Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

NKYERƐKYERƐMU A ƐWƆ ADAKA 10D MU

Biribi a Ɛbɛboa Yɛn Ama Yɛasan Agyina Yɛn Nan So

Biribi a Ɛbɛboa Yɛn Ama Yɛasan Agyina Yɛn Nan So

ASUADE bi wɔ anisoadehu a ɛwɔ Hesekiel 37:1-14 no mu a yebetumi de ayɛ adwuma wɔ yɛn asetenam, na sɛ yedwinnwen ho nso a, ebetumi ahyɛ yɛn den. Ɛyɛ asuade bɛn?

Ɛtɔ da a, asetenam haw ne dadwen tumi hyɛ yɛn so ara ma yɛbotow, na ɛma yɛyɛ basaa. Nanso sɛ yedwinnwen Hesekiel anisoadehu a ɛfa nnompe a enyaa nkwa no ho a, ebetumi ama yɛanya ahoɔden de agyina ɔhaw a ɛte saa ano. Adɛn ntia? Efisɛ, sɛ Onyankopɔn tumi maa nnompe a nkwa nnim nyaa nkwa a, ɛnde ɔhaw biara a yebehyia no, sɛ ɛte sɛ nea ɛboro yɛn ahoɔden so mpo a, obetumi ahyɛ yɛn den ama yɛagyina ano.—Kenkan Dwom 18:29; Filip. 4:13.

Ebia wei ma yɛkae asɛm bi a Mose kaa no mfe pii ansa na Hesekiel reba. Asɛm a Mose kae no ma yehu sɛ, ɛnyɛ sɛ Yehowa wɔ tumi kɛkɛ, na mmom n’ani gye ho sɛ ɔde saa tumi no bedi aboa ne nkurɔfo. Mose kaa sɛ: “Onyankopɔn ne wo guankɔbea fi tete; ne basa a ɛwɔ hɔ daa no kura wo mu.” (Deut. 33:27) Yiw, yebetumi anya awerɛhyem sɛ, sɛ yɛrehu amane na yɛkɔ Onyankopɔn nkyɛn a, Yehowa beso yɛn mu, ɔbɛma yɛn so brɛoo, na waboa yɛn ama yɛasan agyina yɛn nan so bio.—Hes. 37:10.