Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

NKYERƐKYERƐMU A ƐWƆ ADAKA 16B MU

Apinisi Ne Abooboodi, Nkurɔfo a Wɔhyɛ Wɔn Agyirae, Ɔsɛe—Bere Bɛn Ne Ɔkwan Bɛn So?

Apinisi Ne Abooboodi, Nkurɔfo a Wɔhyɛ Wɔn Agyirae, Ɔsɛe—Bere Bɛn Ne Ɔkwan Bɛn So?

Anisoadehu a ɛwɔ Hesekiel ti 9 no bɛsan anya mmamu wɔ yɛn bere yi so. Sɛ yehu sɛnea nsɛm no besisi a, ebetumi aboa yɛn ama yɛanya akokoduru de agyina nneɛma a ebesisi wɔ wiase bɔne yi awiei no ano

“Apinisi ne abooboodi”

BERE BƐN: Nna a edi akyiri no mu, ansa na ahohiahia kɛse no afi ase

ƆKWAN BƐN SO: Nnipa komapafo de wɔn anom nsɛm ne wɔn nneyɛe bɛkyerɛ sɛ abɔnefosɛm a ɛrekɔ so wɔ wiase no, wokyi koraa. Saa nkurɔfo no betie asɛmpa a yɛka no, na wobefi ase asuasua Kristo suban no. Afei nso, wobehyira wɔn ho so ama Yehowa abɔ asu, na wobeyi wɔn yam aboa Kristo nuanom no

“Nkurɔfo a wɔbɛhyɛ wɔn agyirae”

BERE BƐN: Ahohiahia kɛse no mu

ƆKWAN BƐN SO: Ɔbarima a ɔkyerɛwfo toa bɔ n’asen no gyina hɔ ma Yesu Kristo bere a ɔbɛba sɛ amanaman nyinaa Temmufo no. Nnipakuw kɛse no, wɔbɛhyɛ wɔn agyirae sɛ wɔyɛ nguan. Wei kyerɛ sɛ, wobenya wɔn ti adidi mu wɔ Armagedon

“Ɔsɛe”

BERE BƐN: Armagedon

ƆKWAN BƐN SO: Yesu Kristo ne n’asafodɔm a wɔwɔ soro no, kyerɛ sɛ, abɔfo kronkron no ne 144,000 a ɔne wɔn bedi ade no bɛsɛe wiase bɔne yi pasaa, na wɔagye wɔn a wɔsom Yehowa nokwarem no akɔ wiase foforo a trenee te mu no mu