Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

NKYERƐKYERƐMU A ƐWƆ ADAKA 13A MU

Ɛsono Asɔrefi No Mu Biara, Ɛnna Ɛsono Nea Emu Biara Kyerɛ

Ɛsono Asɔrefi No Mu Biara, Ɛnna Ɛsono Nea Emu Biara Kyerɛ

Asɔrefi a Hesekiel Hui Wɔ Anisoadehu Mu No:

  • Hesekiel na ɔkaa ho asɛm kyerɛɛ Yudafo a na wɔwɔ Babilon no

  • Ɛwɔ afɔremuka a wɔbɔ afɔre pii wɔ so

  • Ɛma yehu ɔkwan pa a Yehowa pɛ sɛ yɛfa so som no

  • Ɛtwe yɛn adwene si nokware som a wofii ase maa so afe 1919 mu no so

Honhom Fam Asɔrefi Kɛse No:

  • Paul na ɔde ho nkyerɛkyerɛmu maa Hebrifo Kristofo no

  • Ɛwɔ afɔremuka a wɔbɔɔ afɔre baako pɛ wɔ so “prɛko” (Heb. 10:10)

  • Ɛma yehu nea na ntamadan ne asɔrefi ahorow a na ɛwɔ hɔ tete no retwe adwene asi so. Ɛno ne nhyehyɛe a Yehowa nam Kristo agyede afɔre no so ayɛ sɛ yɛmfa so nsom no nokwarem no

  • Ɛtwe yɛn adwene si adwuma a Kristo yɛe sɛ Ɔsɔfo Panyin Kɛse fi afe 29 Y.B. mu kosi afe 33 Y.B. mu no so