Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

NKYERƐKYERƐMU A ƐWƆ ADAKA 19A MU

Nsubɔnten a Efi Yehowa Hɔ a Ɛde Nhyira Nam

Nsubɔnten a Efi Yehowa Hɔ a Ɛde Nhyira Nam

Yɛnhwɛ Bible no afã bi a ɛde nsɛmfua “asubɔnten” ne “nsu” gyina hɔ ma nhyira a efi Yehowa hɔ. Sɛ yɛka saa nsɛm no nyinaa bom a, ɛma yehu ɔkwan a Yehowa fa so hyira yɛn, na ɛhyɛ yɛn nkuran paa. Adɛn nti na yɛreka saa?

YOEL 3:18 Saa nkɔmhyɛ yi ka sɛ nsu bi pue fii asɔrefi no kronkronbea hɔ, na ɛsen fii hɔ koguguu “Ɔkanto Nnua Bon” a ɛso awo no so. Enti Yoel ne Hesekiel nyinaa hui sɛ, asubɔnten bi de nkwa aba baabi a nkwa biara nni. Afei nso, wɔn mmienu nyinaa hui sɛ, na asubɔnten no resen fi Yehowa fi, anaa Yehowa asɔrefi.

SAKARIA 14:8 Odiyifo Sakaria hui sɛ “nkwa nsu” bi resen fi Yerusalem kurow no mu. Nsu no fã kɔbɔɔ apuei po anaa Ɛpo a Awu no mu, ɛnna ɔfã a aka no kɔbɔɔ atɔe po anaa Mediterranea Po no mu. Saa asɛm yi kyerɛ sɛn? Ná Yerusalem yɛ “Ɔhenkɛse no kurow.” Ɔhenkɛse no, ɔno ne Yehowa Nyankopɔn. (Mat. 5:35) Ka a Sakaria kaa sɛ saa kurow no mu na nsu no fi no ma yehu sɛ bere bi bɛba a Yehowa bedi asaase nyinaa so. Efi bere tenten na yɛate ase sɛ nsu a nkɔmhyɛ yi ka ho asɛm no kyerɛ sɛ, Yehowa behyira nnipakuw mmienu a wɔyɛ anokwafo wɔ Paradise; wɔn a wobetwa ahohiahia kɛse no, ne wɔn a wobenya owusɔre wɔ ahohiahia kɛse no akyi.

ADIYISƐM 22:1, 2 Ɔsomafo Yohane huu asubɔnten bi a ɛte sɛ nea Hesekiel hui no. Nanso yɛde nea Yohane hui no toto nea Hesekiel hui no ho a, yebehu nsonsonoe ketewaa bi wom. Ɛne sɛ, asubɔnten a Yohane hui no de, na emfi asɔrefi bi mu, na mmom na efi Yehowa ahengua mu. Enti saa anisoadehu yi te sɛ Sakaria de no. Ɛbɛyɛ sɛ nhyira a yebenya wɔ Mfirihyia Apem no mu wɔ Onyankopɔn nniso ase na ɛka ho asɛm.

Ɛmfa ho saa nsonsonoe ketewaa yi no, nhyira a yebenya wɔ Yehowa nniso ase, ne nhyira a asubɔnten a Hesekiel hui wɔ anisoadehu mu no ka ho asɛm no, ne nyinaa fi Yehowa hɔ, na ɔde ma anokwafo nyinaa.

DWOM 46:4 Hyɛ no nsow sɛ, saa nkyekyɛm baako yi ka ɔsom ho asɛm, ɛnna ɛsan ka nniso ho asɛm. Saa kyerɛwsɛm yi ma yehu sɛ asubɔnten bi ma “Onyankopɔn kurow” di ahurusi. Onyankopɔn kurow no, egyina hɔ ma Ahenni no ne tumidi. Asubɔnten no san ma “Ɔsorosoroni no ntamadan kronkron kɛse” no di ahurusi. Ɛbɛyɛ sɛ wei nso gyina hɔ ma nokware som.

Enti sɛ yɛbɔ ne nyinaa mua a, Bible mu nsɛm yi ma yenya awerɛhyem sɛ Yehowa behyira nnipa anokwafo wɔ akwan mmienu so. Nea edi kan, yebenya ne nniso no so mfaso afebɔɔ. Nea ɛto so mmienu, ɔbɛma yɛanya nhyehyɛe pa a yɛde bɛsom no, na yebenya so mfaso afebɔɔ. Enti momma yensi yɛn bo nnɛ sɛ yɛbɛkɔ so ahwehwɛ ‘nkwa nsu’ afi Yehowa Nyankopɔn ne ne Ba no hɔ. Nkwa nsu no ne nsiesiei a Yehowa ne Yesu ayɛ a ɛbɛma yɛanya daa nkwa no. Nsiesiei a wɔayɛ ama yɛn yi kyerɛ sɛ wɔdɔ yɛn!—Yer. 2:13; Yoh. 4:10.