Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

NKYERƐKYERƐMU A ƐWƆ ADAKA 20A MU

Asaase No a Wɔkyekyɛe

Asaase No a Wɔkyekyɛe

Yehowa kyerɛɛ mmeae a asaase mũ no nyinaa ahye deda pɛpɛɛpɛ. Wei maa Hesekiel ne Yudafo a wɔka no ho no nyaa awerɛhyem sɛ, sɛnea ɛte biara wɔbɛsan akɔtena asaase a ɛda wɔn koma so no so. Nneɛma bɛn na yebetumi asua afi saa anisoadehu yi mu nnɛ? Momma yɛnhwɛ nneɛma mmienu a anisoadehu no ka ho asɛm:

Obiara benya baabi atena, na wanya adwuma a edi mũ ayɛ

Yehowa nkurɔfo a na wɔresan akɔ Bɔhyɛ Asaase no so no, na wɔn mu biara benya asaase sɛ agyapade. Ɛnnɛ nso, Yehowa asomfo nyinaa nya baabi tena wɔ honhom fam paradise no mu. Enti ɛmfa ho ɔsom hokwan biara a yɛwɔ wɔ ahyehyɛde no mu no, yɛte honhom fam paradise no mu bi, na adwuma a ɛhyɛ yɛn nsa no di mũ paa. Yehowa de, ne somfo biara som bo ma no.

Wɔkyekyɛɛ asaase no pɛpɛɛpɛ

Wohwɛ Hesekiel anisoadehu no a, nnepa a na ɛwɔ Bɔhyɛ Asaase no so no, na ɛso Israelni biara so, ɛmfa ho baabi a na ɔte. Ɛnnɛ nso, honhom fam paradise no mu nhyira no, ɛso Yehowa somfo biara so.