Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ntease Foforo a Yɛanya a Yɛabɔ No Mua

Ntease Foforo a Yɛanya a Yɛabɔ No Mua

Mfe pii ni, Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no ama yɛanya ntease foforo wɔ Hesekiel nkɔmhyɛ no mu nsɛm bi mu. Nhoma yi a yɛato din Nokware Som—Yehowa Ama So Bio! no ma yehu ntease foforo a yɛasan anya. Nsɛmmisa a edidi so yi, hwɛ sɛ wubetumi ama ho mmuae anaa.

Ateasefo no anim nnan no gyina hɔ ma dɛn?

Ntease a na yɛwɔ: Ateasefo anaa kerubim no anim nnan no, ebiara gyina hɔ ma Yehowa suban atitiriw nnan no mu baako.

Ntease foforo a yɛanya: Ateasefo no anim nnan no, ɛyɛ nokware sɛ ebiara gyina hɔ ma Yehowa suban atitiriw nnan no mu baako. Nanso sɛ yɛka ne nyinaa bom a, egyina hɔ ma suban ahorow a Yehowa wɔ no nyinaa. Afei nso, sɛ yedwen anim nnan no ho a, ema yehu paa sɛ, Yehowa anuonyam ne ne kɛseyɛ nni ano.

Nea yegyinaa so yɛɛ nsakrae no: Onyankopɔn Asɛm mu no, wɔde nɔma nnan ka biribi ho asɛm a, mpɛn pii no, ɛkyerɛ ade mũ no nyinaa. Wei nti, anim nnan no, sɛ yɛka ne nyinaa bom a, ɛnyɛ suban ahorow nnan pɛ na egyina hɔ ma. Mmom, ɛma yehu sɛnea Yehowa te ankasa. Ɛno ne Yehowa suban ahorow a ɛyɛ fɛ no nnyinaso. Afei nso, abɔde a wɔwɔ kerubim no anim no, yehu sɛ wɔda nsow, efisɛ wɔwɔ ahoɔden, wɔwɔ tumi, na wɔn anim wɔ nyam. Nanso, abɔde nnan yi a wɔwɔ kerubim no anim no, na wɔn nyinaa hyɛ Yehowa ahengua ase. Wei ma yehu sɛ Yehowa ne Amansan Hene no.

Ɔbarima a ɔkyerɛwfo toa bɔ n’asen no, ogyina hɔ ma hena?

Ntease a na yɛwɔ: Ɔbarima a ɔkyerɛwfo toa bɔ n’asen no gyina hɔ ma wɔn a wɔasra wɔn no nkaefo. Asɛnka ne asuafoyɛ adwuma a yɛreyɛ no, sɛ obi tu ho anammɔn na ɔbɛka “nnipakuw kɛse” no ho a, sɛnkyerɛnne kwan so no, wɔn a wɔasra wɔn no hyɛ ne moma so agyirae.—Adi. 7:9.

Ntease foforo a yɛanya: Ɔbarima a ɔkyerɛwfo toa bɔ n’asen no gyina hɔ ma Yesu Kristo. Yesu bebu nnipakuw kɛse no atɛn na wahyɛ wɔn agyirae sɛ wɔyɛ nguan. Wei bɛkɔ so wɔ “ahohiahia kɛse” no mu.—Mat. 24:21.

Nea yegyinaa so yɛɛ nsakrae no: Yehowa de ahyɛ ne Ba no nsa sɛ ommu atɛn. (Yohane 5:22, 23) Sɛnea Mateo 25:31-33 ma yehu no, Yesu na obebu nkurɔfo atɛn sɛ wɔyɛ “nguan” anaa wɔyɛ “mpɔnkye.”

Tuutuufo mmienu a wɔyɛ anuanom a wɔde Ohola ne Oholiba no, wogyina hɔ ma Kristoman afã akɛse mmienu a ɛyɛ Katolek asɔre ne Protestant asɔre ahorow no anaa?

Ntease a na yɛwɔ: Ohola (Samaria, Israel ahenkurow), nea ɔyɛ panyin no, ogyina hɔ ma Katoleksom; ɛnna Oholiba (Yerusalem, Yuda ahenkurow), nea ɔyɛ kumaa no gyina hɔ ma Protestantsom.

Ntease foforo a yɛanya: Ohola ne Oholiba nnyina hɔ mma Kristoman fã biara. Nanso wɔn asɛm no ma yehu sɛnea Yehowa te nka bere a wɔn a wɔsom no de wɔn ho akɔhyɛ atoro som mu no. Yehowa ani so no, atoro som biara yɛ atoro som.

Nea yegyinaa so yɛɛ nsakrae no: Biribiara nni Kyerɛwnsɛm mu a yebetumi agyina so aka sɛ Ohola ne Oholiba gyina hɔ ma Kristoman. Bere bi, na anka Israel ne Yuda te sɛ Yehowa yerenom a wodi no nokware, nanso Kristoman ne Yehowa nnyaa abusuabɔ a ɛte saa da. Afei nso, Onyankopɔn nkurɔfo a wɔanni nokware a wɔde wɔn totoo tuutuufo ho wɔ Hesekiel ti 16 ne ti 23 no, yɛhwɛ nea wɔka faa wɔn ho no a, yehu sɛ ɛma wonyaa anidaso sɛ wobetumi asesa wɔn suban na wɔne Yehowa ntam asan ayɛ papa bio. Kristoman a ɛyɛ Babilon Kɛse no fã no de, enni anidaso biara a ɛte saa.

Tete Yerusalem a anni nokware no, egyina hɔ ma Kristoman anaa?

Ntease a na yɛwɔ: Yerusalem a anni nokware no gyina hɔ ma Kristoman. Enti ɔsɛe a ɛbaa Yerusalem so no, na ɛyɛ ɔsɛe a ɛbɛba Kristoman so no ho mfoni.

Ntease foforo a yɛanya: Bere a Yerusalemfo wae fii Yehowa ho no, sɛ yɛhwɛ nneɛma a na ɛrekɔ so wɔ kurow no mu te sɛ abosonsom ne nyansakorɔn a na abu so wɔ baabiara no a, ɛma yɛkae nea ɛrekɔ so wɔ Kristoman mu nnɛ no. Nanso, seesei yɛnka sɛ Yerusalem gyina hɔ ma Kristoman.

Nea yegyinaa so yɛɛ nsakrae no: Biribiara nni Kyerɛwnsɛm mu a yebetumi agyina so aka sɛ Yerusalem gyina hɔ ma Kristoman. Yerusalem de, bere bi na ɛsom Yehowa nokwarem, nanso Kristoman de, ɛmmae da sɛ wasom Yehowa nokwarem. Afei nso, Yehowa de Yerusalem bɔne kyɛɛ no bere bi, nanso Kristoman de, anidaso biara nni hɔ sɛ wɔde ne bɔne bɛkyɛ no.

Obon a nnompe a awo wosee ahyɛ mu ma ho anisoadehu no, sɛn na ɛbaa mu?

Ntease a na yɛwɔ: Afe 1918 no, na wɔretaa Kristofo a wɔasra wɔn no, na wei maa Babilon Kɛse no bunkam wɔn so. Tebea a wɔkɔɔ mu no, na ɛte sɛ nea wɔawuwu, na ɛyɛe sɛ nea wɔagyae ɔsom adwuma no ara ne sa. Nanso, ankyɛ koraa; ɛbaa awiei afe 1919. Yehowa kanyan wɔn saa bere no ma wɔsan kaa Ahenni no ho asɛm.

Ntease foforo a yɛanya: Bere a atoro som bunkam Kristofo a wɔasra wɔn no so ma ɛyɛe sɛ nea wɔawuwu no, ɛkyɛe paa; efii ase mfe pii ansa na afe 1918 reba. Bere a asomafo no nyinaa wui no, ankyɛ koraa na efii ase, na ɛbaa awiei afe 1919 Y.B. mu. Sɛ yɛbɛka a, bere tenten a atoro som de bunkam wɔn so no, ɛte sɛ bere tenten a hwiit ne nwura bɔne a Yesu de yɛɛ mfatoho no boom nyinii no.

Nea yegyinaa so yɛɛ nsakrae no: Bere a wɔfaa tete Israelfo no fii wɔn asaase so no, ɛkyɛe paa ansa na wɔresan aba wɔn kurom. Ɛhyɛɛ ase afe 740 A.Y.B. mu, na ɛbaa awiei afe 537 A.Y.B. mu. Hesekiel nkɔmhyɛ no kaa nnompe no ho asɛm sɛ ɛho “awo” anaa ɛho “awo wosee.” Wei kyerɛ sɛ, wɔn a na nnompe no gyina hɔ ma wɔn no, na wowui akyɛ paa. Nkɔmhyɛ no kaa sɛ nnompe no de nkakrankakra na ɛbɛsan aba nkwa mu, na na ebegye bere.

Nnua mmienu a wɔka boom no, ɛkyerɛ sɛn?

Ntease a na yɛwɔ: Wiase Ko I no mu no, mpaapaemu baa Kristofo a wɔasra wɔn no mu bere tiaa bi. Nanso afe 1919 no, wɔn a wɔasra wɔn no nkaefo a wodi nokware no san yɛɛ baako.

Ntease foforo a yɛanya: Ade titiriw a nkɔmhyɛ no kaa ho asɛm ne sɛ Yehowa na ɔbɛma n’asomfo ayɛ baako. Afe 1919 akyi no, nkakrankakra, nnipa a wɔn anidaso ne sɛ wɔbɛtena asaase so a na wɔn dodow rekɔ anim no bɛkaa wɔn a wɔasra wɔn no nkaefo no ho. Akuw mmienu no abom de baakoyɛ resom Yehowa.

Nea yegyinaa so yɛɛ nsakrae no: Nkɔmhyɛ no nka sɛ Hesekiel faa dua baako na obuu mu ma ɛbɛyɛɛ mmienu, ɛnna akyiri yi ɔsan ka boom ma ɛbɛyɛɛ baako. Enti, nkɔmhyɛ no anka sɛ kuw baako bi mu bɛkyɛ mmienu na akyiri yi asan abɛyɛ baako. Mmom, nea ɛka ho asɛm ne sɛnea kuw mmienu bi bɛka abom ayɛ baako.

Hena ne Gog a ofi Magog?

Ntease a na yɛwɔ: Gog a ofi Magog no gyina hɔ ma Satan. Onyaa saa din no bere a wɔtoo no fii soro baa asaase so no.

Ntease foforo a yɛanya: Gog a ofi Magog gyina hɔ ma wiase aman bi a wɔbɛka wɔn ho abom atow ahyɛ Yehowa asomfo so wɔ ahohiahia kɛse no mu.

Nea yegyinaa so yɛɛ nsakrae no: Nkɔmhyɛ no kaa sɛ wɔde Gog bɛyɛ aduan ama nnomaa a wodi nam, na wɔbɛma no amusiei wɔ asaase so. Saa asɛm no ma yehu sɛ Gog nyɛ honhom abɔde bi. Afei nso, Hesekiel nhoma no ka sɛ Gog bɛtow ahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so. Daniel nhoma no ne Adiyisɛm nhoma no nso ka sɛ asaase so aman bi bɛtow ahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so, na saa nsɛm no ne nea Hesekiel kae no di nsɛ.—Dan. 11:40, 44, 45; Adi. 17:14; 19:19.

Asɔrefi a Hesekiel hui na okyinkyin mu no, ɛno ara ne honhom fam asɔrefi kɛse a akyiri yi ɔsomafo Paul kaa ho asɛm no anaa?

Ntease a na yɛwɔ: Asɔrefi a Hesekiel hui wɔ anisoadehu mu no, ɛno ara ne honhom fam asɔrefi a ɔsomafo Paul kaa ho asɛm no.

Ntease foforo a yɛanya: Honhom fam asɔrefi a efii ase yɛɛ adwuma afe 29 Y.B. mu no, ɛnyɛ ɛno na Hesekiel hui no. Nea ohui no de, na ɛfa sɛnea sɛ Israelfo no san ba a wɔbɛsom Yehowa no ho; ná wɔbɛsan asom no sɛnea na Mose Mmara no hwehwɛ. Nanso, honhom fam asɔrefi a honhom kaa Paul ma ɔde ho nkyerɛkyerɛmu mae no de, ɛtwe yɛn adwene si adwuma a Yesu yɛe sɛ Ɔsɔfo Panyin Kɛse fi afe 29 Y.B. mu kosi afe 33 Y.B. mu no so. Asɔrefi ho anisoadehu a Hesekiel nyae no, wɔanka ɔsɔfo panyin biara ho asɛm wom, na mmom ɛtwe yɛn adwene si nokware som a wofii ase maa so afe 1919 no so. Wei nti, nea Hesekiel hui wɔ asɔrefi no mu ne nneɛma a ɔbɔfo no susuwii no, yɛremfa yɛn adwene nsi emu biara so nka sɛ egyina hɔ ma biribi. Mmom, asuade a ɛwɔ anisoadehu no mu a ɛfa sɛnea Yehowa pɛ sɛ yɛsom no ho no, ɛno na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si so.

Nea yegyinaa so yɛɛ nsakrae no: Nsonsonoe kɛse wɔ asɔrefi a Hesekiel hui wɔ anisoadehu no mu ne honhom fam asɔrefi no mu. Ebi ne sɛ, asɔrefi a Hesekiel hui no mu no, na wɔde mmoa bɔ afɔre ahorow pii; honhom fam asɔrefi hɔ de, afɔre baako pɛ na wɔbɔe, na wɔbɔɔ no “prɛko.” (Heb. 9:11, 12) Bere a na Kristo nnya mmae no, na bere nsoe sɛ Yehowa da nokwasɛm ahorow a ɛfa honhom fam asɔrefi no ho no adi.