Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

NKYERƐKYERƐMU A ƐWƆ ADAKA 9E MU

Yehowa Nkurɔfo a Wɔde Wɔn Kɔɔ Babilon Ne Nokware Som a Wɔmaa So Bio Ho Nkɔmhyɛ

Yehowa Nkurɔfo a Wɔde Wɔn Kɔɔ Babilon Ne Nokware Som a Wɔmaa So Bio Ho Nkɔmhyɛ

Yudafo a wɔde wɔn kɔɔ tete Babilon no, nkɔmhyɛ a ɛfa wɔn ho no mu pii nyaa mmamu kɛse a ɛto so mmienu akyiri yi bere a Babilon Kɛse no bunkam Kristofo asafo no so no. Ɛho nhwɛso bi na edidi so yi.

1. WƆBƆƆ WƆN KƆKƆ

2. WOTUU WƆN FII WƆN ASAASE SO

3. WƆMAA NOKWARE SOM SO BIO

NE MMAMU A EDI KAN

Ansa Na Afe 607 A.Y.B. Reba—Yesaia, Yeremia, ne Hesekiel bɔɔ Yehowa nkurɔfo kɔkɔ, nanso awaefo no kɔɔ so ara dɔɔso

Afe 607 A.Y.B.—Wɔsɛee Yerusalem; wɔde Onyankopɔn nkurɔfo kɔɔ Babilon

Afe 537 A.Y.B. Ne Ɛno Akyi—Yudafo anokwafo san baa Yerusalem besii asɔrefi no, na wofii ase som Yehowa nokwarem bio

NE MMAMU KƐSE

Asomafo No Bere So—Yesu, Paul, ne Yohane bɔɔ asafo no kɔkɔ, nanso awaefo no kɔɔ so ara dɔɔso

Efi Asomafo No Wu Akyi Reba—Babilon Kɛse no bunkam nokware Kristofo no so

Afe 1919 Y.B. Ne Ɛno Akyi—Yesu fii ase dii ade no, anokwafo a wɔasra wɔn no fii Babilon Kɛse no mu, na Yehowa maa nokware som so bio