Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

NKYERƐKYERƐMU A ƐWƆ ADAKA 2A MU

Nea Ɛbɛboa Ama Yɛate Hesekiel Nkɔmhyɛ No Ase

Nea Ɛbɛboa Ama Yɛate Hesekiel Nkɔmhyɛ No Ase

YƐKA NKƆMHYƐ A, ƐKYERƐ SƐN?

Bible mu no, Hebri adeyɛ asɛm na·vaʼʹ na wɔkyerɛ ase “hyɛ nkɔm.” Nea ɛkyerɛ paa ne sɛ obi reka asɛm, atemmusɛm, anaa ahyɛde bi a efi Onyankopɔn hɔ. Ebetumi nso akyerɛ sɛ obi rekyerɛkyerɛ Onyankopɔn Asɛm anaa ɔreka biribi a Onyankopɔn aka sɛ ebesi daakye ho asɛm. Saa nsɛm yi nyinaa bi wɔ Hesekiel nkɔmhyɛ no mu, na ne nyinaa fi Onyankopɔn hɔ.—Hes. 3:10, 11; 11:4-8; 14:6, 7; 37:9, 10; 38:1-4.

AKWAN A ƆFAA SO HYƐƐ NKƆM

  • ANISOADEHU

  • MFATOHO

  • ƆYƐKYERƐ

Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Hesekiel nhoma no mu no, ebi yɛ anisoadehu, mfatoho, abebusɛm, ne nsɛm a ebesisi ho ɔyɛkyerɛ ahorow.

NKƆMHYƐ NO MMAMU

Ɛtɔ da a, Hesekiel nkɔmhyɛ no mmamu boro baako. Sɛ nhwɛso no, nokware som a wɔbɛma so bio ho nkɔmhyɛ no baa mu kakra bere a Onyankopɔn nkurɔfo san kɔɔ Bɔhyɛ Asaase no so no. Nanso, nhoma yi Ti 9 no bɛma yɛahu sɛ nokware som a wɔbɛma so bio ho nkɔmhyɛ no anya mmamu nnɛ, na ɛbɛsan anya mmamu daakye nso.

Bere bi a atwam no, yɛkaa sɛ nsɛm bi a ɛwɔ Hesekiel nkɔmhyɛ mu no gyina hɔ ma biribi kɛse a ɛbɛba daakye. Nanso nhoma yi mu de, yɛrenyɛ saa. Yɛrenka sɛ onipa bi, biribi, beae bi, anaa asɛm bi a esii gyina hɔ ma biribi kɛse a ebesi nnɛ, gye sɛ yɛwɔ adanse pefee wɔ Kyerɛwnsɛm mu a yebetumi agyina so aka saa. a Mmom no, yɛbɛhwɛ sɛnea Hesekiel nkɔmhyɛ no mu pii bɛba mu daakye. Yɛbɛsan ahwɛ nea yebetumi asua afi Hesekiel nkɔmhyɛ no mu, ne nea yebetumi asua afi nnipa, mmeae, ne nsɛm a esisii a ɔkaa ho asɛm no mu.

a Bible mu nsɛm bi a egyina hɔ ma biribi kɛse a ɛbɛba daakye no, sɛ wopɛ sɛ wuhu ɛho nsɛm a, hwɛ Ɔwɛn-Aban, March 15, 2015, kr. 5-8, nky. 7-12; ne “Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ,” kr. 15-16 wɔ Ɔwɛn-Aban koro no ara mu.