Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

NKYERƐKYERƐMU A ƐWƆ ADAKA 19B MU

Nsu a Ɛresen Nkakrankakra No Yiri Bɛyɛɛ Asubɔnten!

Nsu a Ɛresen Nkakrankakra No Yiri Bɛyɛɛ Asubɔnten!

Hesekiel hui sɛ nsu bi resen fi Yehowa kronkronbea hɔ. Bere a nsu no pue fii hɔ no, na ɛresen nkakrankakra, nanso ɛkɔɔ n’anim bɛyɛ kwansin baako no, na ayiri adan asubɔnten a emu dɔ! Afei, Hesekiel hui sɛ nnua kusuu sisi asubɔnten no ho. Saa nnua no ma aduan, na ɛsa yare. Dɛn na wei nyinaa kyerɛ?

Asubɔnten No De Nhyira Na Ɛnam

TETE: Bere a Yehowa nkurɔfo no san baa wɔn kurom na wɔsan fii ase som no nokwarem wɔ asɔrefi hɔ no, wonyaa nhyira

ƐNNƐ: Afe 1919 no, wɔmaa nokware som so bio. Abue kwan ama Onyankopɔn asomfo anokwafo anya honhom fam nhyira pii. Nhyira a yenya no, ɛso bi mmae da

DAAKYE: Armagedon akyi no, nhyira a Yehowa de bɛma yɛn no bɛyɛ honam fam de ne honhom fam de

Nsu a Ɛma Nkwa

TETE: Yehowa hyiraa ne nkurɔfo a wɔyɛɛ osetie no ma wotumi som no wɔ ɔkwan a ɛsɔ n’ani so. Bere a wɔn dodow kɔɔ anim mpo no, ne nhyira soo wɔn nyinaa so

ƐNNƐ: Honhom fam paradise a emu retrɛw no, ba ara na nnipa reba mu, na Yehowa nhyira mu atrɛw ma ɛso wɔn nyinaa so. Enti yɛn nyinaa tumi som Yehowa wɔ ɔkwan a ɛsɔ n’ani so

DAAKYE: Wɔn a wobetwa Armagedon no, wobenyan nnipa ɔpepem pii abɛka wɔn ho, na Yehowa nhyira bɛso wɔn nyinaa so

Nnua a Ɛma Nnipa Aduan Na Ɛsa Wɔn Yare

TETE: Bere a Yehowa asomfo anokwafo san kɔɔ wɔn asaase so no, Yehowa maa wɔn honhom fam aduan. Afei nso, na wɔayare wɔ honhom fam mfe pii, enti Yehowa saa wɔn yare

ƐNNƐ: Ɛnnɛ, Yehowa rema ne nkurɔfo honhom fam aduan pii, na ɛboa wɔn ma wɔde wɔn ho fi honhom fam kɔm ne honhom fam yare a abu so wɔ wiase no ho

DAAKYE: Kristo ne 144,000 a wɔne no bedi ade no bɛboa nnipa a wotie Onyankopɔn asɛm nyinaa ama wɔayɛ pɛ, na wɔanya apɔwmuden daa!