Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

NKYERƐKYERƐMU A ƐWƆ ADAKA 1A MU

Dɛn Ne Ɔsom?

Dɛn Ne Ɔsom?

Yebetumi akyerɛ ɔsom ase sɛ “biribi a yɛyɛ de kyerɛ obu ne ɔdɔ a yɛwɔ ma onyame bi.” Kasa a wodii kan de kyerɛw Bible no, nsɛmfua a ɛwom a wɔkyerɛɛ ase “ɔsom” no, ebetumi akyerɛ sɛ obi de obu kɛse rema abɔde bi anaasɛ ɔrebrɛ ne ho ase ahyɛ abɔde no ase. (Mat. 28:9) Ebetumi nso akyerɛ biribi a obi yɛ ma Onyankopɔn anaa onyame bi. (Yoh. 4:23, 24) Sɛ nsɛmfua no mu bi pue wɔ Bible mu baabi a, nea wɔreka ho asɛm wɔ hɔ no na ɛbɛkyerɛ sɛnea yɛbɛte saa asɛmfua no ase.

Yehowa ne Ɔbɔadeɛ, na ɔno ne Amansan Hene, enti ɔno nkutoo na ɔfata sɛ yɛsom no. (Adi. 4:10, 11) Sɛ yɛyɛ nneɛma bi de kyerɛ sɛ yebu Yehowa tumidi na yɛhyɛ ne din anuonyam a, ɛkyerɛ sɛ yɛresom no. (Dw. 86:9; Mat. 6:9, 10) Hesekiel nhoma no ka saa nsɛmti mmienu yi ho nsɛm pii. Ɛno ne Yehowa tumidi ne Yehowa din. Asɛm “Awurade Tumfo Yehowa” no pue mpɛn 217 wɔ Hesekiel nhoma no nko ara mu, na asɛm ‘mubehu sɛ mene Yehowa’ no nso pue bɛyɛ mpɛn 55.—Hes. 2:4; 6:7.

Ɔsom a yɛde ma Yehowa no nyɛ atenka bi a yɛwɔ kɛkɛ; mmom nokware som hwehwɛ sɛ yɛyɛ nnwuma. (Yak. 2:26) Sɛ yehyira yɛn nkwa so ma Yehowa a, yɛka ntam sɛ biribiara a yɛbɛyɛ wɔ yɛn asetenam no, yɛbɛyɛ osetie ama amansan Hene no, na yɛakyerɛ obu kɛse ama ne din no. Kae nea Yesu yɛe wɔ sɔhwɛ a ɛto so mmiɛnsa no ho. Ɔkaa sɛ ‘ɛsɛ sɛ yɛsom’ Onyankopɔn. (Mat. 4:10) Yɛyɛ Yehowa asomfo, enti yɛayɛ krado sɛ yɛbɛsom no. a (Deut. 10:12) Sɛ yɛyɛ nnwuma a ɛfa nokware som ho tẽẽ, na yeyi yɛn yam yɛ a, ɛno na ɛkyerɛ sɛ yɛresom Onyankopɔn. Nnwuma yi bi ne nea ɛwɔ he?

Nnwuma a yɛyɛ wɔ Onyankopɔn som mu no gu ahorow pii, na ne nyinaa som bo ma Yehowa. Sɛ yedi nkurɔfo adanse, yɛkɔ asafo nhyiam wɔ Ahenni Asa so, yɛhwɛ siesie mmeae a yehyiam som, anaa yesisi adan a yebehyia mu asom a, na yɛresom Onyankopɔn. Afei nso, sɛ yɛyɛ abusua som, yɛde yɛn ho hyɛ adwuma a wɔyɛ de boa wɔn a atoyerɛnkyɛm ato wɔn mu, yetu yɛn ho ma yɛ adwuma wɔ nhyiam akɛse ase, anaa yɛsom wɔ Betel a, ne nyinaa ka nnwuma a yɛyɛ wɔ Onyankopɔn som mu no ho. (Heb. 13:16; Yak. 1:27) Sɛ nokware som da yɛn koma so paa na yɛde yɛn adwene si so sen biribi foforo biara a, ɛbɛma ‘yɛde ɔsom kronn ama Onyankopɔn awia ne anadwo.’ Sɛ yɛsom yɛn Nyankopɔn Yehowa a, yɛn ani gye!—Adi. 7:15.

a Nsɛmfua bi wɔ Hebri kasa mu a wotumi de ne nyinaa gyina hɔ ma ɔsom. Emu baako de, wotumi san kyerɛ ase sɛ obi bɛyɛ adwuma ama obi. Enti nneɛma a yɛyɛ de som Onyankopɔn no, nnwuma ka ho.—Ex. 3:12.