ahengua no ase! Ahengua a ntwahonan hyehyɛ ase de, yenhuu bi da. Ahengua de, ɛyɛ a esi faako. Nanso wei fata, efisɛ ahemfo a wɔwɔ wiase no, faako a wɔn ahengua si no, ɛhɔ ara na wodi ade. Yɛrentumi mfa nnipa tumidi ntoto Yehowa de ho. Sɛnea akyiri yi Hesekiel hui no, Yehowa tumidi nni anohyeto. (Neh. 9:6) Nea ɛte paa ne sɛ, Yehowa tumidi trɛw kɔ baabiara!

15. Dɛn na Hesekiel ka faa ntwahonan no kɛse ne sɛnea ɛte ho?

15 Ntwahonan no kɛse maa Hesekiel ho dwiriw no. Ɔkyerɛwee sɛ: “Ntwahonan anan no, ebiara hankare yɛ kokuroo ma ɛyɛ hu.” Wo de, twa Hesekiel ho mfoni wɔ w’adwenem sɛ wapagyaw ne ti kɔ soro rehwɛ ntwahonan akɛse a ɛhyerɛn a ɛkɔ sorosoro no. Afei ɔkaa asɛm bi a ɛyɛ nwonwa paa. Ɔkaa sɛ: ‘Ntwahonan anan no, na aniwa tuatua ho nyinaa hyia.’ Nea na ɛyɛ nwonwa paa ne sɛ, na ntwahonan no yɛbea yɛ soronko koraa. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Sɛnea ne hwɛbea te no, ɛreyɛ akɔyɛ sɛ ntwahonan a ntwahonan foforo hyɛ mu.” Dɛn na na ɛkyerɛ?

16, 17. (a) Sɛ yɛka sɛ teaseɛnam no wɔ ntwahonan a ntwahonan foforo hyɛ mu a, ɛkyerɛ sɛn? (b) Dɛn na ɛwɔ ntwahonan no ho a enti ɛma Yehowa teaseɛnam no tumi de n’ani kyerɛ baabiara?

16 Ɛda adi sɛ, ntwahonan a Hesekiel hui no, na emu biara yɛ ntwahonan mmienu a ne nyinaa tenten ne ne kɛse yɛ pɛ, na baako hyɛ baako mu. Sɛ yɛhwɛ sɛnea ntwahonan no te a, ɛma yɛte nea Hesekiel ka faa ho yi ase. Ɔkaa sɛ: “Sɛ ntwahonan no biara rekɔ a, etumi kɔ afã anan no nyinaa, nanso ɛnnan ne ho.” Dɛn na saa ntwahonan yi ma yehu fa ɔsoro teaseɛnam a Hesekiel hui no ho?

17 Esiane sɛ ntwahonan no mu ware nti, ebetwa ne ho baako asi no, na atwa kwantenten. Na sɛnea anisoadehu no kyerɛ no, yebetumi aka sɛ na teaseɛnam no tu mmirika te sɛ anyinam! (Hes. 1:14) Afei nso, esiane sɛ ntwahonan no mu biara tumi kɔ afã nnan nti, teaseɛnam no tumi de n’ani kyerɛ baabiara. Nnipa rentumi nyɛ afiri a ne ntwahonan te saa da. Afei nso, teaseɛnam no tumi de n’ani kyerɛ baabiara bere a ɛmmrɛ mmirika a ɛretu no ase, anaasɛ ɛnnan ne ho mpo! Nanso teaseɛnam no mfa n’ani nkyerɛ baabiara kɛkɛ. Aniwa a etuatua ntwahonan no ho no ma yehu sɛ, baabiara a teaseɛnam no de n’ani bɛkyerɛ no, ehu biribiara a ɛrekɔ so.

Ná ntwahonan no sõsõ paa, na na etu mmirika yiye (Hwɛ nkyekyɛm 17)

18. Ntwahonan no kɛse ne aniwa a etuatua ho nyinaa no, dɛn na yesua fi mu?

18 Ɛnde, dɛn na na Yehowa pɛ sɛ Hesekiel ne anokwafo a wɔsom no nyinaa hu fa N’ahyehyɛde no fã a ɛwɔ soro no ho? Ɛde besi ha yi, susuw nea yɛahu nyinaa ho hwɛ. Ntwahonan no kɛse ne sɛnea ɛhyerɛn no ma yehu sɛ Yehowa ahyehyɛde no korɔn na ɛyɛ nwonwa. Aniwa a etuatua ntwahonan no ho no kyerɛ sɛ, Yehowa ahyehyɛde no hu biribiara a ɛrekɔ so. Yehowa aniwa hu nneɛma nyinaa. (Mmeb. 15:3; Yer. 23:24) Bio nso, ɔwɔ abɔfo ɔpepem pii a obetumi asoma wɔn akɔ amansan yi mu baabiara. Saa abɔfo yi tumi hwɛ ade kɔ akyiri na wɔde ho amanneɛbɔ kɔma Amansan Hene no.—Kenkan Hebrifo 1:13, 14.

Sɛnea ntwahonan no te nti, etumi de n’ani kyerɛ baabiara (Hwɛ nkyekyɛm 17, 19)

19. Mmirika a Yehowa teaseɛnam no tu ne sɛnea etumi de n’ani kyerɛ baabiara no, dɛn na ɛma yehu fa Yehowa ne n’ahyehyɛde no fã a ɛwɔ soro no ho?

19 Afei nso, yehu sɛ teaseɛnam yi ho yɛ hare paa, na etumi de n’ani kyerɛ baabiara. Wo de, fa nnipa aban ne wɔn ahyehyɛde ahorow no toto Yehowa ahyehyɛde no fã a ɛwɔ soro no ho hwɛ! Nnipa aban ne wɔn ahyehyɛde ahorow no, sɛ ɔhaw bi sɔre na ehia sɛ wɔyɛ nsakrae na ama wɔatumi adi ho dwuma a, na ayɛ den ama wɔn; wɔtenatena ho ara kosi sɛ nneɛma begye nsam. Nanso sɛnea Yehowa teaseɛnam no te no ma yehu sɛ, Onyankopɔn a ɔkyerɛ teaseɛnam no kwan no de, ɔnyɛ obi a ɛyɛ den ma no sɛ ɔbɛsesa ɔkwan a ɔfa so yɛ biribi; sɛ ɛho behia sɛ ɔfa ɔkwan foforo so yɛ biribi a, otumi yɛ saa. Sɛnea ne din kyerɛ no, obetumi ayɛ ne ho nea ɔpɛ biara ama n’atirimpɔw abam. (Ex. 3:13, 14) Ɛho nhwɛso ne sɛ, obetumi adan ne ho Ɔkatakyi prɛko pɛ ako ama ne nkurɔfo. Saa ara nso na prɛko pɛ obetumi adan ne ho mmɔborɔhunufo a ɔde bɔne kyɛ. Abɔnefo a wɔn koma abubu a wɔanu wɔn ho no, sɛ wɔsan ba ne nkyɛn a, ogye wɔn, na ɔne wɔn nya abusuabɔ pa.—Dw. 30:5; Yes. 66:13.

20. Sɛnea Yehowa teaseɛnam no yɛ adwuma no, adɛn nti na ɛyɛ nwonwa?

20 Ɛde besi ha yi, Hesekiel anisoadehu no betumi ama yɛabisa yɛn ho sɛ, ‘Sɛ mehwɛ sɛnea Yehowa teaseɛnam no te a, ɛnyɛ me nwonwa?’ Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ teaseɛnam no gyina hɔ ma biribi a ɛwɔ hɔ ankasa, na ɛreyɛ adwuma. Sɛ ɔhaw bi reteetee yɛn a, ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ Yehowa, ne Ba no, anaa abɔfo no nyinaa nhu. Wiase a yɛte mu yi, nneɛma sesa ara na ɛresesa. Nanso ɛnsɛ sɛ yesuro sɛ mmoa a ɛsɛ sɛ Onyankopɔn de ma yɛn no bɛka akyi, anaasɛ ɔhaw bi betumi asɔre wɔ wiase yi mu a n’ahyehyɛde no rentumi nnyina ano. Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ Yehowa ahyehyɛde no reyɛ adwuma, na amia ne mmirika mu. Nokwasɛm ne sɛ, Hesekiel tee sɛ ɛnne bi fi soro reteɛm sɛ: “Ntwahonan, twa wo ho!” Ɛda adi sɛ wei yɛ ahyɛde a na ɛbɛma ntwahonan no ayɛ adwuma. (Hes. 10:13) Sɛnea Yehowa kyerɛ n’ahyehyɛde no kwan no, sɛ yesusuw ho a, ɛyɛ yɛn nwonwa. Nanso, sɛ yesusuw Yehowa ankasa ho a, yenhu nea yɛnka mpo.

Nea Ɔkyerɛ Teaseɛnam No Kwan

21, 22. Sɛnea teaseɛnam no afã ahorow yɛ adwuma bom a hwee nkurakura mu no, yɛbɛkyerɛkyerɛ mu sɛn?

21 Bere a Hesekiel gu so rehwɛ ntwahonan no, biribi a ɛwɔ ntwahonan no atifi twetwee n’adwene, na ɔhwɛe no, ohuu ‘biribi te sɛ bamma a ɛpa yerɛwyerɛw sɛ ahwehwɛbo nwonwaso bi.’ (Hes. 1:22) Ná bamma tɛtrɛɛ no wɔ kerubim no atifi a ɛretew yerɛwyerɛw fɛfɛɛfɛ. Sɛ wunim sɛnea mfiri yɛ adwuma kakra a, ebia saa bere yi nsɛmmisa pii aba w’adwenem. Ebia worebisa sɛ: ‘Dɛn na ɛma bamma no tumi sɛn ntwahonan no atifi a hwee nkura mu? Ntwahonan no nso, ebiara gyina ne baabi, nanso ɛyɛ dɛn na ne nyinaa tumi bom kɔ faako pɛpɛɛpɛ saa?’ Kae sɛ, sɛnea mfiri ahorow yɛ adwuma no, ɛnyɛ saa na teaseɛnam yi yɛ adwuma. Teaseɛnam no gyina hɔ ma biribi ankasa a ɛwɔ soro. Afei hyɛ nsɛmfua atitiriw yi nsow: “Honhom a ɛyɛ adwuma wɔ ateasefo no so no, ɛno ara bi na ɛwɔ ntwahonan no mu.” (Hes. 1:20, 21) Honhom bɛn na na ɛreyɛ adwuma wɔ kerubim no ne ntwahonan no so?

22 Akyinnye biara nni ho sɛ, na ɛyɛ Yehowa honhom kronkron, tumi a ɛsen biara wɔ amansan yi mu no. Saa honhom yi na ekura teaseɛnam no mu, ɛno na ɛma no ahoɔden, na ɛno na ɛma n’afã nyinaa bom yɛ adwuma pɛpɛɛpɛ. Bere a wei wɔ yɛn adwenem no, momma yenni Hesekiel akyi bere a ɔdan n’ani hwɛɛ Onii a ɔkyerɛ teaseɛnam no kwan no.

Nneɛma a ɛyɛ nwonwa a Hesekiel hui no, na ɛyɛ den sɛ obenya nsɛmfua de akyerɛkyerɛ mu

23. Sɛnea Yehowa te no, nsɛm bɛn na Hesekiel bɔɔ mmɔden sɛ ɔde bɛkyerɛkyerɛ mu, na adɛn ntia?

23 Kenkan Hesekiel 1:26-28. Sɛ wohwɛ sɛnea Hesekiel kyerɛkyerɛɛ anisoadehu no nyinaa mu a, wubehu sɛ na ɔtaa de nsɛm a edi hɔ yi di dwuma; “obi a ɔsɛ,” “nea ayɛ sɛ,” “biribi te sɛ,” ne “te sɛ.” Nanso wohwɛ sɛnea ɔde dii dwuma wɔ Hesekiel 1:26-28 a, wubehu sɛ ɛhɔ mpo de, na ɛdɔɔso koraa. Nea ohui no yɛɛ no nwonwa ara ma na ɛyɛ den sɛ obenya nsɛmfua de akyerɛkyerɛ mu. Ohuu ‘biribi te sɛ hoabo, na na ɛsɛ ahengua.’ Sɛ wɔde hoabo kɛse bruu a ani dum yɛ ahengua a, wohwɛ a sɛn na ɛbɛyɛ? Hesekiel hui sɛ Obi te ahengua no so. Ná onii no ‘sɛ onipa.’

24, 25. (a) Nyankontɔn a atwa Yehowa ahengua ho ahyia no ma yɛkae dɛn? (b) Adiyifo foforo a wonyaa anisoadehu a ɛte saa no, ɛtɔ mmere bi a, na ɛka wɔn ma wɔyɛ dɛn?

24 Ná Yehowa na ɔte ahengua no so, na efi n’asen rekɔ fam ne n’asen rekɔ soro nyinaa, nea na Hesekiel hu ara ne biribi a ɛrehyerɛn te sɛ ogya. Wei nti, na Hesekiel ntumi nhu no yiye. Yebetumi atwa odiyifo no ho mfoni wɔ yɛn adwenem sɛ wadwom n’ani de ne nsa asi n’ani bere a ɔrehwɛ ade a ɛrehyerɛn yi. Akyiri yi, Hesekiel huu biribi foforo wɔ Yehowa ho a na ɛyɛ fɛ paa. Ɔkyerɛɛ mu sɛ: “Ná ne ho nyinaa hyerɛn te sɛ nyankontɔn a ɛwɔ omununkum mu osutɔ da.” Woahu nyankontɔn ama w’ani agye pɛn anaa? Ɛma yehu yɛn Bɔfo no anuonyam paa! Sɛ yehu nyankontɔn fɛfɛɛfɛ wɔ wim a, ebia ɛma yɛkae asomdwoe apam a Yehowa ne nnipa yɛe wɔ Nsuyiri no akyi no. (Gen. 9:11-16) Ɛwom, ade nyinaa so Tumfo no wɔ tumi paa, nanso ɔyɛ asomdwoe Nyankopɔn. (Heb. 13:20) Asomdwoe ahyɛ ne koma ma, na ɔma wɔn a wɔsom no nokwarem nyinaa nso nya asomdwoe.

Nyankontɔn fɛfɛɛfɛ a atwa Yehowa ahengua ho ahyia no ma yɛkae sɛ yɛsom asomdwoe Nyankopɔn (Hwɛ nkyekyɛm 24)

25 Bere a Hesekiel huu sɛnea Yehowa Nyankopɔn anuonyam te wɔ anisoadehu mu no, ɛkaa no sɛn? Hesekiel kyerɛw nea esii no ho asɛm sɛ: “Bere a mihui no, mede m’anim butuw fam.” Hesekiel ho dwiriw no, na Onyankopɔn ho hu tɔɔ no so, enti ogyaa ne ho hwee fam. Biribi saa na adiyifo afoforo nso yɛe bere a wonyaa anisoadehu fii Yehowa hɔ no. Anisoadehu a ɛte saa de, ɛbɛyɛ hu paa, na ɛbɛboro adwene ne ntease so. (Yes. 6:1-5; Dan. 10:8, 9; Adi. 1:12-17) Nanso bere rekɔ so no, nea Yehowa maa saa mmarima yi hui no, ɛhyɛɛ wɔn den paa. Hesekiel nso, saa pɛpɛɛpɛ na ɔtee nka. Yɛn nso, sɛ yɛrekenkan Kyerɛwnsɛm a ɛte saa a, sɛn na ɛsɛ sɛ ɛka yɛn?

26. Anisoadehu a Hesekiel nyae no, adɛn nti na ɛhyɛɛ no den?

26 Sɛ na tebea a Onyankopɔn nkurɔfo wom wɔ Babilon no ho asɛm ama Hesekiel abotow a, ɛnde anisoadehu a onyae no hyɛɛ no den. Ɛda adi sɛ, baabi a na Onyankopɔn nkurɔfo anokwafo wɔ biara, sɛ́ ɛyɛ Yerusalem anaa Babilon anaa baabi foforo biara no, na Yehowa teaseɛnam no bedi aboa wɔn! Onyankopɔn a ɔkyerɛ ɔsoro ahyehyɛde a ɛkorɔn no kwan no, Satan nni tumi biara a ɔde bɛko atia no. (Kenkan Dwom 118:6.) Hesekiel san hui sɛ ɔsoro teaseɛnam yi ne nnipa ntam kwan nware koraa. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, na ntwahonan no ka asaase! (Hes. 1:19) Enti yebetumi aka sɛ, na Yehowa ani kũ ne nkurɔfo a wɔakodi obi man so no ho paa. Ná wɔn Agya a ɔdɔ wɔn no bɛhwɛ wɔn bere nyinaa!

Nea Yesua Fi Teaseɛnam Ho Anisoadehu No Mu

27. Anisoadehu a Hesekiel nyae no, dɛn na yebetumi asua afi mu nnɛ?

27 Hesekiel anisoadehu no fa yɛn ho nnɛ anaa? Ɛfa yɛn ho paa! Kae sɛ, Satan atu n’ani asi nokware som so denneennen. Onyae a anka ɔbɛma yɛagye adi sɛ aka yɛn nko ara, yenni ɔboafo biara, na yɛne yɛn soro Agya no ne n’ahyehyɛde no ntam kwan ware. Ɛnsɛ sɛ yɛma kwan ma atosɛm a ɛtete saa sɛe yɛn adwene anaa yɛn koma! (Dw. 139:7-12) Sɛnea Hesekiel ho dwiriw no no, saa ara na ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛte nka. Ebia yɛn de yɛremfa yɛn anim mmutuw fam sɛnea Hesekiel yɛe no. Nanso sɛnea Yehowa ahyehyɛde no fã a ɛwɔ soro no wɔ tumi, ɛho yɛ hare, etumi kɔ baabiara, na etumi di tebea biara ho dwuma no, ɛsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa na ɛma yɛn ho dwiriw yɛn!

28, 29. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ mfe ɔha a atwam no, Yehowa teaseɛnam no amia ne mmirika mu?

28 Kae nso sɛ, Yehowa ahyehyɛde no fã foforo nso wɔ asaase so. Ɛwom, nnipa a wɔnyɛ pɛ na wɔwɔ ne fã a ɛwɔ asaase so no mu. Nanso wo de, hwɛ nea Yehowa atumi ayɛ wɔ asaase so ha! Wiase nyinaa, Yehowa aboa nnipa ma wɔatumi ayɛ nea anka wɔn ankasa ntumi nyɛ. (Yoh. 14:12) Sɛ yɛde yɛn ani fa Onyankopɔn Ahenni Redi Tumi! nhoma no mu a, yebehu baabi a yɛatumi ayɛ asɛnka adwuma no akodu wɔ mfe ɔha a atwam no mu. Yebetumi akaakae mmɔden a Yehowa ahyehyɛde no abɔ de akyerɛkyerɛ nokware Kristofo, nkonim a yɛadi wɔ asɛnnibea ahorow, ne afei sɛnea yɛde abɛɛfo mfiri reyɛ Onyankopɔn apɛde no!

29 Nneɛma a Yehowa ahyehyɛde no ayɛ wɔ Satan wiase yi nna a edi akyiri yi mu ama wɔama nokware som so bio no, sɛ yesusuw ho a, yehu pefee sɛ Yehowa teaseɛnam no reyɛ adwuma, na amia ne mmirika mu. Yɛanya hokwan kɛse paa sɛ yɛwɔ ahyehyɛde yi mu na yɛresom Otumfo kɛse no!—Dw. 84:10.

Yehowa ahyehyɛde no fã a ɛwɔ asaase so no retu mmirika denneennen (Hwɛ nkyekyɛm 28, 29)

30. Dɛn na yebesusuw ho wɔ ti a edi hɔ no mu?

30 Nanso nneɛma pii da so ara wɔ hɔ a Hesekiel anisoadehu no bɛma yɛahu. Ti a edi hɔ mu no, yebesusuw “ateasefo” baanan a wɔda nsow anaa kerubim no ho akɔ akyiri. Dɛn na wɔbɛma yɛahu afa Otumfo kɛse, Yehowa Nyankopɔn ho?

a Dade a wɔanan a yɛreka ho asɛm wɔ ha yi, Hesekiel kaa sɛ ɛyɛ sika kɔkɔɔ ne dwetɛ a adi afra.

b Ɔkwan a ɛda nkurow mmienu no ntam no tenten ni. Nanso Yudafo a wɔde wɔn kɔe no, baabi a wɔde wɔn fae no bɛyɛ wei mmɔho mmienu.