Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

NKYERƐKYERƐMU A ƐWƆ ADAKA 18A MU

Yehowa Abɔ Nnipa Kɔkɔ Sɛ Ɔko Kɛse Bi Reba

Yehowa Abɔ Nnipa Kɔkɔ Sɛ Ɔko Kɛse Bi Reba

Nkɔmhyɛ pii wɔ Bible mu a ɛbɔ nkurɔfo kɔkɔ sɛ ɔko kɛse bi reba, na wɔn a wɔsɔre tia Yehowa ne ne nkurɔfo no, ɔnam ɔko no so bɛsɛe wɔn nyinaa. Saa nkɔmhyɛ no kakraa bi na wɔahyehyɛ wɔ ase ha no. Wo de, hwɛ sɛnea saa kɔkɔbɔ ahorow no di nsɛ. Afei hyɛ no nsow sɛ, Yehowa ayɛ nhyehyɛe a ɛbɛma nnipa nyinaa ate saa kɔkɔbɔ no na wɔayɛ ho biribi.

TETE ISRAELFO BERE SO

HESEKIEL: “‘Mɛma sekan aba [Gog] so wɔ me mmepɔw nyinaa so.’ . . . Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni.”—Hes. 38:18-23.

YEREMIA: “[Yehowa] ankasa bebu nnipa nyinaa atɛn. Na ɔde abɔnefo bɛma sekan.”—Yer. 25:31-33.

DANIEL: “Ɔsoro Nyankopɔn no de ahenni bi bɛba. . . . Ebebubu ahenni ahorow yi nyinaa asɛe no.”—Dan. 2:44.

ASOMAFO NO BERE SO

YESU: ‘Ahohiahia kɛse a efi wiase mfiase besi nnɛ, ebi mmae da, bɛba.’—Mat. 24:21, 22.

PAUL: ‘Yesu ne n’abɔfo a wɔwɔ tumi no de asotwe bɛba wɔn a wonnim Onyankopɔn no so.’—2 Tes. 1:6-9.

PETRO: “Yehowa da no bɛba sɛ ɔkorɔmfo, . . . na asaase ne emu nnwuma bɛda adi.”—2 Pet. 3:10.

YOHANE: ‘Sekan tenten bi a ano yɛ nnam apue afi Yesu anom, a ɔde bekunkum amanaman no.’—Adi. 19:11-18.

ƐNNƐ MMERE MU

Wɔakyerɛ Bible ase kɔ kasa pii mu sen nhoma biara, na ɛno nso ne nhoma a nnipa dodow no ara wɔ bi sen nhoma biara

YEHOWA ASOMFO A WƆWƆ HƆ NNƐ . . .

  • Kyekyɛ Bible ho nhoma ɔpepepem pii wɔ kasa ɔhaha pii mu

  • De nnɔnhwerew ɔpepehaha pii ka asɛmpa no afe biara