Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

NKYERƐKYERƐMU A ƐWƆ ADAKA 14A MU

Nea Yebetumi Asua Afi Asɔrefi Ho Anisoadehu a Hesekiel Nyae No Mu

Nea Yebetumi Asua Afi Asɔrefi Ho Anisoadehu a Hesekiel Nyae No Mu

Wɔama Nokware Som So Na Wɔabɔ Ho Ban Afi Nkekae Ho

Asɔrefi a Hesekiel hui wɔ anisoadehu mu no, na esi “bepɔw tenten bi so” (1). Yemmisa sɛ, yɛn nso, yɛama nokware som so, kyerɛ sɛ, ɛno ne ade a ɛho hia yɛn sen biara wɔ yɛn asetenam anaa?

Ná wɔato ɔfasu (2) atwa asaase tɛtrɛɛ (3) a na asɔrefi no si mfinimfini no ho ahyia. Wei kae yɛn sɛ ɛnsɛ sɛ yɛma biribiara gu ɔsom a yɛde rema Yehowa no ho fĩ. Hesekiel 42:20 ka sɛ “baabi a ɛhɔ yɛ kronkron ne baabi a obiara tumi kɔ” no, na ɔfasu no na ɛkyɛ mu. “Baabi a obiara tumi kɔ” a ɛwɔ kyerɛwsɛm yi mu no fa nneɛma a yɛyɛ no da biara a ɛmfa Yehowa som ho tẽẽ no ho. Sɛ nneɛma a ɛte saa mpo, ɛnsɛ sɛ yɛde frafra yɛn som a, ɛnde nneɛma a ɛho ntew ne ɔbrasɛe de, ɛnsɛ sɛ Yehowa asomfo kɔ ho koraa!

Nhyira a Ɛbɛtena Hɔ Daa

Ná nsu bi resen fi asɔrefi no kronkronbea hɔ. Nsu no yiri dan asubɔnten a ɛma nkwa, na esiesiee asaase no (4). Yebesusuw saa nhyira no ho wɔ nhoma yi Ti 19.

Akwankyerɛ Koro No Ara Na Ɛsɛ Sɛ Obiara De Bɔ Ne Bra

Aponkɛse a ɛdeda adiwo a ɛwɔ akyi hɔ no ano (5) ne nea ɛdeda adiwo a ɛwɔ mfinimfini no ano no (9), ɛkae yɛn sɛ obiara a ɔpɛ sɛ ɔsom Yehowa nokwarem no, ɛsɛ sɛ ɔde Yehowa akwankyerɛ a edi mu no bɔ ne bra. Hyɛ no nsow sɛ, aponkɛse a ɛdeda adiwo a ɛwɔ akyi hɔ no ano ne nea ɛdeda adiwo a ɛwɔ mfinimfini no ano no, ne nyinaa tenten ne ne kɛse yɛ pɛ. Wei fata paa, efisɛ Yehowa hwɛ kwan sɛ akwankyerɛ koro no ara na n’asomfo nyinaa de bɛbɔ wɔn bra, ɛmfa ho ɔsom hokwan a wɔwɔ.

Yedidi Wɔ Yehowa Pon So

Adidibea no (8) kae yɛn sɛ, tete mmere mu no, sɛ nkurɔfo kɔbɔ afɔre wɔ asɔrefi a, na wotumi di afɔrebɔde no bi. Enti ɔkwan bi so no, na ɛte sɛ nea wɔne Yehowa ato nsa redidi. Ɛnyɛ saa na ɛte wɔ honhom fam asɔrefi a Kristofo som Yehowa wom no mu, efisɛ wɔanya abɔ “afɔre baako” no dedaw wɔ saa asɔrefi yi mu. (Heb. 10:12) Nanso, afɔre bi wɔ hɔ a yɛbɔ nnɛ. Ɛno ne ayeyi afɔre.—Heb. 13:15.

Awerɛhyem a Yehowa De Ma Yɛn

Nneɛma a ɔbɔfo no susuwii wɔ anisoadehu no mu no dɔɔso paa de, nanso ɛkyerɛ yɛn ade titiriw bi: Ɛma yenya awerɛhyem sɛ, Yehowa tirim a wabɔ sɛ ɔbɛma nokware som so bio no, ɛbɛbam ɔkwan biara so. Sɛnea ɔbɔfo no susuw biribiara pɛpɛɛpɛ no, saa ara na nea Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no bɛbam pɛpɛɛpɛ, na ɛrensesa. Ɛwom, Hesekiel anka sɛ ohuu nnipa wɔ anisoadehu no mu, nanso ɔkyerɛwee sɛ, Yehowa de nteɛso a emu yɛ den maa asɔfo no, abirɛmpɔn no, ne nkurɔfo no. Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn asomfo nyinaa de n’akwankyerɛ a edi mu no yɛ adwuma.