Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

NKYERƐKYERƐMU A ƐWƆ ADAKA 2B MU

Hesekiel—N’abrabɔ Ne Nsɛm Bi a Esisii Wɔ Ne Bere So

Hesekiel—N’abrabɔ Ne Nsɛm Bi a Esisii Wɔ Ne Bere So

Edin Hesekiel kyerɛ “Onyankopɔn Ma Ahoɔden.” Ɛwom sɛ kɔkɔbɔ pii wɔ ne nkɔmhyɛ no mu de, nanso yɛka ne nsɛm no nyinaa bom a, ɛne ne din no asekyerɛ hyia, na ɛhyɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn nokware mu no gyidi den.

ADIYIFO A WƆTENAA ASE WƆ NE BERE SO

  • YEREMIA,

    Ofi asɔfo abusua mu. Yerusalem titiriw na ɔhyɛɛ nkɔm (647-580 A.Y.B.)

  • HULDA

    Bere a wohuu Mose Mmara no wɔ asɔrefi hɔ bɛyɛ afe 642 A.Y.B. mu no, na ɔyɛ odiyifobea

  • DANIEL,

    Ofi Yuda adehye abusua mu, na wɔde no kɔɔ Babilon afe 617 A.Y.B. mu

  • HABAKUK

    Ɛbɛyɛ sɛ ɔhyɛɛ nkɔm wɔ Yuda wɔ Yehoiakim ahenni no mfiase

  • OBADIA

    Ɛbɛyɛ sɛ bere a wɔsɛee Yerusalem no, ɔhyɛɛ nkɔm tiaa Edom

BERE BƐN NA WƆHYƐƐ NKƆM? (MMEREBU NO NYINAA YƐ A.Y.B.)

NSƐNTITIRIW A ESISII WƆ HESEKIEL BERE SO (MMEREBU NO NYINAA YƐ A.Y.B.)

  1. b. 643: Bere a wɔwoo no

  2. 617: Wɔde no kɔɔ Babilon

  3. 613: Ofii ase hyɛɛ nkɔm; onyaa Yehowa ho anisoadehu

  4. 612: Onyaa ɔwae a na ɛrekɔ so wɔ asɔrefi hɔ no ho anisoadehu

  5. 611: Ofii ase hyɛɛ nkɔm tiaa Yerusalem

  6. 609: Ne yere wui, na Babilonfo twaa Yerusalem ho hyiae nea etwa to

  7. 607: Wɔbɛka kyerɛɛ no sɛ wɔasɛe Yerusalem

  8. 593: Onyaa asɔrefi no ho anisoadehu

  9. 591: Ɔhyɛɛ nkɔm sɛ Nebukadnesar bɛtow ahyɛ Egypt so; ɔkyerɛw ne nkɔmhyɛ no wiei

YUDA NE BABILON AHEMFO

  1. 659-629: Yosia maa nokware som kɔɔ so, nanso owui bere a na ɔne Farao Neko reko no

  2. 628: Yehoahas anyɛ ade papa biara wɔ abosome mmiɛnsa a ɔde dii ade no mu, na Farao Neko bɛkyeree no kɔe

  3. 628-618: Yehoiakim anyɛ ɔhempa; Farao Neko na osii no hene

  4. 625: Nebukadnesar dii Egypt asraafo so nkonim

  5. 620: Nebukadnesar tow hyɛɛ Yuda so nea edi kan, na osii Yehoiakim hene wɔ Yerusalem

  6. 618: Yehoiakim tew Nebukadnesar so atua, nanso ɛbɛyɛ sɛ bere a ɛto so mmienu a Babilonfo tow hyɛɛ Bɔhyɛ Asaase no so no na owui

  7. 617: Yehoiakin a wɔsan frɛ no Yekonia no, na ɔyɛ ɔhemmɔne, odii hene abosome mmiɛnsa, na afei ɔde ne ho kɔhyɛɛ Nebukadnesar ase

  8. 617-607: Ɔhene Nebukadnesar sii Sedekia hene. Ná Sedekia yɛ ɔhene tirimɔdenfo, na na ɔyɛ ohufo nso

  9. 609: Sedekia tee Nebukadnesar so atua, na ɛno akyi no, Nebukadnesar tow hyɛɛ Yuda so ne mprɛnsa so

  10. 607: Nebukadnesar sɛee Yerusalem, ɔkyeree Sedekia tutuu n’ani, na ɔde no kɔɔ Babilon