Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

NKYERƐKYERƐMU A ƐWƆ ADAKA 21A MU

“Asaase a Mubetwa Ayɛ Ntoboa No”

“Asaase a Mubetwa Ayɛ Ntoboa No”

HESEKIEL 48:8

Asaase no fã a Yehowa yi sii nkyɛn no, momma yenni Hesekiel akyi na yɛnhwɛ sɛnea ɛte. Ná mmeae nnum na ɛwɔ asaase no so. Sɛn na wɔfrɛɛ emu biara, na dɛn na na wɔde emu biara bɛyɛ?

A. “Ntoboa No”

Saa asaaseteaa no, ɛhɔ na na aban no bɛyɛ adwuma, na wotumi frɛ no “aban asoɛe.”

HES. 48:8

B. “Ntoboa Mũ No Nyinaa”

Wotwa too hɔ maa asɔfo, Lewifo, ne kurow no. Afei nso, na nkurɔfo a wofi mmusuakuw 12 no mu nyinaa tumi ba asaase yi so bɛsom Yehowa, na na wɔyɛ adwuma de boa asoɛe no.

HES. 48:20

D. “Obirɛmpɔn No Asaase”

“Asaase yi bɛyɛ n’agyapade wɔ Israel.” “Ɛbɛyɛ obirɛmpɔn no dea.”

HES. 45:7, 8; 48:21, 22

E. “Ntoboa Kronkron” No

Asaase no fã yi, na wɔsan frɛ no “beae kronkron.” Wotwaa atifi no maa “Lewifo” no. Ná ɛyɛ “ade kronkron.” Ná mfinimfini no yɛ ‘ntoboa kronkron a wobetwa ama asɔfo no.’ “Ɛhɔ na wobesisi wɔn adan, na ɛbɛyɛ beae kronkron ama asɔrefi no.”

HES. 45:1-5; 48:9-14

Ɛ. “Asaase No Fã a Aka”

“Ɛbɛyɛ Israel fi nyinaa dea,” na “ɛbɛyɛ ɔmanfo asaase. Nnipa bɛtenatena hɔ na wɔde hɔ ayɛ mmoa adidibea.”

HES. 45:6; 48:15-19