Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

NKYERƐKYERƐMU A ƐWƆ ADAKA 1B MU

Hesekiel Nhoma No Mu Nsɛntitiriw

Hesekiel Nhoma No Mu Nsɛntitiriw

Yebetumi akyekyɛ Hesekiel nhoma no mu sɛnea edidi so yi:

TI 1 KOSI 3

Bere a na Hesekiel ne Yudafo no wɔ Babilon wɔ afe 613 A.Y.B. mu no, onyaa anisoadehu ahorow a ɛfa Yehowa ho, na Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ ɔnhyɛ nkɔm nkyerɛ Yudafo a wɔte Asubɔnten Kebar ho no.

TI 4 KOSI 24

Afe 613 ne 609 A.Y.B. ntam hɔ no, Hesekiel hyɛɛ nkɔm, na na emu dodow no ara yɛ atemmusɛm a etia Yerusalem ne emu nnipa a wɔyɛ atuatewfo ne abosonsomfo no.

TI 25 KOSI 32

Afe 609 A.Y.B. mu na Babilonfo betwaa Yerusalem ho hyiae nea etwa to. Efi saa bere no, atemmusɛm a na Hesekiel ka no, ɛdan fii Yerusalem so kɔɔ aman a na atwa Yerusalem ho ahyia a na wɔyɛ wɔn atamfo no so. Saa aman no ne Ammon, Edom, Egypt, Moab, Filistia, Sidon, ne Tiro.

TI 33 KOSI 48

Efi afe 606 A.Y.B. reba no, na Yerusalem ne n’asɔrefi no adan amamfo. Ná Hesekiel wɔ akyirikyiri wɔ Babilon, na saa bere yi de, ɔkaa nsɛm a ɛma anidaso. Ná ɛfa nokware som a wɔde ma Yehowa Nyankopɔn a wɔbɛma so bio no ho.

Enti wohwɛ Hesekiel nhoma no mu a, wubehu sɛ wɔahyehyɛ sɛnea emu nsɛm no sisii no nnidiso nnidiso. Saa ara nso na wɔakyekyɛ mu nsɛmti nsɛmti. Yerusalem ne n’asɔrefi a na wɔbɛsɛe no no, ɛho nkɔmhyɛ na edi kan, ansa na nokware som a wɔbɛma so bio ho nkɔmhyɛ no mu dodow no ara atoa so. Ntease wom, efisɛ sɛ wɔhyɛɛ nkɔm sɛ wɔbɛma nokware som so bio a, ɛnde ɛkyerɛ sɛ na wɔagyae ɔsom a wɔde ma Yehowa wɔ asɔrefi hɔ no.

Bio nso, sɛ wohwɛ nkɔm ahorow a Hesekiel hyɛe no a, wubehu sɛ odii kan kaa atemmusɛm tiaa Yerusalem. Ɛno akyi na ɔhyɛɛ nkɔm tiaa atamfo a atwa Yerusalem ho ahyia no (ti 25 kosi 32), ansa na ɔrehyɛ nokware som a wɔbɛma so bio ho nkɔm ahorow. Baabi a atemmusɛm a Hesekiel ka tiaa amanaman no hyɛ wɔ ne nhoma no mu no, nhomanimfo bi ka ho asɛm sɛ: “Ɛma atemmusɛm a Onyankopɔn ka tiaa ne nkurɔfo ne mmɔborɔhunu ho asɛm a ɔka kyerɛɛ wɔn no toam kama, efisɛ wɔn atamfo a na ɔbɛsɛe wɔn no, na ɛno nso yɛ ɔkwan baako a ɔbɛfa so ada mmɔborɔhunu adi akyerɛ ne nkurɔfo no.”

San kɔ ti 1, nkyekyɛm 18