Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

NKYERƐKYERƐMU A ƐWƆ ADAKA 12A MU

Nnua Mmienu a Wɔka Boom

Nnua Mmienu a Wɔka Boom

Yehowa ka kyerɛɛ Hesekiel sɛ ɔmfa nnua mmienu na ɔnkyerɛw baako so sɛ ‘Yuda dea,’ na nea ɛka ho no nso, ɔnkyerɛw so sɛ “Yosef dea, kyerɛ sɛ, dua a egyina hɔ ma Efraim.”

‘Yuda dea’

TETE MMERE MU

Yuda mmusuakuw mmienu ahemman

ƐNNƐ MMERE MU

Wɔn a wɔasra wɔn no

“Yosef dea, kyerɛ sɛ, dua a egyina hɔ ma Efraim”

TETE MMERE MU

Israel mmusuakuw du ahemman

ƐNNƐ MMERE MU

Nguan foforo no

“ma ɛnyɛ dua baako wɔ wo nsam”

TETE MMERE MU

Afe 537 A.Y.B. Wɔn a wɔsom Yehowa nokwarem no san fii amanaman no mu bae, wɔsan kyekyee Yerusalem, na wɔsom Yehowa sɛ ɔman baako.

ƐNNƐ MMERE MU

Efi afe 1919 no, nkakrankakra wɔsan totoo nneɛma wɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu, na wɔde baakoyɛ resom sɛ “kuw baako.”