Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

NKYERƐKYERƐMU A ƐWƆ ADAKA 7B MU

Nsɛm Bi a Ɛtaa Pue Wɔ Hesekiel Nhoma No Mu

Nsɛm Bi a Ɛtaa Pue Wɔ Hesekiel Nhoma No Mu

“Onipa Ba”

EPUE BƐBORO MPƐN 90

Wɔfrɛɛ Hesekiel “onipa ba” bɛboro mpɛn 90. (Hes. 2:1) Yehowa kaa saa sɛnea ɛbɛyɛ a Hesekiel behu sɛ, ɛwom sɛ wanya hokwan akɛse pii de, nanso ɔda so ara yɛ onipa. Yɛhwɛ Nsɛmpa no mu nso a, wɔka Yesu ho asɛm sɛ “onipa Ba” bɛyɛ mpɛn 80. Wei kyerɛ sɛ, bere a ɔbaa asaase so no, na ɔyɛ onipa ankasa, na ɛnyɛ ɔbɔfo a wadan ne ho onipa.—Mat. 8:20.

‘Nkurɔfo Behu Sɛ Mene Yehowa’

EPUE BƐBORO MPƐN 50

Wohwɛ Hesekiel nhoma no mu a, na Onyankopɔn taa ka sɛ, ‘nkurɔfo behu sɛ mene Yehowa.’ Epue bɛboro mpɛn 50. Wei kyerɛ sɛ, Yehowa nkutoo na ɔfata sɛ yɛde ɔsom kronn ma no.—Hes. 6:7.

“Awurade Tumfo Yehowa”

EPUE MPƐN 217

Asɛm a ɛne “Awurade Tumfo Yehowa” no pue mpɛn 217. Wei ma Yehowa din no da nsow, na esi so dua sɛ abɔde nyinaa hyɛ Yehowa ase.—Hes. 2:4.