Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 2

“Onyankopɔn Ani Sɔɔ” Wɔn Akyɛde No

“Onyankopɔn Ani Sɔɔ” Wɔn Akyɛde No

HEBRIFO 11:4

NEA ƐWOM: Nhyehyɛe a Yehowa ayɛ ama nokware som—Ɛho abakɔsɛm

1-3. (a) Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho? (b) Nneɛma titiriw nnan a ɛma obi som sɔ Onyankopɔn ani bɛn na yɛrebesusuw ho? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ ti yi mfiase no.)

 HABEL tɔɔ ne bo ase hwehwɛɛ ne nguan no mu. Ná wayi ne yam ayɛn mmoa yi fi bere a wɔwoo wɔn. Afei, oyii bi kum de bɔɔ afɔre maa Onyankopɔn. Ná Habel yɛ onipa a ɔtɔ sin, enti wohwɛ a, na Yehowa begye n’afɔre no atom anaa?

2 Honhom kaa ɔsomafo Paul ma ɔkyerɛw Habel ho asɛm sɛ: “Onyankopɔn ani sɔɔ n’akyɛde no.” Kain afɔre no de, Yehowa annye antom. (Kenkan Hebrifo 11:4.) Wei ma nsɛmmisa bi a ɛsɛ sɛ yesusuw ho sɔre. Ɛne sɛ: Adɛn nti na Onyankopɔn gyee Habel afɔre no toom na wannye Kain de no antom? Nea Kain, Habel, ne nnipa afoforo a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ Hebrifo ti 11 yɛe no, dɛn na yebetumi asua afi mu? Saa nsɛmmisa yi ho mmuae bɛboa yɛn ama yɛahu nea obi yɛ a ɛkyerɛ sɛ ɔresom Onyankopɔn nokware mu.

3 Nsɛm a esisii fi Habel bere so besi Hesekiel bere so no, yɛrebesusuw ho kakra. Bere a yɛreyɛ saa no, hwɛ nneɛma titiriw nnan a ɛka bom ma yɛn som tumi sɔ Onyankopɔn ani: Ɛsɛ sɛ yɛde ɔsom no ma Yehowa, ɛsɛ sɛ ɔsom no di mũ, ɛsɛ sɛ Onyankopɔn gye ɔkwan a yɛfa so som no no tom, na ɛsɛ sɛ yɛde adwempa na ɛsom.

Adɛn Nti Na Yehowa Annye Afɔre a Kain Bɔe No Antom?

4, 5. Adɛn nti na na Kain gye di sɛ Yehowa na ɛsɛ sɛ ɔde n’afɔrebɔde no ma no?

4 Kenkan Genesis 4:2-5. Ná Kain nim sɛ Yehowa na ɛsɛ sɛ ɔde n’afɔrebɔde no ma no. Ná ɔwɔ bere ne hokwan pii a ɔde besua Yehowa ho ade. Bere a ɔne ne nua Habel bɔɔ wɔn afɔre no, ɛbɛyɛ sɛ na wɔreyɛ adi mfe 100. a Bere a wɔn baanu nyinaa renyin no, na wonim Eden turo no ho asɛm, na ebetumi mpo aba sɛ, sɛ wɔto wɔn ani a, na wotumi hu turo no wɔ akyirikyiri. Ɛda adi sɛ, wohui sɛ na kerubim no gyina turo no ano rehwɛ sɛ obiara renkɔ hɔ. (Gen. 3:24) Akyinnye biara nni ho sɛ, mmerante no awofo ka kyerɛɛ wɔn sɛ Yehowa na ɔbɔɔ biribiara a nkwa wom. Ebia wɔsan ka kyerɛɛ wɔn sɛ adwene a Onyankopɔn de bɔɔ nnipa no, ɛnyɛ ɛno koraa na seesei wɔrehu no. Ná ɛnyɛ Onyankopɔn adwene ne sɛ nnipa benyinyin na nkakrankakra wɔawuwu. (Gen. 1:24-28) Ɛbɛyɛ sɛ, wei a na Kain nim no nti, ohui sɛ Onyankopɔn na ɛsɛ sɛ ɔbɔ afɔre ma no.

5 Dɛn bio na ɛbɛyɛ sɛ ɛkaa Kain ma ɔbɔɔ afɔre no? Ná Yehowa aka ato hɔ sɛ ‘aseni’ bi bɛsɔre, na ɔbɛbɔ “ɔwɔ” a ɔdaadaa Hawa ma osii gyinae bɔne no ti. (Gen. 3:4-6, 14, 15) Esiane sɛ na Kain yɛ abakan nti, ebia na osusuw sɛ ɔno ne ‘aseni’ a wɔahyɛ ne ho bɔ no. (Gen. 4:1) Bio nso, na Yehowa da so ara ne nnipa a wɔyɛ abɔnefo di nkitaho. Bere a Adam yɛɛ bɔne mpo, Onyankopɔn ne no kasae; ɛda adi sɛ ɔnam ɔbɔfo so na ɔyɛɛ saa. (Gen. 3:8-10) Kain nso, bere a ɔbɔɔ n’afɔre no wiei no, Yehowa ne no kasae. (Gen. 4:6) Enti na Kain nim paa sɛ Yehowa na ɛsɛ sɛ ɔsom no.

6, 7. Nneɛma a Kain de bɔɔ afɔre no ne ɔkwan a ɔfaa so bɔɔ afɔre no, na asɛm wɔ ho anaa? Kyerɛkyerɛ mu.

6 Ɛnde, adɛn nti na Yehowa annye afɔre a Kain bɔe no antom? Nneɛma a Kain de bɔɔ afɔre no, na enni mũ anaa? Bible no nkyerɛ. Nea ɛka ara ne sɛ, Kain de “asaase so nnɔbae” na ɛbae. Akyiri yi, Mmara a Yehowa de maa Mose no, ɔkaa wom sɛ, obi de nneɛma a ɛte saa bɔ afɔre a, ogye tom. (Num. 15:8, 9) Afei susuw sɛnea na nneɛma te saa bere no ho hwɛ. Ná afum nnuan nkutoo na nnipa di. (Gen. 1:29) Na esiane sɛ Onyankopɔn domee asaase a na ɛwɔ Eden turo no akyi nti, Kain brɛe ansa na ɔrenya nneɛma a ɔde bɔɔ afɔre no. (Gen. 3:17-19) Aduan a ɔde bɔɔ afɔre no, ɔyɛɛ adwumaden ansa na ne nsa reka, na na ɛyɛ aduan pa a ahoɔden wom! Nanso wei nyinaa akyi no, Yehowa annye afɔre a Kain bɔe no antom.

7 Ɛnde yemmisa sɛ, ɔkwan a ɔfaa so bɔɔ afɔre no na na enye anaa? Kain na wammɔ afɔre no yiye anaa? Yɛrentumi nka saa. Adɛn ntia? Efisɛ bere a Yehowa poo Kain afɔre no, wankasa antia ɔkwan a Kain faa so bɔɔ afɔre no. Nokwasɛm ne sɛ, Bible no nkyerɛ ɔkwan a Kain anaa Habel faa so bɔɔ wɔn afɔre no. Ɛnde, na dɛn paa ne asɛm no?

Ná Kain nni adwempa (Hwɛ nkyekyɛm 8, 9)

8, 9. (a) Adɛn nti na Yehowa annye Kain anaa n’afɔre no antom? (b) Nea Bible ka fa Kain ne Habel ho no, dɛn na wusua fi mu?

8 Asɛm a honhom kaa Paul ma ɔkyerɛw kɔmaa Hebrifo no ma yehu sɛ ɛnyɛ adwempa na Kain de bɔɔ afɔre no. Ná Kain nni gyidi. (Heb. 11:4; 1 Yoh. 3:11, 12) Ɛno nti Kain ankasa na Yehowa ani annye ne ho, na ɛnyɛ n’afɔre no. (Gen. 4:5-8) Yehowa yɛ Agya a ɔdɔ ne mma, enti ɔyɛe sɛ obefi ɔdɔ mu ateɛ ne ba Kain so. Nanso, Kain annye Yehowa mmoa no antom. Ná ɔhonam nnwuma te sɛ ‘nitan, mansotwe, ne ahoɔyaw’ asɛe Kain koma. (Gal. 5:19, 20) Koma bɔne a na Kain wɔ nti, nneɛma pa a na ɛwɔ n’afɔrebɔ no ho nyinaa ankosi hwee. Nea ɔyɛe no ma yehu sɛ, ɛnyɛ nea nokware som hwehwɛ ara ne sɛ yɛbɛsom Yehowa wɔ nnipa ani so.

9 Bible ma yehu Kain ho nsɛm pii. Ɛma yehu asɛm a Yehowa ka kyerɛɛ no ne mmuae a ɔde maa Yehowa, na mpo yehu n’asefo din ne nneɛma bi a wɔyɛe. (Gen. 4:17-24) Habel de, yenni ne ho kyerɛwtohɔ biara a ɛkyerɛ sɛ ɔwoo mma, na asɛm a ɔkae biara nni Bible mu. Nanso, ɛde besi nnɛ, yetumi sua biribi fi Habel nneyɛe mu. Ɔkwan bɛn so?

Habel Yɛɛ Nokware Som Ho Nhwɛso Pa

10. Nokware som ho nhwɛso pa bɛn na Habel yɛe?

10 Habel bɔɔ afɔre no maa Yehowa, efisɛ na onim sɛ Yehowa nkutoo na ɔfata sɛ ɔde afɔrebɔde no ma no. Nneɛma a Habel de bɔɔ afɔre no, na edi mũ paa, efisɛ ɔde “ne nguan mu mmakan no bi” na ɛbɔɔ afɔre. Sɛ ɔbɔɔ afɔre no wɔ afɔremuka so oo, sɛ wammɔ wɔ afɔremuka so oo, kyerɛwtohɔ no anka ho asɛm. Nanso ɛda adi sɛ Yehowa gyee ɔkwan a ɔfaa so bɔɔ afɔre no toom. Ne nyinaa mu no, ade a ɛma Habel afɔre no da nsow ma enti bɛyɛ mfe 6,000 ni yɛda so ara sua biribi fi mu ne sɛ, na ɔwɔ adwempa. Nea ɛkaa Habel ma ɔbɔɔ afɔre no ne sɛ, na ɔwɔ Onyankopɔn mu gyidi, na na n’ani gye Yehowa akwankyerɛ ho. Yɛyɛ dɛn hu saa?

Nneɛma titiriw nnan a ɛma obi som sɔ Onyankopɔn ani no, Habel yɛɛ ne nyinaa (Hwɛ nkyekyɛm 10)

11. Adɛn nti na Yesu kaa Habel ho asɛm sɛ ɔyɛ ɔtreneeni?

11 Nea edi kan no, ma yɛnhwɛ nea Yesu ka faa Habel ho. Ná Yesu nim Habel yiye paa. Bere a Habel te ase no, na Yesu wɔ soro, na na n’ani gye Adam ba yi ho paa. (Mmeb. 8:22, 30, 31; Yoh. 8:58; Kol. 1:15, 16) Enti bere a Yesu kaa Habel ho asɛm sɛ ɔyɛ ɔtreneeni no, na onim nea ɔreka ankasa. (Mat. 23:35) Ɔtreneeni gye tom sɛ Yehowa na ɛsɛ sɛ ɔkyerɛ yɛn nea ɛteɛ ne nea ɛnteɛ. Ɛnyɛ ɛno nko, ɔnam ne kasa ne ne nneyɛe so kyerɛ sɛ ogye saa akwankyerɛ no tom. (Fa toto Luka 1:5, 6 ho.) Egye bere ansa na obi atumi ada ne ho adi sɛ ɔyɛ ɔtreneeni. Enti ansa na Habel rebɔ afɔre ama Onyankopɔn no, yebetumi aka sɛ na ɔyɛ onipa a wada ne ho adi sɛ ɔde Yehowa akwankyerɛ bɔ ne bra. Ná ɛrenyɛ mmerɛw sɛ ɔbɛyɛ saa. Ɛda adi sɛ, ne nua panyin no anyɛ nhwɛso papa biara amma no. Ná Kain wɔ koma bɔne. (1 Yoh. 3:12) Habel maame nso, na wabu Onyankopɔn mmara so, na na ne papa atew Yehowa so atua pɛ sɛ n’ankasa si nea ɛteɛ ne nea ɛnteɛ ho gyinae. (Gen. 2:16, 17; 3:6) Habel ansuasua nea n’abusuafo yɛe no koraa. Wei kyerɛ sɛ na ɔwɔ akokoduru paa!

12. Nsonsonoe titiriw bɛn na na ɛda Kain ne Habel ntam?

12 Nea edi hɔ no, ma yɛnhwɛ sɛnea ɔsomafo Paul kyerɛe sɛ gyidi ne trenee na ɛnam. Paul kyerɛwee sɛ: “Gyidi nti na Habel bɔɔ afɔre a ɛsom bo sen Kain de no maa Onyankopɔn, na ɛnam saa gyidi no so na onyaa adanse sɛ ɔyɛ ɔtreneeni.” (Heb. 11:4) Asɛm a Paul kae no ma yehu sɛ, nea ɛkaa Habel ma ɔbɔɔ n’afɔre no ne sɛ, n’asetena nyinaa mu no, na ogye Yehowa di paa, na na ogye tom sɛ nea Yehowa yɛ biara teɛ. Kain de, na ɔnte saa.

13. Dɛn na yebetumi asua afi Habel nhwɛso no mu?

13 Habel nhwɛso no ma yehu sɛ, sɛ yebetumi asom Yehowa nokware mu a, gye sɛ yenya adwempa. Ɛsɛ sɛ yegye Yehowa di paa na yegye n’akwankyerɛ tom koraa. Bio nso, yɛahu sɛ ɛnyɛ biribi pɔtee a yɛbɛyɛ wɔ Onyankopɔn som mu kɛkɛ na ɛbɛkyerɛ sɛ yɛresom Yehowa nokware mu, na mmom ɛfa biribiara a yɛyɛ wɔ yɛn asetenam ho.

Agyanom a Wɔtenaa Ase Tete No Dii Habel Anammɔn Akyi

14. Afɔre a Noa, Abraham, ne Yakob bɔe no, adɛn nti na Yehowa gye toom?

14 Habel ne onipa a bɔne wɔ ne ho a odii kan som Yehowa nokware mu, nanso ɛnyɛ ɔno nko ara na ɔyɛɛ saa. Nnipa bi te sɛ Noa, Abraham, ne Yakob nso, ɔsomafo Paul kaa sɛ wɔn nso som Yehowa nokware mu. (Kenkan Hebrifo 11:7, 8, 17-21.) Agyanom a wɔtenaa ase tete yi mu biara nso bɔɔ afɔre maa Yehowa, na Onyankopɔn gyee wɔn afɔre no toom. Adɛn ntia? Efisɛ, nneɛma titiriw nnan a ɛka bom ma yɛn som tumi sɔ Onyankopɔn ani no, wɔyɛɛ ne nyinaa; wɔansom Yehowa wɔ nnipa ani so kɛkɛ. Momma yensusuw nhwɛso a wɔyɛe no ho.

Afɔre ahorow a Noa bɔe no ma yehu biribi titiriw bi (Hwɛ nkyekyɛm 15, 16)

15, 16. Nneɛma titiriw nnan a ɛma obi som sɔ Onyankopɔn ani no, yɛyɛ dɛn hu sɛ Noa yɛɛ ne nyinaa?

15 Yɛnhwɛ Noa. Adam wui no, mfe 126 akyi na wɔwoo no. Nanso, bere a wɔwoo Noa no, na atoro som ahyɛ wiase mu ma. b (Gen. 6:11) Ansa na Nsuyiri no reba no, Noa ne n’abusua no nkutoo na na Yehowa gye wɔn som tom. (2 Pet. 2:5) Bere a Noa nyaa ne ti didii mu wɔ Nsuyiri no mu no, ɛkaa no ma osii afɔremuka. Ɛno ne afɔremuka a edi kan a Bible hyɛɛ da kaa ho asɛm. Noa bɔɔ afɔre wɔ saa afɔremuka no so maa Yehowa. Afɔre a Noa yii ne yam bɔe yi, ɔnam so maa n’abusua ne nnipa a na wɔbɛba akyiri yi nyinaa huu biribi titiriw bi. Ɛne sɛ, Yehowa nkutoo na ɔfata sɛ yɛde nokware som ma no. Ná mmoa pii wɔ hɔ a anka Noa betumi de abɔ afɔre no, nanso “wuram mmoa a wɔn ho tew ne ntuboa a wɔn ho tew nyinaa mu bi” na ɔde bɔɔ afɔre no. (Gen. 8:20) Nneɛma a ɔde bɔɔ afɔre no, na edi mũ paa, efisɛ Yehowa ankasa kaa sɛ saa mmoa no ho tew.—Gen. 7:2.

16 Noa de saa mmoa yi bɔɔ ɔhyew afɔre wɔ afɔremuka a osii no so. Ɔkwan a ɔfaa so bɔɔ afɔre no, Yehowa gye toom anaa? Yiw. Bible ka sɛ afɔre no yɛɛ Yehowa huam, na ohyiraa Noa ne ne mma no. (Gen. 8:21; 9:1) Nanso, ade titiriw a enti Yehowa gyee afɔre no toom ne sɛ na Noa wɔ adwempa. Nea enti a yɛreka saa ne sɛ, afɔre ahorow a Noa bɔe no, ɛyɛ ade baako a ɔyɛ de kyerɛe sɛ na ogye Yehowa di paa, na na ogye tom sɛ nea Yehowa yɛ biara teɛ. Esiane sɛ Noa kɔɔ so tiee Yehowa na ɔde n’akwankyerɛ yɛɛ adwuma nti, Bible ka sɛ ɔne “nokware Nyankopɔn no nantewee.” Wei maa Noa benyaa din pa sɛ ɔtreneeni, na saa din no rensɛe da.—Gen. 6:9; Hes. 14:14; Heb. 11:7.

17, 18.Nneɛma titiriw nnan a ɛma obi som sɔ Onyankopɔn ani no, yɛyɛ dɛn hu sɛ Abraham yɛɛ ne nyinaa?

17 Abraham nso, na atoro som atwa ne ho ahyia. Kurow a na ɔte mu no, na wɔfrɛ no Ur. Na asɔredan kɛse bi a agye din si kurow no mu. Ɔsram nyame bi a wɔfrɛ no Nanna na wosii saa asɔredan no de hyɛɛ no anuonyam. c Bere bi, na Abraham papa mpo som abosom. (Yos. 24:2) Nanso Abraham de, na ɔsom Yehowa. Ɛda adi sɛ ne nana Sem a na ɔyɛ Noa ba no na ɔkaa nokware Nyankopɔn no ho asɛm kyerɛɛ no. Abraham dii mfe 150 ansa na Sem rewu.

18 Abraham nyin kyɛe paa, na ɔbɔɔ afɔre bebree. Nanso, bere biara a ɔbɛbɔ afɔre no, na ɔbɔ ma Yehowa, efisɛ ɔno nkutoo na ɔfata sɛ yɛbɔ afɔre ma no. (Gen. 12:8; 13:18; 15:8-10) Yemmisa oo, enti na Abraham asiesie ne ho paa sɛ ɔde biribi a edi mũ anaa ɛsom bo paa bɛbɔ afɔre ama Yehowa? Bere a Abraham yɛe sɛ ɔde ne dɔba Isak rebɔ afɔre ama Onyankopɔn no, ɔkyerɛe sɛ wasiesie ne ho paa sɛ ɔbɛyɛ saa. Saa bere no, Yehowa tɔɔ ne bo ase kyerɛɛ Abraham ɔkwan a ɔmfa so mmɔ afɔre no. (Gen. 22:1, 2) Abraham nso, na wayɛ krado sɛ obedi saa akwankyerɛ no nyinaa akyi pɛpɛɛpɛ. Sɛ Yehowa amfa ne ho annye mu a, anka Abraham kum ne ba no. (Gen. 22:9-12) Yehowa gyee Abraham afɔre no toom efisɛ na Abraham wɔ adwempa. Paul kyerɛwee sɛ: “Abraham gyee Yehowa dii, na wobuu no sɛ ɔyɛ ɔtreneeni.”—Rom. 4:3.

Yakob twaa sa pa too hɔ maa n’abusua (Hwɛ nkyekyɛm 19, 20)

19, 20. Nneɛma titiriw nnan a ɛma obi som sɔ Onyankopɔn ani no, yɛyɛ dɛn hu sɛ Yakob yɛɛ ne nyinaa?

19 Yakob asetenam nyinaa, baabi a ɔtena kyɛe paa ne Kaanan, asaase a Yehowa de hyɛɛ Abraham ne n’asefo bɔ no. (Gen. 17:1, 8) Ná atoro som adi Kaananfo no ti ara ma Yehowa kaa sɛ asaase no ‘bɛfe so nnipa agu.’ (Lev. 18:24, 25) Bere a Yakob dii mfe 77 no, otu fii Kaanan kɔwaree, na akyiri yi, ɔne n’abusua kɛse no san baa hɔ. (Gen. 28:1, 2; 33:18) Nanso, na n’abusua no mufo binom de wɔn ho ahyɛ atoro som mu. Enti bere a Yehowa ka kyerɛɛ Yakob sɛ ɔnkɔ Betel nkosi afɔremuka wɔ hɔ no, Yakob yɛɛ n’ade nyansam. Odii kan ka kyerɛɛ n’abusua sɛ: “Montow ananafo anyame a ɛwɔ mo ho no nyinaa ngu, na montew mo ho.” Ɛno akyi no, odii akwankyerɛ a Onyankopɔn de maa no no nyinaa akyi pɛpɛɛpɛ.—Gen. 35:1-7.

20 Yakob sisii afɔremuka pii wɔ Bɔhyɛ Asaase no so, na bere nyinaa, na ɔbɔ afɔre ma Yehowa nkutoo. (Gen. 35:14; 46:1) Ná nneɛma a ɔde bɔ afɔre no di mũ, ɔfaa ɔkwampa so bɔɔ Onyankopɔn afɔre, na ɔde adwempa na ɛbɔɔ afɔre. Wei nyinaa nti, Bible ka ne ho asɛm sɛ na “ɔyɛ obi a ne ho nni asɛm.” Wɔn a Onyankopɔn gye wɔn tom na Bible ka wɔn ho asɛm saa. (Gen. 25:27) Yakob nam sɛnea ɔbɔɔ ne bra nyinaa so twaa sa pa too hɔ maa Israel man a na wobefi ne mu aba no.—Gen. 35:9-12.

21. Nhwɛso pa a agyanom a wɔtenaa ase tete yɛe no, dɛn na ɛma yehu fa nokware som ho?

21 Nhwɛso pa a tete agyanom no yɛe yi, dɛn na ɛma yehu fa nokware som ho? Yɛn nso, nnipa a wɔnsom Onyankopɔn, a ebia yɛn abusuafo mpo ka ho, atwa yɛn ho ahyia. Wobetumi ama ayɛ den sɛ yɛbɛsom Yehowa nkutoo nokware mu. Sɛ yebetumi agyina nhyɛso a ɛte saa ano a, ɛsɛ sɛ yenya Yehowa mu gyidi kɛse, na yegye tom sɛ Yehowa akwankyerɛ na eye paa. Sɛ yebetumi ada saa gyidi no adi a, ɛsɛ sɛ yetie Yehowa, na yɛde yɛn bere, yɛn ahoɔden, ne yɛn ahode nyinaa som no. (Mat. 22:37-40; 1 Kor. 10:31) Sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara wɔ Yehowa som mu, yedi n’akwankyerɛ akyi pɛpɛɛpɛ, na yɛde adwempa som no a, obu yɛn sɛ yɛyɛ atreneefo. Saa asɛm yi hyɛ nkuran paa!—Kenkan Yakobo 2:18-24.

Ɔman a Wɔsom Yehowa Nokware Mu

22-24. Dɛn na ɛwɔ Mmara nsɛm no mu a ɛmaa Israelfo no huu onii a ɛsɛ sɛ wɔbɔ afɔre ma no, sɛnea ɛsɛ sɛ wɔde nneɛma a edi mũ bɔ afɔre, ne ɔkwan a ɛsɛ sɛ wɔfa so bɔ afɔre no?

22 Mmara nsɛm a Yehowa de maa Yakob asefo no, ɛma wohuu nea ɔhwehwɛ fi wɔn hɔ pefee. Yehowa kaa sɛ, sɛ wotie no a, ɔde wɔn bɛyɛ ‘n’agyapade titiriw’ ne “ɔman kronkron.” (Ex. 19:5, 6) Nneɛma titiriw nnan a ehia na yɛn som atumi asɔ Onyankopɔn ani no, ma yɛnhwɛ sɛnea Mose Mmara no sii so dua.

23 Yehowa maa Israelfo no huu onii pɔtee a ɛsɛ sɛ wɔde ɔsom ma no. Yehowa kaa sɛ: “Nsom onyame foforo biara nka me ho.” (Ex. 20:3-5) Nneɛma a na wɔde bɔ afɔre ma Yehowa no, na ɛsɛ sɛ edi mũ paa. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, mmoa a na wɔde bɔ afɔre no, na ɛsɛ sɛ wɔte apɔw a dɛm biara nni wɔn ho. (Lev. 1:3; Deut. 15:21; fa toto Malaki 1:6-8 ho.) Akyɛde a Israelfo de brɛɛ Yehowa no, Lewifo no nso nyaa bi, na wɔn nso yii bi maa Yehowa. Nea wonyae no, na ɛsɛ sɛ woyi “emu nea ɛyɛ papa paa” ma Yehowa. (Num. 18:29) Afei nso, Yehowa maa Israelfo no huu ɔkwan a ɛsɛ sɛ wɔfa so som no. Ɔde nneɛma a wɔde bɛbɔ afɔre, baabi a wɔbɛbɔ afɔre, ne sɛnea ɛsɛ sɛ wɔbɔ afɔre no ho akwankyerɛ pɔtee maa wɔn. Mmara a Yehowa de maa Israelfo no, sɛ yɛka bom a, ɛboro 600. Ɛno na na wɔbɛhwɛ so abɔ wɔn bra. Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monhwɛ sɛ mobɛyɛ nea Yehowa mo Nyankopɔn aka no nyinaa. Mommman nnkɔ benkum anaa nifa.”—Deut. 5:32.

24 Ná Israelfo no betumi abɔ afɔre wɔ baabi a wɔpɛ biara anaa? Daabi. Yehowa ka kyerɛɛ ne man no sɛ wonsi ahyiae ntamadan. Ɛhɔ na ɛbɛyɛɛ baabi titiriw a na wɔsom Yehowa. (Ex. 40:1-3, 29, 34) Saa bere no, sɛ Onyankopɔn begye Israelfo afɔrebɔ atom a, na ɛsɛ sɛ wɔde ba baabi a ahyiae ntamadan no wɔ no. dDeut. 12:17, 18.

25. Dɛn paa na na ehia na ama Onyankopɔn agye obi afɔrebɔ atom? Kyerɛkyerɛ mu.

25 Nanso, nea na ehia sen saa ne adwene a na Israelni a ɔrebɔ afɔre no kura! Nea na ɛsɛ sɛ ɛkanyan obi ma ɔbɔ afɔre ma Yehowa ne sɛ ɔbɛdɔ Yehowa paa na n’ani agye Yehowa akwankyerɛ ho. (Kenkan Deuteronomium 6:4-6.) Bere a Israelfo no anyi wɔn yam ansom Yehowa no, wannye afɔre a na wɔbɔ no antom. (Yes. 1:10-13) Yehowa nam odiyifo Yesaia so kyerɛe sɛ wɔrentumi mfa ɔsom a emfi komam nnaadaa no. Ɔkaa sɛ: “Ɔman yi de . . . wɔn anofafa na edi me ni, na wɔn koma de, atwe afi me ho kɔ akyirikyiri.”—Yes. 29:13.

Sɛnea Na Wɔsom Wɔ Asɔrefi Hɔ

26. Mfiase no, dwuma bɛn na na wɔde asɔrefi a Solomon sii no di wɔ nokware som mu?

26 Bere a Israelfo kɔtenaa Bɔhyɛ Asaase so no, mfe pii akyi na Ɔhene Solomon sii n’asɔrefi no. Ná ɛso koraa sen ahyiae ntamadan no. Ɛhɔ ne baabi titiriw a na wɔsom Yehowa. (1 Ahe. 7:51; 2 Be. 3:1, 6, 7) Mfiase no, Yehowa nkutoo na na wɔbɔ afɔre ma no wɔ saa asɔrefi hɔ. Solomon ne ne manfo de afɔrebɔde pii a edi mũ bɔɔ afɔre wɔ hɔ. Ɔkwan a wɔfaa so bɔɔ afɔre no nso, na ɛne akwankyerɛ a ɛwɔ Onyankopɔn mmara mu no hyia. (1 Ahe. 8:63) Nanso, ɛnyɛ ɛka a wɔbɔ de sii asɔrefi no anaa afɔre dodow a wɔbɔe no na ɛmaa ɔsom a na wɔsom Yehowa wɔ asɔrefi hɔ no sɔɔ n’ani. Sɛ na Yehowa begye wɔn afɔre atom a, na egyina adwene a wokura no so. Solomon sii saa asɛm no so dua bere a na wɔrehyira asɔrefi no so no. Ɔkaa sɛ: “Momfa koma a edi mu nsom Yehowa yɛn Nyankopɔn, na monnantew n’ahyɛde mu na munni ne mmara nsɛm so sɛnea moreyɛ nnɛ da yi.”—1 Ahe. 8:57-61.

27. Dɛn na Israel ahemfo ne wɔn manfo yɛe, na dɛn na ­Yehowa yɛe wɔ ho?

27 Nanso awerɛhosɛm ne sɛ, eduu baabi no, Israelfo no amfa afotu pa a ɔhene no de maa wɔn no anyɛ adwuma. Wobuu wɔn ani guu nneɛma titiriw nnan a ɛma obi som sɔ Onyankopɔn ani no bi so. Israel ahemfo ne wɔn manfo no nyaa koma bɔne. Afei nso, gyidi a na wɔwɔ wɔ Yehowa mu no sɛee, na wɔanni n’akwankyerɛ akyi bio. Esiane sɛ Yehowa dɔ wɔn nti, ɔkɔɔ so ara somaa n’adiyifo sɛ wɔnkɔboa wɔn ma wɔnteɛ wɔn akwan, na wɔmmɔ wɔn kɔkɔ wɔ nsunsuanso a wɔn nneyɛe no betumi de aba ho. (Yer. 7:13-15, 23-26) Saa adiyifo no, wɔn mu baako a na odi akoten ne ɔnokwafo Hesekiel. Ne bere so no, nneɛma titiriw bi kɔɔ so wɔ nokware som mu.

Hesekiel Hui Sɛ Wɔagu Nokware Som Ho Fĩ

28, 29. Dɛn na yenim fa Hesekiel ho? (Hwɛ adaka a wɔato din “Hesekiel—N’abrabɔ Ne Nsɛm Bi a Esisii Wɔ Ne Bere So.”)

28 Asɔrefi a Solomon sii no, na Hesekiel nim sɛnea wɔsom Yehowa wɔ hɔ no ho nsɛm pii. Ná ne papa yɛ ɔsɔfo a sɛ edu no so a, na ɔkɔ asɔrefi hɔ kɔsom. (Hes. 1:3) Ɛda adi sɛ, bere a Hesekiel yɛ abofra no, na n’ani gye. Akyinnye biara nni ho sɛ, ne papa kaa Yehowa ho asɛm kyerɛɛ no, na ɔde Mose Mmara no kyerɛkyerɛɛ no. Nea ɛte ne sɛ, bere a wohuu “Mmara nhoma no” wɔ asɔrefi hɔ no, ɛbɛyɛ sɛ na Hesekiel adi afe. e Saa bere no, ɔhempa Yosia na na odi ade. Mmara no mu nsɛm a wɔkenkan kyerɛɛ no no kaa ne koma ma enti ɔbɔɔ mmɔden pagyaw nokware som.—2 Ahe. 22:8-13.

Ɛda adi sɛ Hesekiel papa kaa Yehowa ho asɛm kyerɛɛ no, na ɔde Mose Mmara no kyerɛkyerɛɛ no (Hwɛ nkyekyɛm 28)

29 Sɛnea anokwafo a wɔtenaa ase tete no yɛe no, Hesekiel yɛɛ nneɛma titiriw nnan a ɛma obi som sɔ Onyankopɔn ani no nyinaa. Sɛ yesua Hesekiel nhoma no a, yehu sɛ Hesekiel som Yehowa nkutoo, na na ne som di mũ bere nyinaa. Nea Yehowa ka kyerɛɛ no biara otiei, na odii n’akwankyerɛ so pɛpɛɛpɛ. Nea enti a Hesekiel yɛɛ wei nyinaa ne sɛ na ne gyidi yɛ den. Nanso, ɛnyɛ saa na na ne beresofo dodow no ara te. Bere a Hesekiel renyin no, na otie Yeremia nkɔmhyɛ no. Yeremia fii ase hyɛɛ nkɔm wɔ afe 647 A.Y.B. mu, na ɔbɔɔ Yehowa atemmu a na ɛreba no ho kɔkɔ denneennen.

30. (a) Dɛn na Hesekiel nkɔmhyɛ ahorow no ma yehu? (b) Yɛka nkɔmhyɛ a, ɛkyerɛ sɛn, na sɛn na ɛsɛ sɛ yɛte Hesekiel nkɔmhyɛ no ase? (Hwɛ adaka a wɔato din “Nea Ɛbɛboa Ama Yɛate Hesekiel Nkɔmhyɛ No Ase.”)

30 Nsɛm a Yehowa honhom kaa Hesekiel ma ɔkyerɛwee no ma yehu sɛ na Onyankopɔn nkurɔfo de wɔn ho ahyɛ atoro som mu akɔ akyiri. (Kenkan Hesekiel 8:6.) Bere a Yehowa twee Yudafo no aso no, ɔma wɔfaa wɔn mu binom kɔɔ Babilon, na wɔde Hesekiel nso kɔɔ bi. (2 Ahe. 24:11-17) Ɛwom sɛ Yehowa maa kwan ma wɔde Hesekiel kɔe de, nanso na ɛnyɛ sɛ ɔde retwe n’aso. Ná Yehowa pɛ sɛ ɔyɛ adwuma bi ma no wɔ Ne nkurɔfo a wɔwɔ Babilon no mu. Anisoadehu a ɛyɛ nwonwa ne nkɔmhyɛ ahorow a Hesekiel kyerɛwee no ma yehu sɛnea na wɔbɛma nokware som so bio wɔ Yerusalem. Nanso ɛnyɛ ɛno nko ara, ɛsan boa yɛn ma yehu sɛnea awiei koraa no, wɔbɛma nokware som so bio ama wɔn a wɔdɔ Yehowa nyinaa.

31. Dɛn na nhoma yi bɛboa yɛn ama yɛahu?

31 Nhoma yi afã a edi hɔ no, yebehu baabi a Yehowa te no ho biribi kakra. Afei nso yebehu sɛnea woguu nokware som ho fĩ paa, sɛnea Yehowa san maa nokware som so, sɛnea ɔbɔɔ ne nkurɔfo ho ban, ne sɛnea daakye onipa biara a ɔte asaase yi so bɛsom Yehowa. Ti a edi hɔ no mu no, yebesusuw anisoadehu a edi kan a Hesekiel yɛɛ ho kyerɛwtohɔ no ho. Ɛbɛma yɛatwa sɛnea Yehowa te ne sɛnea ne soro ahyehyɛde no nso te ho mfoni wɔ yɛn adwenem. Wei bɛma yɛahu nea enti a ɛsɛ sɛ yefi yɛn koma nyinaa mu som Yehowa nkutoo.

a Ɛbɛyɛ sɛ, bere a Onyankopɔn pam Adam ne Hawa fii Eden no, ankyɛ na Hawa nyinsɛn Habel. (Gen. 4:1, 2) Genesis 4:25 ka sɛ Onyankopɔn de Set ‘sii Habel ananmu.’ Habel wu akyi na Adam woo Set. Saa bere no, na Adam adi mfe 130. (Gen. 5:3) Enti ɛbɛyɛ sɛ bere a Kain kum Habel no, na Habel adi bɛyɛ mfe 100.

b Genesis 4:26 ka sɛ Adam banana Enos bere so na nnipa ‘fii ase bɔɔ Yehowa din.’ Nanso ɛda adi sɛ na wommu Yehowa din no; ɛbɛyɛ sɛ wɔde Yehowa din too wɔn abosom.

c Ná wɔsan frɛ wɔn nyame Nanna no Sin. Ɛwom sɛ na nnipa a wɔte Ur no som abosom ahorow pii de, nanso asɔrefi ne afɔremuka a na ɛwɔ kurow no mu no, Nanna titiriw na wosi maa no.

d Efi bere a woyii apam Adaka no fii ahyiae ntamadan no mu no, ɛda adi sɛ Yehowa penee so ma Israelfo no bɔɔ afɔre wɔ mmeae foforo.—1 Sam. 4:3, 11; 7:7-9; 10:8; 11:14, 15; 16:4, 5; 1 Be. 21:26-30.

e Ɛbɛyɛ sɛ bere a Hesekiel fii ase hyɛɛ nkɔm wɔ afe 613 A.Y.B. mu no, na wadi mfe 30. Enti ɛbɛyɛ sɛ wɔwoo no afe 643 A.Y.B. mu. (Hes. 1:1) Yosia fii ase dii ade wɔ afe 659 A.Y.B. mu, na ɛrekɔ n’ahenni afe a ɛto so 18 anaa bɛyɛ afe 642-641 A.Y.B. mu na wohuu Mmara nhoma no. Ebetumi aba sɛ na ɛyɛ nea Mose ankasa kyerɛwee no.