Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

NKYERƐKYERƐMU A ƐWƆ ADAKA 15A MU

Tuutuufo Mmienu a Wɔyɛ Anuanom

Tuutuufo Mmienu a Wɔyɛ Anuanom

Yɛhwɛ Hesekiel ti 23 a, yebehu sɛ esiane sɛ Yehowa nkurɔfo anni no nokware nti, ɔkasa tiaa wɔn denneennen. Asɛm a ɛwɔ Hesekiel ti 23 ne nea ɛwɔ ti 16 no di nsɛ wɔ akwan pii so. Sɛnea Hesekiel ti 16 kaa tuutuusi ho asɛm no, saa ara na ti 23 no nso kaa ho asɛm. Tuutuufo mmea mmienu no, Yerusalem na ɛyɛ kumaa, ɛnna Samaria yɛ panyin. Ti mmienu no nyinaa ma yehu sɛ kumaa no suasuaa panyin no bɛyɛɛ tuutuuni, nanso ɔkɔɔ n’anim wɔ tuutuusi no mu, na ɔyɛɛ bɔne kyɛn ne nua panyin no. Ti 23 mu no, Yehowa too mmea mmienu no din: Ɔpanyin no din de Ohola. Ogyina hɔ ma Samaria; Israel mmusuakuw du ahemman no ahenkurow no. Kumaa no din de Oholiba. Ogyina hɔ ma Yerusalem; Yuda ahenkurow no. aHes. 23:1-4.

Nsɛm a ɛwɔ ti mmienu no mu di nsɛ wɔ akwan foforo so. Yɛbɛka a, ebia emu atitiriw paa na edi hɔ yi: Mfiase no, na mmea no kunu ne Yehowa, nanso akyiri yi, wofii n’akyi kosii tuutuu. Afei nso, ɔhyɛɛ wɔn bɔ sɛ obegye wɔn. Anidaso a Yehowa de maa ne nkurɔfo sɛ obegye wɔn no, ti 23 no nhyɛ da nka ho asɛm pefee, nanso Yehowa kaa asɛm bi wɔ hɔ a ɛne asɛm a ɛwɔ ti 16 no di nsɛ. Yehowa kaa sɛ: ‘Mɛma woagyae w’ahohwibra ne tuutuu a wusi no.’—Hes. 16:16, 20, 21, 37, 38, 41, 42; 23:4, 11, 22, 23, 27, 37.

Wogyina Hɔ Ma Kristoman Anaa?

Bere bi a atwam no, yɛn nhoma ahorow kaa sɛ, mmea mmienu no gyina hɔ ma Kristoman. Ná yesusuw sɛ nkɔmhyɛ kwan so no, Ohola gyina hɔ ma Katolek asɔre no, ɛnna Oholiba gyina hɔ ma Protestant asɔre ahorow no. Nanso, bere a yɛsan susuw asɛm no ho bɔɔ ho mpae na yɛyɛɛ nhwehwɛmu no, ɛma yebisaa yɛn ho nsɛm bi. Ɛne sɛ: Yebetumi aka sɛ Kristoman ayɛ Yehowa yere pɛn anaa? Yehowa ne Kristoman ayɛ apam pɛn anaa? Daabida. Nokwasɛm ne sɛ, bere a na Yehowa ne honhom fam Israel reyɛ “apam foforo” a Yesu yɛ ntamgyinafo no, na Kristoman nnya mmae. Ɛno da nkyɛn a, ɛnyɛ honhom fam Israel anaa Kristofo a wɔasra wɔn no mu na Kristoman fi bae, na ɛnyɛɛ ne fã da. (Yer. 31:31; Luka 22:20) Asomafo no wui no, bɛyɛ mfe 300 akyi koraa ansa na Kristoman reyi ne ti. Efii ase sɛ ahyehyɛde a awae afi Kristosom ho, na atoro Kristofo na na wɔwom. Wɔn na Yesu kaa wɔn ho asɛm sɛ “nwura bɔne” wɔ ne nkɔmhyɛ a ɛfa hwiit ne nwura bɔne ho mu no.—Mat. 13:24-30.

Nsonsonoe titiriw baako nso ni: Ɛwom sɛ Yerusalem ne Samaria anni nokware de, nanso Yehowa ma wonyaa anidaso sɛ sɛ wɔsakra a, obegye wɔn. (Hes. 16:41, 42, 53-55) Wohwɛ Bible mu a, anidaso bi a ɛte saa wɔ hɔ ma Kristoman anaa? Daabida! Sɛnea Babilon Kɛse no fã a aka no nyinaa nni anidaso biara no, saa ara na Kristoman nso nni anidaso biara.

Enti, Ohola ne Oholiba nnyina hɔ mma Kristoman. Nanso, wɔma yehu biribi a ɛho hia paa. Ɛne sɛ, nnipa bi wɔ hɔ a, wɔkyerɛ sɛ wɔsom Yehowa, nanso wogu ne din kronkron no ho fĩ, na ɔkwan a Yehowa pɛ sɛ yɛfa so som no nso, wɔmfa nyɛ hwee. Ohola ne Oholiba ho asɛm no boa yɛn ma yehu sɛnea Yehowa bu saa nkurɔfo no. Kristoman di fɔ paa wɔ saa asɛm yi ho efisɛ asɔre ahorow pii a ɛwɔ Kristoman mu no kyerɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn a ɔma wɔkyerɛw Bible no. Afei nso, wɔkyerɛ sɛ Yehowa ankasa Dɔba Yesu Kristo na ɔyɛ wɔn kannifo. Nanso nea Kristoman ka yi nyinaa nyɛ nokware, efisɛ wɔkyerɛkyerɛ sɛ, Yesu ka nyame bi a ɔyɛ baasakoro ho. Afei nso, Yesu ahyɛde a emu da hɔ a ɛne sɛ ‘ɛnsɛ sɛ yɛka wiase no ho’ no, wonni so. (Yoh. 15:19) Kristoman kɔ so de ne ho hyɛ ahonisom ne amanyɔsɛm mu, na wei kyerɛ paa sɛ ɔyɛ “tuutuuni kɛse” no fã. (Adi. 17:1) Akyinnye biara nni ho sɛ, ɔsɛe a ɛreba wiase atoro som ahemman no so no, Kristoman remfa ne ho nni!

a Wɔn din no kyerɛ biribi. Edin Ohola kyerɛ “Ne Ntamadan [a Ɔsom Wom].” Ɛda adi sɛ, na edin no retwe adwene asi biribi a na ɛkɔ so wɔ Israel so. Ɛne sɛ, sɛ́ anka Israelfo no bɛsom Yehowa wɔ n’asɔrefi a ɛwɔ Yerusalem no mu no, wɔn ankasa yeyɛɛ mmeae bi a na wɔsom. Edin Oholiba nso, ɛkyerɛ “Me Ntamadan [a Wɔsom Me Wom] Wɔ Ne Mu.” Wei kyerɛ sɛ, Yehowa asɔrefi no, Yerusalem na na esi.